Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ So Yɛ Den Yehowa Som Mu Bere A Worehwɛ Wo Busuani A Ɔyare

Kɔ So Yɛ Den Yehowa Som Mu Bere A Worehwɛ Wo Busuani A Ɔyare

Kɔ So Yɛ Den Yehowa Som Mu Bere A Worehwɛ Wo Busuani A Ɔyare

BERE a wohui sɛ biribi ahon Kim a ɔyɛ Ɔdansefo akyi berɛmo ho no, wɔyɛɛ nhwehwɛmu hui sɛ wanya kokoram. * Ne kunu Steve ka sɛ: “Bere a wɔyɛɛ Kim oprehyɛn yii ade a ahon no no, wɔde nnuru a ano yɛ den saa no yare. Nnuru a ano yɛ den no ma ɔyɛɛ mmerɛw wɔ nipadua mu. Ná ontumi nnantew papa.”

So wubetumi de w’adwene abu sɛnea na Steve ho yeraw no bere a ohui sɛ ne yere a ɔdɔ no no reko yare a na ama ɔreyɛ mmerɛw no? Ebia wowɔ obusuani bi a ɔbɛn wo paa a yare bi a ɛma nnipa gogow ayɛ no anaa onyin ama wayɛ mmerɛw. (Ɔsɛnk. 12:1-7) Sɛ ɛte saa a, wunim sɛ ɛsɛ sɛ w’ankasa wohwɛ wo ho yiye na ama woatumi ahwɛ wo dɔfo no yiye. Sɛ woyɛ mmerɛw wɔ Yehowa som mu a, w’abam betumi abu, na ɛbɛbɔ wo yare nso, na ebia ɛremma wuntumi nhwɛ wo busuani no sɛnea ɛfata. Wobɛyɛ dɛn atumi akari pɛ bere a woredi asɛyɛde a wowɔ sɛ Kristoni no ho dwuma, na bere koro no ara woahwɛ wo busuani bi a ɔyare anaa ne mfe akɔ anim? So biribi wɔ hɔ a Kristofo asafo no mufo foforo betumi ayɛ de ada tema adi akyerɛ wɔn a wɔyare saa no?

Wobɛyɛ Dɛn Akari Pɛ?

Nea ɛbɛyɛ na woakari pɛ na woadi asɛyɛde a wowɔ sɛ Kristoni no ho dwuma na woahwɛ w’apɔwmuden so yiye bere a worehwɛ obusuani bi a ɔyare no, ehia sɛ woyɛ nsakrae na wode wo bere ne w’ahoɔden di dwuma yiye. Mmebusɛm 11:2 ka sɛ: “Ahobrɛasefo na nyansa ne wɔn te.” Wɔ saa asɛm yi mu no, nea asɛmfua “ahobrɛase” kyerɛ ne sɛ obi begye atom sɛ ɛnyɛ biribiara na obetumi ayɛ. Nea ɛbɛyɛ na worenyɛ nnwuma a ɛboro w’ahoɔden so no, ɛho behia sɛ wohwehwɛ wo bere nhyehyɛe ne asɛyɛde ahorow a wowɔ mu yiye.

Steve san hwehwɛɛ nnwuma a na egu no so mu de daa nyansa ne ahobrɛase adi. Honam fam adwuma a ɔyɛ akyi no, na ɔsom sɛ mpanyimfo ntam nkitahodifo ne ɔsom adwuma sohwɛfo wɔ Yehowa Adansefo asafo a ɔwom wɔ Ireland no mu. Ná ɔsan yɛ Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw a ɛwɔ baabi a ɔte no muni. Steve ka sɛ: “Kim annwiinwii da sɛ bere pii a mede redi asɛyɛde ahorow yi ho dwuma no ama mabu m’ani agu no so. Nanso, na minim sɛ nea mereyɛ no boro m’ahoɔden so.” Dɛn na Steve yɛe wɔ asɛm no ho? Ɔka sɛ: “Bere a mede mpaebɔ susuw asɛm no ho wiei no, misii gyinae sɛ mede mpanyimfo ntam nkitahodifo a na meyɛ no bɛto hɔ. Mekɔɔ so somee sɛ asafo mu panyin, nanso asafo mu asɛyɛde ahorow a mede bi hyehyɛɛ afoforo nsa no ma mitumi nyaa bere hwɛɛ Kim.”

Bere rekɔ so no, Kim ho tɔɔ no kakra. Steve ne Kim san susuw wɔn tebea no ho, na Steve yere boaa no ma otumi san faa asɛyɛde ahorow a na ɔwɔ wɔ asafo no mu no bio. Steve ka sɛ: “Yɛn baanu nyinaa asua sɛ yɛbɛyɛ nneɛma a yare no ma yɛn kwan ma yetumi yɛ. Meda Yehowa ase paa wɔ mmoa a ɔde ama me no ho, na meda me yere nso ase sɛ ɛmfa ho sɛ n’apɔwmuden nyɛ papa no, onnwiinwii na ɔboa me.”

