Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Anuanom Mmarima​—Mungu Mma Honhom No Na Mompere Nhwehwɛ Ɔsom Hokwan!

Anuanom Mmarima​—Mungu Mma Honhom No Na Mompere Nhwehwɛ Ɔsom Hokwan!

Anuanom Mmarima​—Mungu Mma Honhom No Na Mompere Nhwehwɛ Ɔsom Hokwan!

“Nea ogu ma honhom no fi honhom mu betwa daa nkwa.”—GAL. 6:8.

1, 2. Ɔkwan bɛn so na Mateo 9:37, 38 renya mmamu, na dɛn na ama ɛho abehia wɔ asafo ahorow no mu?

WOREHU nsɛm bi a ɛresisi nnɛ a wo werɛ remfi da! Wɔreyɛ adwuma bi a Yesu Kristo kaa ho asɛm no denneennen. Yesu kae sɛ: “Otwa adwuma no sõ, nanso adwumayɛfo no sua. Enti monsrɛ otwa adwuma Wura no ma ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa no mu.” (Mat. 9:37, 38) Yehowa Nyankopɔn rebua saa mpaebɔ no wɔ ɔkwan a ɔnyɛɛ bi saa da so. Wɔ afe 2009 ɔsom afe no mu no, wɔhyehyɛɛ asafo foforo 2,031 kaa Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa ho ma ekoduu 105,298. Sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, wɔbɔɔ nnipa 757 asu da biara!

2 Nkɔso a ɛte saa no ama ɛho abehia sɛ yenya anuanom mmarima a wɔfata ma wodi anim kyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu na wɔhwɛ Yehowa nguan no so. (Efe. 4:11) Yehowa atete mmarima a wɔfata ma wɔadi ne nguan ahiade ho dwuma wɔ mfe pii a atwam no mu, na yɛwɔ ahotoso sɛ ɔbɛkɔ so ayɛ saa ara. Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mika 5:5 no ma yɛn awerɛhyem sɛ wɔ nna a edi akyiri no mu no, Yehowa nkurɔfo benya “nguanhwɛfo baason” ne “abirɛmpɔn baawɔtwe,” a ɛkyerɛ sɛ, wobenya mmarima pii a wɔfata ma wɔadi wɔn anim.

3. Kyerɛkyerɛ nea ‘gu a yebegu ama honhom no’ kyerɛ mu.

3 Sɛ woyɛ Yehowa Dansefo barima a woabɔ asu a, dɛn na ebetumi aboa wo ma woapere ahwehwɛ ɔsom hokwan ahorow wɔ asafo no mu? Ade titiriw a ebetumi aboa wo ne sɛ ‘wubegu ama honhom no.’ (Gal. 6:8) Saa a wobɛyɛ no hwehwɛ sɛ wobɔ wo bra wɔ ɔkwan a ɛbɛma Onyankopɔn honhom kronkron ayɛ adwuma wɔ wo so. Si wo bo sɛ ‘worengu mma honam no.’ Mma nneɛma bi te sɛ ahotɔ a wopɛ, ahomegye, ne anigyede mmrɛ ɔpɛ a wowɔ sɛ wode wo ho nyinaa bɛma ayɛ Onyankopɔn som adwuma no ase. Ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa ‘gu ma honhom no,’ na bere bi akyi no, ebia mmarima a wɔyɛ saa no bɛfata ama ɔsom hokwan ahorow wɔ asafo no mu. Esiane sɛ wohia asafo mu asomfo ne mpanyimfo pii nnɛ nti, adesua asɛm yi fa Kristofo mmarima ho titiriw. Enti, anuanom mmarima, yɛhyɛ mo nkuran sɛ momfa mpaebɔ nsusuw saa adesua asɛm yi ho.

Pere Hwehwɛ Adwuma Pa

4, 5. (a) Ɔsom hokwan a ɛwɔ asafo no mu bɛn na wɔhyɛ mmarima a wɔabɔ asu nkuran sɛ wɔmpere nhwehwɛ? (b) Dɛn na obi yɛ de hwehwɛ ɔsom hokwan?

