Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmea, Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Mobrɛ Mo Ho Ase Hyɛ Tiyɛ Ase?

Mmea, Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Mobrɛ Mo Ho Ase Hyɛ Tiyɛ Ase?

Mmea, Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Mobrɛ Mo Ho Ase Hyɛ Tiyɛ Ase?

‘Ɔbea ti ne ɔbarima.’—1 KOR. 11:3.

1, 2. (a) Dɛn na ɔsomafo Paulo kyerɛw faa nhyehyɛe a Yehowa ayɛ wɔ tiyɛ ne yɛn ho ase a yɛbɛbrɛ ahyɛ tiyɛ ase no ho? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua asɛm yi mu?

YEHOWA ahyehyɛ nneɛma nnidiso nnidiso pɛpɛɛpɛ, na ɛno na Ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm bere a ɔkyerɛwee sɛ “ɔbarima biara ti ne Kristo” na ‘Kristo ti ne Onyankopɔn’ no. (1 Kor. 11:3) Adesua asɛm a edi eyi anim no kae sɛ Yesu buu no sɛ wanya hokwan a ɛyɛ anigye sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ahyɛ ne Ti a ɔne Yehowa Nyankopɔn ase, na Kristofo mmarima nso ti ne Kristo. Kristo daa ayamye, odwo, ayamhyehye, ne tema adi wɔ sɛnea ɔne afoforo dii mu. Ɛsɛ sɛ mmarima a wɔwɔ asafo no mu ne afoforo di wɔ saa kwan yi so, titiriw, wɔn yerenom.

2 Na mmea nso ɛ? Hena na ɔyɛ wɔn ti? Paulo kyerɛwee sɛ: ‘Ɔbea ti ne ɔbarima.’ Ɛsɛ sɛ mmea bu asɛm a wɔde Onyankopɔn honhom kyerɛwee yi dɛn? Sɛ Kristoni bea bi kunu nyɛ gyidini a, so saa asɛm yi fa ne ho? So brɛ a mmea brɛ wɔn ho ase hyɛ mmarima tiyɛ ase no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔka wɔn ano tom wɔ aware mu a wonni hokwan sɛ wɔkyerɛ wɔn adwene bere a wɔresisi gyinae no? Dɛn na ɔbea bɛyɛ ma wɔayi no ayɛ?

“Merebɛyɛ Ɔboafo Ama No”

3, 4. Dɛn nti na mfaso wɔ tiyɛ ho nhyehyɛe a ɛwɔ aware mu no so?

3 Onyankopɔn na ɔyɛɛ tiyɛ ho nhyehyɛe no. Bere a Yehowa Nyankopɔn bɔɔ Adam wiei no, ɔkae sɛ: “Enye sɛ onipa no nko bɛtena. Merebɛyɛ ɔboafo ama no, ɔhokafo a ɔfata no.” Bere a wɔbɔɔ Hawa no, Adam ani gyei paa sɛ wanya ɔhokafo ne ɔboafo ma enti ɔkae sɛ: “Aa, me nnompe mu dompe ne me honam mu nam ni.” (Gen. 2:18-24) Ná Adam ne Hawa wɔ anidaso a ɛyɛ anigye sɛ wɔbɛyɛ adesamma abusua a wɔyɛ pɛ a wɔbɛtena ase anigye mu daa wɔ paradise a ɛbɛba wiase nyinaa mu no agya ne wɔn na.

