Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɔhwɛ A Yɛafa Mu No Ama Yehowa Mu Ahotoso A Yɛwɔ Mu Ayɛ Den

Sɔhwɛ A Yɛafa Mu No Ama Yehowa Mu Ahotoso A Yɛwɔ Mu Ayɛ Den

Sɔhwɛ A Yɛafa Mu No Ama Yehowa Mu Ahotoso A Yɛwɔ Mu Ayɛ Den

Sɛnea Ada Dello Stritto ka kyerɛe

Seesei ara na merekyerɛw ɛnnɛ asɛm no agu me nhoma mu awie. Madi mfe 36, nanso egyee me nnɔnhwerew abien ansa na meretumi akyerɛw saa nsɛm kakraa no awie. Dɛn nti na egyee me bere tenten saa? Me maame bɛkyerɛkyerɛ mu.—Joel

WƆBƆƆ me ne me kunu asu sɛ Yehowa Adansefo wɔ afe 1968 mu. Bere a yɛwoo yɛn mmabarima baanu a wɔte apɔw a wɔfrɛ wɔn David ne Marc akyi no, mewoo yɛn babarima a ɔto so abiɛsa a wɔfrɛ no Joel. Ne bere anso na mewoo no wɔ afe 1973 mu wɔ ayaresabea bi a ɛwɔ Binche wɔ Belgium. Binche da Brussels anafo fam bɛyɛ kilomita 60. Mewoo Joel no, na ne mu duru yɛ kilogram 1.7 pɛ. Bere a woyii me fii ayaresabea no, na ɛsɛ sɛ Joel da hɔ nna bi ma ne mu yɛ duru kakra ka ho.

Adapɛn bi akyi no, bere a nsakrae biara amma no, me ne me kunu Luigi de yɛn ba no kohuu oduruyɛfo bi a ɔhwɛ mmofra. Bere a oduruyɛfo no hwɛɛ Joel wiei no, ɔkae sɛ: “Ɛyɛ me yaw paa sɛ Joel nte sɛ ne nuanom a wɔaka no, ɛte sɛ nea ɔwɔ ɔhaw pii.” Yɛyɛɛ komm bere tenten. Saa bere no na mihui sɛ yɛn babarima no yare denneennen. Afei, oduruyɛfo no de me kunu kɔɔ nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ba no anya yare bi afi awo mu a ama wadi dɛm wɔ n’adwenem.”

Bere a nhwehwɛmu a oduruyɛfo no yɛe ansen yɛn tirim na yɛn werɛ ahow no, yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛkɔ akohu oduruyɛfo foforo a ɔwɔ saa yare no ho nimdeɛ. Oduruyɛfo foforo no tɔɔ ne bo ase hwehwɛɛ Joel mu bɛyɛ dɔnhwerew biako a wanka hwee. Wɔ me ne Luigi ani so no, na ɛte sɛ nea ɔde bere tenteenten bi na ɛreyɛ saa. Awiei koraa no, oduruyɛfo no maa ne ti so kae sɛ, “Mo ba no behia mo mmoa wɔ biribiara mu.” Afei, ɔkaa yɛn koma too yɛn yam bere a ɔkae sɛ, “Nanso Joel ani begye, efisɛ n’awofo dɔ no!” Awerɛhow hyɛɛ me ma, na mefaa Joel bɔɔ me bo, na yɛde no kɔɔ fie. Saa bere no, na wanya adapɛn awotwe.

Kristofo Nhyiam ne Asɛnka Hyɛɛ Yɛn Den

Nhwehwɛmu foforo a wɔyɛe wɔ Joel mu ma ɛbɛdaa adi sɛ ne koma nyɛ adwuma yiye koraa, na ne nnompe mu nso nyɛ den koraa. Esiane sɛ na ne koma sõ dodo nti, na emia n’ahurututu ma enti na ɛnyɛ den sɛ obenya nsanyare. Ankyɛ koraa, bere a Joel nyaa asram anan no, mpafe yɛɛ no ma enti na ɛsɛ sɛ yɛsan de no kɔ ayaresabea, na wɔtew no fii ayarefo a wɔaka ho de no kɔtoo ɔdan foforo mu. Sɛnea na ɔrebrɛ no ma yɛteetee paa. Yɛn yam a anka yetumi faa no too yɛn nsa so de yɛn nsa fofaa no ho, nanso wɔamma yɛamfa yɛn nsa anka no koraa wɔ adapɛn du a na ɛyɛ ateetee no nyinaa mu. Nea me ne Luigi tumi yɛe ara ne sɛ yegyinaa hɔ hwɛɛ no, na yɛbam yɛn ho bɔɔ mpae.

