Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kuw Biako, Ɔhwɛfo Biako

Kuw Biako, Ɔhwɛfo Biako

Kuw Biako, Ɔhwɛfo Biako

“Mo a mudi m’akyi yi bɛtena nhengua dumien so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.”—MAT. 19:28.

1. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ne Abraham asefo dii, na dɛn nti na na eyi nkyerɛ sɛ na nnipa a wɔaka nyinaa ho asɛm mfa Yehowa ho koraa?

NÁ Yehowa dɔ Abraham, enti Yehowa yɛɛ Abraham asefo adɔe. Yehowa de bɛboro mfe 1,500 buu Israel man a wɔyɛ Abraham asefo no sɛ ne nkurɔfo a wapaw wɔn, “n’agyapade titiriw.” (Monkenkan Deuteronomium 7:6.) So na ɛno kyerɛ sɛ aman foforo mufo ho asɛm mfa Yehowa ho koraa? Dabi. Wɔ saa mfe no mu no, wɔmaa wɔn a wɔnyɛ Israelfo a na wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa no kwan ma wɔde wɔn ho bɔɔ ne man titiriw no. Wobuu wɔn a wɔsakra bɛyɛɛ Yudafo no sɛ ɔman no mufo. Ná ɛsɛ sɛ Israelfo no ne wɔn di sɛ wɔn nuanom. (Lev. 19:33, 34) Na na wɔhwehwɛ sɛ wɔn a wɔsakra bɛyɛɛ Yudafo no di Yehowa mmara nyinaa so.—Lev. 24:22.

2. Asɛm a ɛyɛ ahodwiriw bɛn na Yesu kae, na nsɛmmisa bɛn na ɛma ɛsɔre?

2 Nanso, Yesu kaa asɛm bi a na ɛyɛ ahodwiriw kyerɛɛ Yudafo a na wɔwɔ ne bere so no sɛ: “Wobegye Onyankopɔn ahenni afi mo nsam na wɔde ama ɔman a ɛbɛsow aba.” (Mat. 21:43) Henanom na na wɔbɛyɛ ɔman foforo yi mufo, na ɔkwan bɛn so na saa nsakrae yi fa yɛn ho nnɛ?

Ɔman Foforo No

3, 4. (a) Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Petro ma yehu ɔman foforo no? (b) Henanom na wɔwɔ ɔman foforo yi mu?

3 Ɔsomafo Petro ma yehuu ɔman foforo yi pefee. Ɔkyerɛw asɛm a edi hɔ yi kɔmaa ne mfɛfo Kristofo sɛ: “Moyɛ ‘abusua a wɔapaw, adehye asɔfokuw, ɔman kronkron, nnipa a wɔde wɔn ayɛ agyapade soronko, sɛ monka’ nea ɔfrɛɛ mo fii sum mu baa ne hann nwonwaso mu no ‘nneyɛe pa nkyerɛ.’” (1 Pet. 2:9) Sɛnea wɔhyɛɛ nkɔm no, Yudafo ankasa a wogyee Yesu toom sɛ Mesia no na wɔbɛyɛɛ ɔman foforo no mufo a wodi kan. (Dan. 9:27a; Mat. 10:6) Akyiri yi, wɔde wɔn a wɔnyɛ Israelfo pii nso bɛkaa ɔman yi ho, efisɛ Petro toaa so kae sɛ: “Mo na kan no na monyɛ ɔman, nanso seesei moyɛ Onyankopɔn man.”—1 Pet. 2:10.

4 Henanom na na Petro rekasa kyerɛ wɔn yi? Ɔkae wɔ ne krataa no mfiase sɛ: “[Onyankopɔn awo] yɛn foforo kɔ anidaso a nkwa wom mu denam nyan a wonyan Yesu Kristo fii awufo mu no so na ama yɛanya agyapade a ɛmporɔw na efĩ nni ho na ɛnsɛe. Wɔakora so wɔ ɔsoro ama mo.” (1 Pet. 1:3, 4) Enti Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro no na wɔwɔ ɔman foforo yi mu. Wɔne “Onyankopɔn Israel no.” (Gal. 6:16) Wɔ anisoadehu bi a ɔsomafo Yohane nyae mu no, ohui sɛ saa honhom fam Israelfo yi dodow yɛ 144,000. “Wɔtɔɔ wɔn fii adesamma mu sɛ aba a edi kan maa Onyankopɔn ne Oguammaa no” sɛ wɔnkɔyɛ “asɔfo,” na “wɔne [Yesu] bedi hene mfe apem.”—Adi. 5:10; 7:4; 14:1, 4; 20:6; Yak. 1:18.

