Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ so Tete W’adwene

Kɔ so Tete W’adwene

Kɔ so Tete W’adwene

HWƐ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yebehu sɛ obi a onim afuni bu de ahoɔhare dannan ne ho fɛfɛɛfɛ! Bible hyɛ Kristofo nkuran sɛ wɔntete wɔn adwene sɛnea ofunibufo tete ne ho no.

Ɔsomafo Paulo kyerɛwee wɔ krataa a ɔde kɔmaa Hebrifo no mu sɛ: “Aduan a ɛyɛ den yɛ wɔn a wɔn ho akokwaw no dea, wɔn a wɔde wɔn adwene [nea ɛkyerɛ ankasa ne nkatede] yɛ adwuma nti wɔatete no [te sɛ ofunibufo] ma etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe.” (Heb. 5:14) Dɛn nti na Paulo tuu Hebrifo Kristofo fo sɛ wɔntete wɔn adwene sɛnea ofunibufo a wɔatete no teɛteɛ ne ntini mu no? Yɛbɛyɛ dɛn atumi atete yɛn adwene?

“Ɛsɛ sɛ Anka Moyɛ Akyerɛkyerɛfo”

Bere a Paulo rekyerɛkyerɛ gyinabea a Yesu wɔ sɛ “ɔsɔfo panyin wɔ Melkisedek kwan so” mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛwɔ [Yesu] ho nsɛm pii ka a ne nkyerɛkyerɛmu yɛ den, efisɛ moyɛ nyaa wɔ asɛm tie ho. Nokwarem no, bere no nti ɛsɛ sɛ anka moyɛ akyerɛkyerɛfo, nanso ehia sɛ obi san fi ase bio kyerɛkyerɛ mo Onyankopɔn nsɛm kronkron mu mfitiasesɛm; na moayɛ nnipa a wohia nufusu, ɛnyɛ aduan a ɛyɛ den.”—Heb. 5:10-12.

Ɛda adi sɛ na Kristofo a wɔyɛ Yudafo a wɔwɔ afeha a edi kan no mu bi ntee nneɛma ase yiye, na na wɔmmɔɔ mmɔden sɛ wobenya nkɔso wɔ nokware no mu. Sɛ nhwɛso no, na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobegye Mose Mmara no ne twetiatwa ho ntease foforo a na wɔada no adi no atom. (Aso. 15:1, 2, 27-29; Gal. 2:11-14; 6:12, 13) Ná ɛyɛ den ma ebinom sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi amanne a na wɔyɛ wɔ dapɛn dapɛn Homeda ne afe afe Mpata Da ase no ho. (Kol. 2:16, 17; Heb. 9:1-14) Enti Paulo hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔntete wɔn adwene na ama wɔatumi ahu papa ne bɔne mu nsonsonoe, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ‘wɔmpere nkɔ ahokokwaw mu.’ (Heb. 6:1, 2) Ɛbɛyɛ sɛ afotu a ɔde maa wɔn no kaa ebinom koma ma wosusuw sɛnea na wodwen nneɛma ho no ho, na ɛda adi sɛ ɔboaa wɔn ma wonyaa nkɔso wɔ nokware no mu. Na yɛn nso ɛ?

Tete W’adwene

Yɛbɛyɛ dɛn atumi atete yɛn adwene na ama yɛayɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw? Paulo kae sɛ gye sɛ yɛde “yɛ adwuma.” Ɛsɛ sɛ yɛtete yɛn adwene ma etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe te sɛ afunibufo a wɔteɛteɛ wɔn ntini mu na wɔatete wɔn nipadua ma enti wotumi dannan wɔn ho fɛfɛɛfɛ ma ɛyɛ nwonwa no.

John Ratey a ɔyɛ adwenemyare ho ɔbenfo wɔ Harvard Aduruyɛ Suabea no kae sɛ: “Ade biako a eye sen biara a wubetumi ayɛ ama w’adwene ne sɛ wobɛtete no.” Gene Cohen a ɔyɛ ɔkwankyerɛfo wɔ Onyin, Apɔwmuden, ne Nnipa Asetenam Nsɛm Asoɛe wɔ George Washington Sukuupɔn mu no kyerɛ sɛ, “sɛ yesusuw nneɛma a ɛkyere adwene ho a, nkwammoaa a wɔwɔ yɛn adwenem no foforo bɛka ho, na ɛma yɛn adwene tumi susuw nneɛma ho kɔ akyiri.”

