Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Woma Yehowa Bisa Wo Nsɛm?

So Woma Yehowa Bisa Wo Nsɛm?

So Woma Yehowa Bisa Wo Nsɛm?

NSƐMMISA pii wɔ Bible mu a ebetumi aboa obi ma wahwehwɛ ne ho mu yiye. Nokwarem no, Yehowa Nyankopɔn ankasa de nsɛmmisa kyerɛkyerɛ nokwasɛm ahorow a ɛho hia. Sɛ nhwɛso no, Yehowa bisaa Kain nsɛm pii bere a na ɔrebɔ no kɔkɔ sɛnea ɛbɛyɛ a obegyae adebɔne a na ɔpɛ sɛ ɔyɛ no. (Gen. 4:6, 7) Mmere bi wɔ hɔ a, Yehowa bisaa asɛm biako pɛ ma etumi kanyan obi ma ɔyɛɛ adepa. Bere a odiyifo Yesaia tee sɛ Yehowa rebisa sɛ: “Hena na mensoma no, na hena na ɔbɛkɔ ama yɛn?” no, ogyee so sɛ, “Mini, soma me.”—Yes. 6:8.

Yesu a ɔyɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no nso de nsɛmmisa dii dwuma yiye. Nsɛm a Yesu bisae a ɛwɔ Nsɛmpa no mu boro 280. Ɛwom sɛ mmere bi wɔ hɔ a, obisaa nsɛm de maa wɔn a wɔkasa tia no no nsɛm kaa wɔn anom de, nanso mpɛn pii no, nea enti a na obisa nsɛm ne sɛ ɔbɛma ne nsɛm aka wɔn a na wɔretie no no koma, na akanyan wɔn ma wɔadwinnwen gyinabea a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn anim ho. (Mat. 22:41-46; Yoh. 14:9, 10) Saa ara na ɔsomafo Paulo a ɔno nso kyerɛw Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu nhoma 14 no de nsɛmmisa dii dwuma ma ɛtɔɔ asom. (Rom. 10:13-15) Sɛ nhwɛso no, Paulo de nsɛmmisa pii dii dwuma wɔ krataa a ɔde kɔmaa Romafo no mu. Nsɛmmisa a Paulo de dii dwuma no kaa wɔn a wɔkenkanee no ma wohuu “sɛnea Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ mu dɔ fa!”—Rom. 11:33.

Nsɛmmisa bi wɔ hɔ a ɛhwehwɛ sɛ woyi ano, nsɛm foforo nso wɔ hɔ a nea enti a wobisa ne sɛ ɛbɛma nkurɔfo asusuw nneɛma ho akɔ akyiri. Nsɛmpa no ma yehu sɛ Yesu de nsɛmmisa a ɛma nkurɔfo susuw nneɛma ho kɔ akyiri pii dii dwuma. Bere bi, Yesu bɔɔ n’asuafo kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ mo ho yiye Farisifo ne Herode mmɔkaw ho,” a nea na ɔreka ho asɛm ne wɔn nyaatwom ne wɔn atoro nkyerɛkyerɛ. (Mar. 8:15; Mat. 16:12) Yesu asuafo no ante asɛm no ase, na wofii ase gyee paanoo a wɔamfa ho akyinnye. Hyɛ sɛnea Yesu de nsɛmmisa dii dwuma wɔ nkɔmmɔ tiawa a ɔne n’asuafo no bɔe wɔ ɛno akyi no mu no nsow. “Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Dɛn nti na paanoo a munni ma mugye akyinnye? So munhu nea ɛkyerɛ? So mo koma ntumi nte nneɛma ase? “Ɛmfa ho sɛ mowɔ ani no munhu ade anaa; na ɛmfa ho sɛ mowɔ aso no monte asɛm anaa?” . . . So munnya nhuu nea ɛkyerɛ?’” Nea enti a Yesu bisaa n’asuafo no nsɛm a ɛte saa ne sɛ ɛbɛkanyan wɔn ma wɔadwinnwen nea ne nsɛm a ɔkae no kyerɛ ankasa ho.—Mar. 8:16-21.

