Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

So Wokae?

So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi akenkan ho? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

• Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ Mesia no wu?

Yesu wu no ma ɛdaa adi sɛ onipa a ɔyɛ pɛ betumi akura onyamesom pa mu ɛmfa ho sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den sen biara a obehyia no. Afei nso, otuaa bɔne a Adam asefo nya fii awo mu no ho ka, na ebuee daa nkwa ho kwan.—12/15, kratafa 22-23.

Dɛn na ebetumi aboa obi ma wahwɛ n’asanom yiye?

Mpaebɔ ne Bible adesua betumi aboa no. Ade a ɛho hia nso ne sɛ obenya ahosodi, ɔbɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ nea wabɔ ne tirim no, na wapaw nnamfo pa. Sɛ obi yɛ n’adwene sɛ ɔbɛnom nsa a, ɛsɛ sɛ osi dodow a ɔbɛnom ho gyinae, na osua sɛ ɔbɛka sɛ dabi.—1/1-E, kratafa 7-9.

• Dɛn na ɛma nkɔmmɔ a wɔne mmofra bɔ yɛ nea mfaso wɔ so?

Nkɔmmɔ a mfaso wɔ so a wɔne mmofra bɔ sen kasa a wɔne wɔn kasa kɛkɛ. Nea ɛka ho bi ne nsɛm a wobebisa wɔn na wɔatɔ wɔn bo ase atie mmuae a wɔde ma. Nnipa pii ahu sɛ bere a wɔredidi yɛ bere pa a wonya kwan bɔ nkɔmmɔ.—1/15, kratafa 18-19.

• Yehowa yɛ pɛ, sɛ ɛte saa a, dɛn nti na nneɛma tumi haw no?

Ɛtɔ mmere bi a Yehowa sesa adwene a ɔwɔ wɔ nkurɔfo ho. Sɛ nhwɛso no, tete Israelfo no fii Yehowa akyi kɔsom anyame foforo mpɛn pii. Enti, Yehowa ankɔ so ammɔ wɔn ho ban. Nanso, bere a nkurɔfo no nuu wɔn ho wɔ wɔn bɔne ho na wosu frɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa wɔn no, ɔsesaa sɛnea na ɔte nka wɔ wɔn ho no, anaasɛ “ɛhaw” no sɛ wɔakɔ tebea a ɛte saa mu. (Atem. 2:18)—2/1-E, kratafa 21.

• Tebea ahorow bɛn mu na obi betumi asusuw asu a ɔbɛsan ma wɔabɔ no bio ho?

Sɛ bere a wɔrebɔ obi asu no, na ɔwɔ tebea bi a ɛmfata mu anaasɛ na ɔyɛ nneɛma bi sie a sɛ na anka wabɔ asu dedaw a wobetumi agyina so atu no afi asafo no mu a, ɛnna obetumi asusuw ho ma wɔasan abɔ no asu bio.—2/15, kratafa 22.

• Nsɛm abiɛsa a ɛnyɛ papa bɛn na nnipa binom ka de yi wɔn ho ano wɔ nokware a wonni ho?

Ebinom te nka sɛ esiane sɛ ahia wɔn nti mfomso biara nni ho sɛ wɔbɛbɔ korɔn. Nea afoforo nso de yi wɔn ho ano ne sɛ, “Obiara yɛ bi.” Na ebinom nso a wɔahu nneɛma bi a ɛsom bo a wɔafa no ka sɛ, “sɛ wutu ahu a, ɛyɛ wo de.” Bible mpene anoyi no mu biara so.—3/1-E, kratafa 12-14.

• Wɔ Yesu mfatoho a ɛfa awi ne nwura bɔne ho mu no, aba pa a wogu no kyerɛ dɛn?

Yesu a ɔne onipa Ba no siesiee afuw no wɔ ne som adwuma a ɔyɛe wɔ asase so no mu. Efi Pentekoste afe 33 Y.B. mu reba no, woguu aba pa no bere a wɔsraa Kristofo ma wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn mma a wɔne Ahenni mma no.—3/15, kratafa 20.

• Ɔkwan bɛn so na wɔreboaboa sɛnkyerɛnne kwan so awi a Yesu kaa ho asɛm wɔ ne mfatoho no mu no ano agu Yehowa asan so? (Mat. 13:30)

Nkɔmhyɛ no akɔ so anya mmamu wɔ bere bi mu wɔ wiase nhyehyɛe awiei yi mu. Wɔaboaboa sɛnkyerɛnne kwan so awi a wɔne Ahenni no mma a wɔasra wɔn no ano agu Yehowa asan so bere a wɔde wɔn baa Kristofo asafo a wɔasan ahyehyɛ no mu anaa bere a wonyaa wɔn soro akatua no.—3/15, kratafa 22.

• Hena na ɔkyerɛɛ nhoma a ɛka Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ho?

Ɛnyɛ asɔre bagua anaa nyamesom mu kannifo bi na ɔkyerɛe. Mmom no, nokware Kristofo a Onyankopɔn honhom kronkron kyerɛ wɔn kwan na wohuu nkyerɛwee a Onyankopɔn honhom ma wɔkyerɛwee no. Eyi ma yehu sɛ nneɛma a honhom akyɛde a wɔde yɛ anwonwade a wɔde mae wɔ Kristofo asafo no mfiase no ma wotumi yɛe mu biako ne “honhom mu nsɛm mu nhumu.” (1 Kor. 12:4, 10)—4/1, kratafa 28.