Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmofra​—Momma Ɔpɛ A Mowɔ Sɛ Mobɛsom Yehowa No Mu Nyɛ Den

Mmofra​—Momma Ɔpɛ A Mowɔ Sɛ Mobɛsom Yehowa No Mu Nyɛ Den

Mmofra​—Momma Ɔpɛ A Mowɔ Sɛ Mobɛsom Yehowa No Mu Nyɛ Den

“Kae wo Bɔfo Kɛse no, wo mmeranteberem.”—ƆSƐNK. 12:1.

1. Wɔtoo nsa frɛɛ mmofra a na wɔwɔ Israel sɛ wɔnyɛ dɛn?

BƐYƐ mfe 3,500 a atwam no, Yehowa diyifo Mose ka kyerɛɛ asɔfo ne mpanyimfo a wɔwɔ Israel sɛ: “Mommoaboa ɔman no nyinaa ano, mmarima ne mmea ne mmofra . . . , na wontie na wonsua na wonsuro Yehowa mo Nyankopɔn, na wonni mmara yi mu nsɛm nyinaa so.” (Deut. 31:12) Hyɛ wɔn a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wommehyiam na wɔnsom no nsow: mmarima, mmea, ne mmofra. Ná mmofra mpo ka wɔn a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wontie, wonsua, na wonni Yehowa akwankyerɛ akyi no ho.

2. Dɛn na Yehowa yɛe de daa no adi sɛ mmofra a na wɔwɔ tete Kristofo asafo no mu ho hia no?

2 Wɔ afeha a edi kan no mu no, Yehowa kɔɔ so daa no adi sɛ mmofra a wɔwɔ ne nkurɔfo mu ho hia no. Sɛ nhwɛso no, ɔde ne honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔhyɛɛ da de akwankyerɛ maa mmofra wɔ ne nkrataa a ɔde kɔmaa asafo ahorow no bi mu. (Monkenkan Efesofo 6:1; Kolosefo 3:20.) Kristofo a wɔyɛ mmofra a wotiee saa afotu no nyaa anisɔ maa wɔn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no, na ohyiraa wɔn.

3. Dɛn na mmofra a wɔwɔ hɔ nnɛ yɛ de kyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn?

3 So wɔto nsa frɛ mmofra a wɔwɔ hɔ nnɛ sɛ wommehyiam na wɔnsom Yehowa? Yiw! Enti, Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa ani gye ho sɛ wohu sɛ mmofra pii a wɔsom Onyankopɔn wɔ wiase nyinaa retie Paulo afotu a edi so yi. Paulo kae sɛ: “Momma yensusuw yɛn ho yɛn ho ho, nkanyan yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu, na mommma yɛnnkwati sɛ yɛne yɛn ho behyiam sɛnea ayɛ ebinom su no, na mmom yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran, titiriw bere a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.” (Heb. 10:24, 25) Bio nso, mmofra pii ne wɔn awofo bom ka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa. (Mat. 24:14) Na esiane sɛ mmofra fi wɔn komam da no adi kyerɛ Yehowa sɛ wɔdɔ no nti, afe biara wɔn mu mpempem pii ma wɔbɔ wɔn asu, na Kristo akyidifo a wɔyɛ no ma wonya nhyira pii.—Mat. 16:24; Mar. 10:29, 30.

Gye Nsa a Wɔato Afrɛ no so Nnɛ

4. Bere bɛn na mmofra betumi agye nsa a Onyankopɔn ato afrɛ wɔn sɛ wɔmmɛsom no no so?

4 Ɔsɛnkafo 12:1 ka sɛ: “Kae wo Bɔfo Kɛse no, wo mmeranteberem.” Mfe ahe na ɛsɛ sɛ mo a moyɛ mmofra no di ansa na moagye nsa a wɔato afrɛ mo anigye so sɛ mommra mmɛsom Yehowa no so? Kyerɛwnsɛm no nka mfe pɔtee a ɛsɛ sɛ obi di ansa na wayɛ saa. Enti, ntwentwɛn wo nan ase nsusuw sɛ wusua dodo sɛ wubetie Yehowa na woasom no. Ɛmfa ho mfe biara a woadi no, wɔhyɛ wo nkuran sɛ gye nsa a wɔato afrɛ wo no so ntɛm.