“Ma Mimmisa Wo”

Yehowa Nyankopɔn bisaa n’akoa Hiob nsɛm de teɛɛ n’adwene. Yehowa bisaa Hiob nsɛm pii ma Hiob hui sɛ sɛ wɔde no toto ne Bɔfo ho a, ɔnsɛ hwee. (Hiob, ti 38-41) So na Yehowa hwɛ kwan sɛ Hiob beyi nsɛm a obisaa no no mu biara ano? Ɛnte saa. Ɛda adi sɛ nea enti a obisaa nsɛm te sɛ, “Ɛhe na na wowɔ bere a mede asase tim hɔ no?” ne sɛ ɔde bɛkanyan Hiob adwene ma wasusuw nneɛma ho. Nsɛm a ɛkɔ akyiri a Yehowa bisaa Hiob no bi wɔ hɔ a, Hiob antumi amma ho mmuae biara. Nea ɔkae ara ne sɛ: “Dɛn na mede beyi wo ano? Mede me nsa ato m’ano.” (Hiob 38:4; 40:4) Hiob tee asɛm no ase, na ɔbrɛɛ ne ho ase. Nanso, na ɛnyɛ ahobrɛase nko na Yehowa rekyerɛ Hiob. Wɔteɛɛ Hiob adwene nso. Ɔkwan bɛn so?

Ɛwom sɛ na Hiob yɛ “onipa a ne ho nni asɛm na ɔteɛ” de, nanso ɛtɔ mmere bi a na n’anom asɛm ma ɛda adi sɛ ɔwɔ adwene a ɛnteɛ, na Elihu kaa eyi ho asɛm bere a ɔkaa Hiob anim sɛ “wabu ne kra bem asen Onyankopɔn” no. (Hiob 1:8; 32:2; 33:8-12) Enti nsɛm a Yehowa bisaa Hiob no ma ɔtee nneɛma ase yiye nso. Bere a Onyankopɔn fi ahum mu kasa kyerɛɛ Hiob no, ɔkae sɛ: “Hena ne oyi a ɔdan afotu ani, na ɔka nsɛm a nimdeɛ nnim yi? Bɔ w’asen sɛ dɔmmarima ɛ; ma mimmisa wo na kyerɛ me.” (Hiob 38:1-3) Afei, Yehowa nam nsɛmmisa so twee adwene sii sɛnea ne nnwuma a ɛyɛ nwonwa ma yehu ne nyansa ne ne tumi a enni ano no so. Saa nimdeɛ yi boaa Hiob ma onyaa Yehowa mu ahotoso sen bere biara sɛ Yehowa bu atɛntrenee, na nea ɔyɛ biara ye. Hwɛ anwonwasɛm a Hiob hui sɛ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no ankasa bisabisaa no nsɛm!

Sɛnea Yebetumi Ama Yehowa Abisa Yɛn Nsɛm

Na yɛn nso ɛ? So yɛn nso yebetumi anya nsɛmmisa a ɛwɔ Bible mu no so mfaso? Yiw, yebetumi anya so mfaso! Sɛ yegye bere susuw saa nsɛmmisa no ho a, ebetumi aboa yɛn pii wɔ honhom fam. Nsɛmmisa a tumi wom a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ka ho bi na ɛma ɛyɛ nhoma a tumi wom. Nokwarem no, “Onyankopɔn asɛm wɔ . . . tumi . . . na etumi hu komam adwene ne nsusuwii.” (Heb. 4:12) Nanso, sɛ yebenya saa nsɛmmisa no so mfaso kɛse a, ɛho hia sɛ yɛfa no sɛ ɛyɛ yɛn ankasa na Yehowa rebisa yɛn saa nsɛm no. (Rom. 15:4) Ma yensusuw nhwɛso ahorow bi ho nhwɛ.