Wɔ saa amanehunu bere no mu no, yɛkɔɔ so ne David ne Marc a na wɔadi mfe 6 ne mfe 3 no kɔɔ asafo nhyiam. Ná Ahenni Asa so a yɛbɛkɔ no te sɛ nea Yehowa kura yɛn wɔ ne nsam. Esiane sɛ na yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea ka yɛn ho wɔ mmere a na yedi wɔ Ahenni Asa so hɔ nti, yɛtee nka sɛ yetumi de yɛn adesoa too Yehowa so, na yenyaa abotɔyam kakra. (Dw. 55:22) Ayarehwɛfo a wɔhwɛɛ Joel no mpo kae sɛ wohuu sɛnea Kristofo nhyiam a yɛkɔe no boaa yɛn ma yetumi gyinaa yɛn nan so.

Wɔ saa bere no mu no, mesrɛɛ Yehowa sɛ ɔmma me ahoɔden mma mintumi nkɔ asɛnka nso. Sɛ́ anka mɛtena fie asu no, na mepɛ sɛ me ne afoforo kasa na mema wohu nea enti a ahotoso a mewɔ wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔde wiase a yare nnim bɛba mu no ahyɛ me den. Bere biara a na mitumi kɔ asɛnka no, na mete nka sɛ Yehowa abua me mpaebɔ.

“Anwonwasɛm Ni!”

Bere a awiei koraa, yetumi de Joel fi ayaresabea baa fie no, hwɛ sɛnea yɛn ani gye fae! Nanso, ade kyee pɛ, yɛn anigye no danee awerɛhow. Joel tebea no sɛee ntɛmntɛm, na na ɛsɛ sɛ yɛsan yɛ ntɛm de no kɔ ayaresabea. Bere a nnuruyɛfo no hwehwɛɛ Joel mu wiei no, wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ: “Joel atena nkwa mu akyɛ araa ne asram asia.” Asram abien akyi no, bere a na Joel anya bɛyɛ asram awotwe no, na ɛte sɛ nea asɛm a oduruyɛfo no kae no reyɛ aba mu, efisɛ ne tebea no sɛee koraa. Oduruyɛfo bi ne yɛn tenaa ase, na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ: “Ɛyɛ me yaw paa sɛ biribiara nni hɔ bio a yebetumi ayɛ ama no.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Baabi a adu no de, gye Yehowa nkutoo na obetumi aboa no.”

Mesan kɔɔ ɔdan a na Joel da mu wɔ ayaresabea hɔ no mu. Ɛwom sɛ na me werɛ ahow, na na mabrɛ de, nanso na masi me bo sɛ merennyaw no hɔ. Ná yɛn nuanom Kristofo mmea binom ba bɛboa me wɔ ayaresabea hɔ, efisɛ na ɛsɛ sɛ Luigi hwɛ yɛn mmabarima baanu a yedii kan woo wɔn no. Dapɛn biako twaam. Afei, prɛko pɛ Joel nyaa komayare. Ayarehwɛfo no tuu mmirika baa ɔdan no mu, nanso wɔantumi anyɛ hwee ammoa no. Simma kakraa bi akyi no, wɔn mu biako ka kyerɛɛ me bɔkɔɔ sɛ, “Anyɛ yiye . . . ” Ná mabrɛ paa, na mede su fii ɔdan no mu. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛbɔ Yehowa mpae, nanso na minhu asɛm a menka mfa nkyerɛ sɛnea ɛyɛ me yaw fa. Bɛyɛ simma 15 akyi no, ɔyarehwɛfo bi ka kyerɛɛ me sɛ, “Joel asan rehome!” Osoo me nsa, na ɔkae sɛ, “Bra, wubetumi abɛhwɛ no seesei ara.” Bere a mesan kɔɔ Joel nkyɛn no, na ne koma afi ase rebɔ bio! Ntɛm ara na nkurɔfo tee sɛ sɛɛ na Joel nwui. Ayarehwɛfo ne nnuruyɛfo bɛhwɛɛ no, na wɔn mu pii teɛɛm sɛ, “Anwonwasɛm ni!”

Odii Mfe Anan no, Anwonwasɛm Bi Sii

Mfe a edi kan wɔ Joel asetena mu no, na oduruyɛfo a ɔhwɛ mmofra no taa ka kyerɛ yɛn sɛ, “Ɛsɛ sɛ moda ɔdɔ adi kyerɛ Joel paa.” Esiane sɛ na me ne Luigi ahu sɛnea Yehowa ahwɛ yɛn wɔ ɔdɔ mu paa, titiriw wɔ Joel awo akyi nti, na yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛda ɔdɔ adi kyerɛ yɛn ba no paa. Yenyaa hokwan pii de yɛɛ saa, efisɛ na ɛsɛ sɛ yɛboa no wɔ biribiara a ɔyɛ mu.

