Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Haran—Tete Kurow A Na Adagyew Nnim Koraa

Haran—Tete Kurow A Na Adagyew Nnim Koraa

Haran—Tete Kurow A Na Adagyew Nnim Koraa

SƐ WƆN a wonim Kyerɛwnsɛm mu nya te kurow Haran din pɛ a, na wɔakae tete agya Abraham ɔnokwafo no. Bere a ofi Ur rekɔ Kaanan asase so no, ɔne ne yere Sara, ne ne papa Tera, ne ne wɔfase Lot soɛe wɔ Haran. Abraham nyaa ahode pii wɔ hɔ. Abraham papa wu akyi no, ɔtoaa n’akwantu no so kɔɔ asase a na nokware Nyankopɔn no de ahyɛ no bɔ no so. (Gen. 11:31, 32; 12:4, 5; Aso. 7:2-4) Akyiri yi, Abraham somaa n’akoa panyin kɔɔ Haran, anaa beae bi a ɛbɛn hɔ sɛ ɔnkɔhwehwɛ yere mma Isak. Abraham banana Yakob nso tenaa hɔ mfe dodow bi.—Gen. 24:1-4, 10; 27:42-45; 28:1, 2, 10.

Bere a Asiria hene Senaherib hunahunaa Yuda hene Hesekia no, Senaherib bɔɔ Haran din kaa “aman” a na Asiria ahemfo adi so nkonim no ho. Edin “Haran” a wɔkaa ho asɛm wɔ ha yi mfa kurow no nko ara ho, na mmom ɛfa ɔmantam a na kurow no wom no nyinaa nso ho. (2 Ahe. 19:11, 12) Hesekiel nkɔmhyɛ no ma yehu sɛ na Haran yɛ nkurow atitiriw a na Tiro ne wɔn di gua no mu biako, na ɛma yehu sɛ na Haran yɛ kurow titiriw a wodi gua wom.—Hes. 27:1, 2, 23.

Seesei, Haran yɛ kurow ketewaa bi a ɛbɛn Şanlıurfa a ɛwɔ Turkey apuei fam. Nanso bere bi a atwam no, na tete kurow Haran yɛ kurow a adagyew nnim koraa. Haran ka tete nkurow kakraa bi a wɔda so ara de edin a na wɔde frɛ no wɔ Bible mu no frɛ no no ho. Harranu a wɔde frɛ Haran wɔ Asiria kasa mu no betumi akyerɛ “Ɔkwan” anaa “Ɔkwantempɔn,” a ɛkyerɛ sɛ, na Haran da akwan a ɛkɔ nkurow akɛse a wodi gua wom ho. Nkyerɛwee bi a wotu fii fam wɔ Haran ma yehu sɛ na Babilon hene Nabonido maame yɛ ɔkɔmfobea panyin wɔ Sin a ɔyɛ ɔsram nyame wɔ Haran no asɔrefie. Ebinom kyerɛ sɛ, Nabonido san sii asɔrefie no. Ɛno akyi no, ahemman pii ba kɔe, nanso na Haran de etim nea etim.

Ɛsono sɛnea Haran te koraa nnɛ wɔ sɛnea na ɛte tete no ho. Ná Haran a ɛwɔ hɔ tete no yɛ kurow titiriw a anibue wom paa, titiriw, wɔ mmere bi mu. Nanso ɛnnɛ, adan kakraa bi a wɔakuru so nkuruwankuruwa na ɛwɔ Haran. Tete nkurow a na agye din amamfõ atwa ho ahyia. Wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no, wobenyan nnipa pii a wɔtenaa Haran kurow no mu te sɛ Abraham, Sara, ne Lot afi awufo mu. Ɛda adi paa sɛ, wobetumi aka Haran kurow a na adagyew nnim koraa no ho nsɛm pii akyerɛ yɛn.

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Haran amamfõ so

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Adan a wɔakuru so nkuruwankuruwa

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Sɛnea Haran te nnɛ