“So asase nyinaa temmufo no renyɛ nea ɛteɛ anaa?” (Gen. 18:25) Abraham bisaa Yehowa saa asɛm yi bere a Onyankopɔn buu Sodom ne Gomora atɛn no. Abraham buu no sɛ Yehowa rentumi nyɛ ade a ɛnteɛ—sɛ́ obekum ɔtreneeni aka ɔbɔnefo ho. Asɛm a Abraham bisae no ma yehu sɛ na ogye di paa sɛ Yehowa yɛ nea ɛteɛ.

Ɛnnɛ, ebia ebinom de wɔn adwene bebu ɔkwan a Yehowa bɛfa so abu atɛn daakye, te sɛ henanom ankasa na wobenya wɔn ti adidi mu wɔ Harmagedon anaasɛ wobenya owusɔre. Sɛ́ anka yebedwinnwen nsɛm a ɛte saa ho de ahaw yɛn ho no, yebetumi akae asɛm a Abraham bisae no. Esiane sɛ yenim sɛ Yehowa yɛ yɛn soro Agya a ne yam ye, na yɛwɔ ahotoso koraa sɛ obu atɛntrenee na ɔwɔ mmɔborɔhunu sɛnea na Abraham nim no nti, ɛremma yɛnsɛe yɛn bere ne yɛn ahoɔden mfa nnwinnwen nneɛma ho mfa nhaw yɛn ho, mma yɛn adwenem nyɛ yɛn nãã, na yɛrennye akyinnye hunu.

“Mo mu hena na sɛ odwinnwen a obetumi de basafa biako aka ne nkwa nna ho?” (Mat. 6:27) Bere a Yesu rekasa akyerɛ nnipadɔm bi a na n’asuafo no nso ka ho no, obisaa saa asɛm yi de sii sɛnea ɛho hia sɛ wɔde wɔn ho hyɛ Yehowa a ɔwɔ ɔdɔ no nsa so dua. Wiase nhyehyɛe bɔne a ɛwɔ hɔ yi nna a edi akyiri no ma nnipa dwinnwen pii, nanso sɛ yɛde yɛn adwene si nneɛma a ɛde adwinnwen no ba so a, ɛrentumi nto yɛn nkwa nna mu anaasɛ ɛremma yɛn asetena ntu mpɔn.

Bere biara a yɛn ankasa anaa yɛn adɔfo ho adwinnwen bɛhyɛ yɛn so no, sɛ yɛkae asɛm a Yesu bisae no a, ebetumi aboa yɛn ma yɛanya adwempa wɔ nneɛma a ɛma yedwinnwen no ho. Asɛm a Yesu bisae no betumi aboa yɛn ma yɛagyae adwinnwen, na yɛayi yɛn adwene afi nsusuwii a ɛho nhia a ɛsɛe yɛn adwene, yɛn anigye, ne yɛn ahoɔden no so. Sɛnea Yesu maa yɛn awerɛhyem no, yɛn soro Agya a ɔma wim nnomaa aduan na ɔhyɛ wuram afifide atade no nim nea yehia nyinaa.—Mat. 6:26-34.

“So obi betumi de ogya ahyɛ ne kokom a ne ntade renhyew?” (Mmeb. 6:27) Nsɛm ntiantiaa bi a agya bi de rekyerɛ ne ba nyansa wɔ Mmebusɛm ti biako kosi ti akron mu. Asɛmmisa a ɛwɔ atifi hɔ no fa awerɛhosɛm kɛse a awaresɛe de ba ho. (Mmeb. 6:29) Sɛ yehu sɛ yɛde yɛn ho rehyehyɛ ɔbarima anaa ɔbea bi sɛnea ɛmfata, anaasɛ yenya nna ho akɔnnɔ a ɛnteɛ a, ɛsɛ sɛ saa asɛmmisa yi bɔ yɛn kɔkɔ ma yehu asiane a ɛwɔ nea yɛreyɛ no mu. Sɛ yɛbɛtrɛw asɛm yi mu a, bere biara a obi benya adwene sɛ ɔnyɛ biribi a nyansa nnim no, obetumi abisa ne ho saa asɛm no. Hwɛ sɛnea saa asɛm no si Bible nnyinasosɛm a mfaso wɔ so yi so dua: ‘Nea wugu no, ɛno ara na wubetwa’!—Gal. 6:7.