5. Dɛn na awofo betumi ayɛ de aboa wɔn mma ma wɔanya nkɔso wɔ nokware no mu?

5 Mo mu pii wɔ hɔ a, mo awofo baanu anaa wɔn mu biako aboa mo ma moanya nkɔso wɔ nokware no mu. Wɔ saa kwan yi so no, mote sɛ Timoteo a ne ho asɛm wɔ Bible mu no. Ne maame Eunike ne ne nanabea Lois de nkyerɛwee kronkron no kyerɛkyerɛɛ no fi ne mmofraase pɛɛ. (2 Tim. 3:14, 15) Ɛda adi sɛ w’awofo retete wo wɔ saa kwan yi ara so denam Bible a wɔne wo sua, mpae a wɔne wo bɔ, asafo nhyiam ne Onyankopɔn nkurɔfo nhyiam akɛse a wɔne wo kɔ, ne asɛnka adwuma a wɔne wo bom yɛ no so. Nokwarem no, Onyankopɔn akwan a w’awofo de kyerɛkyerɛ wo no yɛ adwuma a ɛho hia paa a Yehowa ankasa de ahyɛ wɔn nsa. So w’ani sɔ ɔdɔ a w’awofo wɔ ma wo ne sɛnea wo ho hia wɔn no?—Mmeb. 23:22.

6. (a) Sɛnea Dwom 110:3 kyerɛ no, ɔsom bɛn na ɛsɔ Yehowa ani? (b) Dɛn na yɛrebesusuw ho?

6 Nanso mmofra, bere a morenyin no, Yehowa pɛ sɛ ‘mosɔ hwɛ na muhu Onyankopɔn pɛ a eye na ɛsɔ ani na edi mũ’ sɛnea Timoteo yɛe no. (Rom. 12:2) Sɛ moyɛ saa a, mobɛyɛ nneɛma a wɔyɛ wɔ asafo no mu no bi, a ɛnyɛ sɛ mo awofo pɛ sɛ moyɛ nti na moyɛ, na mmom esiane sɛ mopɛ sɛ moyɛ nea Onyankopɔn pɛ nti. Sɛ mo ankasa mufi mo pɛ mu som Yehowa a, n’ani sɔ. (Dw. 110:3) Ɛnde, dɛn na mubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ mopɛ sɛ moma ɔpɛ a mowɔ sɛ mubetie Yehowa na moadi n’akwankyerɛ akyi no mu yɛ den? Yebesusuw nneɛma abiɛsa a ɛho hia a mubetumi ayɛ de akyerɛ saa no ho. Ɛno ne adesua, mpaebɔ, ne mo abrabɔ. Momma yensusuw eyinom ho mmiako mmiako.

Munhu Yehowa sɛ Obi a Ɔwɔ Hɔ Ankasa

7. Nhwɛso bɛn na Yesu yɛe sɛ obi a osua Kyerɛwnsɛm no, na dɛn na ɛboaa no ma ɔyɛɛ saa?

7 Ade a edi kan a wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ wopɛ sɛ woma ɔpɛ a wowɔ sɛ wobɛsom Yehowa no mu yɛ den ne sɛ wobɛkenkan Bible da biara. Sɛ wokenkan Onyankopɔn Asɛm no daa a, wubetumi anya nea wuhia wɔ honhom mu ne Bible mu nimdeɛ a ɛsom bo. (Mat. 5:3) Yesu yɛɛ eyi ho nhwɛso. Bere a odii mfe 12 no, n’awofo huu no bere bi wɔ asɔrefie hɔ sɛ “ɔte akyerɛkyerɛfo no mfinimfini retie wɔn na ɔrebisabisa wɔn nsɛm.” (Luka 2:44-46) Bere a Yesu yɛ abofra no, na wanya Kyerɛwnsɛm no a ɔbɛkenkan na wate ase no ho anigye dedaw. Dɛn na ɛboaa no ma ɔyɛɛ saa? Akyinnye biara nni ho sɛ, ne maame Maria, ne ne papa Yosef a ɔtetee no no na wɔboaa no kɛse. Ná wɔyɛ Onyankopɔn asomfo, na wɔde Onyankopɔn ho asɛm kyerɛkyerɛɛ Yesu fii ne mmofraase.—Mat. 1:18-20; Luka 2:41, 51.

8. (a) Bere bɛn na ɛsɛ sɛ awofo fi ase de Onyankopɔn Asɛm dua wɔn mma mu ma wonya ho anigye? (b) Ka osuahu bi a ɛkyerɛ sɛ mfaso wɔ so sɛ wɔtete mmofra fi wɔn mmofraase.

