Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nhoma a Ɛbɛboa Mmabun ma Wɔakae Wɔn Bɔfo

Nhoma a Ɛbɛboa Mmabun ma Wɔakae Wɔn Bɔfo

Nhoma a Ɛbɛboa Mmabun ma Wɔakae Wɔn Bɔfo

BƐYƐ mfe 3,000 ni na onyansafo Solomon kyerɛwee sɛ: “Kae wo Bɔfo bere a woda so ara yɛ ɔbabun.” (Ɔsɛnk. 12:1, Today’s English Version) Seesei, Kristofo a wɔyɛ mmabun anya nhoma foforo a ɛbɛboa wɔn ma wɔayɛ saa. Woyii Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no, Po 2 no adi wɔ Yehowa Adansefo Amantam Nhyiam a wɔtoo din “Onyankopɔn Honhom Kyerɛ Yɛn Kwan” a wɔyɛe wɔ wiase nyinaa fi May 2008 kosii January 2009 mu no ase.

Sɛ wubue nhoma no nnuraho mu a wubehu krataa bi a Sodikuw no akyerɛw ama mmabun wɔ hɔ. Krataa no fã bi ka sɛ: “Yefi yɛn koma nyinaa mu bɔ mpae sɛ nsɛm a ɛwɔ nhoma yi mu bɛboa mo ma moagyina nhyɛso ne sɔhwɛ ahorow a mmabun hyia wɔ wiase nnɛ no ano, na ɛbɛma moahu sɛnea mubesisi gyinae a ɛne Onyankopɔn apɛde hyia.”

Nea awofo pɛ ankasa ne sɛ wɔbɛtete wɔn mma wɔ “Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu.” (Efe. 6:4) Nanso, sɛ mmofra du wɔn mmabunbere so a, ɛyɛ a wɔn mu pii nni wɔn ankasa mu ahotoso, na wohia akwankyerɛ denneennen. Sɛ woyɛ ɔwofo a wo ba yɛ ɔbabun a, wobɛyɛ dɛn atumi aboa no ma wanya nhoma yi so mfaso kɛse? Nyansahyɛ ahorow bi na edidi so yi.

Ɛsɛ sɛ w’ankasa wunya nhoma yi bi, na wuhu emu nsɛm yiye. Eyi a wobɛyɛ no sen nhoma no a wobɛkenkan ara kwa. Bɔ mmɔden nso sɛ wubehu ɔkwan a wɔafa so aka nhoma no mu nsɛm no. Sɛ́ anka nhoma yi bɛka nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ akyerɛ mmabun kɛkɛ no, ɛbɔ mmɔden sɛ ɛbɛtete wɔn “adwene.” (Heb. 5:14) Ɛma wɔn akwankyerɛ pa nso wɔ ɔkwan a wɔbɛfa so ayɛ nea ɛteɛ ho. Sɛ nhwɛso no, nhoma no Ti 15 a n’asɛmti ne “How Can I Resist Peer Pressure?” (Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Atipɛnfo Nhyɛso Ano?) no nkyerɛ mmabun sɛ wɔnka sɛ wɔrenyɛ nneɛma bi kɛkɛ. Mmom no, ɛkyerɛkyerɛ sɛnea wobetumi de Bible mu nsɛm adi ɔhaw ahorow ho dwuma, ne sɛnea wobetumi ama nsɛm bi a ɛkɔ so wɔ asetena mu ankasa ho mmuae, na ama wɔahu sɛnea ‘wobebua obiara.’—Kol. 4:6.