4 Esiane sɛ yɛn awofo a wodi kan no tew atua nti, asetena a na ɛyɛ pɛ wɔ Eden turom hɔ no yerae. (Monkenkan Romafo 5:12.) Nanso, ɛno ansɛe tiyɛ ho nhyehyɛe no. Sɛ okunu di ne tiyɛ no yiye, na ɔyere nso brɛ ne ho ase hyɛ ne kunu tiyɛ ase a, ɛde mfaso ne anigye kɛse ba aware mu. Wonya anigye a Yesu nyae bere a ɔde ne ho hyɛɛ ne Ti a ɔne Yehowa ase no bi. Ansa na Yesu reba asase so sɛ onipa no, na ‘n’ani gye Yehowa anim daa.’ (Mmeb. 8:30) Esiane sintɔ nti, mmarima ntumi nni wɔn tiyɛ no wɔ ɔkwan a ɛyɛ pɛ so, na saa ara na mmea nso ntumi mmrɛ wɔn ho ase nhyɛ wɔn ti ase wɔ ɔkwan a ɛyɛ pɛ so. Nanso, sɛ okununom ne ɔyerenom kɔ so bɔ mmɔden yɛ nea wobetumi nyinaa a, tiyɛ ho nhyehyɛe no ma wotumi nya abotɔyam kɛse wɔ aware mu wɔ saa bere yi mu.

5. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ awarefo de afotu a ɛwɔ Romafo 12:10 no yɛ adwuma?

5 Ɛho hia paa sɛ awarefo de Kyerɛwnsɛm mu afotu a wɔde ma Kristofo nyinaa no yɛ adwuma na ama wɔn aware asɔ. Afotu no ne sɛ: “Momma mo yam nhyehye mo mma mo ho wɔ onuadɔ mu. Munni kan mfa nidi mma mo ho mo ho.” (Rom. 12:10) Afei nso, ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere nyinaa bɔ mmɔden ne ‘wɔn ho wɔn ho di wɔ ayamye ne ayamhyehye so, na wofi wɔn pɛ mu de bɔne firifiri wɔn ho.’—Efe. 4:32.

Bere a Ɔhokafo no Nyɛ Gyidini

6, 7. Sɛ ɔyere a ɔyɛ Kristoni brɛ ne ho ase hyɛ ne kunu a onnye nni ase a, dɛn na ebetumi afi mu aba?

6 Na sɛ wo kunu anaa wo yere nyɛ Yehowa somfo nso ɛ? Mpɛn pii no, ɛyɛ okunu no na ɔnyɛ gyidini. Sɛ ɛba saa a, ɛsɛ sɛ ɔyere no ne ne kunu no di no dɛn? Bible bua sɛ: “Mo ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, na sɛ ebinom anyɛ aso amma asɛm no a, ɔyerenom nam wɔn abrabɔ so anya wɔn a ɔkasa nka ho, efisɛ wɔn ankasa bedi mo abrabɔ kronn ne obu a emu dɔ no ho adanse.”—1 Pet. 3:1, 2.

7 Onyankopɔn Asɛm ka kyerɛ ɔyerenom sɛ wɔnkɔ so mmrɛ wɔn ho ase nhyɛ wɔn kununom a wonnye nni ase. Ɔyerenom abrabɔ pa betumi ama wɔn kununom asusuw ade a ɛma wɔn yerenom brɛ wɔn ho ase saa no ho. Ɛno betumi ama okununom ahwehwɛ wɔn yerenom a wɔyɛ Kristofo no gyidi mu, na awiei koraa no, wɔn nso agye nokware no.

8, 9. Sɛ ɔyere a ɔyɛ Kristoni abrabɔ pa nyinaa akyi no, ne kunu anyɛ nokware no ho hwee a, dɛn na ɔyere no betumi ayɛ?

8 Nanso, sɛ ɔyere no abrabɔ pa nyinaa akyi no, ne okunu a onnye nni no anyɛ nokware no ho hwee nso ɛ? Kyerɛwnsɛm no hyɛ ɔyere a ɔyɛ gyidini no nkuran sɛ ɔnna Kristofo su pa adi bere nyinaa, ɛmfa ho sɛ eyi a ɔbɛyɛ betumi ayɛ den no. Sɛ nhwɛso no, yɛkenkan wɔ 1 Korintofo 13:4 sɛ: “Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre.” Enti ɛyɛ papa sɛ ɔyere a ɔyɛ Kristoni bɛkɔ so anya ‘ahobrɛase adwene ne odwo nyinaa, ne abodwokyɛre,’ na wagyina tebea no ano wɔ ɔdɔ mu. (Efe. 4:2) Ɛdenam Onyankopɔn tumi a ɔde yɛ ade a ɛne ne honhom kronkron mmoa so no, ɔyerenom betumi akɔ so ada Kristofo su pa adi wɔ tebea ahorow a emu yɛ den mpo mu.