4 Kristoni barima mfiti prɛko pɛ mmɛyɛ ɔhwɛfo wɔ asafo no mu. Ɛsɛ sɛ ɔpere hwehwɛ “adwuma pa” yi. (1 Tim. 3:1) Nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ no bi ne sɛ ɔbɛsom ne mfɛfo gyidifo denam ne koma mu a obefi aboa wɔn ma wɔn nsa aka wɔn ahiade so. (Monkenkan Yesaia 32:1, 2.) Sɛ ɔbarima bi de adwempa pere hwehwɛ ɔsom hokwan a, ɛnkyerɛ sɛ n’ani bere dibea. Mmom no, ne yam na wayi sɛ ɔbɛboa afoforo.

5 Sɛ ɔbarima bi bɛfata abɛyɛ asafo mu ɔsomfo na wayere ne ho abɛyɛ ɔhwɛfo a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden sɛ obedu ahwehwɛde ahorow a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu no ho. (1 Tim. 3:1-10, 12, 13; Tito 1:5-9) Sɛ woyɛ ɔbarima a woabɔ asu a, bisa wo ho sɛ: ‘So mereyere me ho paa wɔ asɛnka adwuma no mu, na mereboa afoforo ma wɔn nso ayɛ saa? So mema m’ani kũ me mfɛfo asomfo ho de hyɛ wɔn den? So wonim me sɛ meyɛ obi a misua Onyankopɔn Asɛm no yiye? So mereyere me ho ama me mmuae atu mpɔn? So mede nsi yɛ nnwuma a mpanyimfo no de ahyɛ me nsa no?’ (2 Tim. 4:5) Ɛfata sɛ wususuw nsɛmmisa a ɛte saa ho anibere so.

6. Ade titiriw bɛn na ɛbɛma ɔbarima bi afata ma wɔama no asafo mu asɛyɛde ahorow?

6 Ɔkwan foforo a ɔbarima bi bɛfa so afata ma wɔama no asɛyɛde ahorow wɔ asafo no mu ne sɛ ‘ɔbɛma ne mu nipa no ayɛ den denam Onyankopɔn honhom so.’ (Efe. 3:16) Ɛnyɛ aba na wɔtow de paw obi ma ɔbɛyɛ ɔsomfo anaa ɔpanyin wɔ Kristofo asafo no mu. Ɛyɛ ɔne Yehowa abusuabɔ a ɔbɛma mu ayɛ den nkutoo na ɛbɛma wanya hokwan a ɛte saa. Wobɛyɛ dɛn ama abusuabɔ a wo ne Yehowa wɔ mu ayɛ den? Ɔkwan biako a wubetumi afa so ayɛ saa ne sɛ ‘wobɛkɔ so anantew honhom mu,’ na woasow honhom no aba. (Gal. 5:16, 22, 23) Bere a woda no adi sɛ woanya Kristofo su ahorow a ɛbɛma woatumi adi asɛyɛde foforo ho dwuma, na wode afotu a ɛbɛma woatu mpɔn reyɛ adwuma no, wo ‘nkɔso bɛda adi nnipa nyinaa anim.’—1 Tim. 4:15.

Ehia sɛ Wunya Ahofama

7. Afoforo a wobɛsom wɔn hwehwɛ sɛ woyɛ dɛn?

7 Afoforo a wobɛsom wɔn hwehwɛ sɛ woyɛ adwumaden na woda ahofama adi. Esiane sɛ Kristofo asafo mu mpanyimfo yɛ nguanhwɛfo nti, wodwen ɔhaw ahorow a nguankuw no hyia ho yiye paa. Hyɛ sɛnea asɛyɛde ahorow a na ɔsomafo Paulo wɔ sɛ oguanhwɛfo no kaa no no nsow. Ɔka kyerɛɛ ne mfɛfo gyidifo a na wɔwɔ Korinto no sɛ: “Mifi komam ahohia ne ahometew pii mu de nusu bebree na ɛkyerɛw mo, a ɛnyɛ sɛ mepɛ sɛ mo werɛ how, na mmom sɛnea mubehu ɔdɔ kɛse a mewɔ ma mo no.” (2 Kor. 2:4) Ɛda adi sɛ Paulo fi ne koma nyinaa mu yɛɛ ɔhwɛfo adwuma no.