Fa nhoma no afã a ɛhyɛ nkɔmmɔbɔ ho nkuran di dwuma. Ɛwom sɛ wɔyɛɛ saa afã yi maa mmabun de, nanso dɛn nti na baabi a ɛbɛyɛ yiye no, w’ankasa wonkyerɛw biribi wɔ mmeae a wɔagyigya ato hɔ wɔ wo nhoma no mu no? * Sɛ nhwɛso no, sɛ moresusuw nhoma no kratafa 16 a ɛka aberante ne ababaa a wɔn ani gye wɔn ho a wɔtaa bɔ ho nsɛmmisa abien no ho a, bɔ mmɔden sɛ wobɛkae sɛnea na wote nka bere a na wote sɛ wo ba no. Ebia w’ani begye ho sɛ wobɛkyerɛw mmuae a bere a na woyɛ ɔbabun no anka wobɛkyerɛw wɔ mmeae a wɔagyigya ato hɔ no. Afei wubetumi abisa wo ho sɛ: ‘Ɔkwan bɛn so na sɛnea na mete nka wɔ saa asɛm yi ho no asesa wɔ mfe a atwam no mu? Efi me babunbere so besi nnɛ no, nimdeɛ bɛn na manya, na mɛyɛ dɛn atumi de akyerɛkyerɛ me ba yiye?’

Nhwɛ nea wo ba bɛkyerɛw biara. Wɔyɛɛ mmeae a wɔagyigya ato hɔ wɔ nhoma no mu a ɛma wɔkyerɛw nsɛm bi wɔ hɔ no sɛ ɛbɛhyɛ wo ba no nkuran ma wakyerɛw biribi wɔ hɔ anaa wasusuw asɛm no ho. Nea ɛsɛ sɛ wode yɛ wo botae ne sɛ wubehu nea ɛwɔ wo ba no komam, na ɛnyɛ sɛ wubehu nea ɔbɛkyerɛw wɔ ne nhoma no mu. Asɛm a wɔato din “A Note to Parents” (Awofo Nhyɛ no Nsow), a ɛwɔ nhoma no kratafa 3 no de nyansahyɛ yi ma sɛ: “Nea ɛbɛyɛ na wo mma a wɔyɛ mmabun akyerɛw nokwasɛm ankasa wɔ nhoma no mu no, nhwɛ nea wɔbɛkyerɛw no. Akyiri yi, ebia wɔne wo bɛbɔ nea wɔakyerɛw no ho nkɔmmɔ.”

Nhoma a Ɛbɛboa Abusua Bible Adesua

Young People Ask nhoma no, Po 2 no yɛ nhoma a ɛboa paa a wubetumi de ayɛ Abusua Som. Esiane sɛ nsɛmmisa a wɔde sua ade nni nhoma no mu nti, wobɛyɛ dɛn atumi de adi dwuma? Dɛn nti na wonhwehwɛ ɔkwan a wobɛfa so de nhoma yi ayɛ adesua wɔ ɔkwan a ɛbɛboa wo mma paa so?

Sɛ nhwɛso no, mmusua bi ani begye ho sɛ sɛ wɔresusuw “Peer-Pressure Planner” a ɛwɔ kratafa 132 ne 133 no ho a, wɔbɛyɛ ho ɔyɛkyerɛ ahorow. Asɛmmisa a edi kan a ɛwɔ hɔ no betumi aboa wo babarima anaa wo babea ma wahu asɛm a ɛyɛ den ma no paa sɛ obegyina ano. Asɛmmisa a ɛto so abien no kyerɛ baabi a ɔhaw a ɛte saa betumi asɔre. Sɛ nhoma no ka nea sɛ wo ba no gyae ne ho mu anaasɛ ɔko tia atipɛnfo nhyɛso a ebefi mu aba ho asɛm wie a, ɛma osusuw mmuae bi a obetumi ama de agyina tebea no ano, anaasɛ ɔde abɔ agu, anaa ɔde adan nhyɛso no akɔ wɔn a wɔde baa no so no so ho. Boa wo babarima anaa wo babea ma onnwen nsɛm ne mmuae a ɛrenyɛ den mma no sɛ ɔde ahotoso ne gyidi bɛka de atwitwa agye ne ho ho.—Dw. 119:46.

