Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Mpɛ Sɛ Wupira

Yehowa Mpɛ Sɛ Wupira

Yehowa Mpɛ Sɛ Wupira

SƐ ƐDA a ɛyɛ hu paa no ba mpofirim a, ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn bɛhwɛ ma wɔn a ogye wɔn tom no nyinaa ‘anya nkwa.’ (Yoel 2:32) Nanso nokwasɛm ne sɛ, efi tete besi nnɛ nyinaa Yehowa pɛ sɛ ɔbɔ ne nkurɔfo ho ban fi ɔhaw ho. Esiane sɛ “[ne] nkyɛn na nkwa nsuti wɔ” nti, obu nnipa nyinaa sɛ wɔsom bo ma enti wɔfata sɛ ɔbɔ wɔn ho ban.—Dw. 36:9.

Ná Onyankopɔn asomfo a wɔtenaa ase tete no nso wɔ adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ nkwa ho no bi. Sɛnea Genesis 33:18 kyerɛ no, Yakob ne n’abusua tuu kwan bi a na ɛyɛ hu, nanso wokoduu “dwoodwoo.” Yakob de ne ho too Yehowa so sɛ ɔmmɔ ne ho ban, nanso ɔyɛɛ nneɛma bi nso de bɔɔ wɔn a na ɔne wɔn retu kwan no nyinaa ho ban. (Gen. 32:7, 8; 33:14, 15) Sɛ wode Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma a, wubetumi abɔ wo ne afoforo nkwa ho ban yiye. Ma yɛnhwɛ sɛnea saa nokwasɛm yi fa wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ mmeae a wɔresisi Ahenni Asa, ne wɔn a wɔyɛ nnwuma a ɛtete saa, ne nkurɔfo a wɔboa wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn no ho.

Ahobammɔ wɔ Mose Mmara no Ase

Ná Mose Mmara no hwehwɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo di ahobammɔ ho mmara a ɛwom no so. Sɛ nhwɛso no, sɛ na Israelni resi dan a, na ɛsɛ sɛ ogye ban wɔ ɔdan no atifi. Esiane sɛ na nkurɔfo taa foro kɔ adan a atifi yɛ ntrantraa so nti, sɛ wogye ho ban a na ɛmma obi mfi hɔ nhwe ase. (1 Sam. 9:26; Mat. 24:17) Sɛ ofiewura bi anni saa mmara a na ɛbɔ wɔn ho ban no so na sɛ asiane bi si a, na Yehowa de ho asodi no to no so.—Deut. 22:8.

Wɔkyerɛɛ nea sɛ afieboa bi pira obi a wɔmfa nyɛ no wɔ Mose Mmara no mu nso. Sɛ nantwi si obi kum no a, na ɛsɛ sɛ ne wura kum no, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrempira nnipa foforo. Esiane sɛ na ne wura no rentumi nwe nam no anaasɛ ɔrentumi ntɔn mma afoforo nti, na aboa no a obekum no no bɛma wabɔ ka kɛse. Nanso, fa no sɛ bere a nantwi no piraa obi no, ne wura no anhwɛ ammantam no. Dɛn na ebesi? Akyiri yi, sɛ nantwi koro no ara kum obi foforo a, na wobekum nantwi no ne ne wura no nyinaa. Saa mmara no maa obiara a na ogyae ne mmoa ma wɔnenam basabasa no san susuw ne suban ho yiye.—Ex. 21:28, 29.

Mmara no hyɛɛ nnwinnade a wɔde di dwuma wɔ ɔkwan a ɛfata so nso ho nkuran. Ná Israelfo pii de akuma na etwitwa gya. Sɛ dade no hɔn fi ne dua so na ekum obi a ɔbɛn hɔ a, na ɛsɛ sɛ nea ɔretwitwa gya no guan kɔ guankɔbea kurow bi mu. Sɛ ɔkɔ hɔ a, na ɛsɛ sɛ ɔtena hɔ kosi sɛ ɔsɔfopanyin no bewu, na na ɛno betumi akyerɛ sɛ onipakumfo a wanhyɛ da no ne n’abusua ntam bɛtetew mfe pii. Saa nhyehyɛe no maa ɔman no hui sɛ Yehowa bu nkwa sɛ ɛyɛ kronkron. Obi a na ɔwɔ Onyankopɔn adwene wɔ nkwa ho hwɛ siesiee ne nnwinnade bere nyinaa, na na ɔhwɛ yiye bere a ɔde reyɛ adwuma.—Num. 35:25; Deut. 19:4-6.

