Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dwuma A Honhom Kronkron Di De Ma Yehowa Atirimpɔw Ba Mu

Dwuma A Honhom Kronkron Di De Ma Yehowa Atirimpɔw Ba Mu

Dwuma A Honhom Kronkron Di De Ma Yehowa Atirimpɔw Ba Mu

“Asɛm a efi m’anom . . . [bewie] nea enti a mesomae no.”—YES. 55:11.

1. Fa mfatoho kyerɛkyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ nhyehyɛe ne atirimpɔw mu.

FA NO sɛ mmarima baanu mu biara resiesie ne ho de kar atu kwan. Obiako kyerɛ ɔkwan pɔtee a ɔbɛfa so adu baabi a ɔrekɔ no. Ɔfoforo no nso nim baabi a ɔrekɔ no yiye, na ɔsan nim akwan foforo pii a obetumi afa so akodu baabi a ɔrekɔ no. Wasiesie ne ho sɛ sɛ biribi si mpofirim a ɔbɛfa ɔkwan foforo so akɔ. Ɔkwan bi so no, akwan soronko a mmarima baanu no mu biara fa so no ma yehu nsonsonoe a ɛwɔ nhyehyɛe ne atirimpɔw mu. Yebetumi de nhyehyɛe a obi yɛ atoto ɔkwan pɔtee a obi kyerɛ sɛ ɔbɛfa so ayɛ biribi ho, ɛnna atirimpɔw fa botae a obi wɔ a obetumi afa akwan foforo so adu ho ho.

2, 3. (a) Dɛn na ɛka Yehowa atirimpɔw ho, na ɔkwan bɛn na ɔfaa so dii asɛm a ɛsɔree bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne no ho dwuma? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yehu ɔkwan a Yehowa fa so ma n’atirimpɔw ba mu?

2 Sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ biribi a, ɔnyɛ ho nhyehyɛe pɔtee bi, mmom no, ɔwɔ atirimpɔw a bere rekɔ so no, ɔma ɛba mu. (Efe. 3:11) Adwene a na ɔwɔ ma adesamma ne asase fi mfiase no ka saa atirimpɔw yi ho—ɛne sɛ ɔbɛdan yɛn asase yi paradise ma ayɛ baabi a nnipa a wɔyɛ pɛ betumi atena ase asomdwoe ne anigye mu daa. (Gen. 1:28) Bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne no, Yehowa yɛɛ nea esii no ho biribi, na ɔtotoo nneɛma sɛnea ɛbɛyɛ a n’atirimpɔw bɛba mu. (Monkenkan Genesis 3:15.) Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛma ne sɛnkyerɛnne kwan so ɔbea no awo ‘aseni,’ anaa Ɔbabarima a awiei koraa no ɔbɛsɛe Satan a ɔkɔfaa ɔhaw no bae no, na wayi ɔhaw a ɔde aba no nyinaa afi hɔ.—Heb. 2:14; 1 Yoh. 3:8.

3 Tumi biara nni soro anaa asase so a ebetumi asiw Onyankopɔn atirimpɔw a ɛbɛbam no kwan. (Yes. 46:9-11) Dɛn nti na yebetumi aka saa? Nea enti a ɛte saa ne sɛ Yehowa honhom kronkron na ɛbɛma n’atirimpɔw aba mu. Saa honhom no a biribiara rentumi nsiw no kwan no ma yenya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn atirimpɔw ‘bewie’ anaasɛ ɛbɛba mu ɔkwan biara so. (Yes. 55:10, 11) Ɛsɛ sɛ yehu ɔkwan a Onyankopɔn fa so ma n’atirimpɔw ba mu no yiye, na yɛbɔ yɛn bra ma ɛne no hyia. Nkwa a yebenya daakye no gyina Onyankopɔn atirimpɔw a ɛbɛba mu so. Afei nso, sɛ yehu sɛnea Yehowa de honhom kronkron yɛ adwuma a, ɛhyɛ yɛn gyidi den. Ɛnde, momma yensusuw dwuma a wɔde honhom no dii tete mmere mu, dwuma a wɔde redi nnɛ, ne dwuma a wɔde bedi daakye ama Yehowa atirimpɔw aba mu no ho.

Dwuma a Honhom Kronkron Dii Tete Mmere Mu

4. Ɔkwan bɛn na Yehowa afa so ada n’atirimpɔw adi nkakrankakra?

