Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmfa W’aniwa Nnhwɛ Ahuhude!

Mmfa W’aniwa Nnhwɛ Ahuhude!

Mmfa W’aniwa Nnhwɛ Ahuhude!

“Mma m’aniwa nnhwɛ ahuhude; wo kwan mu na kora me nkwa so.”—DW. 119:37.

1. Yɛn ani ho hia dɛn?

HWƐ sɛnea yɛn aniwa som bo fa! Ɛno na yetumi de hu nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ntɛm ara—nea ɛwɔ akyiri ne ne kɔla. Yɛn ani ma yetumi hu yɛn nnamfo a yɛdɔ wɔn, na ɛma yehu asiane nso. Ɛno na yɛde hu nneɛma a ɛyɛ fɛ, abɔde mu nneɛma a ɛyɛ nwonwa, na ɛno ara nso na yɛde hu nneɛma a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, na yɛde hu n’anuonyam. (Dw. 8:3, 4; 19:1, 2; 104:24; Rom. 1:20) Na esiane sɛ yɛn ani na ɛde nsɛm kɔ yɛn adwenem nti, yɛn ani ka ho bi paa na ɛma yenya Yehowa ho nimdeɛ ne ne mu gyidi.—Yos. 1:8; Dw. 1:2, 3.

2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ nneɛma a yɛhwɛ ho, na dɛn na yebetumi asua afi ade a odwontofo no fi ne komam srɛe no mu?

2 Nanso, nneɛma a yɛhwɛ betumi de ɔhaw nso abrɛ yɛn. Abusuabɔ a ɛda yɛn aniwa ne yɛn adwene ntam mu yɛ den araa ma nneɛma a yɛde yɛn ani hwɛ betumi ama yɛafi ase anya nneɛma bi ho anigye ne ho akɔnnɔ wɔ yɛn koma mu anaasɛ ama emu ayɛ den. Na esiane sɛ yɛte wiase a Satan Ɔbonsam na odi so na ɔbrasɛe ahyɛ mu ma, na emu nnipa di wɔn akɔnnɔ akyi mu nti, wɔde mfonini ne nsɛm a ɛnyɛ den koraa sɛ sɛ yɛn ani twa so kɛkɛ mpo a ebetumi adaadaa yɛn puapua yɛn. (1 Yoh. 5:19) Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ odwontofo no srɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Mma m’aniwa nnhwɛ ahuhude; wo kwan mu na kora me nkwa so.”—Dw. 119:37.

Sɛnea Yɛn Aniwa Betumi Adaadaa Yɛn

3-5. Bible mu nhwɛso ahorow bɛn na ɛma yehu sɛ asiane wɔ yɛn ani a yɛbɛma adaadaa yɛn mu?

3 Susuw nea ɛtoo Hawa a ɔyɛ ɔbea a odi kan no ho hwɛ. Satan ka kyerɛɛ no sɛ sɛ odi “papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no” bi a, ‘n’ani bebue.’ Ɛbɛyɛ sɛ Hawa ani gyee ka a Satan kae sɛ n’ani “bebue” no ho. Bere a ɔbea no “hui sɛ dua no ye sɛ wodi bi na wohwɛ a, ɛyɛ akɔnnɔ, na ɛyɛ fɛ” no, n’ani gyee ho kɛse sɛ obedi dua no aba a na wɔabara sɛ ɛnsɛ sɛ wodi no. Hawa hwɛɛ dua no araa ma ne kɔn dɔe ma enti obuu Onyankopɔn mmara so. Ne kunu Adam nso yɛɛ asoɔden, na ɛde amanehunu pii baa adesamma nyinaa so.—Gen. 2:17; 3:2-6; Rom. 5:12; Yak. 1:14, 15.

