Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wubu Yehowa sɛ W’Agya?

So Wubu Yehowa sɛ W’Agya?

So Wubu Yehowa sɛ W’Agya?

BERE a Yesu asuafo no mu biako srɛɛ no sɛ “Awurade, kyerɛ yɛn sɛnea wɔbɔ mpae” no, Yesu kae sɛ: “Bere biara a mobɛbɔ mpae no, monka sɛ, ‘Agya, ma wo din ho ntew.’” (Luka 11:1, 2) Ná anka Yesu betumi de Yehowa abodin akɛse te sɛ “ade nyinaa so Tumfoɔ,” “Kyerɛkyerɛfo Kunini,” “Nea ne nna akyɛ,” ne “mmeresanten Hene” no mu bi afrɛ no. (Gen. 49:25; Yes. 30:20; 40:28; Dan. 7:9; 1 Tim. 1:17) Nanso, Yesu frɛɛ no “Agya” mmom. Dɛn ntia? Ebia nea enti a ɔyɛɛ saa ne sɛ na ɔpɛ sɛ yɛkɔ Onii a ɔkorɔn sen obiara wɔ amansan yi mu no anim te sɛ nea abofra a ɔbrɛ ne ho ase kɔ n’agya a ɔwɔ ɔdɔ anim no.

Nanso, ɛyɛ den ma ebinom sɛ wobebu Onyankopɔn sɛ wɔn Agya. Kristoni bea bi a wɔfrɛ no Atsuko * ka sɛ, “Bere a mebɔɔ asu akyi mfe pii no, na ɛyɛ den ma me sɛ mɛbɛn Yehowa na mabɔ no mpae sɛ Agya.” Ɔkaa nea enti a na ɛyɛ den ma no no ho asɛm sɛ, “Menkae ɛda a m’agya a ɔwoo me daa ɔdɔ adi kyerɛɛ me.”

Wɔ nna a edi akyiri a emu yɛ den yi mu no, yenhu “tema” a yɛhwɛ kwan sɛ anka agyanom bɛda no adi kyerɛ wɔn mma no koraa. (2 Tim. 3:1, 3) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ ebinom bɛte nka te sɛ Atsuko. Nanso yebetumi anya akomatɔyam, efisɛ yɛwɔ adanse a edi mũ a yebetumi agyina so abu Yehowa sɛ yɛn Agya a ɔwɔ ɔdɔ.

Yehowa Yɛ Ɔdemafo a Ɔwɔ Ɔdɔ

Sɛ yebetumi abu Yehowa sɛ yɛn Agya a, ɛho hia sɛ yehu no yiye. Yesu kae sɛ: “Obiara nnim Ɔba no yiye gye Agya no, na saa ara nso na obiara nnim Agya no yiye gye Ɔba no ne nea Ɔba no pɛ sɛ ɔda no adi kyerɛ no.” (Mat. 11:27) Ɔkwan a eye sen biara a yebetumi afa so ahu Agya ko a Yehowa yɛ ne sɛ yebesusuw nea Yesu ma yehu faa nokware Nyankopɔn ho no ho. Ɛnde, dɛn na Yesu ma yehu faa Agya no ho?

Bere a Yesu reda no adi sɛ Yehowa ne ne Nkwamafo no, ɔkae sɛ: “Agya no nti na mete ase.” (Yoh. 6:57) Ɛnam Agya no so na yɛn nso yɛte ase. (Dw. 36:9; Aso. 17:28) Dɛn na ɛkaa Yehowa ma ɔmaa afoforo nkwa? So ɛnyɛ ɔdɔ? Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛsɛ sɛ akyɛde a ɛte saa a yɛn soro Agya no de ama yɛn no ka yɛn ma yɛn nso yɛdɔ no bi.

Ɔkwan a ɛsen biara a Onyankopɔn afa so ada ne dɔ adi akyerɛ adesamma ne Yesu agyede afɔre no a ɔde mae no. Saa agyede afɔre no na ama ayɛ yiye sɛ nnipa abɔnefo bɛfa Yehowa Dɔba no so ne Yehowa anya abusuabɔ a emu yɛ den. (Rom. 5:12; 1 Yoh. 4:9, 10) Na esiane sɛ yɛn soro Agya no ma ne bɔhyɛ ahorow ba mu nti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ sɛnea ɛte biara no, wɔn a wɔdɔ no na wotie no nyinaa benya “Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi.”—Rom. 8:21.