9 Paulo kyerɛwee sɛ: “Ade nyinaa mu mewɔ ahoɔden, nea ɔhyɛ me den no nti.” (Filip. 4:13) Onyankopɔn honhom tumi ma ɔyere anaa okunu yɛ nneɛma pii a anka ɔrentumi nyɛ. Sɛ nhwɛso no, sɛ obi kunu anaa ne yere yɛ no ayayade a, ebia a ɛbɛyɛ no sɛ ɔnyɛ bi ntua no so ka. Nanso, Bible ka kyerɛ Kristofo nyinaa sɛ: “Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka. . . . Efisɛ wɔakyerɛw sɛ: ‘Aweredi wɔ me; me ara metua ka, Yehowa na ose.’” (Rom. 12:17-19) Saa ara na 1 Tesalonikafo 5:15 tu yɛn fo sɛ: “Monhwɛ na obi amfa bɔne antua obi bɔne so ka, na mmom bere nyinaa monhwehwɛ nea eye mma mo ho mo ho ne afoforo nyinaa.” Yehowa honhom kronkron betumi aboa yɛn ma yɛayɛ nneɛma bi a anka yɛrentumi mfa yɛn ankasa ahoɔden nyɛ. Hwɛ sɛnea ɛfata sɛ yɛbɛbɔ mpae ahwehwɛ Onyankopɔn honhom kronkron ma aboa yɛn ma yɛayɛ nneɛma a yentumi nyɛ!

10. Yesu yɛɛ n’ade dɛn wɔ nsɛm a ɛyɛ yaw a afoforo ka kyerɛɛ no ne ayayade a wɔyɛɛ no no ho?

10 Yesu yɛɛ nhwɛso a ɛkyɛn so wɔ sɛnea ɔne nkurɔfo a wɔkaa nsɛm a ɛyɛ yaw kyerɛɛ no anaa wɔyɛɛ no ayayade dii no mu. Petro nhoma a edi kan ti 2:23 ka sɛ: “Bere a wɔsopaa no no, wanyɛ bi antua ka. Bere a ɔrehu amane no, wanhunahuna obiara, na mmom ɔkɔɔ so de ne ho hyɛɛ nea obu atɛntrenee no nsa.” Wotu yɛn fo sɛ yensuasua ne nhwɛso pa no. Mma afoforo subammɔne nhyɛ wo abufuw. Sɛnea wotu Kristofo nyinaa fo no, ɛsɛ sɛ wunya ‘ayamhyehye ne ahobrɛase adwene, na mmfa bɔne nntua bɔne so ka, nso mmfa nsopa nntua nsopa so ka.’—1 Pet. 3:8, 9.

So Wɔyɛ Ahokafo a Wonni Hokwan sɛ Wɔkyerɛ Wɔn Adwene?

11. Hokwan kɛse bɛn na Kristofo mmea binom benya?

11 So brɛ a mmea brɛ wɔn ho ase hyɛ wɔn kununom tiyɛ ase no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔka wɔn ano tom wɔ aware mu a wonni hokwan sɛ wɔkyerɛ wɔn adwene wɔ abusua mu nsɛm ne nsɛm foforo ho? Ɛnte saa koraa. Yehowa ama mmea ne mmarima nyinaa hokwan pii. Wode susuw hokwan kɛse a 144,000 no mufo wɔ sɛ wɔbɛyɛ ahemfo ne asɔfo wɔ soro wɔ Kristo ase bere a ɔredi asase yi so no ho hwɛ! Mmea ka saa nnipa no ho. (Gal. 3:26-29) Ɛda adi pefee sɛ, Yehowa ama mmea hokwan bi wɔ ne nhyehyɛe mu.

12, 13. Ma nhwɛso bi fa kyerɛ sɛ mmea hyɛɛ nkɔm.