4 Yehowa yii n’atirimpɔw adi nkakrankakra wɔ bere a na wɔrekyerɛw Bible no mu. Mfiase no, na onii a ɔbɛyɛ Aseni no yɛ “ahintasɛm kronkron bi.” (1 Kor. 2:7) Mfe bɛyɛ 2,000 twaam ansa na Yehowa resan aka aseni bi ho asɛm bio. (Monkenkan Genesis 12:7; 22:15-18.) Yehowa hyɛɛ Abraham bɔ bi a na ebenya mmamu kɛse. Asɛm a ɛne “w’aseni so” no kyerɛ sɛ na Aseni no bɛyɛ onipa, na na obefi Abraham abusua mu. Yebetumi agye adi sɛ na Satan ani di aseni no ho nsɛm a wɔdaa no adi no akyi paa. Nea na Ɔtamfo no pɛ sɛ ɔyɛ ara ne sɛ ɔbɛsɛe Abraham abusua a na aseni no befi mu aba no, sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn atirimpɔw remma mu. Nanso, na ɔrentumi nyɛ saa da efisɛ na Onyankopɔn honhom a aniwa nhu no reyɛ adwuma. Akwan bɛn so na na ɛreyɛ adwuma?

5, 6. Ɔkwan bɛn so na Yehowa de ne honhom bɔɔ ankorankoro a wɔwɔ abusua a na Aseni no befi mu aba no ho ban?

5 Yehowa de ne honhom bɔɔ ankorankoro a na wɔwɔ abusua a na Aseni no befi mu aba no ho ban. Yehowa ka kyerɛɛ Abram (Abraham) sɛ: “Meyɛ wo kyɛm.” (Gen. 15:1) Ná eyi nyɛ bɔhyɛ hunu bi. Sɛ nhwɛso no, susuw asɛm a esii bɛyɛ afe 1919 A.Y.B. mu, bere a Abraham ne Sara kɔtenaa Gerar bere tiaa bi no ho hwɛ. Esiane sɛ na Gerar hene Abimelek nnim sɛ Sara yɛ Abraham yere nti, ɔfaa Sara sɛ ɔreware no. So yebetumi aka sɛ na Satan hyɛ akyi a ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔremma Sara nwo Abraham aseni no? Bible nka ho asɛm. Nea Bible ka ara ne sɛ Yehowa de ne ho gyee asɛm no mu. Yehowa bɔɔ Abimelek kɔkɔ wɔ dae mu sɛ ɔmmfa ne nsa nnka Sara.—Gen. 20:1-18.

6 Ɛnyɛ saa bere yi nko na Yehowa bɔɔ wɔn ho ban. Yehowa gyee Abraham ne n’abusua mufo mpɛn pii. (Gen. 12:14-20; 14:13-20; 26:26-29) Enti, odwontofo no tumi ka faa Abraham ne n’asefo ho sɛ: “[Yehowa amma] onipa biara ansisi wɔn, na wɔn nti ɔkaa ahene anim. Ɔkae sɛ: ‘Mommfa mo nsa nnka me nkurɔfo a masra wɔn no, na m’adiyifo nso, monnyɛ wɔn bɔne.’”—Dw. 105:14, 15.

7. Dɛn na Yehowa yɛ de bɔɔ Israel man no ho ban?

7 Yehowa nam ne honhom so bɔɔ tete Israel man a ɛno mu na na wɔbɛwo Aseni a wɔhyɛɛ no ho bɔ no ho ban. Yehowa nam ne honhom so de ne Mmara maa Israelfo no, na ɛkoraa nokware som so, na ɛbɔɔ Yudafo no ho ban fii biribiara a na ɛbɛsɛe wɔne Yehowa ntam ne wɔn abrabɔ, na agu wɔn ho fĩ honam fam no ho. (Ex. 31:18; 2 Kor. 3:3) Wɔ Atemmufo no bere so no, Yehowa honhom maa nnipa bi ahoɔden ma wogyee Israel fii wɔn atamfo nsam. (Atem. 3:9, 10) Wɔ mfehaha pii ansa na wɔrewo Yesu a ɔno ne Abraham aseni no mu otitiriw no, ɛbɛyɛ sɛ honhom kronkron dii dwuma bi de bɔɔ Yerusalem, Betlehem, ne asɔrefie no ho ban, efisɛ na saa nkurow no ne asɔrefie no bedi dwuma bi ma nkɔmhyɛ ahorow a na ɛfa Yesu ho no aba mu.

8. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ honhom kronkron boaa Onyankopɔn Ba no tẽẽ wɔ n’asetena mu ne ne som adwuma mu?

8 Honhom kronkron boaa Yesu tẽẽ wɔ n’asetena mu ne ne som adwuma mu. Honhom kronkron yɛɛ adwuma wɔ ɔbaabun Maria awotwaa mu, na ɛyɛɛ biribi a na wɔnyɛɛ bi da, na ɛno akyi nso wɔnyɛɛ bi bio. Ɛmaa ɔbea a ɔnyɛ pɛ nyinsɛn woo Ɔbabarima a ɔyɛ pɛ a na owu nni no so tumi. (Luka 1:26-31, 34, 35) Akyiri yi, honhom no bɔɔ akokoaa Yesu ho ban ma wanwu ɔpatuwu. (Mat. 2:7, 8, 12, 13) Bere a Yesu dii bɛyɛ mfe 30 no, Onyankopɔn de honhom kronkron sraa no de paw no sɛ ɔntena Dawid ahengua so, na ɔmaa no adwuma sɛ ɔnka asɛmpa no. (Luka 1:32, 33; 4:16-21) Honhom kronkron maa Yesu tumi ma ɔde yɛɛ anwonwade ahorow a ebi ne sɛ ɔsaa ayarefo yare, ɔmaa nnipadɔm aduan dii, na onyanee awufo. Ná saa ahoɔdenne no yɛ nneɛma a yebetumi ahwɛ kwan sɛ ɛbɛkɔ so wɔ Yesu nniso ase no ho mfonini.

9, 10. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na honhom kronkron wɔ Yesu asuafo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu no so? (b) Biribi foforo a ɛfa ɔkwan a na Yehowa bɛfa so ama n’atirimpɔw aba mu ho bɛn na wɔdaa no adi wɔ afeha a edi kan Y.B. mu?

9 Efi Pentekoste afe 33 Y.B. mu no, Yehowa de ne honhom sraa Abraham aseni no fã a wɔto so abien no, na na wɔn mu pii nyɛ Abraham asefo ankasa. (Rom. 8:15-17; Gal. 3:29) Wohuu adanse a ɛkyerɛ sɛ na honhom kronkron wɔ Yesu asuafo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan mu no so, na ɛma wotumi de nsi kaa asɛm no, na ɛma wonyaa tumi de yɛɛ anwonwade nso. (Aso. 1:8; 2:1-4; 1 Kor. 12:7-11) Esiane sɛ wonyaa honhom akyɛde a wɔde yɛɛ anwonwade nti, honhom kronkron ma wohuu biribi foforo faa ɔkwan a na Yehowa bɛfa so ama n’atirimpɔw aba mu ho. Ná Yehowa mpɛ sɛ nkurɔfo fa ɔkwan dedaw a na wɔahyehyɛ a wɔfa so som no wɔ Yerusalem asɔrefie no mu no so som no bio. Afei de, na wadan n’ani aba Kristofo asafo a na wɔahyehyɛ no foforo no so. Efi saa bere no, saa Kristofo a wɔasra wɔn asafo no na Yehowa de redi n’atirimpɔw ho dwuma.

10 Afoforo ho ban a Yehowa bɔe, tumi a ɔde maa wɔn, ne sra a ɔsraa wɔn—eyinom nyinaa yɛ akwan kakraa bi a Yehowa faa so de honhom kronkron dii dwuma bere a na wɔrekyerɛw Bible no, na ɔyɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a n’atirimpɔw bɛba mu. Na yɛn bere yi so nso ɛ? Ɔkwan bɛn so na Yehowa de ne honhom reboa ma n’atirimpɔw aba mu nnɛ? Ɛsɛ sɛ yehu efisɛ yɛpɛ sɛ yɛde akwankyerɛ a honhom no de ma yɛn no yɛ adwuma. Ɛnde, momma yensusuw akwan a Yehowa nam so de ne honhom no redi dwuma nnɛ no mu anan ho nhwɛ.

Dwuma a Honhom Kronkron Redi Nnɛ

11. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ honhom kronkron yɛ tumi a ɛboa Onyankopɔn nkurɔfo ma wɔn ho tew, na dɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ worema honhom no akyerɛ wo kwan?

