Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Monnhow Yehowa Honhom Kronkron No Werɛ

Monnhow Yehowa Honhom Kronkron No Werɛ

Monnhow Yehowa Honhom Kronkron No Werɛ

“Monnhow Onyankopɔn honhom kronkron a wɔde asɔ mo ano . . . no werɛ.”—EFE. 4:30.

1. Dɛn na Yehowa ayɛ ama nnipa ɔpepem pii, na asɛyɛde bɛn na wɔwɔ?

YEHOWA ayɛ biribi titiriw ama nnipa ɔpepem pii a wɔte wiase a ɔhaw wom yi mu. Wama ayɛ yiye sɛ wobetumi afa ne Ba a ɔwoo no koro a ɔne Yesu Kristo so aba ne nkyɛn. (Yoh. 6:44) Sɛ woahyira wo ho so ama Onyankopɔn na woreyɛ nea woahyira wo ho so sɛ wobɛyɛ no a, ɛnde woka wɔn a wɔaba Yehowa nkyɛn no ho. Esiane sɛ wɔabɔ wo asu wɔ honhom kronkron din mu nti, wowɔ asɛyɛde sɛ wobɔ wo bra sɛnea saa honhom no hwehwɛ sɛ woyɛ.—Mat. 28:19.

2. Nsɛmmisa bɛn na yɛrebesusuw ho?

2 Yɛn a ‘yegu ma honhom no’ hyɛ nipasu foforo no. (Gal. 6:8; Efe. 4:17-24) Nanso, ɔsomafo Paulo tu yɛn fo na ɔbɔ yɛn kɔkɔ sɛ, mma yɛnnhow Onyankopɔn honhom kronkron no werɛ. (Monkenkan Efesofo 4:25-32.) Afei momma yensusuw ɔsomafo no afotu no ho yiye. Dɛn na na Paulo kyerɛ bere a ɔkaa Onyankopɔn honhom no werɛ a yɛbɛhow ho asɛm no? Akwan bɛn so na obi a wahyira ne ho so ama Yehowa betumi ahow honhom no werɛ? Dɛn na yebetumi ayɛ na yɛanhow Yehowa honhom no werɛ?

Nea na Paulo Kyerɛ

3. Wobɛkyerɛkyerɛ asɛm a ɛwɔ Efesofo 4:30 no mu dɛn?

3 Nea edi kan koraa no, hyɛ asɛm a Paulo kae wɔ Efesofo 4:30 no nsow. Ɔkyerɛwee sɛ: “Monnhow Onyankopɔn honhom kronkron a wɔde asɔ mo ano ama da a wɔnam agyede so begye mo no werɛ.” Ná Paulo mpɛ sɛ ne mfɛfo gyidifo sɛe abusuabɔ pa a wɔne Onyankopɔn wɔ no. Ná ɛyɛ Yehowa honhom no na wɔde ‘asɔ wɔn ano ama ɛda a wɔnam agyede so begye wɔn no.’ Ná Onyankopɔn honhom kronkron no yɛ nsɔano, na ɛda so ara yɛ nsɔano, anaa ɛma wɔn a wɔasra wɔn a wokura wɔn mudi mu no hu “nea ɛbɛba no ho sɛnkyerɛnne.” (2 Kor. 1:22) Sɔ a wɔsɔ wɔn ano no kyerɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn agyapade, na wɔbɛkɔ soro. Wɔn a wɔsɔ wɔn ano no nyinaa dodow yɛ 144,000.—Adi. 7:2-4.

4. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanhow Onyankopɔn honhom no werɛ?

4 Honhom no werɛ a Kristoni bɛhow no betumi ayɛ ade a edi kan a ɛbɛma Onyankopɔn tumi a ɔde yɛ ade no afi no so koraa. Nea ɛma yehu sɛ Onyankopɔn honhom betumi afi obi so ne asɛm a Dawid kae bere a ɔne Bat-Seba yɛɛ bɔne akyi no. Dawid de ahonu srɛɛ Yehowa sɛ: “Ntow me nkyene mfi w’anim; na wo honhom kronkron no nso, nyi mfi me so.” (Dw. 51:11) Ɛyɛ wɔn a wɔasra wɔn a ‘wodi nokware kosi owu mu’ no nkutoo na wobenya nkwa a owu nnim “abotiri” no wɔ ɔsoro. (Adi. 2:10; 1 Kor. 15:53) Sɛ Kristofo a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no bɛkɔ so akura wɔn mudi mu ama Onyankopɔn, na wɔafa Kristo agyede afɔre no mu gyidi so anya Onyankopɔn akyɛde a ɛne nkwa no a, ehia sɛ wɔn nso nya honhom kronkron. (Yoh. 3:36; Rom. 5:8; 6:23) Enti, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa hwɛ yiye na yɛanhow Yehowa honhom kronkron no werɛ.

