Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Tebea ahorow bɛn mu na obi betumi asusuw asu a ɔbɛsan ma wɔabɔ no bio ho?

Wɔ tebea ahorow bi mu no, ebia obi a wabɔ asu besusuw ho sɛ asu a ɔbɔe no di mũ anaa, na ebia obesusuw ho sɛ ɔbɛma wɔasan abɔ no asu bio. Sɛ nhwɛso no, ebia bere a wɔrebɔ obi asu no, na ɔwɔ tebea bi a ɛmfata mu anaasɛ na ɔyɛ nneɛma bi sie a sɛ na anka wabɔ asu dedaw a wobetumi agyina so atu no afi asafo no mu. So obetumi ahyira ne nkwa so ama Onyankopɔn bere a ɔyɛ nneɛma a ɛte saa no? Sɛ na onipa a ɔte saa no agyae nneyɛe a Kyerɛwnsɛm no kasa tia nkutoo a, ɛnna na obetumi ahyira ne ho so ma ayɛ nea edi mũ. Enti ebetumi ayɛ nea ɛfata sɛ obi a wɔbɔɔ no asu bere a na ɔreyɛ nneɛma bɔne a anibere wom saa no besusuw ho sɛ ɛho behia sɛ ɔsan ma wɔbɔ no asu anaa.

Na obi a na ɔnyɛ nneɛma bɔne wɔ bere a na wɔrebɛbɔ no asu na mmom n’asubɔ akyi na ɔyɛɛ bɔne ma ɛho behiae sɛ wɔpaw asɛnni boayikuw ma wodi n’asɛm nso ɛ? Yɛmfa no sɛ ɔka sɛ bere a ɔrekɔbɔ asu no na ɔnte nneɛma ase yiye ma enti ɔka sɛ n’asubɔ no nyɛ nea edi mũ ankasa. Sɛ asafo mu mpanyimfo hyia obi a wayɛ bɔne a, ɛnsɛ sɛ wɔka nsɛm bi a ɛbɛkyerɛ sɛ onipa no asubɔ nni mũ, na ɛnsɛ sɛ wobisa onipa no nso sɛ ebia ɔte nka sɛ n’ahosohyira ne n’asubɔ no di mũ anaa. Anyɛ yiye koraa no, otiee ɔkasa a egyina Kyerɛwnsɛm so a wɔde kyerɛkyerɛɛ asubɔ mu no. Ɔmaa ahosohyira ne asubɔ ho nsɛmmisa no ho mmuae sɛ yiw. Afei ɔsesaa ne ntade, na wɔde no hyɛɛ nsu mu. Enti, ntease wom sɛ yebegye adi sɛ na onim aniberesɛm a ɛwɔ nea na ɔreyɛ no mu ankasa. Enti mpanyimfo no ne no bedi sɛ obi a wabɔ asu.

Sɛ onipa no ka sɛ n’asubɔ no nni mũ a, mpanyimfo no betumi atwe n’adwene asi The Watchtower, March 1, 1960, kratafa 159 ne 160, ne February 15, 1964, kratafa 123 kosi 126, baabi a wɔakyerɛkyerɛ asu a wɔsan bɔ obi mu akɔ akyiri no so. Asu a wɔbɛsan abɔ obi wɔ tebea horow (te sɛ Bible a wante ase yiye ansa na wɔrebɔ no asu) no yɛ ankorankoro asɛm.

Sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo ne afoforo tena ofie biako mu a, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ wosusuw ho?

Onipa biara hia baabi a ɔde ne ti bɛto. Nanso ɛnnɛ, nnipa pii nni wɔn ankasa fie. Ebia sɛnea obi sikasɛm te, n’apɔwmuden, anaa nneɛma foforo betumi ama ɛho abehia sɛ ɔne n’abusua santen a n’abusuafo foforo ka ho bom tena. Wɔ wiase no afã bi no, abusuafo betumi akyere so wɔ ɔdan biako mu ma ayɛ den paa sɛ obi benya baabi ayɛ ɔno nkutoo ade.

Ɛnyɛ Yehowa ahyehyɛde no asɛyɛde sɛ ɛbɛhyehyɛ mmara pii afa baabi a ɛfata sɛ asafo ahorow a ɛwɔ wiase no mufo nyinaa tena ho. Wɔhyɛ Kristofo nkuran sɛ wɔmfa Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm nsusuw ho nhwɛ sɛ ɛsɔ Onyankopɔn ani sɛ wɔbɛtena baabi a wɔte no anaasɛ ɛnsɔ n’ani. Nnyinasosɛm yi bi ne dɛn?