So Wɔn a Wɔnsraa Wɔn Nso Wom Bi?

5. (a) Asɛm a ɛne “Onyankopɔn Israel” no fa henanom ho? (b) Dɛn nti na ɛnyɛ bere nyinaa na edin “Israel” no fa wɔn a wɔasra wɔn no nkutoo ho?

5 Enti, ɛda adi pefee sɛ, asɛm a ɛne “Onyankopɔn Israel” a ɛwɔ Galatifo 6:16 no fa Kristofo a wɔasra wɔn nkutoo ho. Nanso, so mmere bi wɔ hɔ a Yehowa de Israel man no gyina hɔ ma biribi anaasɛ ɔde yɛ mfatoho a ɛmfa Kristofo a wɔasra wɔn no nkutoo ho? Yebetumi ahu mmuae no wɔ asɛm a Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo anokwafo no mu. Ɔkae sɛ: “Me ne mo reyɛ ahenni ho apam, sɛnea m’Agya ne me ayɛ apam no, na moadidi anom me pon so wɔ m’ahenni mu, na moatena nhengua so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.” (Luka 22:28-30) Saa asɛm yi bɛbam wɔ bere a “wɔayɛ nneɛma foforo” wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu.—Monkenkan Mateo 19:28.

6, 7. Henanom na asɛm a ɛne “Israel mmusuakuw dumien” a ɛwɔ Mateo 19:28 ne Luka 22:30 no fa wɔn ho?

6 Nnipa 144,000 no bɛyɛ ahene, asɔfo, ne atemmufo wɔ soro wɔ Mfirihyia Apem Nniso no mu. (Adi. 20:4) Henanom na 144,000 no bebu wɔn atɛn, na wobedi henanom so? Wɔaka akyerɛ yɛn wɔ Mateo 19:28 ne Luka 22:30 sɛ wobebu “Israel mmusuakuw dumien no” atɛn. “Israel mmusuakuw dumien no” gyina hɔ ma henanom wɔ kyerɛw nsɛm yi mu? Wogyina hɔ ma wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no nyinaa—wɔn a wonya Yesu afɔrebɔ no mu gyidi nanso wɔnka adehye asɔfokuw no ho no. (Wɔammɔ Lewi abusuakuw no din anka honam fam Israel mmusuakuw 12 no ho.) Wɔn a wogyina hɔ ma Israel mmusuakuw 12 no wɔ kyerɛw nsɛm yi mu no ne wɔn a wobenya 144,000 no asɔfodwuma no so mfaso wɔ honhom fam no. Wɔn a wɔnyɛ asɔfo a wobenya asɔfodwuma no so mfaso yi nso yɛ Onyankopɔn nkurɔfo, na Onyankopɔn dɔ wɔn, na ogye wɔn tom. Enti, ɛfata sɛ wɔde wɔn toto Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtenaa ase tete mmere mu no ho.

7 Ɔsomafo Yohane hui sɛ wɔsɔɔ honhom fam Israelfo a wɔyɛ 144,000 no ano wiei koraa ansa na ahohiahia kɛse no reba. Na ɛfata sɛ bere a ohuu eyinom akyi no, ɔsan nso huu “nnipakuw kɛse” a wɔn dodow nni ano a ‘wofi amanaman nyinaa mu’ no. (Adi. 7:9) Nnipakuw kɛse yi betwa ahohiahia kɛse no akɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu. Nnipa ɔpepepem pii bɛsɔre afi awufo mu abɛka wɔn ho wɔ hɔ. (Yoh. 5:28, 29; Adi. 20:13) Eyinom nyinaa na wɔbɛyɛ sɛnkyerɛnne kwan so “Israel mmusuakuw dumien” a Yesu ne nnipa 144,000 a ɔne wɔn bedi ade no bebu wɔn atɛn no.—Aso. 17:31; 24:15; Adi. 20:12.

8. Ɔkwan bɛn so na nneɛma a na wɔyɛ wɔ afe afe Mpata Da no yɛ abusuabɔ a ɛda 144,000 no ne adesamma a wɔaka no ntam ho mfonini?

