Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yedi Nkwakoraa ne Mmerewa Ni?

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yedi Nkwakoraa ne Mmerewa Ni?

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yedi Nkwakoraa ne Mmerewa Ni?

NNUA a nkurɔfo twa no mfonini paa wɔ wiase mu biako si California a ɛwɔ U.S.A. mpoano. Ɛyɛ kwabɔhorɔ dua a wɔato din Lone Cypress. Wɔkyerɛ sɛ saa dua yi adi boro mfe 250. Esiane sɛ saa dua a ɛyɛ fɛ yi asi hɔ akyɛ nti, nkurɔfo afa akwan horow so abɔ ho ban. Sɛ nhwɛso no, wɔde nhama asuso mu, na wɔde abo ato ho ɔfasu sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrentutu.

Ebia Lone Cypress dua no bɛma yɛakae yɛn nuanom Kristofo a wɔyɛ nkwakoraa ne mmerewa a wɔde mfe pii asom no. Ɔkwan titiriw biako a wɔfa so yɛ eyi ne asɛmpa no a wɔka kyerɛ nkurɔfo no. Odiyifo Yoel hyɛɛ nkɔm sɛ “mpanyimfo” bɛka Bible mu asɛm. (Yoel 2:28-32; Aso. 2:16-21) Wode, susuw sɛnea saafo yi fi wɔn komam de nnɔnhwerew pii boa afoforo ma wɔte “ahenni ho asɛmpa” no ho hwɛ! (Mat. 24:14) Nkwakoraa ne mmerewa a wɔbɔ Ahenni no ho dawuru no mu bi de mfe pii agyina ɔtaa anaa nsɛnnennen foforo ano. Sɛ nkurɔfo ani gye kwabɔhɔrɔ dua kɛkɛ a asi hɔ akyɛ mpo ho ma enti wɔde abo ato ho ɔfasu de nhama asuso mu de abɔ ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrentutu a, mpɛn ahe ara na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ani kũ nkwakoraa ne mmerewa a wɔwɔ yɛn mu no ho na yenni wɔn ni!

Yehowa Nyankopɔn ka kyerɛɛ ne nkurɔfo a wɔtenaa ase tete no sɛ: “Sɔre wɔ dwen anim, na di akwakoraa ni.” (Lev. 19:32) Yehu anokwafo a wɔyɛ nhwɛso pa a wɔne “Nyankopɔn anantew” mfe pii wɔ Yehowa asomfo mu nnɛ. (Mika 6:8) Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a wɔkɔ so de bɔ wɔn bra no ma wɔn atifi dwen yɛ “abotiri a ɛyɛ fɛ” ampa.—Mmeb. 16:31.

Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ aberante Timoteo sɛ: “Ntwiw ɔpanyin anim.” Mmom no, na ɛsɛ sɛ Timoteo ‘ne no di sɛ agya,’ na ɔne “mmea mpanyimfo [di] sɛ ɛnanom.” (1 Tim. 5:1, 2) Nea ɛkyerɛ ne sɛ, na ɛsɛ sɛ Timoteo “sɔre” wɔ wɔn a wɔafuw dwen anim. Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ, Yehowa hwɛ kwan sɛ yɛn nso yebedi wɔn ni saa ara bere a yɛne wɔn rekasa no.

Romafo 12:10 ka sɛ: “Munni kan mfa nidi mma mo ho mo ho.” Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛsɛ sɛ ahwɛfo a wɔwɔ asafo no mu di Kristofo a wɔyɛ nkwakoraa ne mmerewa ni. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa di kan di yɛn ho yɛn ho ni.

Nokwarem no, abusuafo wɔ asɛyɛde titiriw sɛ wodi wɔn awofo ne wɔn nananom ni. Nkurɔfo ahwehwɛ akwan a wɔbɛfa so akora Lone Cypress dua no so, na wogu so reyɛ saa. Ɛnde, akyinnye biara nni ho sɛ, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so aboa ma nidi a yɛn awofo ne yɛn nananom a wɔn mfe rekɔ anim wɔ no remmɔ wɔn. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛyɛ aso tie wɔn a, ɛremma yɛnyɛ nea yɛn ankasa yɛpɛ bere a yɛrennwen sɛnea wɔte nka ho.—Mmeb. 23:22; 1 Tim. 5:4.

Nkwakoraa ne mmerewa a wɔwɔ yɛn mu no som bo paa ma Yehowa. Onnyaw wɔn. (Dw. 71:18) Nokware Nyankopɔn no hyɛ wɔn den ma wɔkɔ so som no nokware mu. Momma yɛn nso yɛnkɔ so mmoa nkwakoraa ne mmerewa no na yenni wɔn ni.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Sɛnea ehia sɛ wɔhwɛ Lone Cypress dua no so no, saa ara na ehia sɛ yedi nkwakoraa ne mmerewa ni

[Asɛm Fibea]

American Spirit Images/age fotostock