Susuw Jerry a ɔyɛ ɔhwɛfo kwantufo ne ne yere Maria asɛm no nso ho hwɛ. Ná ɛsɛ sɛ wɔsakra botae a wɔde asisi wɔn ani so mu na wɔhwɛ wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim no. Maria ka sɛ: “Ná me ne me kunu nyinaa de asi yɛn ani so sɛ yɛbɛkɔ akɔsom sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ amannɔne. Nanso, Jerry awofo di no bakoro, na na ehia sɛ yɛhwɛ wɔn. Enti, yesii gyinae sɛ yɛbɛtena Ireland ahwɛ wɔn. Saa a yɛyɛe no ma yetumi tenaa Jerry papa ho hwɛɛ no bere a wogyee no too ayaresabea kosii sɛ owui. Seesei yɛne Jerry maame di nkitaho da biara, na esiane sɛ yɛbɛn no nti sɛ ohia mmoa biara a yetumi de ma no. Asafo a Jerry maame wom no aboa yɛn paa, na ama yetumi kɔ so yɛ akwantu adwuma no.”

Nea Afoforo Betumi Ayɛ De Aboa

Bere a ɔsomafo Paulo reka honam fam nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔde ma akunafo a wɔn mfe akɔ anim a wɔwɔ asafo no mu ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa, ne ne titiriw no, ne fiefo a, wapa gyidi no, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni mpo.” Paulo kaee ne mfɛfo Kristofo sɛ sɛ wɔn nneyɛe ‘bɛsɔ Onyankopɔn ani’ a, ɛsɛ sɛ wɔboa wɔn awofo ne wɔn nananom a wɔn mfe akɔ anim no wɔ sika fam. (1 Tim. 5:4, 8) Nanso, afoforo a wɔwɔ asafo no mu betumi ayɛ nneɛma bi de aboa, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa.

Susuw Hakan ne Inger a wɔyɛ awarefo a wɔn mfe akɔ anim a wɔte Sweden no asɛm no ho hwɛ. Hakan ka sɛ: “Bere a wohui sɛ me yere anya kokoram no, yɛn baanu nyinaa ho dwiriw yɛn. Ná anka Inger yɛ obi a ɔte apɔw na ne ho yɛ den bere nyinaa. Afei de na ɛsɛ sɛ yedi ayaresabea akɔneaba da biara kogye ayaresa, na nnuru a wɔde saa no yare no ma ɔyɛɛ mmerɛw. Inger tenaa fie saa bere no nyinaa, na na ɛsɛ sɛ metena ne nkyɛn hwɛ no.” Dɛn na asafo a Hakan ne Inger wom no mufo yɛ de boaa wɔn?

Asafo no mu mpanyimfo yɛɛ nhyehyɛe ma awarefo yi tiee Kristofo nhyiam wɔ telefon so. Bio nso, anuanom mmarima ne mmea kɔɔ so sraa wɔn, na wɔne wɔn kasae wɔ telefon so. Wɔkyerɛw nkrataa nso kɔmaa wɔn. Hakan ka sɛ: “Yɛtee nka sɛ Yehowa ne yɛn nuanom nyinaa taa yɛn akyi. Nea wɔyɛ maa yɛn no boaa yɛn ma yɛkɔɔ so yɛɛ den wɔ Yehowa som mu. Anigyesɛm ne sɛ, Inger ho atɔ no, na seesei yetumi kɔ Kristofo nhyiam wɔ Ahenni Asa so bio.” Sɛ asafo no mufo yɛ nea wobetumi de boa wɔn a wɔyare ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔwɔ wɔn mu no a, wɔda no adi sɛ wɔyɛ ‘yɔnko berɛbo a wɔdɔ bere nyinaa, na wɔyɛ anuanom a wɔwoo wɔn maa ahohia da.’—Mmeb. 17:17.

Yehowa Ani sɔ Wo Mmɔdenbɔ

Hwɛ a worehwɛ wo busuani a ɔyare betumi ama woabrɛ paa. Nanso, Ɔhene Dawid kyerɛwee sɛ: “Anigye ne nea ohu ɔbrɛfo,” te sɛ obi a yare nti ohia mmoa “mmɔbɔ.”—Dw. 41:1.

Dɛn nti na wɔn a wɔhwɛ ayarefo anaa wɔn a wɔrehu amane no ani betumi agye? Mmebusɛm 19:17 ka sɛ: “Nea ɔdom ɔbrɛfo no de fɛm Yehowa, na nea ɔde ama no, Obetua no ka.” Nokware Nyankopɔn no ani kũ n’asomfo anokwafo a wɔyare ho paa, na ohyira obi a ɔdom saafo no. Odwontofo Dawid too dwom sɛ: “Yehowa bɛwowaw [obi a ɔte saa] ɔyarepa so; wobɛhwɛ no ne yare mu.” (Dw. 41:3) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ sɛ nea ɔrehwɛ afoforo wɔ ɔdɔ mu no kɔ ahokyere anaa amanehunu mu a, Yehowa bɛboa no.

Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yebehu sɛ Yehowa Nyankopɔn hu nea yɛyɛ de hwɛ yɛn busuani a ɔyare no, na n’ani sɔ! Ɛwom sɛ ebegye mmɔdenbɔ na ama yɛatumi de mmoa a ɛte saa ama de, nanso Kyerɛwnsɛm no ma yɛn awerɛhyem sɛ “afɔrebɔ a ɛtete saa no sɔ Onyankopɔn ani.”—Heb. 13:16.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Wɔasesa edin ahorow no.

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Kari pɛ wɔ asɛyɛde a wowɔ sɛ Kristoni ho, na ma afoforo mmoa wo