12 Sɛ nhwɛso no, wɔ mmere a na wɔrekyerɛw Bible mu no, mmea hyɛɛ nkɔm. Yoel hyɛɛ nkɔm wɔ Yoel 2:28, 29 sɛ: “Mehwie me honhom agu ɔhonam ahorow nyinaa so, na mo mmabarima ne mo mmabea bɛhyehyɛ nkɔm. . . . Mehwie me honhom agu nkoa ne mfenaa mpo so, saa nna no mu.”

13 Ná Yesu asuafo bɛyɛ 120 a wɔahyiam wɔ abansoro dan bi mu wɔ Yerusalem wɔ Pentekoste da afe 33 Y.B. mu no yɛ mmarima ne mmea. Wohwiee Onyankopɔn honhom guu wɔn nyinaa so. Enti Petro tumi faa nkɔm a na odiyifo Yoel ahyɛ no kaa asɛm faa mmarima ne mmea nyinaa ho sɛ: “Eyi na wɔnam odiyifo Yoel so kae no sɛ, ‘Nna a edi akyiri no mu no,’ Onyankopɔn na ose, ‘Mehwie me honhom no bi agu ɔhonam ahorow nyinaa so, na mo mmabarima ne mo mmabea bɛhyehyɛ nkɔm . . . ; na mehwie me honhom no bi agu me nkoa ne me mfenaa mpo so wɔ saa nna no mu, na wɔbɛhyɛ nkɔm.’”—Aso. 2:16-18.

14. Dɛn na mmea yɛe de trɛw Kristosom mu tete no?

14 Wɔ afeha a edi kan no mu no, mmea boae kɛse ma wɔtrɛw Kristosom mu. Wɔkaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm kyerɛɛ afoforo, na wɔyɛɛ nneɛma bi de boaa asɛnka adwuma no. (Luka 8:1-3) Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Paulo kaa Foibe ho asɛm sɛ “ɔsom wɔ asafo a ɛwɔ Kenkrea mu.” Na bere a Paulo de nkyia rekɔma ne mfɛfo adwumayɛfo no, ɔbobɔɔ mmea anokwafo bi din, na na wɔn mu bi ne “Trifaina ne Trifosa, mmea a wɔreyɛ adwumaden wɔ Awurade mu.” Ɔsan nso kaa “yɛn dɔfo Persi a ɔyɛɛ adwumaden pii wɔ Awurade mu” no ho asɛm.—Rom. 16:1, 12.

15. Dɛn na mmea yɛ de trɛw Kristosom mu wɔ yɛn bere yi so?

15 Wɔ yɛn bere yi so no, mmea a wɔyɛ mmofra, mmabaa, ne mmerewa ka nnipa bɛboro ɔpepem ason a wɔreka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa wɔ wiase nyinaa no ho. (Mat. 24:14) Wɔn mu pii yɛ bere nyinaa asomfo, asɛmpatrɛwfo, ne Betel mmusua mufo. Odwontofo Dawid too dwom sɛ: “Yehowa aka; mmea a wɔka asɛmpa no yɛ asafodɔm kɛse.” (Dw. 68:11) Hwɛ sɛnea saa asɛm yi abam ampa! Yehowa ani sɔ nea mmea yɛ de ka asɛmpa no, ne nea wɔyɛ de ma n’atirimpɔw bam no. Akyinnye biara nni ho sɛ, Onyankopɔn ahyɛde a ɛne sɛ Kristofo mmea mmrɛ wɔn ho ase no nkyerɛ sɛ wonni hokwan sɛ wɔkyerɛ wɔn adwene wɔ nneɛma ho.

Mmea Baanu a Wɔkyerɛɛ Wɔn Adwene

16, 17. Ɔkwan bɛn so na nea Sara yɛe no ma yehu sɛ mmea tumi kyerɛ wɔn adwene wɔ aware mu?