Nhoma a Ɛhyɛ Nkɔmmɔbɔ Ho Nkuran

Young People Ask nhoma no, Po 2 no hyɛ mmabun nkuran sɛ wɔne wɔn awofo mmɔ nkɔmmɔ. Sɛ nhwɛso no, nnaka a nsɛmti a ɛwom ne “How Can I Talk to Dad or Mom About Sex?” (Mɛyɛ Dɛn Atumi ne Paapa anaa Maame Abɔ Nna Ho Nkɔmmɔ) (kratafa 63-64) ne “Talk to Your Parents!” (Wone W’awofo Mmɔ Nkɔmmɔ!) (kratafa 189) no de nyansahyɛ ahorow ma wɔ sɛnea wobefi ase abɔ nneɛma a ɛho asɛm ka yɛ den ho nkɔmmɔ. Abeawa bi a wadi mfe 13 kyerɛwee sɛ, “Saa nhoma yi ma mitumi nyaa akokoduru ne m’awofo bɔɔ nneɛma a na ɛwɔ m’adwenem ho nkɔmmɔ, a na nneɛma a mayɛ dedaw mpo ka ho.”

Saa nhoma yi hyɛ nkɔmmɔbɔ ho nkuran wɔ akwan foforo so nso. Adaka bi wɔ ti biara awiei a wɔato din sɛ “What Do You Think?” (Wudwen Ho Dɛn?) Wɔamfa adaka no mu nsɛm no amma sɛ yɛmfa nyɛ ntimu kɛkɛ, na mmom abusua no betumi de ayɛ adesua. Sɛ ti biara reba awiei a, adaka bi a wɔato din nso sɛ “Action Plan!” (Nea Mepɛ sɛ Meyɛ!) wɔ hɔ. Saa adaka yi ma mmabun nya hokwan kyerɛw akwan pɔtee a wobetumi afa so de nea wɔasua wɔ saa ti no mu ayɛ adwuma wɔ hɔ. Asɛm a etwa to wɔ adaka a wɔato din “Action Plan!” no mu biara ka sɛ: “Asɛm a m’ani begye ho sɛ mebisa m’awofo afa saa asɛm yi ho ne . . . ” Ɛno betumi aboa mmabun ma wɔahwehwɛ afotu pa afi wɔn awofo hɔ.

Ma Ɛnka Koma!

Ɔwofo, nea ɛsɛ sɛ wode yɛ wo botae ne sɛ wobɛma wo nsɛm aka wo ba no koma. Young People Ask nhoma no, Po 2 no betumi aboa wo ma woayɛ saa. Susuw sɛnea agya bi atumi de nhoma yi ne ne babea abɔ nkɔmmɔ ma aka ne koma ho hwɛ.

“Me ne Rebekah wɔ mmeae bi a ɛhɔ yɛ anika a yɛtaa nantew, anaa yɛde baesekre, anaa kar kɔ hɔ. Mihu sɛ saa mmeae yi a yepue kɔ hɔ no ma me babea no nya hokwan ka nea ɛwɔ ne koma mu kyerɛ me.

“Nhoma yi fã a yedii kan susuw ho ne krataa a efi Sodikuw no hɔ, ne ‘A Note to Parents’ no. Ná mepɛ sɛ me babea no hu sɛ sɛnea wɔaka wɔ kratafa 3 hɔ no, obetumi afi ne pɛ mu akyerɛw ne nhoma no mu a onsuro. Na mema ohui sɛ merenhwɛ nea ɔbɛkyerɛw no.

“Memaa Rebekah paw nhoma no ti ahorow a n’ani begye ho sɛ yɛbɛbɔ ho nkɔmmɔ nnidiso nnidiso sɛnea ɔpɛ. Ti a odii kan pawee ne ‘Should I Play Electronic Games?’ (So Ɛsɛ sɛ Midi Kɔmputa so Agoru?) Mansusuw ho da sɛ ɛno na ɔbɛpaw! Nanso, na ɔwɔ nea enti a ɔpawee. Ná ne nnamfo binom di kɔmputa so agoru bi a ɛyɛ hu. Ná minnim sɛ basabasayɛ ne kasafĩ wom saa! Nanso, ɛyɛ bere a yɛresusuw ‘Action Plan!’ a ɛwɔ kratafa 251 ho no na mihuu eyinom nyinaa. Saa adaka no nso boaa Rebekah ma onyaa asɛm a sɛ ɛba sɛ obi hyɛ no sɛ onni saa agoru no bi a ɔbɛka akyerɛ no.