Wɔ mfe ason a edi kan wɔ Joel asetena mu no, ɔyaree mpɛn pii. Efi October kosi March mu hɔ no, ɔyareyaree araa ma enti na ɛsɛ sɛ yɛde no di ayaresabea akɔneaba. Bere koro no ara, mebɔɔ mmɔden sɛ menya bere a ɛsɛ ama yɛn mma David ne Marc. Na wɔn nso boae paa ma Joel nyaa nkɔso, na nea efii mu bae no yɛɛ yɛn nwonwa. Sɛ nhwɛso no, na nnuruyɛfo dodow bi aka akyerɛ yɛn sɛ Joel rentumi nnantew da. Nanso, da bi, bere a Joel dii mfe anan no, yɛn ba Marc ka kyerɛɛ no sɛ, “Joel bra, ma Maame nhu sɛ wubetumi anantew!” Joel tutuu ne nan ma ɛyɛɛ me nwonwa! Yɛn ani gyei paa, na yɛn abusua no fi yɛn komam boom bɔɔ Yehowa mpae daa no ase. Wɔ mmere foforo mu nso, sɛ na Joel tumi nya nkɔso ketewaa bi mpo wɔ biribi foforo mu a, na yɛde anigye kamfo no bere nyinaa.

Onyankopɔn Asɛm a Yɛde Tetee No Fii Ne Mmofraase Sow Aba

Bere biara a na ɛbɛyɛ yiye no, na yɛne Joel kɔ asafo nhyiam wɔ Ahenni Asa so. Nea ɛbɛyɛ na ɔrenyare no, na yɛde no to nkokoaa akentengua soronko bi a yɛde biribi akata ho mu a wohwɛ mu a wutumi hu no. Nanso, bere a ɔda mu mpo no, na n’ani gye sɛ ɔka asafo no ho.

Yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea hyɛɛ yɛn den, na wɔdaa ɔdɔ kɛse adi kyerɛɛ yɛn, na wɔde mmoa biara a yehia maa yɛn. Ná onua bi taa kae yɛn asɛm a ɛwɔ Yesaia 59:1 no. Ɛhɔ ka sɛ: “Hwɛ, Yehowa nsa nyɛ tiaa sɛ ebegye nkwa, na n’asom nso nyɛ den sɛ ɛbɛte asɛm.” Saa awerɛkyekyesɛm no boaa yɛn ma yɛde yɛn ho too Yehowa so.

Bere a Joel renyin no, yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛma Yehowa a ɔbɛsom no no ayɛ ade titiriw wɔ n’asetena mu. Ná yɛde hokwan biara a yebenya ka Yehowa ho asɛm wɔ ɔkwan a ɛbɛma Joel anya ɔdɔ ama ne soro Agya no so. Yɛsrɛɛ Yehowa sɛ onhyira mmɔden a yɛrebɔ no so sɛnea ɛbɛyɛ a ne ho asɛm a yɛde rekyerɛkyerɛ Joel no bɛsow aba pa.

Bere a Joel sii onyin kwan so no, yɛn ani gyei sɛ yehui sɛ na Joel ani gye ho sɛ ɔbɛka Bible mu nokware no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo a ohyia wɔn. Bere a Joel dii mfe 14 a wɔyɛɛ no oprehyɛn kɛse bi a na ne ho retɔ no no, m’ani gyei paa sɛ obisaa me sɛ, “Maame, metumi de Tra Ase Daa nhoma no ama oduruyɛfo no?” Mfe kakra bi akyi no, wɔsan yɛɛ Joel oprehyɛn bio. Ná yenim sɛ anhwɛ a ɔrennya nkwa. Ansa na wɔreyɛ Joel oprehyɛn no, ɔde krataa bi a yɛne no boom kyerɛwee maa nnuruyɛfo no. Ná nea ogye di wɔ mogya ho na ɛwɔ krataa no mu. Oduruyɛfo no bisaa Joel sɛ, “So wugye tom?” Joel de ahotoso buae sɛ, “Yiw, Oduruyɛfo.” Sɛnea na yɛn ba no wɔ ne Bɔfo mu ahotoso, na wasi ne bo sɛ ɔbɛyɛ nea ɛsɔ N’ani no maa yɛn ani gyei paa. Ayaresabea hɔ adwumayɛfo no boaa yɛn paa, na yɛn ani sɔɔ nea wɔyɛe no kɛse.

Nkɔso a Joel Anya wɔ Nokware no Mu

Bere a Joel dii mfe 17 no, ɔde nsu mu asubɔ yɛɛ ne ho so a wahyira ama Onyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne. Yɛn werɛ remfi saa da no da! Yɛn ani agye kɛse sɛ yɛahu nkɔso a wanya wɔ nokware no mu no. Efi saa bere no, ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa ne nsi a ɔwɔ wɔ nokware no ho no ano mmrɛɛ ase. Nokwarem no, obiara a Joel behyia no no, ɔka kyerɛ no sɛ, “Nokware no ne m’ade nyinaa!”