8 Saa ara na awofo a wosuro Onyankopɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ nso hu sɛ mfaso wɔ so sɛ wɔde Bible mu nokware no bedua wɔn mma mu afi wɔn mmofraase pɛɛ ma wɔanya ho anigye. (Deut. 6:6-9) Saa na Kristoni bea bi a wɔfrɛ no Rubi yɛe bere a ɔwoo ne babarima a odi kan a wɔfrɛ no Joseph no akyi pɛɛ. Ná ɔkenkan Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm no kyerɛ no da biara da. Bere a ɔrenyin no, ɔboaa no ma ɔkyeree kyerɛw nsɛm ahorow guu ne tirim. So Joseph nyaa ntetee a wɔde maa no no so mfaso? Bere a ohuu kasa ara pɛ no, otumi de n’ankasa nsɛm kaa Bible mu nsɛm pii. Na bere a odii mfe anum no, ɔyɛɛ ne dwumadi a edi kan wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu.

9. Dɛn nti na Bible a wobɛkenkan na woadwinnwen ho no ho hia?

9 Nea ɛbɛyɛ na mo a moyɛ mmofra anya nkɔso wɔ nokware no mu no, ɛsɛ sɛ mode yɛ mo su sɛ mobɛkenkan Bible da biara wɔ mo mmabunbere mu ne bere a moanyinyin no. (Dw. 71:17) Dɛn nti na Bible a wobɛkenkan no daa bɛboa wo ma woanya nkɔso? Hyɛ asɛm a Yesu ka kyerɛɛ n’Agya wɔ mpaebɔ mu yi nsow. Ɔkae sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, yiye.” (Yoh. 17:3) Nokwarem no, bere a worenya Onyankopɔn ho nimdeɛ pii no, wubehu no yiye paa sɛ ɔyɛ Obi a ɔwɔ hɔ ankasa, na ɛbɛma ɔdɔ a wowɔ ma no no mu ayɛ den. (Heb. 11:27) Enti, bere biara a wobɛkenkan Bible no fã bi no, fa saa hokwan no sua Yehowa ho ade pii. Bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn na saa asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho sɛ ɔyɛ Obi a ɔwɔ hɔ? Ɔkwan bɛn so na Bible mu asɛm yi ma mihu sɛ Onyankopɔn dɔ me na me ho hia no?’ Sɛ wugye bere susuw saa nsɛmmisa no ho a, ɛbɛboa wo ma woahu sɛnea Yehowa susuw nneɛma ho na ɔte nka, ne nea ɔhwehwɛ sɛ woyɛ. (Monkenkan Mmebusɛm 2:1-5.) Sɛ woyɛ saa a, wobɛba ‘abegye’ nea wusua fi Kyerɛwnsɛm no mu no “adi” te sɛ aberantewa Timoteo, na ɛbɛka wo ma woafi wo koma mu asom Yehowa.—2 Tim. 3:14.

Sɛnea Mpaebɔ Ma Ɔdɔ a Wowɔ ma Yehowa no mu Yɛ Den

10, 11. Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ boa wo ma ɔpɛ a wowɔ sɛ wobɛsom Onyankopɔn no mu yɛ den?

10 Ade a ɛto so abien a wubetumi ayɛ de ama ɔpɛ a wowɔ sɛ wubefi wo koma nyinaa mu asom Yehowa no mu ayɛ den ne sɛ wobɛbɔ mpae. Yɛkenkan wɔ Dwom 65:2 sɛ: “O mpaebɔ Tiefo, wo nkyɛn na ɔhonam nyinaa bɛba.” Bere mpo a na Israel yɛ Onyankopɔn man a ɔne wɔn ayɛ apam no, ahɔho a wɔbaa Yehowa asɔrefie hɔ no tumi bɔɔ Yehowa mpae. (1 Ahe. 8:41, 42) Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim. Wɔn a wodi n’ahyɛde so wɔ awerɛhyem sɛ obetie wɔn. (Mmeb. 15:8) Akyinnye biara nni ho sɛ, mo a moyɛ mmofra no ka “ɔhonam nyinaa” no ho.

11 Wunim sɛ nkɔmmɔbɔ pa ne ade titiriw a ɛma nnamfo ntam yɛ papa. Ɛda adi sɛ, w’ani gye ho sɛ wobɛka nea ɛwɔ w’adwenem, nea ɛhaw wo, ne sɛnea wote nka ho asɛm akyerɛ wo yɔnko berɛbo bi. Saa ara na sɛ wufi wo koma mu bɔ mpae a, na wo ne wo Bɔfo Kunini no rebɔ nkɔmmɔ. (Filip. 4:6, 7) Ka wo komam asɛm kyerɛ Yehowa te sɛ nea wo ne wo papa anaa wo maame a ɔdɔ wo anaa wo yɔnko berɛbo bi na ɛrekasa. Nokwarem no, ɔkwan a wofa so bɔ mpae na ɛkyerɛ sɛnea wote nka wɔ Yehowa ho paa. Wubehu sɛ dodow a wo ne Yehowa adamfofa mu reyɛ den no, dodow no ara na wo mpaebɔ bɛyɛ nea edi mũ.

