Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Monkɔ So Mfa Ɔkwan A Eye Sen Biara No So!

Monkɔ So Mfa Ɔkwan A Eye Sen Biara No So!

Monkɔ So Mfa Ɔkwan A Eye Sen Biara No So!

“Sɛ yɛte ase oo, yewu oo, yɛyɛ Yehowa dea.”—ROM. 14:8.

1. Dɛn na Yesu kyerɛkyerɛ faa ɔkwan a eye sen biara no ho?

YEHOWA pɛ sɛ yenya asetena a eye sen biara. Nnipa betumi afa akwan pii so abɔ wɔn bra, nanso ɔkwan biako pɛ na eye sen biara. Ɔkwan a eye sen biara a yebetumi afa so abɔ yɛn bra ne sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm bɛbɔ yɛn bra, na yɛasuasua ne Ba Yesu Kristo. Yesu kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnsom Onyankopɔn wɔ honhom ne nokware mu, na ɔmaa wɔn adwuma sɛ wɔnyɛ asuafo. (Mat. 28:19, 20; Yoh. 4:24) Sɛ yedi akwankyerɛ a Yesu de mae no akyi a, ɛma yɛsɔ Yehowa ani, na yenya Ne nhyira.

2. Dɛn na nnipa pii yɛe wɔ Ahenni no ho asɛm no ho wɔ afeha a edi kan no mu, na dɛn na “Ɔkwan No” a na wɔnam so no kyerɛ?

2 Sɛ “wɔn a wɔpɛ daa nkwa” ba bɛyɛ gyidifo na wɔbɔ asu a, yɛwɔ nnyinaso pa nti a yebetumi aka akyerɛ wɔn sɛ, “Monkɔ so mfa ɔkwan a eye sen biara no so!” (Aso. 13:48) Wɔ afeha a edi kan Yɛn Bere Yi mu no, nnipa mpempem pii a wofi aman horow so gyee nokware no, na wɔdaa no adi baguam sɛ wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn denam asu a wɔma wɔbɔɔ wɔn so. (Aso. 2:41) Ná saa asuafo a wɔtenaa ase tete no nam “Ɔkwan No” so. (Aso. 9:2; 19:23) Ná asɛm a ɛne Ɔkwan No a wɔde dii dwuma no fata, efisɛ ɔkwan a wɔn a wɔbɛyɛɛ Kristo akyidifo faa so bɔɔ wɔn bra no ma ɛdaa adi sɛ wogye Yesu Kristo di, na wosuasuaa no wɔ biribiara mu.—1 Pet. 2:21.

3. Dɛn nti na Yehowa nkurɔfo bɔ asu, na nnipa dodow ahe na wɔabɔ wɔn asu wɔ mfe du a atwam no mu?

3 Wɔayɛ asuafoyɛ adwuma no kɛse wɔ nna a edi akyiri yi mu, na seesei wɔreyɛ wɔ nsase bɛboro 230 so. Mfe du a atwam no, nnipa bɛboro 2,700,000 na wosii gyinae sɛ wɔbɛsom Yehowa, na wɔbɔɔ asu de yɛɛ wɔn ho so a wɔahyira ama no no ho sɛnkyerɛnne. Sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, na ɛkyerɛ sɛ wɔbɔ nnipa bɛboro 5,000 asu dapɛn biara! Nea ɛma obi si gyinae sɛ ɔbɛbɔ asu ne Yehowa ho dɔ a ɔwɔ, Kyerɛwnsɛm no mu nimdeɛ a wanya, ne nea Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛ a ogye di. Asubɔ yɛ ade a ɛho hia paa a ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ yɛn asetena mu, efisɛ ɛno na ɛma yɛne Yehowa fi ase nya abusuabɔ a emu yɛ den. Sɛ yɛbɔ asu a, ɛkyerɛ nso sɛ yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa bɛboa yɛn ma yɛasom no nokware mu sɛnea ɔboaa n’asomfo a wɔtenaa ase tete no ma wɔnantew ne kwan so no ara pɛ.—Yes. 30:21.