Ɔkwan Bɛn so na Kristoni Betumi Ahow Honhom no Werɛ?

5, 6. Ɔkwan bɛn so na Kristoni betumi ahow Yehowa honhom no werɛ?

5 Yɛn a yɛyɛ Kristofo a yɛahyira yɛn ho so no betumi akwati sɛ yɛbɛhow honhom no werɛ. Sɛ ‘yɛkɔ so nantew honhom mu na yɛte ase honhom mu’ a, yɛrenhow honhom no werɛ, efisɛ honam akɔnnɔ bɔne renni yɛn so, na ɛremma yɛnna subammɔne adi. (Gal. 5:16, 25, 26) Nanso nneɛma betumi asesa. Yebetumi ahow Onyankopɔn honhom no werɛ wɔ ɔkwan bi so denam nneɛma bi a Onyankopɔn Asɛm a wɔde ne honhom akyerɛw kasa tia a yɛbɛyɛ no nkakrankakra a yɛn ani nni yɛn ho so no so.

6 Sɛ yɛkɔ so yɛ nneɛma a ɛne honhom kronkron akwankyerɛ nhyia a, na yɛrehow honhom no ne Yehowa a ɔne honhom no Wura no werɛ. Sɛ yɛhwehwɛ Efesofo 4:25-32 mu a, yebehu sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra, na ebetumi aboa yɛn na yɛanhow Onyankopɔn honhom no werɛ.

Nea Yɛyɛ a Ɛremma Yɛnnhow Honhom no Werɛ

7, 8. Kyerɛkyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛka nokware no mu.

7 Ɛsɛ sɛ yɛka nokware. Paulo kyerɛwee wɔ Efesofo 4:25 sɛ: “Afei a moayi nkontompo agu yi, mo mu biara nka nokware nkyerɛ ne yɔnko, efisɛ yɛyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa.” Esiane sɛ “yɛyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa” a yɛayɛ biako nti, ɛnsɛ yetwa nkontompo anaasɛ yɛhyɛ da daadaa yɛn mfɛfo asomfo da, efisɛ sɛ yɛyɛ saa a, na yɛredi atoro akyerɛ wɔn. Obiara a ɔbɛkɔ so ayɛ saa no bɛsɛe abusuabɔ a ɔne Onyankopɔn wɔ.—Monkenkan Mmebusɛm 3:32.

8 Atosɛm ne nnaadaa betumi asɛe biakoyɛ a ɛwɔ asafo no mu. Enti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade te sɛ odiyifo Daniel ɔnokwafo a afoforo anhu bɔne biara wɔ ne ho no. (Dan. 6:4) Na ɛsɛ sɛ yɛkae Paulo afotu a ɔde maa Kristofo a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro no. Otuu wɔn fo sɛ, wɔn mu biara ka “Kristo nipadua” no ho, na ɔne wɔn a wɔaka no yɛ wɔn ho wɔn ho akwaa, na ɛsɛ sɛ ɔkɔ so ne Yesu akyidifo anokwafo a wɔasra wɔn no yɛ biako. (Efe. 4:11, 12) Sɛ yɛn anidaso ne sɛ yɛbɛtena Paradise asase so a, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛka nokware, na sɛ yɛyɛ saa a, yɛboa ma biakoyɛ tena yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa mu.

9. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛde afotu a ɛwɔ Efesofo 4:26, 27 no yɛ adwuma?

9 Ɛsɛ sɛ yesiw Ɔbonsam kwan, na ɛnsɛ sɛ yɛma onya kwan sɛe abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ no. (Yak. 4:7) Honhom kronkron boa yɛn ma yɛko tia Satan. Sɛ nhwɛso no, nea ɛbɛma yɛatumi ayɛ saa ne sɛ yɛbɛhyɛ yɛn ho so wɔ abufuw ho. Paulo kyerɛwee sɛ: “Mo bo mfuw, nanso monnyɛ bɔne; mommma owia nnkɔtɔ mo so mo abufuw mu, na mommma Ɔbonsam kwan nso.” (Efe. 4:26, 27) Sɛ obi hyɛ yɛn abufuw na sɛ yɛbɔ mpae wɔ yɛn tirim ntɛm ara a, ebetumi aboa yɛn ma yɛn ‘honhom adwo,’ na ama yɛahyɛ yɛn ho so sen sɛ yɛbɛyɛ yɛn ade wɔ ɔkwan bi so a ebetumi ama yɛahow Onyankopɔn honhom no werɛ. (Mmeb. 17:27) Enti mommma yɛn bo nnkɔ so mmfuw, na Satan annya kwan amma yɛanyɛ biribi bɔne. (Dw. 37:8, 9) Ɔkwan biako a yɛbɛfa so ako atia Satan ne sɛ yebesiesie akasakasa biara a ɛbɛsɔre wɔ yɛne obi ntam no ntɛm ara sɛnea Yesu atu yɛn fo sɛ yɛnyɛ no.—Mat. 5:23, 24; 18:15-17.