Yehowa nam saa mmara yi so maa ne nkurɔfo tee ase sɛ ɔpɛ sɛ wɔyɛ ahwɛyiye wɔ nneɛma a wɔyɛ wɔ wɔn afie mu ne akyi na amma obi ampira. Ná ɛsɛ sɛ wɔn a wokum nnipa anaa wopira wɔn a wɔanhyɛ da no mpo yi wɔn ho ano wɔ Onyankopɔn anim. Sɛnea Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye na yɛampira afoforo no nsesae. (Mal. 3:6) Ɛde besi nnɛ nyinaa ɔmpɛ sɛ yepira yɛn ho ne afoforo. Eyi te saa titiriw bere a yesisi anaa yesiesie adan a yɛde som Yehowa nokware mu no.

Ahwɛyiye a Yɛbɛyɛ wɔ Mmeae a Wosisi Adan

Yebu Ahenni Asa, Nhyiam Asa, ne Betel afie a yesisi na yesiesie no sɛ ɛyɛ hokwan kɛse. Saa ara na yebetumi aka afa adwuma a yɛyɛ de boa wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn no nso ho. Yɛpɛ sɛ yɛde ahokokwaw yɛ yɛn adwuma bere nyinaa, efisɛ sɛ yenni adwuma bi ho nimdeɛ a, yebetumi apira yɛn ho ne afoforo bere a yɛreyɛ nnwuma nketenkete bi mpo. (Ɔsɛnk. 10:9) Nokwarem no, sɛ yɛde ahwɛyiye yɛ adwuma a, ɛremma yempirapira.

Bible ka sɛ: “Mmerante ahoɔfɛ ne wɔn ahoɔden, na nkwakoraa anuonyam ne wɔn atifi dwen.” (Mmeb. 20:29) Wɔde mmeranteberem ahoɔden na ɛyɛ adwuma a ɛyɛ den. Nanso adwumayɛfo a wɔn atifi afuw dwen—wɔn a wɔwɔ adansi ho nimdeɛ—na wɔyɛ ɔdan no ho adwuma wie ma ɛyɛ fɛ. Bere bi, na wɔn a seesei wɔn mfe akɔ anim no de wɔn mmeranteberem ahoɔden yɛ adwumaden. Sɛ afei na woatu wo ho ama a, hwɛ sɛnea adwumayɛfo a wɔn ho akokwaw no yɛ wɔn adwuma, na di wɔn akwankyerɛ akyi. Sɛ wopɛ sɛ wusua ade a, anuanom a wɔn ho akokwaw wɔ adansi mu no bɛkyerɛ wo nneɛma pii. Eyi mu bi ne ɔkwampa a wɔfa so de nneɛma a ebetumi apira obi di dwuma ne sɛnea wɔma nneɛma a emu yɛ duru so. Sɛ woyɛ saa a, wobɛyɛ adwuma pii, afa wo ho sɔnn, na w’ani agye.

Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ mmeae a wosisi adan ma wɔn ani da hɔ bere nyinaa. Nneɛma tumi sesa ntɛmntɛm. Ebia baabi a bere bi na wontutuu hɔ no, afei de wɔatu amoa bi wɔ hɔ. Ebia na adwumayɛfo no bi ayi antweri, ntaboo, anaa bokiti a aduru a wɔde ka dan ho wom afi baabi a esi. Sɛ woma nneɛma twetwe w’adwene a, ɛnyɛ den koraa sɛ wubepira. Wɔhwehwɛ sɛ wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ baabi a wɔresi dan hyehyɛ nneɛma bi de bɔ wɔn ho ban. Ahwehwɛniwa a wɔde bɔ aniwa ho ban, ɛkyɛw a ɛyɛ den, ne mpaboa a ɛfata betumi abɔ wo ho ban afi asiane pii ho wɔ baabi a wɔresi dan. Nanso, sɛ wusiesie saa nneɛma no yiye na wohyɛ nkutoo a, ɛnna ɛbɛbɔ wo ho ban.