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wobɔ Asu?

4, 5. Kyerɛ nhyira ne mfaso horow a sɛ obi bɔ asu a onya no bi.

4 Ebia woasua Onyankopɔn ho ade, woayɛ nsakrae wɔ w’asetena mu, na seesei woyɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu. Yɛma wo amo sɛ woanya nkɔso a ɛte saa. Nanso, so woahyira wo ho so ama Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu, na worehwɛ kwan sɛ wobɛbɔ asu? Ɛda adi paa sɛ nea woasua afi Bible mu no ama woahu sɛ seesei nea ɛsɛ sɛ woyɛ wɔ w’asetena mu titiriw ne sɛ wubeyi Yehowa ayɛ, na ɛnyɛ sɛ wobɛyɛ nea wopɛ anaa wobɛhwehwɛ ahode pii. (Monkenkan Dwom 148:11-13; Luka 12:15) Ɛnde, sɛ wobɔ asu a, nhyira ne mfaso ahorow a wubenya no bi ne dɛn?

5 Sɛ wuhyira wo ho so sɛ Kristoni a, ɛbɛma w’asetena ayɛ nea mfaso wɔ so paa. Esiane sɛ woreyɛ Onyankopɔn apɛde nti, w’ani begye. (Rom. 12:1, 2) Yehowa honhom kronkron bɛma woanya su pa te sɛ asomdwoe ne gyidi. (Gal. 5:22, 23) Onyankopɔn betie wo mpaebɔ na wahyira mmɔden a wobɔ sɛ wode n’Asɛm bɛbɔ wo bra no so. W’ani begye wɔ ɔsom adwuma no mu, na sɛnea wobɔ wo bra wɔ ɔkwan a ɛsɔ Onyankopɔn ani so no bɛhyɛ anidaso a wowɔ sɛ wubenya daa nkwa no mu den. Bio nso, sɛ wuhyira wo ho so na wobɔ asu a, ɛbɛkyerɛ sɛ wopɛ paa sɛ woyɛ Yehowa Dansefo.—Yes. 43:10-12.

6. Dɛn na asu a yɛbɔ ma ɛda adi?

6 Sɛ yehyira yɛn ho so ma Onyankopɔn na yɛbɔ asu a, yɛma afoforo hu sɛ yɛyɛ Yehowa dea. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Nokwarem no, yɛn mu biara nte ase mma ne nkutoo ho, na obiara nso nwu mma ne nkutoo ho; na sɛ yɛte ase a, yɛte ase ma Yehowa, na sɛ yewu nso a, yewu ma Yehowa. Enti sɛ yɛte ase oo, yewu oo, yɛyɛ Yehowa dea.” (Rom. 14:7, 8) Onyankopɔn adi yɛn ni denam hokwan a ɔde ama yɛn sɛ yetumi fi yɛn pɛ mu paw nea yɛpɛ no so. Sɛ yesi gyinae pintinn sɛ yɛbɛfa saa kwan yi so esiane sɛ yɛdɔ Onyankopɔn nti a, yɛma ne koma tɔ ne yam. (Mmeb. 27:11) Sɛ yɛbɔ asu a, ɛkyerɛ sɛ yɛahyira yɛn ho so ama Onyankopɔn, na yɛda no adi wɔ baguam sɛ Yehowa ne yɛn Sodifo. Ɛma ɛda adi sɛ yɛagyina Yehowa afã wɔ amansan tumidi ho ɔsɛmpɔw no mu. (Aso. 5:29, 32) Na Yehowa nso wɔ yɛn afã. (Monkenkan Dwom 118:6.) Asubɔ san bue kwan ma yenya nhyira foforo pii wɔ Yehowa som mu nnɛ ne daakye.