“Efi saa bere yi rekɔ no, Rebekah antwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛka nea wakyerɛw wɔ ne nhoma no mu akyerɛ me. Yɛn adesua no rekɔ so waa. Yɛn mu biara kenkan bi, na ɛno akyi no, Rebekah ka biribiara a ɛwɔ nhoma no mu ho asɛm a mfonini ne nnaka a ɛwom no mu nsɛm ka ho kyerɛ me. Eyi ma minya hokwan ne no bɔ tebea a mefaa mu bere a na mete sɛ ɔno no ho nkɔmmɔ, na ɔno nso ka sɛnea nneɛma te nnɛ ho asɛm kyerɛ me. Sɛ ɛba saa a, ɔpɛ sɛ ɔka biribiara kyerɛ me!”

Sɛ woyɛ ɔwofo a, akyinnye biara nni ho sɛ bere a woyii nhoma yi adi no, w’ani gyei paa. Seesei, woanya hokwan a wode nhoma yi bɛyɛ adwuma yiye. Sodikuw no hwɛ kwan sɛ Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no, Po 2 no bɛboa w’abusua paa. Ɛmmra sɛ nhoma yi bɛboa yɛn nyinaa ma ‘yɛakɔ so anantew honhom kronkron mu,’ titiriw, mmabun a wɔwɔ yɛn mu a wɔda yɛn koma so no.—Gal. 5:16.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 6 Mmeae a wɔagyigya ato hɔ wɔ nhoma no mu a ɛma obi ankasa kyerɛw nsɛm bi wɔ hɔ no mu bi fa mpanyin ne mmofra nyinaa ho. Sɛ nhwɛso no, adaka a ɛne “Control Your Anger” (Hyɛ Wo Ho so wɔ Abufuw Ho) a ɛwɔ (kratafa 221) no betumi aboa wo ne wo babarima anaa wo babea. Saa ara na “Peer-Pressure Planner” (Ɔkwan a Mɛfa so Adi Atipɛnfo Nhyɛso So) (kratafa 132-133), “My Monthly Budget” (Nea Mede Me Sika Bɛyɛ Ɔsram Biara), (kratafa 163), ne “My Goals” (Me Botae Ahorow) (kratafa 314) nso betumi aboa.

[Adaka wɔ kratafa 30]

Nea Mmabun Bi Reka

“Saa nhoma yi yɛ nhoma a ɛsɛ sɛ wunya pɛnsere kura wo nsam na wotena ase kenkan dwinnwen ho. Sɛnea wɔayɛ nhoma no a ɛma wutumi kyerɛw w’ankasa wo nsɛm a wopɛ wom no ma wunya kwan dwinnwen ho a atirimpɔw ne sɛ ɛbɛma woanya asetena pa a ɛsen biara.”​—Nicola.

“Nkurɔfo pii hyɛ me sɛ me ne afoforo mpue, a wɔn a wonni me ho adwemmɔne mpo ka ho. Nhoma yi fã a edi kan no ma mihui sɛ ɛmfa ho nea obiara bɛka no, menyɛɛ m’adwene sɛ me ne ɔbarima biara bɛnantew.”​—Katrina.

“Adaka a ɛne ‘Are You Thinking of Getting Baptized?’ (So Woresusuw Ho sɛ Wobɛbɔ Asu?) no aboa me ma mafa asubɔ aniberesɛm paa. Ɛkanyan me ma mesan susuw ɔkwan a mefa so sua ade ne sɛnea mebɔ mpae ho.”​—Ashley.

“Ɛwom mpo sɛ m’awofo a wɔyɛ Kristofo kyerɛkyerɛɛ me fii me mmofraase de, nanso saa nhoma yi ama m’ankasa asusuw anammɔn a ɛsɛ sɛ mitu wɔ m’asetena mu ho. Aboa me nso ma me ne m’awofo tumi bɔ nkɔmmɔ yiye.”​Zamira.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Awofo, munhu nhoma yi mu nsɛm yiye

[Mfonini wɔ kratafa 32]

Fa yɛ wo botae sɛ wobɛma wo nsɛm aka wo ba koma