Nnwinnade pii wɔ hɔ a ɛte sɛ nea ɛnyɛ den koraa sɛ wode bɛyɛ adwuma, nanso sɛ wubetumi de ayɛ adwuma yiye a ɛrempira wo a, ɛhwehwɛ sɛ wunya ho ntetee na wokɔ so de yɛ adwuma. Sɛ wunnim sɛnea wɔde adwinnade bi yɛ adwuma a, ka kyerɛ onua a ɔhwɛ adwuma no so no. Ɔbɛyɛ nhyehyɛe ma wɔakyerɛ wo sɛnea wɔde yɛ adwuma. Ɛyɛ suban pa sɛ wubehu sɛ ɛnyɛ biribiara na wubetumi ayɛ. Nokwarem no, sɛ wubetumi ayɛ adwuma wɔ baabi a wɔresi dan a worempira wo ho ne afoforo a, ɛho hia sɛ wunya saa su yi.—Mmeb. 11:2.

Ade titiriw a ɛma nkurɔfo pira wɔ mmeae a wosisi adan ne ahwease. Ansa na wobɛforo antweri anaa apa no, hwɛ sɛ wɔahyehyɛ no yiye, na ɛwɔ ahoɔden. Sɛ ɛsɛ sɛ wugyina apa so anaa ɔdan atifi yɛ adwuma a, ebia ɛho behia sɛ wode ahama bɔ wo sisi de kyekyere ade mu, anaasɛ wogye ban wɔ w’akyi. Sɛ wowɔ nsɛmmisa wɔ adwuma bi a worekɔyɛ a wobɛforo soro ho a, bisa nea ɔhwɛ adwuma no so no. *

Bere a Yehowa asomfo redɔɔso wɔ wiase nyinaa no, yebehia Ahenni Asa ne adan foforo a yɛde di dwuma wɔ nokware som mu nso pii. Wɔama wɔn a wɔhwɛ Ahenni Asa ne adan foforo a ɛte saa a wɔresisi so no asɛyɛde sɛ wɔmmɔ Yehowa nguan a wɔsom bo a wɔreyɛ adwuma wɔ wɔn akwankyerɛ ase no ho ban. (Yes. 32:1, 2) Sɛ woanya hokwan sɛ woma wo nuanom mmarima ne mmea akwankyerɛ wɔ adansi ho a, mma wo werɛ mfi hia a ɛho hia sɛ wɔyɛ ahwɛyiye no da. Hwɛ ma baabi a wɔresi dan hɔ ntew a nneɛma ngugu basabasa. Fi ayamye mu kaakae wɔn a ehia sɛ wɔkae wɔn ma wɔyɛ ahwɛyiye no ma wohu aniberesɛm a ɛwom sɛ wɔyɛ saa no. Ɛnsɛ sɛ woma adwumayɛfo a wonnyinii anaa wonni osuahu kɔ baabi a asiane wɔ kɛse paa no. Di kan hu asiane a wɔn a wɔreyɛ adwuma no betumi ahyia na kyerɛkyerɛ wɔn ma wɔmfa ahwɛyiye nyɛ adwuma. Kae sɛ yɛn botae ne sɛ yebewie adwuma no a obiara rempira.

Dwuma a Ɔdɔ Di

Nnipa tumi pira bere a wɔresisi Ahenni Asa ne adan foforo a yɛde di dwuma wɔ nokware som mu no. Enti, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ nnwuma a ɛte saa mu no yɛ ahwɛyiye. Sɛ wode Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma, na wudi akwankyerɛ a wɔde ma wɔ adwuma no ho akyi, na wususuw nneɛma ho yiye a, ɛremma asiane bi nto wo, na ɛbɛbɔ afoforo a wo ne wɔn yɛ adwuma no nso ho ban na wɔampira.