Woaba Anuanom Kuw a Wɔwɔ Ɔdɔ Mu

7-9. (a) Awerɛhyem bɛn na Yesu de maa wɔn a wogyaw nneɛma nyinaa hɔ na wobedii n’akyi no? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu bɔhyɛ a ɛwɔ Marko 10:29, 30 no rennya mmamu?

7 Ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Hwɛ! Yɛagyaw nneɛma nyinaa abedi w’akyi; dɛn koraa na yebenya?” (Mat. 19:27) Ná Petro pɛ sɛ ohu nea ɔne Yesu asuafo foforo a wɔaka no benya daakye. Wɔde nneɛma a ɛho hia wɔn bɔɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi de wɔn bere nyinaa aka Ahenni no ho asɛm. (Mat. 4:18-22) Awerɛhyem bɛn na Yesu de maa wɔn?

8 Wɔ asɛm a ɛte saa ara a Marko kyerɛwee mu no, ɔkae sɛ Yesu kyerɛe sɛ n’asuafo bɛba abɛka Kristofo anuanom kuw bi ho. Ɔkae sɛ: “Obiara nni hɔ a wagyaw ofie anaasɛ nuabarimanom anaasɛ nuabeanom anaasɛ maame anaasɛ papa anaasɛ mma anaasɛ nsase, me ne asɛmpa no nti a ɔrennya afie ne nuabarimanom ne nuabeanom ne maamenom ne mma ne nsase mmɔho ɔha saa bere yi, a ɔtaa ka ho, ne daa nkwa wɔ bere a ɛreba no mu.” (Mar. 10:29, 30) Kristofo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu te sɛ Lidia, Akwila, Priskila, ne Gaio, ka wɔn a wɔde wɔn “afie” maa wɔn mfɛfo gyidifo no ho, na wɔbɛyɛɛ wɔn “nuabarimanom ne nuabeanom ne maamenom” sɛnea na Yesu ahyɛ bɔ no.—Aso. 16:14, 15; 18:2-4; 3 Yoh. 1, 5-8.

9 Asɛm a Yesu kae no renya mmamu kɛse nnɛ. “Nsase” a n’akyidifo gyaw hɔ no ne nnwuma a nnipa pii te sɛ asɛmpatrɛwfo, Betel abusua mufo, amanaman ntam asomfo, ne afoforo fi wɔn pɛ mu gyaw hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtrɛw Ahenni adwuma no mu akɔ nsase pii so no. Anuanom mmarima ne mmea pii agyaw wɔn afie hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ wɔn ho awiɛmfoɔ, na sɛ yɛte sɛnea Yehowa ahwɛ wɔn ne sɛnea ɔsom a wɔde ma Yehowa no ama wɔn ani agye ho asɛm a, ɛma yɛn ani gye. (Aso. 20:35) Bio nso, Yehowa asomfo a wɔabɔ asu nyinaa betumi anya nhyira abɛka wɔn nuanom Kristofo a wɔwɔ wiase nyinaa no ho, na ‘wɔahwehwɛ ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan.’—Mat. 6:33.

Yenya Ahobammɔ wɔ “Hintabea” Hɔ

10, 11. Dɛn ne “Ɔsorosoroni no hintabea no,” na yɛbɛyɛ dɛn anya hɔ akɔ?

10 Ahosohyira ne asubɔ de nhyira foforo ba—ɛno ne hokwan a yenya de tena “Ɔsorosoroni no hintabea no.” (Monkenkan Dwom 91:1.) Eyi yɛ sɛnkyerɛnne kwan so baabi a ahotɔ ne ahobammɔ wɔ a wɔbɔ abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ ho ban wɔ hɔ. Ɛyɛ “hintabea,” efisɛ wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn adwene na wɔwɔ ne mu ahotoso na wotumi nya saa ahobammɔ yi. Sɛ yɛbɔ yɛn bra sɛnea yɛahyira yɛn ho so sɛ yɛbɛyɛ no, na yenya Yehowa mu ahotoso koraa a, na nea yɛreka akyerɛ Yehowa ne sɛ: “Wone me guankɔbea ne m’abannennen, me Nyankopɔn a mede me ho ato wo so.” (Dw. 91:2) Ɛma Yehowa Nyankopɔn ba bɛyɛ yɛn tenabea a ɔbɔ yɛn ho ban. (Dw. 91:9) So baabi foforo bi wɔ hɔ a yebenya ahobammɔ sen sɛ yɛde Yehowa bɛyɛ yɛn tenabea?