8, 9. Ma Bible mu nhwɛso fa kyerɛ sɛnea mmarima dii afoforo ahiade ho dwuma maa wɔn.

8 Efi tete nyinaa, ahofama yɛ su titiriw a mmarima a wɔayɛ adwumaden de asom Yehowa asomfo ada no adi. Sɛ nhwɛso no, yɛrentumi nhwɛ kwan sɛ na Noa bɛka akyerɛ ne fiefo sɛ: ‘Sɛ muwie adaka no a, monka nkyerɛ me na memmɛtena mu bi.’ Mose anka ankyerɛ Israelfo a na wɔwɔ Egypt no sɛ: ‘Mehyia mo wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ano. Momfa ɔkwan a mususuw sɛ eye so nkɔ hɔ.’ Yosua anka da sɛ: ‘Sɛ Yeriko afasu no bubu a, monka nkyerɛ me.’ Yesaia nso amfa ne nsa ankyerɛ obi so anka sɛ: ‘Ɔno ni! Soma no.’—Yes. 6:8.

9 Ɔbarima a ɔyɛɛ nhwɛso a ɛsen biara maa yɛn a ɔmaa Onyankopɔn honhom kanyan no ne Yesu Kristo. Ofi ne pɛ mu gyee asɛyɛde a ɛne sɛ ɔbɛyɛ adesamma Gyefo no toom. (Yoh. 3:16) So ɛnsɛ sɛ yɛma ɔdɔ a Yesu fi ne koma nyinaa mu daa no adi no kanyan yɛn ma yɛn nso yɛda ɔdɔ a ɛte saa no bi adi? Bere a onua bi a ɔde mfe pii asom sɛ asafo mu panyin reka sɛnea ɔte nka ma nguankuw no ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Asɛm a Yesu ka kyerɛɛ Petro a ɛne sɛ yɛn me nguan nkumaa no aka me koma yiye. Mfe pii a abɛsen kɔ no, mahu sɛ asɛm ketewaa bi a wobɛka de akyerɛ sɛ wodɔ obi anaa ayamye ketewaa bi a wobɛda no adi akyerɛ obi no tumi hyɛ no nkuran. M’ani gye anuanom a mekɔsrasra wɔn hyɛ wɔn den no ho paa.”—Yoh. 21:16.

10. Dɛn na ebetumi aka Kristofo mmarima ma wɔasom afoforo de asuasua Yesu nhwɛso no?

10 Akyinnye biara nni ho sɛ mmarima a wɔahyira wɔn ho so a wɔwɔ asafo no mu pɛ sɛ wɔda Yesu a ɔkaa asɛm a edi hɔ yi su no bi adi kyerɛ Onyankopɔn nguankuw no. Yesu kae sɛ: “Mɛma mo ho adwo mo.” (Mat. 11:28) Ɛyɛ Onyankopɔn mu gyidi ne asafo no ho dɔ na ɛka Kristofo mmarima ma wɔpere hwehwɛ adwuma pa yi, na wonnya adwene sɛ adwuma no gye afɔrebɔ kɛse anaasɛ ɛyɛ den dodo. Na sɛ biribiara nka obi sɛ ɔmpere nhwehwɛ ɔsom hokwan bi nso ɛ? So onuabarima bi betumi anya ɔpɛ sɛ ɔbɛsom asafo no?