4 Wɔ Noa bere so no, nea abɔfo bi nso hui nyaa wɔn so nkɛntɛnso. Genesis 6:2 ka wɔn ho asɛm sɛ: “Nokware Nyankopɔn mma no hui sɛ nnipa mmabea ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ.” Abɔfo a wɔtew atua no de akɔnnɔ bɔne hwɛɛ nnipa mmabea ma wonyaa nna ho akɔnnɔ a ɛmfata ma wɔne nnipa mma dedae, na saa abɔfo no wowoo mma a wɔyɛ basabasa. Bɔne a nnipa yɛe saa bere no ma wɔsɛee adesamma nyinaa ma ɛkaa Noa ne n’abusua nkutoo.—Gen. 6:4-7, 11, 12.

5 Mfe pii akyi no, Israelni bi a wɔfrɛ no Akan ani daadaa no ma owiaa nneɛma a wɔde fi Yeriko kurow a Israelfo dii so nkonim mu bae no bi. Ná Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔsɛe biribiara a ɛwɔ saa kurow no mu, gye nneɛma a na ɛsɛ sɛ wɔde kɔ Yehowa adekoradan mu. Wɔbɔɔ Israelfo kɔkɔ sɛ: “Montwe mo ho mfi abusude biara ho, na mo kɔn annɔ” amma moamfa kurow no mu nneɛma no bi. Bere a Akan yɛɛ asoɔden no, Aifo no dii Israelfo so nkonim, na wɔn mu binom wuwui wɔ ɔko no mu. Akan anka korɔn a ɔbɔe no ho asɛm kosii sɛ ne ho daa hɔ. Akan kae sɛ: “Mihuu” nneɛma no, “na na m’ani gye ho enti mefae.” Nea n’ani hui a ne kɔn dɔe no ma wɔsɛee ɔne “biribiara a ɔwɔ.” (Yos. 6:18, 19; 7:1-26) Akan maa ne kɔn dɔɔ nneɛma a na wɔabara sɛ ɛnsɛ sɛ ɔde ne nsa ka no wɔ ne koma mu.

Ehia sɛ Yɛhyɛ Yɛn Ho So

6, 7. Satan “akwan” no mu nea ɛwɔ he na wɔtaa de daadaa yɛn, na ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔbɔ aguade ho dawuru de di dwuma?

6 Ɛnnɛ, wɔnam ɔkwan a wɔfaa so sɔɔ Hawa, abɔfo asoɔdenfo no, ne Akan hwɛe no so na ɛsɔ nnipa hwɛ. Wɔ “akwan” a Satan fa so daadaa adesamma nyinaa mu no, nea ano yɛ den paa ne “aniwa akɔnnɔ.” (2 Kor. 2:11; 1 Yoh. 2:16) Nnipa a wɔbɔ aguade ho dawuru nnɛ nim yiye sɛ nneɛma a nkurɔfo de wɔn ani hu nya wɔn so nkɛntɛnso bere nyinaa. Europani bi a ɔwɔ aguadi ho nimdeɛ ka sɛ: “Aniwa ne akwaa a etumi daadaa nnipa sen akwaa a aka nyinaa. Ɛsen akwaa a aka a yɛde te nneɛma nka no nyinaa, na etumi ma nnipa yɛ nneɛma a wɔn ankasa nim sɛ enye.”

7 Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔn a wɔbɔ aguade ho dawuru de mfonini a wɔahyɛ da ayɛ wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma nkurɔfo ahwɛ na atwetwe wɔn ma wɔatɔ wɔn nneɛma puapua yɛn! Nhwehwɛmufo bi a ɔwɔ United States a osuaa sɛnea aguade ho dawurubɔ tumi nya nnipa so nkɛntɛnso ho ade no kae sɛ, “ɛnyɛ hu a nkurɔfo behu aguade a wɔbɔ ho dawuru no ho nsɛm kɛkɛ nti na wɔyɛ saa, na mmom nea ɛho hia wɔn paa ne sɛ ɛbɛkanyan nea ɔrehwɛ no ma wayɛ ho biribi.” Wɔtaa de mfonini a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ di dwuma. Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛhyɛ yɛn ho so wɔ nea yɛhwɛ ne nea yɛde hyɛ yɛn adwene ne yɛn koma mu ho!