11 Yehowa “hintabea” a yebenya hɔ akɔ no nso kyerɛ sɛ wɔahyira yɛn ma yɛanya hokwan ne no anya abusuabɔ. Ahosohyira ne asubɔ na ɛma yenya hintabea hɔ kɔ. Ɛno akyi no, yɛnam Bible a yesua, mpae a yefi komam bɔ, ne osetie koraa a yɛyɛ so bɛn Onyankopɔn de hyɛ yɛne n’abusuabɔ mu den. (Yak. 4:8) Obiara nni hɔ a wabɛn Yehowa kɛse sen Yesu, ɔno na ahotoso a ɔwɔ wɔ Ɔbɔadeɛ no mu nhinhimii da. (Yoh. 8:29) Enti, mommma yɛn adwene nnhinhim da wɔ ɔpɛ a Yehowa wɔ sɛ ɔbɛboa yɛn ma yɛadi ɛbɔ a yɛhyɛe de hyiraa yɛn ho so maa no no so, anaa tumi a ɔde bɛyɛ saa no ho. (Ɔsɛnk. 5:4) Nsiesiei a Onyankopɔn ayɛ ama ne nkurɔfo wɔ ne som mu no yɛ adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn ankasa, na ɔpɛ sɛ yetumi som no kosi awiei.

Ma W’ani Nsɔ Honhom Fam Paradise a Yɛanya No

12, 13. (a) Dɛn ne honhom fam paradise no? (b) Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa wɔn a wɔyɛ foforo?

12 Ahosohyira ne asubɔ nso ma yenya hokwan tena honhom fam paradise a wɔde ahyira yɛn no mu. Honhom fam paradise no yɛ honhom fam tebea soronko bi a yɛne yɛn mfɛfo gyidifo a wɔne Yehowa Nyankopɔn ne wɔn ho wɔn ho te asomdwoe mu wom. (Dw. 29:11; Yes. 54:13) Biribiara nni wiase yi mu a wobetumi de atoto honhom fam paradise a yɛanya yi ho ma ayɛ yiye. Yehu eyi titiriw wɔ amanaman ntam nhyiam ase, baabi a yɛn nuanom mmarima ne mmea a wofi amanaman so, wɔka kasa ahorow, na wofi mmusua ahorow mu hyiam wɔ asomdwoe, biakoyɛ, ne onuadɔ mu no.

13 Honhom fam paradise a yɛanya no da nsow koraa wɔ wiase a yɛwom nnɛ a emu nneɛma asɛe no ho. (Monkenkan Yesaia 65:13, 14.) Sɛ yɛka Ahenni no ho asɛm a, yenya hokwan to nsa frɛ afoforo ma wɔba honhom fam paradise no mu. Ɛyɛ nhyira nso sɛ yɛbɛboa wɔn a wɔde wɔn ho abɛbɔ asafo no nnansa yi ara no, na ebehia sɛ yɛtete wɔn wɔ asɛnka adwuma no mu no. Sɛ mpanyimfo no ma yɛn kwan a, yebetumi anya hokwan aboa ebinom a wɔyɛ foforo sɛnea Akwila ne Priskila “kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn akwan no mu pefee” kyerɛɛ Apolo no.—Aso. 18:24-26.

Monkɔ so Nsuasua Yesu

14, 15. Dɛn nti paa na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so suasua Yesu?