Enti, nyansa wom sɛ yɛbɛtete yɛn adwene na yɛanya Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ pii. Sɛ yɛyɛ saa a, ebetumi asiesie yɛn yiye ma yɛayɛ nea “Onyankopɔn pɛ . . . na edi mũ.”—Rom. 12:1, 2.

Nya “Aduan a Ɛyɛ Den” Ho Akɔnnɔ

Sɛ yɛpɛ sɛ ‘yɛpere kɔ ahokokwaw mu’ a, ɛho hia sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘So merenya ntease wɔ Bible mu nokware no mu? So afoforo bu me sɛ meyɛ Kristoni a ne ho akokwaw?’ Ɔbaatan ani gye ho sɛ ɔbɛma ne ba akokoaa nufusu ne nkokoaa aduan bere a ne ba no yɛ akokoaa. Nanso, hwɛ sɛnea sɛ mfe bi twam na ne ba no nni aduan a ɛyɛ den a, ɛbɛhaw ɔbaatan no afa! Saa ara na sɛ yehu sɛ obi a yɛne no sua Bible anya nkɔso ahyira ne ho so abɔ asu a, yɛn ani gye. Nanso, sɛ ɛno akyi no, onipa no ammɔ mmɔden annya nkɔso wɔ nokware no mu nso ɛ? So ɛremmu yɛn abam? (1 Kor. 3:1-4) Ɔkyerɛkyerɛfo no hwɛ kwan sɛ bere a ɛsɛ mu no osuani foforo no nso bɛba abɛyɛ ɔkyerɛkyerɛfo.

Sɛ́ yɛde yɛn adwene besusuw nneɛma ho no hwehwɛ sɛ yedwinnwen nneɛma ho, na ɛno gye mmɔdenbɔ. (Dw. 1:1-3) Ɛnsɛ sɛ yɛma nneɛma a ɛtwetwe adwene te sɛ television a yɛbɛhwɛ anaa nneɛma a yɛyɛ de gyigye yɛn ani a ne yɛ mma yɛmmfa yɛn adwene nyɛ adwuma pii sɛe bere a yɛde susuw nneɛma a mfaso wɔ so ho no. Nea ɛbɛyɛ na yɛatete yɛn adwene no, ɛho hia sɛ yɛma yɛn ani kũ Bible ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nhoma ahorow a yebesua ho. (Mat. 24:45-47) Bible a yɛbɛkenkan no daa akyi no, ɛho hia sɛ yeyi bere bi si hɔ de yɛ Abusua Som na yesusuw Bible mu nsɛm ho kɔ akyiri nso.

Jerónimo a ɔyɛ ɔhwɛfo kwantufo wɔ Mexico no ka sɛ sɛ ne nsa ka Ɔwɛn-Aban biara pɛ a, ofi ase sua. Ɔsan nso yi bere si hɔ ne ne yere bom sua ade. Jerónimo ka sɛ, “Me ne me yere de ayɛ yɛn su sɛ yɛbɛbom akenkan Bible da biara, na yɛde nneɛma a yɛde sua Bible te sɛ ‘Asase Pa’ nhomawa no di dwuma.” Kristoni bi a wɔfrɛ no Ronald ka sɛ odi asafo Bible akenkan no akyi bere nyinaa. Ɔsan nso de ɔsɛmpɔw biako anaa abien si n’ani so sua ho ade bere tenten bi. Ronald ka sɛ, “Saa nhyehyɛe yi ma mehwɛ bere foforo a mesua ade kwan.”

Na yɛn nso ɛ? So yɛde bere pii sua Bible, na yɛde bere pii dwinnwen Onyankopɔn Asɛm ho? So yɛretete yɛn adwene, na yɛn ho rekokwaw wɔ sɛnea yɛde Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm sisi gyinae ho? (Mmeb. 2:1-7) Momma yɛmfa nyɛ yɛn botae sɛ yɛbɛyɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw, a wɔwɔ nimdeɛ ne nyansa a nkurɔfo a wɔatete wɔn adwene ma etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe wɔ no bi!

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Yɛtete yɛn adwene denam ‘adwuma a yɛde yɛ’ so