8 Ná nneɛma a wɔyɛ wɔ afe afe Mpata Da no yɛ abusuabɔ a ɛda 144,000 no ne adesamma a wɔaka no ntam ho mfonini. (Lev. 16:6-10) Ná ɛsɛ sɛ ɔsɔfo panyin no di kan de nantwinini bɔ bɔne ho afɔre ‘ma ne ho ne ne fie.’ Enti, wodi kan de Yesu afɔrebɔ no pata ma ne fiefo a wɔyɛ asɔfo nkumaa a wɔne no bedi ade wɔ soro no. Afei nso, wɔ tete Mpata Da no, na wɔde mmirekyi abien bɔ bɔne ho afɔre ma Israelfo a wɔaka no. Wɔ saa asɛm yi mu no, bere a asɔfo abusuakuw no gyina hɔ ma 144,000 no, Israelfo a wɔaka no gyina hɔ ma wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no nyinaa. Saa nkyerɛkyerɛmu yi ma yehu sɛ asɛm a ɛne “Israel mmusuakuw dumien no” a ɛwɔ Mateo 19:28 no mfa Yesu asɔfo nkumaa a wɔde honhom asra wɔn no ho, na mmom ɛfa afoforo a wonya Yesu afɔrebɔ no mu gyidi nyinaa ho. *

9. Wɔ asɔrefie no ho anisoadehu a Hesekiel nyae mu no, asɔfo no gyina hɔ ma henanom, na Israelfo a wɔnyɛ asɔfo no nso gyina hɔ ma henanom?

9 Momma yensusuw nhwɛso foforo ho nhwɛ. Wɔmaa odiyifo Hesekiel nyaa Yehowa asɔrefie no ho anisoadehu a ɛkɔ akyiri. (Hes., ti 40-48) Wɔ saa anisoadehu no mu no, Hesekiel hui sɛ na asɔfo no reyɛ adwuma wɔ asɔrefie hɔ, na wɔde akwankyerɛ rema afoforo, na na wɔregye afotu ne nteɛso fi Yehowa hɔ. (Hes. 44:23-31) Wɔ saa anisoadehu no ara mu no, mmusuakuw ahorow no mufo baa asɔrefie hɔ bɛsomee, na wɔbobɔɔ afɔre nso. (Hes. 45:16, 17) Enti, wɔ anisoadehu yi mu no, asɔfo no gyina hɔ ma wɔn a wɔasra wɔn no, ɛnna Israelfo a wofi mmusua a wɔnyɛ asɔfo mu no nso gyina hɔ ma wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no. Anisoadehu no si so dua sɛ akuw abien no bom yɛ adwuma wɔ biakoyɛ mu, na asɔfokuw no na wodi anim wɔ nokware som mu.

10, 11. (a) Asɛm a Yesu kae a ɛhyɛ gyidi den bɛn na abam ma yɛahu! (b) Asɛmmisa a ɛfa nguan foforo no ho bɛn na ɛsɔre?

10 Yesu kaa “nguan foforo” bi a wɔne “nguankuw ketewa” a wɔyɛ n’akyidifo a wɔasra wɔn no mfi “ban” koro mu ho asɛm. (Yoh. 10:16; Luka 12:32) Ɔkae sɛ: “Wɔn nso ɛsɛ sɛ mede wɔn ba, na wobetie me nne, na wɔabɛyɛ kuw biako anya ɔhwɛfo biako.” Hwɛ sɛnea saa asɛm yi mmamu a yɛahu no hyɛ yɛn gyidi den! Wɔaka nnipakuw abien abom ayɛ wɔn biako—kuw ketewa a wɔasra wɔn no ne nguan foforo no mu nnipakuw kɛse no. (Monkenkan Sakaria 8:23.) Ɛwom sɛ wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no, nguan foforo no nsom wɔ honhom fam asɔrefie no adiwo a ɛwɔ mfinimfini hɔ de, nanso wɔsom wɔ saa asɔrefie no akyi hɔ adiwo hɔ.

11 Nanso, sɛ ɛtɔ mmere bi na Yehowa de tete Israelfo a wɔnyɛ asɔfo no gyina hɔ ma saa nguan foforo yi a, so ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no nso di Nkaedi paanoo no na wɔnom bobesa no bi? Yɛrebesusuw saa asɛmmisa yi mmuae ho.

Apam Foforo No

12. Nhyehyɛe foforo bɛn na Yehowa hyɛɛ ho nkɔm?

12 Yehowa hyɛɛ nhyehyɛe foforo bi a ɔbɛyɛ ama ne nkurɔfo ho nkɔm sɛ: “Eyi ne apam a me ne Israel fie bɛyɛ wɔ nna no akyi, . . . Mede me mmara bɛhyɛ wɔn mu na makyerɛw wɔ wɔn komam. Na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn na wɔn nso ayɛ me man.” (Yer. 31:31-33) Saa apam foforo yi na na Yehowa nam so bɛma ɛbɔ a ɔhyɛɛ Abraham no anya mmamu a anuonyam wom afebɔɔ.—Monkenkan Genesis 22:18.