14 Yɛwɔ nea enti paa a ɛsɛ sɛ yɛkɔ so suasua Yesu. Ansa na Yesu reba asase so sɛ onipa no, na ɔne n’Agya abom ayɛ adwuma mfe mpempem pii a yennim ano. (Mmeb. 8:22, 30) Ná onim sɛ ade a eye sen biara a ɔbɛyɛ wɔ n’asetena mu ne sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn na wadi nokware no ho adanse. (Yoh. 18:37) Ná Yesu nim paa sɛ ɔkwan foforo biara a na ɔbɛfa so abɔ ne bra no bɛkyerɛ sɛ ɔyɛ pɛsɛmenkominya, na ɔnnhwɛ ade nnkɔ akyiri. Ná onim sɛ wɔbɛsɔ no ahwɛ denneennen na wɔakum no. (Mat. 20:18, 19; Heb. 4:15) Yɛn Nhwɛsofo Yesu kyerɛɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so akura yɛn mũdi mu.

15 Wɔbɔɔ Yesu asu no, ankyɛ koraa na Satan sɔɔ no hwɛe sɛ ɔbɛma waman afi ɔkwan a eye sen biara no so, nanso anyɛ yiye. (Mat. 4:1-11) Eyi ma yehu sɛ ɛmfa ho nea Satan bɛyɛ biara no, yebetumi akura yɛn mũdi mu. Ɛda adi sɛ wɔn a Satan de n’ani besi wɔn so ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɔ asu ne wɔn a wɔabɔ asu foforo no. (1 Pet. 5:8) Yɛn abusuafo a wɔwɔ yɛn ho adwempa a nkurɔfo akeka yɛn som ho nsɛmmɔne akyerɛ wɔn betumi asɔre atia yɛn. Nanso, sɔhwɛ a ɛtete saa a yehyia no ma yenya hokwan da Kristofo suban pa te sɛ obu ne anifere adi bere a yɛrebua nsɛm bi na yɛredi adanse no. (1 Pet. 3:15) Nsɛm a ɛtete saa betumi aboa wɔn a wotie yɛn no paa.—1 Tim. 4:16.

Monkɔ so Mfa Ɔkwan a Eye Sen Biara no So!

16, 17. (a) Nneɛma abiɛsa a sɛ yɛyɛ a ɛbɛma yɛanya nkwa bɛn na ɛwɔ Deuteronomium 30:19, 20? (b) Nsɛm bɛn na Yesu, Yohane, ne Paulo ka de sii nea Mose kyerɛwee no so dua?

16 Aka bɛyɛ mfe 1,500 ma Yesu aba asase so no, Mose tuu Israelfo no fo sɛ wɔmpaw ɔkwan a eye sen biara a na ɛwɔ hɔ saa bere no. Ɔkae sɛ: “Ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ wonni mo ho adanse: Mede nkwa ne owu, nhyira ne nnome, asi w’anim; enti fa nkwa na wo ne w’asefo anya nkwa. Na dɔ Yehowa wo Nyankopɔn na tie n’asɛm na fa wo ho fam ne ho.” (Deut. 30:19, 20) Israelfo no anni Onyankopɔn nokware, nanso nneɛma abiɛsa a Mose kae sɛ ɛho hia sɛ wɔyɛ na ama wɔanya nkwa no nsesae. Yesu ne afoforo san sii saa nsɛm no so dua.

17 Nea edi kan, ‘ɛsɛ sɛ yɛdɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn.’ Nea yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn ne sɛ yɛbɛfa n’akwantrenee so. (Mat. 22:37) Nea ɛto so abien, ‘ɛsɛ sɛ yetie Yehowa asɛm’ denam Onyankopɔn Asɛm a yebesua na yɛadi n’ahyɛde so no so. (1 Yoh. 5:3) Eyi hwehwɛ sɛ yɛkɔ Kristofo nhyiam ahorow, baabi a yesua Bible no daa. (Heb. 10:23-25) Nea ɛto so abiɛsa, ‘ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho fam Yehowa ho.’ Ɛmfa ho nea yebehyia biara no, momma yennya Onyankopɔn mu gyidi bere nyinaa, na yenni ne Ba no akyi daa.—2 Kor. 4:16-18.