Nya Ɔpɛ sɛ Wobɛsom

11. Dɛn na obi betumi ayɛ na ama wanya ɔpɛ sɛ ɔbɛsom afoforo?

11 Sɛ wote nka sɛ womfata ma enti wompere sɛ wobɛhwehwɛ ɔsom hokwan a, ɛyɛ papa sɛ wobɔ mpae hwehwɛ honhom kronkron. (Luka 11:13) Yehowa honhom bɛboa wo ma woadi eyi ho haw biara a ebia wowɔ no so. Onyankopɔn na ɔma yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛsom, efisɛ Yehowa honhom na ɛkanyan onuabarima bi ma ɔpere hwehwɛ ɔsom hokwan, na afei ɔma no ahoɔden ma ɔde yɛ ɔsom adwuma no. (Filip. 2:13; 4:13) Enti, ɛfata sɛ wosrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo mma wunnya ɔpɛ sɛ wubegye ɔsom hokwan ahorow atom.—Monkenkan Dwom 25:4, 5.

12. Ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi anya nyansa pii a ɔde bedi asɛyɛde ahorow a wɔde ama no no ho dwuma?

12 Ebia Kristoni bi bɛyɛ n’adwene sɛ ɔrempere nhwehwɛ ɔsom hokwan, efisɛ ohu sɛ nguankuw no ahiade dɔɔso, na ɛho adwuma nso yɛ den. Anaasɛ ebia ɔbɛte nka sɛ onni nyansa a obetumi de adi asɛyɛde ahorow no ho dwuma. Sɛ obi wɔ adwene a ɛte saa a, obetumi ayere ne ho paa asua Onyankopɔn Asɛm ne Bible ho nhoma na ama watumi anya nyansa. Obetumi abisa ne ho nso sɛ, ‘So migye bere de sua Onyankopɔn Asɛm, na mebɔ mpae de hwehwɛ nyansa?’ Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma ɔnkɔ so ara mmisa Onyankopɔn efisɛ oyi ne yam ma nnipa nyinaa ade a ahohora biara nnim, na ɔde bɛma no.” (Yak. 1:5) So wugye asɛm a Yehowa honhom ma wɔkyerɛwee yi di? Bere a Onyankopɔn rebua Solomon mpaebɔ no, ɔmaa no “nyansa ne ntease koma” ma otumi huu papa ne bɔne bere a ɔrebu atɛn no. (1 Ahe. 3:7-14) Ɛwom sɛ Solomon asɛm no yɛ soronko de, nanso yebetumi anya ahotoso sɛ Onyankopɔn bɛma mmarima a wɔama wɔn asɛyɛde ahorow wɔ asafo no mu nyansa sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ahwɛ ne nguan so yiye.—Mmeb. 2:6.

13, 14. (a) Kyerɛkyerɛ sɛnea “ɔdɔ a Kristo wɔ no” kaa Paulo no mu. (b) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛma “ɔdɔ a Kristo wɔ no” ka yɛn?

13 Ade foforo a ebetumi aboa ma yɛanya ɔpɛ sɛ yɛbɛsom afoforo ne sɛ yebedwinnwen nneɛma a Yehowa ne ne Ba no ayɛ ama yɛn no nyinaa ho akɔ akyiri. Sɛ nhwɛso no, momma yensusuw asɛm a ɛwɔ 2 Korintofo 5:14, 15 no ho nhwɛ. (Monkenkan.) Ɔkwan bɛn so na “ɔdɔ a Kristo wɔ no hyɛ yɛn”? Ɔdɔ a Kristo daa no adi de ne nkwa too hɔ maa yɛn sɛnea Onyankopɔn pɛ no yɛ nwonwa araa ma sɛ yenya ho anisɔ kɛse a, ɛka yɛn koma yiye. Paulo maa ɔdɔ a Kristo wɔ no kaa no wɔ biribiara a ɔyɛe mu. Ɛno amma wanyɛ pɛsɛmenkominya, na ɛboaa no ma ɔde n’ani sii Onyankopɔn ne ne mfɛfo nnipa a wɔwɔ asafo no mu ne wɔn a wonni asafo no mu a ɔbɛsom wɔn no so.