13, 14. (a) Henanom na wɔyɛ apam foforo no mufo? (b) Henanom na wonya apam foforo no so mfaso, na dɛn na wɔyɛ de ‘kura mu’?

13 Anadwo a na ade rebɛkye ma Yesu awu no, ɔkaa saa apam foforo yi ho asɛm sɛ: “Kuruwa yi gyina hɔ ma apam foforo a ɛnam me mogya so, nea wobehwie agu ama mo no.” (Luka 22:20; 1 Kor. 11:25) So Kristofo nyinaa ka apam foforo yi ho? Dabi. Nnipa bi te sɛ asomafo no a wɔnom kuruwa no ano saa anwummere no yɛ apam foforo no mufo. * Yesu ne wɔn yɛɛ apam foforo sɛ ɔne wɔn bedi ade wɔ n’Ahenni mu. (Luka 22:28-30) Wɔne Yesu bɛtena wɔ n’Ahenni mu.—Luka 22:15, 16.

14 Na wɔn a wɔbɛtena asase so ma n’Ahenni no adi wɔn so no nso ɛ? Wobenya apam foforo no so mfaso. (Gal. 3:8, 9) Ɛwom sɛ wɔnka apam foforo no ho de, nanso sɛnea odiyifo Yesaia hyɛɛ ho nkɔm no, “wokura” apam yi “mu” denam ɛho ahwehwɛde a wodi so no so. Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ: “Ahɔho a wɔaba Yehowa nkyɛn sɛ wɔrebɛsom no na wɔadɔ Yehowa din, na wɔayɛ n’asomfo, wɔn a wodi homeda a wongu ho fĩ na wokura m’apam mu nyinaa no, me nso mede wɔn bɛba me bepɔw kronkron so na mama wɔadi ahurusi wɔ me mpaebɔ fie.” Afei Yehowa toaa so sɛ: “Wɔbɛfrɛ me fie mpaebɔ fie ama aman nyinaa.”—Yes. 56:6, 7.

Henanom na Ɛsɛ sɛ Wodi Bi?

15, 16. (a) Hokwan bɛn na ɔsomafo Paulo kae sɛ apam foforo no mufo benya? (b) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no di Nkaedi paanoo no na wɔnom bobesa no bi?

15 Apam foforo no mufo ‘wɔ akokoduru a wɔde kɔ kronkronbea hɔ.’ (Monkenkan Hebrifo 10:15-20.) Eyinom na ‘wobenya ahenni a wontumi nwosow no’ no. (Heb. 12:28) Enti, wɔn a wɔne Yesu Kristo bɛyɛ ahemfo ne asɔfo wɔ soro no nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔnom “kuruwa” no a egyina hɔ ma apam foforo no ano. Wɔn a wɔyɛ apam foforo no mufo no na wɔahyɛ wɔn bɔ sɛ wɔde wɔn bɛma Oguammaa no aware. (2 Kor. 11:2; Adi. 21:2, 9) Afoforo a wɔkɔ afe afe Nkaedi no ase nyinaa yɛ bɛhwɛadefo a wobu ade a wonni Nkaedi paanoo no na wɔnnom bobesa no bi.

16 Paulo san boa yɛn ma yɛte ase sɛ wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no nni Nkaedi paanoo no na wɔnnom bobesa no bi. Ɔka kyerɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ: “Bere biara a mubedi paanoo yi anom kuruwa yi ano no, na morepae mu aka Awurade wu no akosi sɛ ɔbɛba.” (1 Kor. 11:26) Bere bɛn na Awurade ‘bɛba’? Ɛyɛ bere a ɔbɛba abɛfa n’ayeforo kuw no mufo a wɔasra wɔn no mu nea otwa to koraa akɔ wɔn soro fie no. (Yoh. 14:2, 3) Ɛda adi pefee sɛ Awurade Anwummeduan a wɔhyɛ ho fã afe afe no renkɔ so daa. Ɔbea no “asefo a aka” a wɔda so wɔ asase so no bɛkɔ so adi saa aduan yi akosi sɛ wɔn nyinaa benya wɔn soro akatua no. (Adi. 12:17) Nanso, sɛ wɔn a wɔbɛtena asase so daa no wɔ hokwan sɛ wodi paanoo no na wɔnom bobesa no bi a, ɛnde anka ɛbɛkyerɛ sɛ wɔbɛkɔ so adi Nkaedi paanoo no na wɔanom bobesa no daa.

‘Wɔbɛyɛ Me Man Ankasa’

17, 18. Ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ a ɛwɔ Hesekiel 37:26, 27 no anya mmamu?