16 Sɛ Yehowa de hokwan pii ma mmea a, so ɛnsɛ sɛ okununom tie wɔn yerenom adwene ansa na wɔasisi gyinae a anibere wom? Ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ okununom bɛyɛ saa. Kyerɛwnsɛm no ka nsɛm bi a esisii a ɔyerenom kyerɛɛ wɔn adwene wɔ ho anaasɛ wɔyɛɛ ho biribi a wɔammisa wɔn kununom adwene ho asɛm. Momma yensusuw wɔn mu abien ho nhwɛ.

17 Tete agya Abraham yere Sara ka kyerɛɛ ne kunu mpɛn pii sɛ ɔmpam ne yere a ɔto so abien ne ne ba no efisɛ wommu ade. ‘Asɛm no haw Abraham yiye’—nanso anhaw Onyankopɔn. Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Mma biribiara a Sara bɛka afa abarimaa no ne w’afenaa ho no nnhaw wo. Tie no.” (Gen. 21:8-12) Abraham yɛɛ osetie maa Yehowa, otiee Sara, na ɔyɛɛ nea Sara kae no.

18. Anammɔn bɛn na Abigail tui?

18 Susuw Nabal yere Abigail nso ho hwɛ. Bere a na Dawid reguan afi Ɔhene Saul oniberefo no anim no, ɔkɔtenaa baabi a na ɛbɛn Nabal nyɛmmoa. Sɛ́ anka Dawid ne ne mmarima no bɛfa ɔbarima yi a na ɔyɛ ɔdefo no agyapade pii no bi no, wɔbɔɔ ho ban mmom maa no. Nanso, na Nabal ‘asɛm yɛ den na na ne nneyɛe nye,’ na ‘ɔteɛteɛɛ’ Dawid mmarima no ‘yeyaw wɔn.’ Ná “ɔyɛ ɔbarima huhuni,” na na “agyimisɛm ne no na ɛte.” Bere a Dawid mmarima no de obu srɛɛ Nabal nneɛma bi no, wamma wɔn. Bere a Abigail tee asɛm a asi no, dɛn na ɔyɛe? “Ɛhɔ ara na Abigail yɛɛ ntɛm faa paanoo ahanu ne bobesa nsuhina abien ne nguan anum a wɔasiesie, ne nkyewe susukora anum, ne bobe tetare ɔha, ne borɔdɔma aba a wɔabɔ no atɔwatɔw ahanu” de kɔmaa Dawid ne ne mmarima no a wanka ankyerɛ Nabal. So na nea Abigail yɛe no teɛ? Bible ka sɛ: “Yehowa bɔɔ Nabal ma owui.” Akyiri yi, Dawid waree Abigail.—1 Sam. 25:3, 14-19, 23-25, 38-42.

‘Ɔbea a Woyi no Ayɛ’

19, 20. Dɛn na ɛma ɔbea bi fata ayeyi ankasa?

19 Kyerɛwnsɛm no kamfo ɔyere a ɔyɛ n’ade wɔ Yehowa akwan so. Bible mu nhoma a ɛne Mmebusɛm no yi “ɔyere pa” ayɛ sɛ: “Ne bo yɛ den sen nhene pa koraa. Ne kunu wɔ ne mu awerɛhyem, na biribiara mmɔ ne kunu. Ɔde papa atua ne kunu ka ne nkwa nna nyinaa, na ɛnyɛ bɔne.” Bio nso, “obue n’ano nyansam, na adɔe mmara wɔ ne tɛkrɛma so. Ɔhwɛ ne fiefo nkɔree ne wɔn mmae, na onni anihaw aduan. Ne mma sɔre gyina, na wɔfrɛ no anigye; ne kunu sɔre gyina, na oyi no ayɛ.”—Mmeb. 31:10-12, 26-28.

20 Dɛn na ɛma ɔbea bi fata ayeyi ankasa? Mmebusɛm 31:30 ka sɛ: “Osoowa yɛ nnaadaa na ahoɔfɛ yɛ ahuhude; ɔbea a osuro Yehowa na woyi no ayɛ.” Nea ɔbea yɛ a ɛkyerɛ sɛ osuro Yehowa no bi ne sɛ obefi ne pɛ mu abrɛ ne ho ase ahyɛ Onyankopɔn nhyehyɛe a ɛne tiyɛ no ase. ‘Ɔbea ti ne ɔbarima,’ na saa ara na “ɔbarima biara ti ne Kristo,” na “Kristo nso ti ne Onyankopɔn.”—1 Kor. 11:3.