14 Sɛ yesusuw ɔdɔ a Kristo wɔ ma nnipa ho a, ɛka yɛn ma yɛkyerɛ ho anisɔ. Ɛno nti, yehu sɛ ɛbɛyɛ nea ɛmfata koraa sɛ yɛbɛkɔ so ‘agu ama honam no’ denam nneɛma a yɛyɛ a yɛn nkutoo na yebenya so mfaso a yɛde besisi yɛn ani so, na yɛayɛ nea yɛn ankasa yɛpɛ so. Mmom no, yɛyɛ nsakrae wɔ yɛn asetena mu de adwuma a Onyankopɔn de ama yɛn sɛ yɛnyɛ no di kan. Ɔdɔ kanyan yɛn ma ‘yɛsom’ yɛn nuanom. (Monkenkan Galatifo 5:13.) Sɛ yebu yɛn ho sɛ yɛyɛ nkoa a yefi ahobrɛase mu resom Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so a, ɛbɛma yɛabu wɔn na yɛadi wɔn ni. Akyinnye biara nni ho sɛ, yɛrensuasua su a Satan hyɛ ho nkuran a ɛne sɛ yɛbɛkasa atia afoforo na yɛabu wɔn atɛn no.—Adi. 12:10.

Abusuafo Mmoa

15, 16. Sɛ ɔbarima bi bɛfata ma wɔapaw no sɛ asafo mu ɔsomfo anaa ɔpanyin a, dɛn na ɛsɛ sɛ n’abusua mufo yɛ de boa no?

15 Sɛ onuabarima bi yɛ ɔwarefo a ɔwɔ mma na sɛ wɔresusuw ne ho sɛ ɔfata sɛ ɔsom sɛ asafo mu ɔsomfo anaa ɔpanyin a, wosusuw tebea a ɛwɔ n’abusua mu nso ho. Nokwarem no, sɛnea n’abusua ne Yehowa ntam te ne edin a wɔwɔ ka ho bi paa na ɛbɛma wɔapaw no. Eyi ma yehu sɛnea nneɛma a abusua mufo yɛ de boa okunu anaa agya a ɔpɛ sɛ ɔsom wɔ asafo no mu sɛ ɔsomfo anaa ɔpanyin no ho hia.—Monkenkan 1 Timoteo 3:4, 5, 12.

16 Sɛ abusua a wɔyɛ Kristofo mufo boa wɔn ho wɔn ho a, ɛma Yehowa ani gye. (Efe. 3:14, 15) Ehia sɛ abusua ti kari pɛ na ama watumi adi asɛyɛde ahorow a ɔwɔ wɔ asafo no mu ho dwuma, na wasan adi n’ankasa fie “so yiye.” Enti ɛho hia sɛ asafo mu panyin anaa ɔsomfo ne ne yere ne ne mma sua Bible sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nyinaa betumi anya Abusua Som a wɔyɛ no dapɛn biara no so mfaso. Ɛsɛ sɛ ɔne wɔn bom kɔ asɛnka daa. Saa ara nso na ɛho hia sɛ abusua mufo boa abusua ti no wɔ nnwuma a ɔyɛ mu.

So Wobɛsan Asom Bio?

17, 18. (a) Sɛ onuabarima bi mfata sɛ ɔsom sɛ asafo mu ɔsomfo anaa ɔpanyin bio a, dɛn na ebehia sɛ ɔyɛ? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ onuabarima bi a bere bi a atwam no na ɔsom sɛ asafo mu ɔpanyin anaa ɔsomfo no yɛ?