8. Ɔkwan bɛn so na wɔasi so dua wɔ Bible mu sɛ ɛho hia sɛ yɛhwɛ yɛn aniwa yiye?

8 Aniwa akɔnnɔ ne honam akɔnnɔ tumi nya nokware Kristofo nso so nkɛntɛnso. Enti, Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnhyɛ yɛn ho so wɔ nea yɛhwɛ ne yɛn akɔnnɔ ho. (1 Kor. 9:25, 27; monkenkan 1 Yohane 2:15-17.) Ɔtreneeni Hiob hui sɛ nea onipa hu tumi ma onya ho akɔnnɔ paa. Ɔkae sɛ: “Apam na me ne m’aniwa ayɛ. Enti ɛbɛyɛ dɛn na matumi de m’adwene akɔ ɔbaabun so?” (Hiob 31:1) Hiob ne ɔbea biara ammu ɔbra bɔne, na saa ara nso na wamfa n’adwene ankɔ nsusuwii a ɛte saa so mpo. Yesu sii so dua sɛ ɛsɛ sɛ yeyi ɔbrasɛe ho adwene biara fi yɛn tirim. Ɔkae sɛ: “Obiara a ɔbɛkɔ so ahwɛ ɔbea anya akɔnnɔ ama no no asɛe aware dedaw ne koma mu.”—Mat. 5:28.

Ahuhude a Ɛsɛ sɛ Yɛtwe Yɛn Ho Fi Ho

9. (a) Dɛn nti na bere a yɛde Intanɛt redi dwuma titiriw na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye? (b) Sɛ yɛhwɛ aguamansɛm ho mfonini bere tiaa bi mpo a, dɛn na ebetumi afi mu aba?

9 Wɔ ɛnnɛ wiase mu no, nnipa pii ‘kɔ so hwɛ’ aguamansɛm ho mfonini, titiriw, wɔ Intanɛt so. Yebetumi akopue mfonini a ɛte saa so a yɛnhwɛ kwan! Ɛbɛyɛ dɛn na aba saa? Sɛ obi wɔ kɔmputa so a, nneɛma ho dawuru a wɔbɔ a mfonini a ɛkanyan akɔnnɔ bɔne ka ho betumi aba so prɛko pɛ. Anaasɛ krataa a wɔde fa Intanɛt so a ɛte sɛ nea asɛm biara nni ho betumi aba so, nanso wunya bue mu pɛ a, wubetumi ahu aguamansɛm ho mfonini bi a wɔayɛ no ɔkwan bi so a ebetumi ayɛ den sɛ wubegyae hwɛ. Sɛ obi ani twa mfonini a ɛte saa so kɛkɛ ansa na wayi afi so mpo a, aka n’adwenem dedaw. Bere tiaa bi mpo a obi de bɛhwɛ aguamansɛm ho mfonini no betumi akɔfa awerɛhosɛm abrɛ no. Ebetumi ama obi ahonim abu no fɔ, na ɛbɛyɛ den ama no sɛ obeyi ɔbrasɛe ho mfonini no afi n’adwene mu. Nanso nea enye koraa ne obi a ɔhyɛ da ‘kɔ so hwɛ’ aguamansɛm ho mfonini, na ɛsɛ sɛ obi a ɔyɛ saa no kum akɔnnɔ bɔne a ɛwɔ ne mu no.—Monkenkan Efesofo 5:3, 4, 12; Kol 3:5, 6.

10. Dɛn nti na mmofra titiriw na ɛnyɛ den sɛ aguamansɛm ho mfonini bɛtwetwe wɔn, na sɛ wɔhwɛ a, dɛn na ebetumi afi mu aba?