12. (a) Dɛn nti na mpaebɔ a edi mũ kyerɛ pii sen nsɛm kɛkɛ a wobɛka? (b) Dɛn na ɛbɛboa wo ma woahu sɛ Yehowa bɛn wo?

12 Nanso, kae sɛ mpaebɔ a edi mũ kyerɛ pii sen nsɛm kɛkɛ a wobɛka. Nea ɛsɛ sɛ woda no adi nso ne sɛnea wote nka wɔ wo komam. Sɛ worebɔ mpae a, ma Yehowa nhu sɛ wodɔ no paa, wubu no kɛse, na wode wo ho to no so koraa. Sɛ wuhu sɛnea Yehowa bua wo mpaebɔ a, w’ankasa wubehu asen bere biara sɛ “Yehowa bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa.” (Dw. 145:18) Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa bɛbɛn wo, ɔbɛma wo ahoɔden de asiw Ɔbonsam kwan, na ama woasisi gyinae pa wɔ w’asetena mu.—Monkenkan Yakobo 4:7, 8.

13. (a) Ɔkwan bɛn so na adamfo a onuawa bi ne Onyankopɔn fae boaa no? (b) Ɔkwan bɛn so na sɛ wo ne Onyankopɔn fa adamfo a, ɛbɛboa wo ma woadi atipɛnfo nhyɛso so?

13 Susuw sɛnea abusuabɔ a emu yɛ den a onuawa bi a wɔfrɛ no Cherie ne Yehowa nyae no hyɛɛ no den no ho hwɛ. Bere a na onuawa no wɔ ntoaso sukuu no, esiane sɛ na onim ade na ɔbɔ mmɔden wɔ agumadi mu nti, onyaa abasobɔde pii. Bere a owiee sukuu no, onyaa hokwan a na ɛbɛma wɔahwɛ no kwa ma wɔasua nhoma akɔ akyiri. Cherie ka sɛ, “Saa hokwan no sɔɔ me hwɛe, na na wɔn a wɔkyerɛ agumadi ne me mfɛfo sukuufo hyɛ me denneennen sɛ mempene so.” Nanso, ohui sɛ nhoma a obesua akɔ akyiri no bɛhwehwɛ sɛ ɔde ne bere dodow no ara sua ade na osiesie ne ho ma agumadi ahorow, na na saa a ɔbɛyɛ no bɛma bere a ɔde bɛsom Yehowa no aka ketewaa bi. Dɛn na Cherie yɛe? Ɔka sɛ, “Bere a mebɔɔ Yehowa mpae wiei no, mannye saa hokwan no antom, na mifii ase yɛɛ daa akwampae adwuma.” Ɛde besi saa bere yi, wayɛ akwampae adwuma no mfe anum. Ɔka sɛ: “Minnuu me ho koraa. Esiane sɛ minim sɛ misii gyinae a Yehowa ani gye ho nti, ɛma m’ani gye. Nokwarem no, sɛ wode Onyankopɔn Ahenni di kan a, ɔde nneɛma a aka nyinaa bɛka ho ama wo.”—Mat. 6:33.

Abrabɔ Pa ma Ɛda Adi sɛ Wo “Koma mu Tew”

14. Dɛn nti na ɔbra pa a wobɔ ho hia Yehowa?

14 Ade a ɛto so abiɛsa a wubetumi de akyerɛ sɛ wufi wo koma mu resom Yehowa ne sɛnea wobɔ wo bra. Yehowa hyira mmabun a wɔkɔ so ma wɔn abrabɔ ho tew. (Monkenkan Dwom 24:3-5.) Aberantewa Samuel ansuasua Ɔsɔfo Panyin Eli mma no bra bɔne no bi. Ɔbra pa a Samuel bɔe no daa adi maa afoforo hui. Bible ka sɛ: “Saa bere no nyinaa na abofra Samuel gu so renyin, na Yehowa ne nnipa nyinaa pɛɛ n’asɛm.”—1 Sam. 2:26.