Dɛn titiriw nti na yɛyɛ ahwɛyiye paa wɔn yɛn adwumayɛ mu? Ɛyɛ ɔdɔ. Nokwarem no, ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ka yɛn ma yebu yɛn nkwa sɛ ɛsom bo sɛnea Yehowa bu no no. Na ɔdɔ a yɛwɔ ma nnipa nso ma yɛyɛ ahwɛyiye sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrenyɛ biribi a ebetumi apira wɔn. (Mat. 22:37-39) Enti, momma yɛnyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛrenyɛ biribi a ɛbɛma yɛapira afoforo wɔ mmeae a yesisi adan no.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 14 Hwɛ adaka a ɛne “Sɛnea Wode Antweri Bɛyɛ Adwuma a Worempira” a ɛwɔ kratafa 30 no.

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 30]

Sɛnea Wode Antweri Bɛyɛ Adwuma a Worempira

Nnansa yi, adwumayɛfo bɛboro 160,000 na wɔafi antweri so ahwe ase apirapira wɔ United States. Afei nso, nnipa bɛyɛ 150 na wɔafi antweri so ahwe ase awuwu. Ɛmfa ho baabi a woyɛ adwuma anaa wote no, akwankyerɛ bi a wɔde ama a ebetumi aboa wo na woamfi antweri so anhwe ase na edidi so yi.

◇ Mfa antweri a ɛkeka anaasɛ asɛe nyɛ adwuma, na nsiesie antweri a ɛte saa nso. Sɛe no.

◇ Antweri biara wɔ nneɛma dodow a etumi soa. Hwɛ sɛ w’ankasa wo mu duru ne nnwinnade a ɛhyehyɛ wo ho ne nneɛma a wukurakura mmoro nea antweri a wode rekɔyɛ adwuma no tumi soa so.

◇ Fa w’antweri no si baabi a ɛhɔ da so na ɛyɛ den. Mfa nsi biribi a enni nnyinaso papa te sɛ apa anaa bokiti ne nnaka so.

◇ Mfa w’akyi mforo antweri anaa mfa nsian da.

◇ Nnyina anaa ntena ade a ɛhyehyɛ antweri biara ntam abien a ɛwɔ soro paa no so.

◇ Sɛ woreforo antweri anaasɛ woresi afi so a ɛsɛ sɛ antweri no tenten tra baabi a wode bɛtweri akɔyɛ hɔ adwuma no so anyɛ yiye koraa mita biako. Kyekyere antweri no nan bɔ ade mu anaasɛ fa ntaabo to anim na fa nnadewa bobom sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrempa wo. Sɛ worentumi mfa saa kwan yi so mma antweri no ntim hɔ yiye a, ma obi nkura mu mma wo bere a wugyina so reyɛ adwuma no. Kyekyere antweri no ti bɔ ade mu, na ampa wo ankɔ fã ne fã.

◇ Mfa ntaabo nhyɛ antweri abien ntam nnyina so nyɛ adwuma.

◇ Sɛ wugyina antweri so reyɛ adwuma wɔ soro na sɛ wotwe wo nsa mu anaa wo nan mu de yɛ biribi a, ebetumi ama antweri no ahinhim. Hwɛ na woantwe wo nsa mu anaa wo nan mu na woampira. Fa antweri no bɛn baabi a woreyɛ adwuma no mpɛn dodow biara a ɛho behia sɛ woyɛ saa.

◇ Sɛ ɛsɛ sɛ wode antweri si ɔpon bi a wɔatom anim yɛ adwuma a, kyerɛw biribi fa sɛn ɔpon no akyi fa bɔ kɔkɔ, na fa safe to ɔpon no mu. Sɛ worentumi mfa safe nto ɔpon no mu a, ma obi nnyina hɔ na ɔmmɔ wɔn a ebehia sɛ wotwam wɔ ho no kɔkɔ.

◇ Ɛnsɛ sɛ nnipa baanu gyina antweri biako so, gye sɛ wɔyɛɛ antweri no sɛ ɛmfa nnipa baanu. *

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 33 Wubetumi anya nsɛm foforo a ɛbɛkaakae wo bere a wode antweri reyɛ adwuma wɔ February 8, 2000, Nyan! kratafa 22-24.

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Mose Mmara no hwehwɛe sɛ nkurɔfo gye ban wɔ wɔn adan atifi