Bere a Joel reyɛ adi mfe 20 no, osuaa akenkan ne akyerɛw. Egyee mmɔdenbɔ kɛse. Ná asɛmfua ketewa biara a ɔbɛbɔ mmɔden akyerɛw no yɛ ade kɛse. Efi saa bere no, da biara ɔde Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa nhomawa no yɛ daa asɛm de fi ɛda no ase. Sɛ owie a, ɔtɔ ne bo ase kyerɛw kyerɛwsɛm a wɔayi ama ɛda no wɔ ne nhoma mu, na seesei waboaboa nsɛm pii a mfaso wɔ so ano!

Ɛda a yɛwɔ asafo nhyiam no, Joel hwɛ sɛ yɛbɛkɔ Ahenni Asa so ntɛm, efisɛ ɔpɛ sɛ odu hɔ ntɛm na ɔma wɔn a wɔreba asa no so nyinaa akwaaba. Sɛ nhyiam no rekɔ so a, n’ani gye ho sɛ ɔbɛma mmuae, na ɔde ne ho ahyɛ ɔyɛkyerɛ ahorow mu. Ɔsan ka wɔn a wɔde akasam ma atiefo no ho, na ɔyɛ nnwuma foforo nso. Dapɛn biara, sɛ ɔte apɔw a, ɔne yɛn kɔ asɛnka. Wɔ afe 2007 mu no, wɔbɔɔ asafo no amanneɛ sɛ wɔapaw Joel sɛ asafo mu ɔsomfo. Yɛn ani gyei araa ma yesui. Hwɛ sɛnea Yehowa ahyira yɛn!

Yehu sɛ Yehowa Nsa Wom

Yehyiaa sɔhwɛ foforo wɔ afe 1999 mu. Ɔhyɛnkafo bi a ɔka kar basabasa de ne kar bɛbɔɔ yɛn kar mu ma Luigi pirae paa. Wotwaa ne nan biako, na wɔsan yɛɛ no oprehyɛn akɛse bi wɔ n’akyi berɛmo mu. Eyi mu nso, yɛn ho a yɛde too Yehowa so no ma yɛtee nka sɛ wɔama yɛn ahoɔden a ɔde ma n’asomfo wɔ ahohia bere mu no bi. (Filip. 4:13) Ɛwom sɛ Luigi adi dɛm de, nanso yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛhwɛ ade pa a afi mu aba no. Esiane sɛ ontumi nkɔ adwuma nti, onya bere pii de hwɛ Joel. Eyi ma minya bere pii de yɛ ɔsom adwuma no. Luigi tumi nya bere pii nso de boa yɛn abusua no ne asafo a ɔda so ara som wom sɛ mpanyimfo ntam nkitahodifo no mufo wɔ Onyankopɔn som mu.

Esiane tebea soronko a yɛwom nti, yɛn abusua no de bere pii bom yɛ ade. Bere rekɔ so no, yɛasua sɛ yebegye nea ato yɛn no atom, na yɛnhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ nneɛma a yɛrentumi nyɛ. Ɛda biara a yɛn abam bebu no, yɛbɔ Yehowa mpae ka sɛnea yɛte nka no ho asɛm kyerɛ no. Awerɛhosɛm ne sɛ bere a yɛn mma David ne Marc nyin bɛyɛɛ mpanyimfo na wofii fie no, wɔde nkakrankakra gyaee Yehowa som. Yɛwɔ anidaso sɛ ebia wɔbɛsan aba Yehowa nkyɛn.—Luka 15:17-24.

Wɔ mfe a abɛsen kɔ mu no, yɛahu sɛnea Yehowa aboa yɛn, na yɛasua sɛ yɛde yɛn ho bɛto no so wɔ nsɛnnennen biara a yehyia mu. Asɛm a ɛwɔ Yesaia 41:13 no ka yɛn koma paa. Ɛhɔ ka sɛ: “Me Yehowa wo Nyankopɔn, mikura wo nsa nifa mu; na meka kyerɛ wo sɛ, ‘Nsuro, na me ara mɛboa wo.’” Nim a yenim sɛ Yehowa kura yɛn nsam denneennen no ma yenya awerɛkyekye. Nokwarem no, yebetumi aka paa sɛ sɔhwɛ a yɛafa mu no ama ahotoso a yɛwɔ wɔ yɛn soro Agya Yehowa mu no mu ayɛ den.

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Joel ne ne maame, Ada

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Ada, Joel, ne Luigi

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Joel ani gye ho sɛ ɔbɛma anuanom a wɔba Ahenni Asa so no akwaaba