18. (a) Dɛn na The Watch Tower no kae de kyerɛkyerɛɛ nokware no mu wɔ afe 1914 mu? (b) Ɛsɛ sɛ yɛte nka dɛn wɔ nokware hann a ɛwɔ hɔ nnɛ no ho?

18 Hwɛ sɛnea ɛyɛ nhyira sɛ yɛde Bible mu nokware no bɛbɔ yɛn bra! Wɔ afe 1914 mu no, wotintim asɛm a ɛho hia a edi so yi wɔ The Watch Tower no mu sɛ: ‘So yɛnyɛ nnipa a wɔwɔ nhyira ne anigye? So yɛn Nyankopɔn nyɛ ɔnokwafo? Sɛ obi nim biribi a eye sen eyi a, ɔmfa. Sɛ mo mu bi hu biribi a eye sen eyi a, yɛwɔ anidaso sɛ ɔbɛka akyerɛ yɛn. Yennim biribi a eye paa sen nea yɛahu wɔ Onyankopɔn Asɛm mu anaa ɛte sɛ ɛno fã mpo. Biribiara nni hɔ a ebetumi akyerɛkyerɛ asomdwoe, anigye, ne nhyira a nokware Nyankopɔn no ho nimdeɛ a emu da hɔ ama yɛanya wɔ yɛn koma ne yɛn asetena mu no mu. Onyankopɔn Nyansa, Atɛntrenee, Tumi ne Ɔdɔ ho Asɛm no ma yenya nimdeɛ ne anigye. Yɛrenhwehwɛ nea ɛsen saa. Biribiara nni hɔ a yɛn ani gye ho sen sɛ yebenya yɛn Nyankopɔn no ho nimdeɛ kɛse.’ (The Watch Tower, December 15, 1914, kratafa 377-378) Anisɔ a yɛwɔ ma honhom fam hann ne nokware no nsesae. Nokwarem no, ɛnnɛ mpo na yɛwɔ nea enti paa a ɛsɛ sɛ yedi ahurusi sɛ ‘yɛrenantew Yehowa hann mu.’—Yes. 2:5; Dw. 43:3; Mmeb. 4:18.

19. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔfata sɛ wɔbɔ asu no twentwɛn wɔn nan ase?

19 Sɛ wopɛ sɛ ‘wonantew Yehowa hann mu,’ nanso wonyɛ Kristoni a woahyira wo ho so abɔ asu a, ntwentwɛn wo nan ase koraa. Yɛ nea ɛho hia biara a ɛbɛma woadu nea Bible hwehwɛ sɛ obi a ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu du ho no ho—eyi yɛ ɔkwan soronko a wobɛfa so akyerɛ nea Onyankopɔn ne Kristo ayɛ ama yɛn no ho anisɔ. Fa ade a ɛsom bo ma wo paa a ɛne wo nkwa ma Yehowa. Da no adi sɛ wopɛ sɛ wudi Onyankopɔn Ba no akyi de yɛ Onyankopɔn apɛde. (2 Kor. 5:14, 15) Akyinnye biara nni ho sɛ ɛno ne ɔkwan a eye sen biara!

Wubebua Dɛn?

• Dɛn na asu a yɛbɔ kyerɛ?

• Nhyira bɛn na yɛn ho so a yehyira ma Onyankopɔn na yɛbɔ asu no ma yenya?

• Dɛn nti na Yesu a yebesuasua no no ho hia paa?

• Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so afa ɔkwan a eye sen biara no so?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Asu a wobɔ kyerɛ sɛ woapaw ɔkwan a eye sen biara no

[Mfonini wɔ kratafa 26]

So wowɔ ahobammɔ wɔ “hintabea” hɔ?