Ade titiriw a ɛsɛ sɛ yesusuw ho ne nkɛntɛnso a nnipa foforo a yɛne wɔn bɛtena no benya wɔ yɛn so ne sɛnea ɛbɛka abusuabɔ a yɛne Onyankopɔn wɔ no. Wɔyɛ nnipa bɛn? So wɔyɛ Yehowa asomfo? So wɔde Bible mu nsɛm bɔ wɔn bra? Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mommma wɔnnnaadaa mo. Fekubɔne sɛe ɔbra pa.”—1 Kor. 15:33.

Kyerɛwnsɛm no ka sɛ Yehowa kasa tia aguamammɔ ne awaresɛe. (Heb. 13:4) Enti, ɛda adi pefee sɛ nhyehyɛe biara a ɛma ɔbarima ne ɔbea da ɔdan koro mu te sɛ nea wɔyɛ okunu ne ɔyere no nsɔ Onyankopɔn ani. Ɛnyɛ papa sɛ Kristoni bɛtena baabi a ɛhɔfo nhu mfomso biara a ɛwɔ ɔbrasɛe ho.

Afei nso, Bible ka kyerɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani nyinaa sɛ ‘wonguan aguamammɔ.’ (1 Kor. 6:18) Enti, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ Kristofo rentena baabi a wobetumi asɔ wɔn ahwɛ ma wɔde wɔn ho ahyɛ ɔbrasɛe mu. Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ Kristofo dodow bi te ofie biako mu. So nhyehyɛe a ɛte saa betumi ama ayɛ mmerɛw sɛ obi de ne ho bɛhyɛ ɔbrasɛe mu? Na sɛ nnipa baanu nyɛ okunu ne ɔyere na ɛkɔba sɛ ɛka wɔn baanu nkutoo wɔ baabi bere a afoforo a anka ɛsɛ sɛ wɔwɔ hɔ nni hɔ bere tiaa bi mu nso ɛ? Saa ara na asiane wom paa sɛ ɔbarima ne ɔbea a wɔyɛ asigyafo a wɔn ani gye wɔn ho bɛtena ofie biako mu. Nyansa wom sɛ yɛrentena baabi a ɛte saa.

Ɛrenyɛ papa nso sɛ ɔbarima ne ɔbea a wɔagyae aware bɛkɔ so atena ofie biako mu. Esiane sɛ gyentia dedaw ano sɔ nyɛ sɔ nna nti, ɛrenyɛ den koraa sɛ wobetumi de wɔn ho ahyɛ ɔbrasɛe mu.—Mmeb. 22:3.

Ade foforo nso a ɛho hia sɛ yesusuw ho ne sɛnea nnipa a yɛne wɔn te mpɔtam no bu nea obi yɛ. Baabi a Kristoni te a obu no sɛ asɛm biara nni ho nanso mpɔtam hɔfo renka ho asɛm pa no betumi ahaw adwene. Yɛmpɛ sɛ yɛn nneyɛe begu Yehowa din ho fĩ da. Paulo kaa ho asɛm wɔ saa kwan yi so sɛ: “Monhwɛ na moanto Yudafo ne Helafo ne Onyankopɔn asafo no hintidua, sɛnea meresɔ nnipa nyinaa ani wɔ ade nyinaa mu, a menhwehwɛ nea ehia m’ankasa na mmom nnipa pii de, na ama wɔagye wɔn nkwa no.”—1 Kor. 10:32, 33.

Ebetumi ayɛ den paa ama wɔn a wɔpɛ sɛ wokura Yehowa trenee gyinapɛn mu sɛ wobenya baabi a asɛm biara nni ho atena. Nanso ɛsɛ sɛ Kristofo ‘kɔ so hwehwɛ mu hu nea ɛsɔ Awurade ani.’ Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ sɛ biribiara a ɛho ntew nnkɔ so wɔ wɔn afie mu. (Efe. 5:5, 10) Eyi hwehwɛ sɛ Kristofo bɔ mpae hwehwɛ Onyankopɔn akwankyerɛ, na wɔyɛ nea wobetumi biara de bɔ wɔn ho wɔn ho ban wɔ honam fam ne abrabɔ fam, na wɔbɔ Yehowa din pa nso ho ban.