15. Nea enti a wokɔ so bɔ bra pa no bi ne dɛn?

15 Yɛte wiase bi a emu nnipa yɛ ahopɛ, ahantan, awofo so asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a wonni nokware, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔyɛ ahomaso, ne wɔn a wɔdɔ anigyede sen Onyankopɔn mu—eyinom yɛ su a Paulo kae sɛ nnipa bɛda no adi no bi. (2 Tim. 3:1-5) Enti ebetumi ayɛ den ama wo paa sɛ wobɛkɔ so abɔ ɔbra pa wɔ wiase bɔne yi mu. Nanso, bere biara a wobɛyɛ nea ɛteɛ na woatwe wo ho afi ɔbra bɔne ho no, woda no adi sɛ wugyina Yehowa afã wɔ asɛm a asɔre wɔ amansan tumidi ho no ho. (Hiob 2:3, 4) Nim a wunim nso sɛ woreyɛ ade a Yehowa asrɛ a ɛne sɛ: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm abua nea otwa me mpoa” ho adwuma no ma wunya akomatɔyam. (Mmeb. 27:11) Bio nso, nim a wunim sɛ Yehowa gye wo tom no ma ɔpɛ a wowɔ sɛ wobɛsom no no mu yɛ den.

16. Dɛn na onuawa bi yɛe a ɛmaa Yehowa koma tɔɔ ne yam?

16 Kristoni bea bi a wɔfrɛ no Carol de Bible mu nnyinasosɛm bɔɔ ne bra bere a na ɔyɛ ɔbabun a ɔkɔ sukuu no, na afoforo huu n’abrabɔ pa no. Dɛn na efii mu bae? Esiane sɛ Carol ahonim a na ɔde Bible atete no amma wamfa ne ho anhyɛ nnapɔnnadi ne ɔman ho dɔ ho afahyɛ ahorow mu nti, ne mfɛfo sukuufo dii ne ho fɛw. Edu saa mmere no a, ɛtɔ bere bi a na onya hokwan kyerɛkyerɛ nea ogye di mu kyerɛ afoforo. Mfe pii akyi no, Carol nyaa krataa bi fii obi a na ɔne no kɔ sukuu hɔ, na wakyerɛw wɔ krataa no mu sɛ: “Mahwehwɛ wo ara sɛ menya wo ada wo ase. Mihuu w’abrabɔ pa ne nhwɛso a woyɛe sɛ Kristoni ɔbabun ne afei akokoduru a wunya de twee wo ho fii nnapɔnnadi ho no. Wo ne Yehowa Dansefo a midii kan hyiaa no.” Ɔbra pa a Carol bɔe no kaa ne yɔnko sukuuni no koma paa ma enti akyiri yi ofii ase suaa Bible no. Ɔkyerɛwee wɔ krataa a ɔde kɔmaa Carol no mu sɛ wabɔ asu sɛ Ɔdansefo bɛboro mfe 40 ni! Sɛ mo a moyɛ mmofra a mowɔ hɔ nnɛ nya akokoduru de Bible nnyinasosɛm bɔ mo bra te sɛ nea Carol yɛe no a, ebia ɛbɛka nnipa a wɔwɔ koma pa ma wɔabehu Yehowa.

Mmofra a Wɔreyi Yehowa Ayɛ

17, 18. (a) Wote nka dɛn wɔ mmofra a wɔwɔ w’asafo mu no ho? (b) Dɛn na mmofra a wosuro Onyankopɔn no benya daakye?

17 Yɛn a yɛwɔ Yehowa ahyehyɛde a ɛwɔ wiase nyinaa mu no ani gye sɛ yehu sɛ mmofra mpempem pii de nsi resom wɔ nokware mu! Saa mmofra no kenkan Bible da biara da, wɔbɔ mpae, na wɔbɔ wɔn bra ma ɛne Onyankopɔn apɛde hyia de ma ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛsom Yehowa no mu yɛ den. Mmofra a wɔyɛ nhwɛso pa saa no ma wɔn awofo ne Yehowa nkurɔfo nyinaa ani gye.—Mmeb. 23:24, 25.

18 Daakye, mmofra a wodi nokware no bɛka nnipa a wobegye wɔn nkwa akɔ Onyankopɔn wiase foforo a wɔahyɛ ho bɔ mu no ho. (Adi. 7:9, 14 ) Sɛ wodu hɔ a, bere a wɔkɔ so nya Yehowa ho anisɔ no, wobenya nhyira pii, na wobetumi ayi no ayɛ afebɔɔ.—Dw. 148:12, 13.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Dɛn na mmofra betumi ayɛ de asom Yehowa nokware mu nnɛ?

• Sɛ wubenya Bible akenkan so mfaso a, dɛn nti na ɛho hia sɛ wudwinnwen nea wokenkan no ho?

• Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ boa wo ma wobɛn Yehowa?

• Sɛ Kristoni bɔ bra pa a, mfaso bɛn na efi so ba?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 5]

So ɛyɛ wo su sɛ wobɛkenkan Bible da biara?