11 Nea edi kan, honhom kronkron boa Onyankopɔn nkurɔfo ma wɔn ho tew. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ Yehowa apɛde a wobenya n’atirimpɔw so mfaso no ma wɔn abrabɔ ho tew. (Monkenkan 1 Korintofo 6:9-11.) Wɔn a wɔabɛyɛ nokware Kristofo no bi wɔ hɔ a na anka wɔde wɔn ho hyɛ ɔbrasɛe te sɛ aguamammɔ, awaresɛe, ne mmarima a wɔne mmarima da mu. Ebetumi aba sɛ na akɔnnɔ a ɛma nnipa yɛ bɔne no agye ntini paa wɔ wɔn mu. (Yak. 1:14, 15) Nanso, “wɔaguare” saafo no “kama,” a nea ɛkyerɛ ne sɛ, wɔayɛ nsakrae ahorow a ɛho hia a ɛbɛma wɔasɔ Onyankopɔn ani. Dɛn na ɛboa obi a ɔdɔ Onyankopɔn ma otumi ko tia akɔnnɔ a ɛbɛma wayɛ bɔne? Sɛnea 1 Korintofo 6:11 kyerɛ no, ɛyɛ “yɛn Nyankopɔn honhom.” Sɛ wokɔ so bɔ bra a ɛho tew a, woda no adi sɛ worema saa honhom no akyerɛ wo kwan wɔ biribiara a woyɛ wɔ w’asetena mu no mu.

12. (a) Sɛnea Hesekiel anisoadehu no kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na Yehowa kyerɛ n’ahyehyɛde no kwan? (b) Dɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ worema honhom no akyerɛ wo kwan?

12 Nea ɛto so abien, Yehowa de ne honhom no rekyerɛ n’ahyehyɛde no kwan ma ɛkɔ baabi a ɔpɛ sɛ ɛkɔ. Wɔ anisoadehu a Hesekiel nyae mu no, wɔde ɔsoro nteaseɛnam a ɛrekɔ n’anim a biribiara ntumi nsiw no kwan a ɛma Yehowa atirimpɔw ba mu no yɛɛ Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro no ho mfonini. Dɛn na ɛma teaseɛnam no de n’ani kyerɛ baabi a ɛsɛ sɛ ɛkɔ? Ɛyɛ honhom kronkron. (Hes. 1:20, 21) Momma yɛnkae sɛ Yehowa ahyehyɛde no wɔ afã abien, ɔfã biako wɔ soro, ɛnna ɔfã biako nso wɔ asase so. Sɛ honhom kronkron na ɛkyerɛ ɔfã a ɛwɔ soro no kwan a, ɛnde na ɛno ara na ɛkyerɛ ɔfã a ɛwɔ asase so no nso kwan. Sɛ woyɛ osetie na wudi akwankyerɛ a wunya fi Onyankopɔn ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no akyi a, woda no adi sɛ wo ne Yehowa ɔsoro teaseɛnam no renantew, na worema ne honhom kronkron no akyerɛ wo kwan.—Heb. 13:17.

13, 14. (a) Henanom na wɔyɛ “awo ntoatoaso yi” a Yesu kaa ho asɛm no? (b) Ma nhwɛso bi a ɛkyerɛ sɛ honhom kronkron reboa ma yɛate Bible mu nokware ase. (Hwɛ adaka a ɛne “So Wunim Bible mu Nokware a Yɛanya no Nnɛ No?”)

13 Nea ɛto so abiɛsa, honhom kronkron boa ma yɛte Bible mu nokware no ase. (Mmeb. 4:18) Efi bere tenten na “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no adi dwuma de ada Bible mu nokware no adi nkakrankakra. (Mat. 24:45) Sɛ nhwɛso no, susuw ntease a yɛanya wɔ wɔn a wɔyɛ “awo ntoatoaso yi” a Yesu kaa ho asɛm no ho hwɛ. (Monkenkan Mateo 24:32-34.) Awo ntoatoaso bɛn na na Yesu reka ho asɛm no? Asɛm a ɛne “Kristo Mmae—Wote Ase Dɛn?” no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ na Yesu reka n’asuafo a na ɛrenkyɛ na wɔde honhom kronkron asra wɔn no ho asɛm, na ɛnyɛ abɔnefo ho asɛm na na ɔreka. * Ná Yesu akyidifo a wɔasra wɔn a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu ne wɔn a wɔwɔ hɔ wɔ yɛn bere yi so behu sɛnkyerɛnne a ɛne sɛ Yesu ‘abɛn apon ano’ no, na wɔasan ate ase.