“Hena ne wo a wubu obi fie somfo atɛn?” (Rom. 14:4) Paulo kaa ɔhaw a ɛsɔree wɔ afeha a edi kan no mu asafo no mu ho asɛm wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Romafo no mu. Ná Kristofo binom a ɛsono wɔn amammerɛ pɛ sɛ wobu wɔn mfɛfo gyidifo atɛn wɔ gyinae a wosisi ne wɔn nneyɛe ho. Asɛm a Paulo bisae yi kaee wɔn sɛ ɛsɛ sɛ wogye wɔn ho wɔn ho di, na wogyae atemmu ma Yehowa.

Saa ara na ɛnnɛ nso Yehowa nkurɔfo fi mmeaemmeae. Nanso, Yehowa aka yɛn nyinaa abom ama yɛayɛ biako wɔ ɔdɔ mu. So yɛboa ma saa biakoyɛ no tena yɛn mu? Sɛ yɛyɛ nkurɔfo a yɛpere yɛn ho kasa tia ade a onua bi asusuw ho yiye a ɔreyɛ a, hwɛ sɛnea nyansa wom sɛ yebisa yɛn ho asɛm a Paulo bisae yi!

Nsɛmmisa Ma Yɛbɛn Yehowa Kɛse

Nhwɛso kakra a yɛasusuw ho yi ma yehu sɛ nsɛmmisa a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no betumi akanyan obi. Sɛ yesusuw nea ɛma wobisaa asɛmmisa biara ho a, ebetumi aboa yɛn ma yɛn ankasa yɛde adi dwuma. Sɛ yɛrekenkan Bible nso a, yebehu nsɛmmisa foforo a ɛbɛboa yɛn.—Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 14 no.

Sɛ yɛma nsɛmmisa a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu a ɛma yetumi hwehwɛ yɛn ho mu no ka yɛn koma paa a, ɛbɛboa yɛn ma nea ɛwɔ yɛn adwene ne yɛn koma mu ne Yehowa akwantrenee ahyia. Bere a Yehowa bisabisaa Hiob nsɛm wiei no, Hiob kae sɛ: “Wo ho asɛm kɛkɛ na metee, na afei de m’aniwa ahu wo.” (Hiob 42:5) Nokwarem no, afei de na Hiob abehu Yehowa sɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa, te sɛ nea Yehowa gyina n’anim pɛɛ. Akyiri yi, osuani Yakobo kaa Hiob asɛm no wɔ ɔkwan foforo so sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.” (Yak. 4:8) Momma yɛmma Onyankopɔn Asɛm no fã biara, a nsɛmmisa a ɛwom ka ho, mmoa yɛn mma yennyin wɔ honhom fam, na ‘yenhu’ Yehowa yiye paa!

[Adaka wɔ kratafa 14]

Sɛ wubisa wo ho nsɛm a edidi so yi a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa wo ma woanya Yehowa adwene wɔ nneɛma ho?

▪ “Yehowa pɛ ɔhyew afɔre ne ayɛyɛde sen osetie a wɔbɛyɛ ama Yehowa anaa?”—1 Sam. 15:22.

▪ “Nea ɔyɛɛ aniwa no, ɔrenhu ade?”—Dw. 94:9.

▪ “Anuonyam a nnipa pɛ ma wɔn ho no, so ɛyɛ anuonyam?”—Mmeb. 25:27.

▪ “Wususuw sɛ eye sɛ wo bo fuw?”—Yona 4:4.

▪ “Sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya?”—Mat. 16:26.

▪ “Hena na ɔbɛtew yɛn afi Kristo dɔ ho?”—Rom. 8:35.

▪ “Dɛn koraa na wowɔ a woannya?”—1 Kor. 4:7.

▪ “Ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ?”—2 Kor. 6:14.

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Dɛn na Hiob sua fii nsɛm a Yehowa bisaa no no mu?