10 Esiane sɛ mmofra repɛ biribi ahu nti, aguamansɛm ho mfonini betumi atwetwe wɔn. Sɛ ɛba saa a, ebetumi aka adwene a wɔwɔ wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho paa. Amanneɛbɔ bi ka sɛ ebetumi ama wɔanya nna ho adwene a ɛnteɛ, “ɛbɛyɛ den ama wɔn sɛ wɔne afoforo bɛtena wɔ ɔdɔ mu; wobenya mmea ho adwene a ɛnteɛ; na ebetumi ama aguamansɛm ho mfonini a wɔhwɛ aka wɔn hɔ, ɛremma wontumi mfa wɔn adwene nsi sukuu adesua so, na wɔrentumi ne wɔn nnamfo ne wɔn abusuafo mmɔ yiye.” Nea ɛyɛ awerɛhow koraa ne ɔhaw a wobetumi ahyia wɔ wɔn aware mu akyiri yi.

11. Ma nhwɛso bi fa kyerɛ sɛnea asiane wom sɛ yɛbɛhwɛ aguamansɛm ho mfonini.

11 Onua Kristoni bi kyerɛwee sɛ: “Ansa na merebɛyɛ Ɔdansefo no, wɔ nneɛma a na ne yɛ aka me hɔ nyinaa mu no, na aguamansɛm ho mfonini ne ade a na ɛyɛ den ma me paa sɛ megyae hwɛ. Ɛde besi nnɛ nyinaa saa mfonini no ba m’adwenem—na nea ɛkɔfa ba ne biribi hua a mete, nnwom bi, biribi a m’ani bɛbɔ so, anaa mpo bere a m’adwene rekyinkyin. Ɛyɛ ade a meko tia da biara.” Bere a na onua foforo bi nso yɛ abofra no, na ɔhwɛ nsɛmma nhoma bi a aguamansɛm ho mfonini wom a na ɛyɛ ne papa a ɔnyɛ Ɔdansefo dea. Ná ɔhwɛ saa mfonini no bere a n’awofo nni fie. Ɔkyerɛwee sɛ: “Hwɛ sɛnea saa mfonini no nyaa me so nkɛntɛnso bɔne bere a na meyɛ abofra no! Ɛnnɛ mpo, mfe 25 akyi no, meda so ara kaakae saa mfonini no. Ɛmfa ho mmɔden biara a mebɔ sɛ meyi afi me tirim no, ɛda so ara ba m’adwene mu. Ɛwom mpo sɛ mebɔ mmɔden sɛ merennwinnwen ho de, nanso ɛma m’ahonim bu me fɔ.” Hwɛ sɛnea nyansa wom sɛ yɛrenhwɛ ahuhude a ɛte saa mma yɛn ahonim nhaw yɛn! Obi bɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden fa “nsusuwii nyinaa nnommum ma ɛyɛ setie ma Kristo.”—2 Kor. 10:5.

12, 13. Ahuhude bɛn na ɛnsɛ sɛ Kristofo hwɛ, na dɛn ntia?

12 “Adehunu” anaa ahuhude foforo a ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho ne anigyede biara a ɛhyɛ adedodowpɛ anaa ahonhonsɛmdi ho nkuran, anaa nea basabasayɛ, mogyahwiegu, ne awudi wom. (Monkenkan Dwom 101:3.) Kristofo a wɔyɛ awofo wɔ asɛyɛde wɔ Yehowa anim sɛ wɔyɛ nyiyim wɔ anigyede a wɔma kwan ma wɔhwɛ wɔ wɔn afie mu ho. Nokwarem no, nokware Kristoni biara nni hɔ a ɔbɛhyɛ da de ne ho ahyɛ ahonhonsɛmdi mu. Nanso, ɛsɛ sɛ awofo hyɛ no nsow sɛ ahonhonsɛmdi wɔ sini, TV so dwumadi, video so agodie, ne asereseresɛm ne mmofra nhoma bi mpo mu.—Mmeb. 22:5.