14 Yɛte saa nkyerɛkyerɛmu yi ase dɛn? Ɛwom sɛ yɛrentumi mmu akontaa nhu “awo ntoatoaso yi” tenten pɛpɛɛpɛ de, nanso ɛyɛ papa sɛ yɛma nneɛma bi a ɛfa asɛmfua a ɛne “awo ntoatoaso” ho no tena yɛn adwenem: Ɛtaa fa nnipa a ɛsono mfe a wɔadi a wɔtena ase wɔ bere koro mu te sɛ obi ne ne ba ne ne banana ho; ɛnyɛ bere tenteenten pii; na ɛwɔ awiei. (Ex. 1:6) Ɛnde yɛbɛte asɛm a Yesu kaa faa “awo ntoatoaso yi” ho no ase dɛn? Ɛda adi sɛ nea na Yesu rekyerɛ ne sɛ ansa na wɔn a wɔasra wɔn a na wɔwɔ asase so a wohui sɛ sɛnkyerɛnne no refi ase ada adi wɔ afe 1914 mu no bɛsã afi asase so no, afoforo a wɔasra wɔn bɛba abɛto wɔn ne wɔn abɔ, na wɔn a wɔbɛba abɛto wɔn a wɔasra wɔn a wohuu sɛnkyerɛnne no mfiase no behu ahohiahia kɛse no mfiase. Saa awo ntoatoaso no wɔ mfiase, na akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛba awiei nso. Sɛnkyerɛnne no afã ahorow a ɛrenya mmamu no ma ɛda adi pefee sɛ ahohiahia kɛse no abɛn. Sɛ woma w’ani da hɔ na wokɔ so wɛn a, woda no adi sɛ wote nsakrae a aba wɔ ntease a yɛanya wɔ Bible mu nokware mu no ase, na woama honhom kronkron rekyerɛ wo kwan.—Marko 13:37.

15. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ honhom kronkron na ɛma yenya tumi de ka asɛmpa no?

15 Nea ɛto so anan, honhom kronkron ma yenya tumi de ka asɛmpa no. (Aso. 1:8) Sɛ ɛnyɛ honhom kronkron a, dɛn bio na yebetumi aka sɛ ama yɛatumi aka asɛm no wɔ wiase nyinaa? Susuw ho hwɛ. Ebia woka wɔn a wɔfɛre ade paa anaa wosuro ade ho ma enti bere bi wokae sɛ, ‘Merentumi nyɛ afie afie asɛnka adwuma no bi da!’ Nanso, seesei wode nsi reyɛ saa adwuma no bi. * Yehowa Adansefo anokwafo pii akɔ so aka asɛm no bere a wohyia ɔsɔretia anaa ɔtaa. Onyankopɔn honhom kronkron nkutoo na ebetumi ama yɛanya tumi de adi ɔhaw a emu yɛ den so na yɛayɛ nneɛma a yɛrentumi mfa yɛn ankasa ahoɔden nyɛ da. (Mika 3:8; Mat. 17:20) Sɛ woyɛ nea w’ahoɔden betumi nyinaa de ka asɛm no a, woda no adi sɛ worema saa honhom no akyerɛ wo kwan.

Dwuma a Honhom Kronkron Bedi Daakye

16. Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛbɔ ne nkurɔfo ho ban wɔ ahohiahia kɛse no mu?

16 Daakye, Yehowa de ne honhom kronkron bedi dwuma anwonwakwan so de ama n’atirimpɔw aba mu. Nea edi kan, ma yensusuw sɛnea ɔbɛbɔ yɛn ho ban no ho nhwɛ. Sɛnea yɛahu no, Yehowa de ne honhom bɔɔ ankorankoro bi ne Israel ɔman mũ no nyinaa ho ban. Enti, ɛsɛ sɛ yegye di paa sɛ ɔde honhom koro no ara a ano yɛ den no bɛbɔ ne nkurɔfo ho ban wɔ ahohiahia kɛse a ɛreba no mu. Ɛho nhia sɛ yɛde yɛn adwene bu ɔkwan pɔtee a Yehowa bɛfa so ahwɛ yɛn saa bere no. Mmom no, yebetumi de ahotoso ahwɛ daakye kwan efisɛ yenim sɛ Yehowa renyi n’ani mfi wɔn a wɔdɔ no no so da, na saa ara nso na ne honhom kronkron betumi abɔ wɔn ho ban wɔ baabiara a wɔwɔ.—2 Be. 16:9; Dw. 139:7-12.