17 Yehowa hyɛɛ biako a ne man bɛyɛ ho nkɔm sɛ: “Me ne wɔn bɛyɛ asomdwoe apam, apam a ɛbɛtena hɔ daa. Na mede wɔn bedua wɔn asase so ama wɔadɔ ayɛ bebree. Na mede me kronkronbea besi wɔn mfinimfini daa. Mede me ntamadan besi wɔn so na mayɛ wɔn Nyankopɔn na wɔn nso ayɛ me man.”—Hes. 37:26, 27.

18 Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa betumi anya saa bɔhyɛ a ɛyɛ anigye yi a ɛne Kristofo asomdwoe apam no mmamu so mfaso. Nokwarem no, Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma n’asomfo a wɔyɛ osetie nyinaa anya asomdwoe. Yehu ne honhom no aba wɔ wɔn mfinimfini. Ne kronkronbea a egyina hɔ ma Kristofo som a ɛho tew no nso wɔ wɔn mfinimfini. Wɔabɛyɛ ne nkurɔfo ampa, efisɛ wɔatwe wɔn ho afi abosonsom nyinaa ho, na wɔde Yehowa ayɛ wɔn Nyankopɔn a ɔno nkutoo na wɔsom no.

19, 20. Henanom na wɔka nkurɔfo a Yehowa frɛ wɔn “me man” no ho, na dɛn na apam foforo no ama ayɛ yiye?

19 Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yɛahu akuw abien yi a wɔaka wɔn abom wɔ yɛn bere yi so no! Ɛwom sɛ nnipakuw kɛse a wɔredɔɔso no nni anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro de, nanso ɛyɛ wɔn anigye sɛ wɔne wɔn a wɔbɛkɔ soro no bɔ. Wɔde wɔn ho abɔ Onyankopɔn Israel no. Eyi a wɔayɛ no ama wɔabɛka nkurɔfo a Yehowa frɛ wɔn “me man” no ho. Ɛyɛ wɔn na yɛahu sɛ saa nkɔmhyɛ yi anya mmamu wɔ wɔn so. Nkɔmhyɛ no ka sɛ: “Aman pii de wɔn ho bɛbata Yehowa ho na wɔayɛ me man; na mɛtena wo mfinimfini.”—Sak. 2:11; 8:21; monkenkan Yesaia 65:22; Adiyisɛm 21:3, 4.

20 Yehowa nam apam foforo no so na ayɛ eyinom nyinaa. Nnipa ɔpepem pii a wofi amanaman nyinaa mu de wɔn ho abɛbata Yehowa man a wɔadom wɔn no ho. (Mika 4:1-5) Wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so akura saa apam no mu denam nsiesiei a apam no ma wonya a wobegye atom na wɔadi nea apam no hwehwɛ sɛ wɔyɛ so no so. (Yes. 56:6, 7) Sɛ wɔyɛ saa a, wɔne Onyankopɔn Israel no nyinaa kɔ so nya asomdwoe pii. Ɛmmra sɛ wubenya saa asomdwoe no nnɛ de akosi daa!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 8 Saa ara na wɔn a wɔasra wɔn no titiriw na wɔka wɔn ho asɛm sɛ “asafo” no. (Heb. 12:23) Na asɛmfua “asafo” no betumi akyerɛ biribi foforo nso, ebetumi afa Kristofo nyinaa ho, a anidaso a wɔwɔ mfa ho.—Hwɛ April 15, 2007, Ɔwɛn-Aban, kratafa 21-23.

^ nky. 13 Yesu na ɔyɛ saa apam no Ntamgyinafo, ɔnyɛ apam no muni. Esiane sɛ Yesu yɛ Ntamgyinafo nti, ɛda adi sɛ wanni Nkaedi paanoo no bi na wannom bobesa no nso bi.

So Wokae?

• Henanom ne “Israel mmusuakuw dumien no” a 144,000 no bebu wɔn atɛn no?

• Ɛdefa apam foforo no ho no, abusuabɔ bɛn na ɛda wɔn a wɔasra wɔn no ne nguan foforo no ntam?

• So ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa di Nkaedi paanoo no na wɔnom bobesa no bi?

• Biakoyɛ bɛn na wɔhyɛɛ ho nkɔm sɛ ɛbɛba wɔ yɛn bere yi so?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Akontaabu pon/​Mfonini ahorow wɔ kratafa 25]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Seesei nnipa pii ne Onyankopɔn Israel no resom

7,313,173

4,017,213

1,483,430

373,430

1950 1970 1990 2009