Yɛn soro Agya no ma “n’awia pue” yɛn “so” da biara da nso. (Mat. 5:45) Ɛda adi sɛ ɛnyɛ ade a yedwen ho sɛ yɛbɛbɔ mpae sɛ ɔmma owia mpue. Nanso, hwɛ sɛnea yehia owia, na yɛn ani gye ɔhyew a ɛma yenya no ho! Afei nso, yɛn Agya no ne Ɔdemafo a ne so bi nni a onim yɛn ahiade ansa na yɛabisa no. Enti, so ɛnsɛ sɛ yegye bere hwɛ sɛnea yɛn soro Agya no ma n’abɔde nsa ka nneɛma a wohia na yɛde anisɔ dwinnwen ho?—Mat. 6:8, 26.

Yɛn Agya a Ɔyɛ “Bammɔfo a Ɔwɔ Ayamhyehye”

Yesaia nkɔmhyɛ no maa Onyankopɔn asomfo a wɔtenaa ase tete no awerɛhyem sɛ: “Mmepɔw befi hɔ na nkoko ahinhim, nanso me ne mo adamfofa mu rentwa da, na saa ara na me ne mo asomdwoe apam renhinhim, Yehowa a ɔyɛ mo bammɔfo a ɔwɔ ayamhyehye no na waka.” (Yes. 54:10, The Bible in Living English) Bere a Yesu resi saa asɛm yi so dua no, mpae a ɔbɔe wɔ anadwo a etwa to wɔ n’asase so asetena mu no ma yehu sɛ Yehowa yɛ “bammɔfo a ɔwɔ ayamhyehye” ampa. Yesu bɔɔ mpae maa n’asuafo sɛ: “Wɔwɔ wiase na mereba wo nkyɛn. Agya Kronkron, w’ankasa wo din a wode ama me nti hwɛ wɔn so.” (Yoh. 17:11, 14) Yehowa ahwɛ Yesu akyidifo so, na wabɔ wɔn ho ban.

Ɔkwan biako a Onyankopɔn fa so bɔ yɛn ho ban fi Satan mfiri ho nnɛ ne sɛ, ɔnam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so ma yɛn nsa ka honhom fam aduan wɔ bere a ɛsɛ mu. (Mat. 24:45) Sɛ yebetumi ‘ahyɛ Onyankopɔn akode nyinaa’ a, ɛho hia sɛ yedi honhom fam aduan a ɛhyɛ gyidi den. Sɛ nhwɛso no, susuw “gyidi kyɛm kɛse” a ‘yebetumi de adum ɔbɔnefo no mmɛmma a ɛredɛw no nyinaa’ ho hwɛ. (Efe. 6:11, 16) Gyidi a yɛwɔ no bɔ yɛn ho ban fi biribiara a ebetumi asɛe yɛne Onyankopɔn ntam ho, na gyidi a ɛte saa a yɛwɔ no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ yegye yɛn Agya no tumi a ɔde bɔ yɛn ho ban no tom.

Sɛ yesusuw sɛnea Onyankopɔn Ba no bɔɔ ne bra bere a na ɔwɔ asase so no ho yiye a, yebetumi asua ayamhyehye a yɛn soro Agya no wɔ ho ade pii. Hyɛ asɛm a ɛwɔ Marko 10:13-16 no nsow. Wɔbɔ amanneɛ wɔ hɔ sɛ Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Momma mmofra nkumaa no mmra me nkyɛn.” Bere a saa mmofra no kotwaa Yesu ho hyiae no, ofi ayamye mu bam wɔn, na ohyiraa wɔn. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ wɔn ani gyei maa wɔn anim yɛɛ sereserew! Na esiane sɛ Yesu kae sɛ: “Nea wahu me no ahu Agya no nso” nti, yenim sɛ nokware Nyankopɔn no pɛ sɛ yɛba ne nkyɛn.—Yoh. 14:9.

Yehowa Nyankopɔn dɔ nni ano. Ɔno ne Ɔdemafo a ɔsen biara ne Bammɔfo a ne so bi nni a ɔpɛ sɛ yɛbɛn no no. (Yak. 4:8) Enti ɛda adi pefee sɛ, Yehowa ne Agya a oye sen biara!

Yenya Mfaso Kɛse!

Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so sɛ yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ ne ayamhyehye a, yenya mfaso kɛse. (Mmeb. 3:5, 6) Yesu nyaa ne ho a ɔde too n’Agya so koraa no so mfaso. Kristo ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Ɛnyɛ me nkutoo na mewɔ hɔ, na mmom Agya a ɔsomaa me no ka me ho.” (Yoh. 8:16) Ná Yesu wɔ awerɛhyem bere nyinaa sɛ Yehowa bɛboa no. Sɛ nhwɛso no, wɔ n’asubɔ mu no, n’Agya fi ɔdɔ mu maa no awerɛhyem sɛ: “Oyi ne me Ba, nea medɔ no na magye no atom.” (Mat. 3:15-17) Aka kakraa bi ma Yesu awu no, ɔteɛɛm sɛ: “Agya, wo nsam na mede me honhom hyɛ.” (Luka 23:46) Ná Yesu da so ara wɔ n’Agya mu ahotoso paa.

Yɛn nso yebetumi anya ahotoso a ɛte saa ara. Sɛ Yehowa wɔ yɛn afã a, dɛn na ɛsɛ sɛ yesuro? (Dw. 118:6) Sɛ na Atsuko a yɛadi kan aka ne ho asɛm no hyia ɔhaw a, na ɔtaa de ne ho to ɔno ankasa ahoɔden so. Nanso, osuaa Yesu asetena ne ne som adwuma ho ade, na ɔde n’adwene sii abusuabɔ a emu yɛ den a na Yesu ne ne soro Agya no wɔ so titiriw. Dɛn na efi mu bae? Atsuko kae sɛ: “Afei mibehui sɛ mewɔ Agya, na mede me ho too no so.” Ɔde kaa ho sɛ: “Minyaa asomdwoe ne anigye ankasa. Nokwarem no, ɛnsɛ sɛ yedwinnwen biribiara ho de haw yɛn ho.”

Sɛ yebu Yehowa sɛ yɛn Agya a, mfaso foforo bɛn na yenya? Mmofra dɔ wɔn awofo, na wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea wɔn awofo pɛ. Esiane sɛ Onyankopɔn Ba no dɔ no nti, ‘ɔyɛɛ nea ɛsɔ n’Agya ani daa.’ (Yoh. 8:29) Saa ara na ɔdɔ a yɛn nso yɛwɔ ma yɛn soro Agya no betumi aka yɛn ma yɛayɛ yɛn ade nyansam na ‘yɛayi no ayɛ wɔ baguam.’—Mat. 11:25; Yoh. 5:19.

Yɛn Agya ‘Kura Yɛn Nsa Nifa Mu’

Yɛn soro Agya no ama yɛn “ɔboafo” nso, ɛno ne ne honhom kronkron. Yesu kae sɛ: ‘Ɛbɛkyerɛ mo kwan akɔ nokware no nyinaa mu.’ (Yoh. 14:15-17; 16:12, 13) Onyankopɔn honhom kronkron betumi aboa yɛn ma yɛahu yɛn Agya no yiye. Ebetumi aboa yɛn ma yɛatutu “nneɛma a agye ntini” agu, kyerɛ sɛ, adwene a yɛwɔ wɔ nneɛma bi ho dedaw, adwene a ɛnteɛ, anaa adwene a akyea, na ama ‘yɛafa nsusuwii nyinaa nnommum ma ayɛ osetie ama Kristo.’ (2 Kor. 10:4, 5) Enti, momma yɛmmɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma yɛn “ɔboafo” a ɔde hyɛɛ yɛn bɔ no, na yennya awerɛhyem sɛ “Agya a ɔwɔ soro no de honhom kronkron bɛma wɔn a wobisa no.” (Luka 11:13) Ɛfata nso sɛ yɛbɔ mpae bere nyinaa sɛ honhom kronkron mmoa yɛn mma yɛmmɛn Yehowa yiye.

Sɛ abofra kumaa bi ne n’agya nam na okura ne nsam a, ɔte nka sɛ ɔwɔ abotɔyam, ahobammɔ, na onsuro hwee. Sɛ wubu Yehowa sɛ w’Agya ankasa a, wubetumi anya ahotoso wɔ awerɛkyekyesɛm yi mu sɛ: “Me Yehowa wo Nyankopɔn, mikura wo nsa nifa mu; na meka kyerɛ wo sɛ, ‘Nsuro, na me ara mɛboa wo.’” (Yes. 41:13) Wubetumi anya hokwan kɛse ne Onyankopɔn “anantew” daa. (Mika 6:8) Sɛ wubu Yehowa sɛ w’Agya, na wokɔ so yɛ n’apɛde a, wubehu sɛ ɔdɔ wo, na wowɔ anigye ne ahobammɔ.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Wɔasesa edin no.