13 Sɛ́ yɛyɛ mmofra anaa mpanyin no, ɛnsɛ sɛ yɛn ani gye video so agodie a basabasayɛ wom na wokunkum nnipa yayaayaw wom ho. (Monkenkan Dwom 11:5.) Ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si biribiara a Yehowa kasa tia so. Momma yɛnkae sɛ Satan pɛ sɛ ɔsɛe yɛn adwene. (2 Kor. 11:3) Sɛ yɛde bere pii hwɛ anigyede a yebetumi aka sɛ asɛm biara nni ho mpo a, ebetumi afa bere a yɛde yɛ abusua som, bere a yɛde kenkan Bible daa, ne bere a yɛde sua nneɛma a yebesusuw ho wɔ asafo nhyiam ase no bi.—Filip. 1:9, 10.

Suasua Yesu

14, 15. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow wɔ sɔhwɛ a ɛto so abiɛsa a Satan de baa Kristo so no ho, na ɛyɛɛ dɛn na Yesu tumi gyinaa ano?

14 Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔ wiase bɔne yi mu de, ɛyɛ dɛn ara a yebehu ahuhude. Wɔde nneɛma a ɛtete saa kyerɛɛ Yesu mpo. Wɔ sɔhwɛ a ɛto so abiɛsa a Satan bɔɔ mmɔden sɛ ɔde bɛma Yesu agyae Yehowa apɛde a ɔyɛ mu no, “Ɔbonsam san de no kɔɔ bepɔw tenteenten bi so, na ɔkyerɛɛ no wiase ahenni nyinaa ne emu anuonyam.” (Mat. 4:8) Dɛn nti na Satan yɛɛ saa? Akyinnye biara nni ho sɛ na ɔpɛ sɛ ɔde tumi a aniwa wɔ no di dwuma ɔkwammɔne so. Osusuwii sɛ sɛ ɔma Yesu hwɛ wiase ahenni nyinaa ne emu anuonyam a, ebetumi adaadaa no ma ne kɔn adɔ wiase anuonyam. Dɛn na Yesu yɛe wɔ ho?

15 Yesu amfa n’adwene ansi ade a wɔde sɔɔ no hwɛe no so. Wannwinnwen nneɛma bɔne ho wɔ ne koma mu. Yesu annwen ade a Ɔbonsam kae sɛ ɔde bɛma no no ho koraa. Ɔpoo no ntɛm ara. Ɔkae sɛ: “Fi me so kɔ, Satan!” (Mat. 4:10) Yesu de n’adwene sii abusuabɔ a ɔne Yehowa wɔ so, na ɔmaa mmuae ma ɛne nea enti a ɔbaa wiase a ɛne sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde no hyiae. (Heb. 10:7) Enti Yesu tumi bɔɔ pɔw bɔne a Satan bɔe no gui.

16. Asuade bɛn na yebetumi anya afi nea Yesu yɛ de ko tiaa sɔhwɛ ahorow a Satan de baa no so no mu?

16 Yebetumi asua nneɛma pii afi Yesu nhwɛso no mu. Nea edi kan, obiara nni hɔ a Satan ntumi mfa ne nnɛɛdɛe mma no so. (Mat. 24:24) Nea ɛto so abien, nneɛma a yɛhwɛ betumi ama akɔnnɔ a ɛwɔ yɛn koma mu no mu ayɛ den, sɛ́ ɛyɛ papa anaa bɔne. Nea ɛto so abiɛsa, Satan bɛyɛ nea obetumi biara de “aniwa akɔnnɔ” adi dwuma ɔkwammɔne so sɛnea ɔbɛma yɛafom kwan. (1 Pet. 5:8) Nea ɛto so anan, sɛ yɛyɛ yɛn ade ntɛm ara a, yɛn nso yebetumi ako atia Satan.—Yak. 4:7; 1 Pet. 2:21.