Ma W’ani Nsɔ Onyankopɔn Akyɛde

21, 22. (a) Nneɛma bɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔaware kyerɛ Onyankopɔn akyɛde a ɛne aware no ho anisɔ? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ obu ma nhyehyɛe a Yehowa ayɛ wɔ tumidi ne tiyɛ ho no? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 17 no.)

21 Kristofo a wɔyɛ awarefo wɔ nneɛma pii a ɛsɛ sɛ wɔda Onyankopɔn ase wɔ ho! Titiriw no, esiane sɛ Onyankopɔn akyɛde pa a ɛne aware ma wonya hokwan bom som Yehowa sɛ awarefo a wɔwɔ anigye nti, ɛfata sɛ wɔda Onyankopɔn ase wɔ ho. (Rut 1:9; Mika 6:8) Yehowa a ɔne aware Hyehyɛfo no nim nneɛma pɔtee a ɛsɛ sɛ awarefo yɛ na ama wɔanya anigye. Monyɛ nneɛma wɔ Onyankopɔn akwan so bere nyinaa, na ‘Yehowa mu anigye bɛyɛ mo abannennen’ wɔ ɛnnɛ wiase a ɔhaw ahyɛ mu ma yi mpo mu.—Neh. 8:10.

22 Okunu a ɔyɛ Kristoni a ɔdɔ ne yere sɛ ne ho bɛyɛ ne yere brɛbrɛ, na wada tema adi akyerɛ no wɔ ne tiyɛ mu. Esiane sɛ ne yere a osuro Onyankopɔn bɛboa no na wada obu kɛse adi akyerɛ no nti, ɔbɛdɔ no paa. Nea ɛho hia sen ne nyinaa no, wɔn aware pa no de anuonyamhyɛ bɛbrɛ yɛn Nyankopɔn Yehowa a ɔfata ayeyi no.

So Wokae?

• Nhyehyɛe bɛn na Yehowa ayɛ wɔ tiyɛ ne yɛn ho ase a yɛbɛbrɛ ahyɛ tiyɛ ase no ho?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ awarefo di wɔn ho wɔn ho ni?

• Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ ɔyere a ɔyɛ gyidini ne ne kunu a onnye nni di?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ okununom tie wɔn yerenom adwene ansa na wɔasisi gyinae a anibere wom?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka wɔ kratafa 17]

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wubu Tumidi?

Yehowa ayɛ tumidi ne tiyɛ ho nhyehyɛe wɔ abɔde a wonim nyansa mu. Wayɛ eyi sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛboa ɔsoro abɔfo ne nnipa nyinaa. Ɛma wotumi fi wɔn pɛ mu yɛ ade na wɔhyɛ Onyankopɔn anuonyam denam som a wɔsom no wɔ biakoyɛ ne asomdwoe mu so.—Dw. 133:1.

Kristofo a wɔasra wɔn asafo no gye Yesu Kristo tumidi ne ne tiyɛ tom. (Efe. 1:22, 23) Awiei koraa no, “Ɔba no ankasa nso de ne ho bɛhyɛ Nea ɔde nneɛma nyinaa hyɛɛ n’ase no ase, na Onyankopɔn ayɛ ade nyinaa ama obiara” de akyerɛ sɛ ogye Yehowa tumidi tom. (1 Kor. 15:27, 28) Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛfata sɛ nnipa a wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn no begye tiyɛ ho nhyehyɛe a ɛwɔ asafo no ne abusua mu no atom! (1 Kor. 11:3; Heb. 13:17) Sɛ yɛyɛ saa a, yenya Yehowa anim dom ne ne nhyira.—Yes. 48:17.

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Mpaebɔ betumi aboa ɔyere a ɔyɛ Kristoni ma wada su pa adi

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Yehowa ani sɔ nea mmea yɛ de trɛw Ahenni adwuma no mu no