17. Ɔkwan bɛn so na Yehowa de ne honhom kronkron bedi dwuma wɔ wiase foforo no mu?

17 Ɔkwan bɛn so na Yehowa de ne honhom kronkron bedi dwuma wɔ wiase foforo a ɛreba no mu? Saa honhom no na wɔde bɛkyerɛw nhoma mmobɔwee foforo a wobebuebue mu saa bere no. (Adi. 20:12) Nsɛm bɛn na wɔbɛkyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee no mu? Ɛda adi sɛ, ɛbɛyɛ nneɛma a Yehowa bɛhwehwɛ sɛ yɛyɛ wɔ mfirihyia apem no mu. So wode anigye rehwɛ kwan sɛ wobɛhwehwɛ nsɛm a ɛwɔ saa nhoma mmobɔwee no mu no? Yɛde anigye rehwɛ saa wiase foforo no kwan. Yɛrentumi mfa yɛn adwene mmu sɛnea asetena bɛyɛ wɔ saa anigye bere no mu, bere a Yehowa de honhom kronkron bɛma n’atirimpɔw a ɛfa asase ne adesamma a wɔte so ho aba mu no.

18. Dɛn na woasi wo bo denneennen sɛ wobɛyɛ?

18 Mommma yɛn werɛ mmfi da sɛ Yehowa atirimpɔw a ɛbam nkakrankakra no bɛba mu ɔkwan biara so, efisɛ ɔde ne honhom kronkron a ɛno ne tumi a ano yɛ den sen biara wɔ amansan yi mu no na ebedi ho dwuma. Saa atirimpɔw no fa wo ho. Enti, si wo bo denneennen sɛ wobɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmfa ne honhom mma wo na ɛnkyerɛ wo kwan. (Luka 11:13) Sɛ woyɛ saa a, wubetumi anya anidaso sɛ wobɛtena ase sɛnea Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ nnipa ntena ase daa wɔ Paradise asase so no.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 15 Sɛ wopɛ sɛ wuhu obi a na ɔfɛre ade paa a odii so na ɔbɛyɛɛ obi a ɔde nsi yɛ asɛnka adwuma no ho asɛm a, hwɛ September 15, 1993, Ɔwɛn-Aban, kratafa 19.

So Wokae?

• Akwan bɛn so na Yehowa de ne honhom kronkron dii dwuma wɔ bere a na wɔrekyerɛw Bible no mu sɛnea ɛbɛyɛ a n’atirimpɔw bɛba mu?

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa de ne honhom redi dwuma nnɛ?

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa de ne honhom bedi dwuma daakye ama n’atirimpɔw aba mu koraa?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka wɔ kratafa 10]

So Wunim Bible mu Nokware a Yɛanya no Nnɛ No?

Yehowa kɔ so ma ne nkurɔfo te Bible mu nokware ase. Nsakrae a wɔayɛ a wɔatintim wɔ Ɔwɛn-Aban mu no bi ne dɛn?

▪ Sɛnea obi nyin bɛyɛ Kristo suani ho adepa bɛn na Yesu mfatoho a ɛfa mmɔkaw ho no kyerɛkyerɛɛ mu? (Mat. 13:33)—July 15, 2008, kratafa 19-20.

▪ Bere bɛn na frɛ a wɔfrɛ Kristofo ma wokonya ɔsoro anidaso no ba awiei?—May 1, 2007, kratafa 30-31.

▪ Yehowa a yɛbɛsom no ‘honhom mu’ no kyerɛ dɛn? (Yoh. 4:24)—July 15, 2002, kratafa 15.

▪ Abangua anaa adiwo bɛn na nnipakuw kɛse no som wɔ hɔ? (Adi. 7:15)—May 1, 2002, kratafa 30-31.

▪ Bere bɛn na wɔpaapae nguan ne mpapo anaa mmirekyi no mu? (Mat. 25:31-33)—October 15, 1995, kratafa 18-28.