17 Ebia bere bi na wosom sɛ asafo mu ɔpanyin anaa ɔsomfo, nanso seesei wonsom saa bio. Wodɔ Yehowa na wubetumi anya ahotoso sɛ ɔda so ara dwen wo ho. (1 Pet. 5:6, 7) So mpanyimfo no ka kyerɛɛ wo sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ nsakrae bi? Fi wo koma mu gye mfomso a aba no tom, na yere wo ho yɛ ho adwuma ma Onyankopɔn mmoa wo. Hwɛ na woannya obiara ho menasepɔw. Yɛ w’ade nyansam, na da adwempa adi. Onua bi a na ɔde mfe pii asom sɛ ɔpanyin nanso ɔsom hokwan a ɔwɔ no fii ne nsa no kae sɛ: “Mebɔɔ me tirim sɛ mɛkɔ so akɔ asafo nhyiam ne asɛnka, na makenkan Bible sɛnea bere a na mesom sɛ ɔpanyin no na meyɛ no ara pɛ, na mitumi yɛɛ saa nso. Misuae sɛ menya abotare efisɛ na misusuw sɛ me nsa bɛsan aka ɔsom hokwan a na mewɔ no wɔ bɛyɛ afe biako anaa abien ntam, nanso egyee bɛyɛ mfe ason ansa na meretumi asan asom sɛ ɔpanyin bio. Saa bere no, nkuranhyɛ a afoforo de maa me sɛ ɛnsɛ sɛ mepa abaw na mmom menkɔ so mpere nhwehwɛ hokwan no boaa me kɛse.”

18 Sɛ woyɛ onuabarima a wo tebea te sɛ nea yɛaka ho asɛm yi a, mma w’abam mmu. Susuw sɛnea Yehowa rehyira wo som adwuma ne w’abusua no ho. Boa w’abusua ma wɔnyɛ den wɔ Yehowa som mu, srasra wɔn a wɔyare, na hyɛ wɔn a wɔayɛ mmerɛw no den. Nea ɛsen ne nyinaa no, ma w’ani nsɔ hokwan a wowɔ sɛ wuyi Onyankopɔn ayɛ na woka Ahenni no ho asɛmpa sɛ Yehowa Dansefo no. *Dw. 145:1, 2; Yes. 43:10-12.

San Susuw Ho

19, 20. (a) Dɛn na wɔhyɛ mmarima a wɔabɔ asu nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua asɛm a edi hɔ no mu?

19 Ɛnnɛ, yehia ahwɛfo ne asafo mu asomfo pii sen bere biara. Enti, yɛhyɛ anuanom mmarima a wɔabɔ asu nyinaa nkuran sɛ wɔnsan nsusuw wɔn nsɛm tebea ho na wommisa wɔn ho sɛ, ‘Sɛ menyɛ asafo mu ɔsomfo anaa ɔpanyin a, dɛn nti na mennyɛ bi?’ Ma Onyankopɔn honhom mmoa wo mma wunnya adwempa wɔ asɛm a ɛho hia yi ho.

20 Asafo no mufo nyinaa betumi anya nnwuma a wɔn mfɛfo gyidifo de ahofama yɛ no so mfaso. Sɛ yɛda ayamye adi, na yɛyɛ nnwuma a ɛboa afoforo a, yenya anigye a wɔn a wɔsom afoforo na wogu ma honhom no nya no bi. Nanso, sɛnea adesua asɛm a edi hɔ no bɛma yɛahu no, ɛnsɛ sɛ yɛhow Onyankopɔn honhom kronkron no werɛ. Dɛn na yebetumi ayɛ na yɛanhow Onyankopɔn honhom no werɛ?

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 18 Hwɛ August 15, 2009, Ɔwɛn-Aban, kratafa 30-32.

Wubebua Dɛn?

• Awerɛhyem bɛn na nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mika 5:5 no ma yenya?

• Kyerɛkyerɛ nea ahofama a wobɛda no adi kyerɛ mu.

• Obi bɛyɛ dɛn atumi anya ɔpɛ sɛ ɔbɛsom afoforo?

• Sɛ ɔbarima bi bɛfata ma wɔapaw no sɛ asafo mu ɔsomfo anaa ɔpanyin a, ɔkwan bɛn so na n’abusuafo mmoa ho hia?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Dɛn na wubetumi ayɛ de apere ahwehwɛ ɔsom hokwan?