Ma W’aniwa Nhwɛ “Tee”

17. Dɛn nti na nyansa nnim sɛ yɛbɛtwɛn ma yɛahu ahuhude bi ansa na yɛasi nea yɛbɛyɛ ho gyinae?

17 Ahuhude a yɛrenhwɛ ka ntam a yɛka de hyiraa yɛn ho so maa Yehowa no ho. Ɛbɔ a yɛahyɛ sɛ yɛbɛyɛ Onyankopɔn apɛde no ma yɛne odwontofo no bom ka sɛ: “Mantu me nan ansi ɔkwammɔne biara so, na ama madi w’asɛm so.” (Dw. 119:101) Nyansa nnim sɛ yɛbɛtwɛn ma yɛahu ahuhude bi ansa na yɛasi nea yɛbɛyɛ ho gyinae. Wɔama yɛahu nneɛma a Kyerɛwnsɛm no kasa tia pefee. Yenim Satan mfiri ahorow no. Bere bɛn na Satan sɔɔ Yesu hwɛe sɛ ɔnnan abo paanoo no? Ɛyɛ bere a na wadi mmuada nnafua 40 awia ne anadwo ma ‘ɔkɔm de no’ no. (Mat. 4:1-4) Satan tumi hu bere a yɛayɛ mmerɛw ne bere a ɛrenyɛ den koraa sɛ yebegyae yɛn ho mu wɔ sɔhwɛ mu. Enti, ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yesusuw saa nneɛma yi ho anibere so. Ɛnsɛ sɛ yetu hyɛ da! Sɛ yɛma ntam a yɛaka de ahyira yɛn ho so ama Yehowa no tena yɛn adwenem da biara da a, yebesi yɛn bo pintinn sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi ahuhude ho.—Mmeb. 1:5; 19:20.

18, 19. (a) Kyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ obi a n’aniwa hwɛ “tee” ne obi a n’aniwa ‘di bɔne akyi’ mu. (b) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛkɔ so susuw nneɛma a mfaso wɔ so ho, na afotu bɛn na Filipifo 4:8 de ma yɛn wɔ eyi ho?

18 Da biara da, yehu nneɛma a ɛyɛ aniwa fɛ a ɛtwetwe adwene pii. Enti, ɛnnɛ ne bere a ɛho hia paa sɛ yetie Yesu afotu a ɛne sɛ yɛmma yɛn aniwa nhwɛ “tee” no. (Mat. 6:22, 23) Obi a n’aniwa hwɛ “tee” de n’aniwa si ade biako so—na ɛno ne Onyankopɔn apɛde a ɔbɛyɛ. Nanso, obi a n’aniwa ‘di bɔne akyi’ aniwa daadaa no, ɔyɛ anibere, na ɔhwɛ ahuhude.

19 Kae sɛ, yɛn aniwa na ɛde nsɛm kɔ yɛn adwenem, na nea ɛkɔ yɛn adwene mu nso sian kɔ yɛn komam. Enti, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛkɔ so susuw nneɛma a mfaso wɔ so ho. (Monkenkan Filipifo 4:8.) Nokwarem no, momma yɛmmɔ mpae a odwontofo no bɔe no bi sɛ: “Mma m’aniwa nnhwɛ ahuhude.” Enti, bere a yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛbɔ yɛn bra ma ɛne saa mpaebɔ no ahyia no, yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa ‘bɛkora yɛn nkwa so wɔ ne kwan mu.’—Dw. 119:37; Heb. 10:36.

Dɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛkae wɔ . . .

• abusuabɔ a aniwa, adwene, ne koma wɔ ho?

• asiane a ɛwɔ aguamansɛm ho mfonini a yɛbɛhwɛ ho?

• hia a ehia sɛ yɛma yɛn aniwa hwɛ “tee” ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Ahuhude bɛn na ɛnsɛ sɛ Kristofo hwɛ?