10, 11. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛbɔ korɔn anaasɛ yedi atoro?

10 Sɛ biribi yɛ yɛn sɛ yɛmmɔ korɔn anaasɛ yenni atoro a, ɛnsɛ sɛ yegyae yɛn ho mu. Paulo kyerɛw korɔnbɔ ho asɛm sɛ: “Mma ɔkorɔmfo nnwia ade bio, na mmom ɔnyɛ adwumaden, mfa ne nsa nyɛ adwuma pa, na ama wanya biribi a ɔde bɛma nea ahia no.” (Efe. 4:28) Sɛ Kristoni a wahyira ne ho so bɔ korɔn a, na ɔrebɔ ‘Onyankopɔn din ahohora’ ankasa de agu edin no ho fĩ. (Mmeb. 30:7-9) Sɛ ahia wo mpo a, ɛno nkyerɛ sɛ sɛ wobɔ korɔn a, ɛnyɛ bɔne. Wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn ne wɔn yɔnko nnipa nim sɛ biribiara nni hɔ a wobetumi de ayi wɔn ho ano abɔ korɔn.—Mar. 12:28-31.

11 Ɛnyɛ nneɛma a ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nkutoo na Paulo kaa ho asɛm; ɔkyerɛɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛyɛ nso. Sɛ yɛte ase honhom kronkron mu na yɛnantew mu a, yɛbɛyere yɛn ho ayɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ahwɛ yɛn abusua, na yɛasan nso anya ‘biribi de ama nea ahia no.’ (1 Tim. 5:8) Yesu ne n’asomafo no yii sika too hɔ de boaa ahiafo, nanso Yuda Iskariot a oyii Yesu mae no wiawiaa sika no bi. (Yoh. 12:4-6) Ɛda adi paa sɛ na ɛnyɛ honhom kronkron na ɛrekyerɛ no kwan. Sɛnea Paulo yɛe no, yɛn a Onyankopɔn honhom kyerɛ yɛn kwan no nso de “nokwaredi bɔ yɛn bra wɔ biribiara mu.” (Heb. 13:18) Ɛno nti, yɛnnhow Yehowa honhom kronkron no werɛ.

Nneɛma Foforo a Yɛyɛ a Ɛremma Yɛnnhow Honhom no Werɛ

12, 13. (a) Sɛnea Efesofo 4:29 ma yehu no, nsɛm bɛn na ɛnsɛ sɛ epue fi yɛn anom? (b) Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yɛma epue fi yɛn anom?

12 Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn kasa yiye. Paulo kae sɛ: “Mommma asɛm a aporɔw mmpue mmfi mo anom, na mmom asɛm biara a eye ma nkɔso a ehia, na ɛde nsɛm a mfaso wɔ so ama atiefo.” (Efe. 4:29) Ɛha nso, ɔsomafo no anka nea ɛnsɛ sɛ yɛyɛ kɛkɛ; ɔkaa nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ nso. Sɛ Onyankopɔn honhom reyɛ adwuma wɔ yɛn so a, ɛbɛka yɛn ma ‘yɛaka asɛm a eye ma nkɔso sɛnea ɛbɛyɛ a ɛde nsɛm a mfaso wɔ so bɛma atiefo.’ Bio nso, ɛnsɛ sɛ yɛma “asɛm a aporɔw” pue fi yɛn anom. Wɔde Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “aporɔw” no ka aduaba anaa nam a asɛe ho asɛm. Sɛnea yɛmpɛ sɛ yɛn ani bɔ nnuan a ɛte saa so no, saa ara na ɛsɛ sɛ yekyi kasa a Yehowa bu no sɛ ɛyɛ kasafĩ.

13 Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn kasa ho tew, ɛho ba nyam, na ‘nkyene ba mu.’ (Kol. 3:8-10; 4:6) Sɛ nkurɔfo te sɛ yɛrekasa a, ɛsɛ sɛ wotumi hu sɛ yɛyɛ soronko. Enti momma yɛnka asɛm biara a “eye ma nkɔso” mfa mmoa afoforo. Na momma yɛne odwontofo a ɔtoo dwom a edi so yi nyɛ adwene sɛ: “Ma m’anom nsɛm ne me komam nsusuwii nyɛ wo fɛ, O Yehowa, me Botan ne me Gyefo.”—Dw. 19:14.

14. Sɛnea Efesofo 4:30, 31 kyerɛ no, dɛn na ɛsɛ sɛ yeyi fi yɛn mu?

14 Ɛsɛ sɛ yeyi menasepɔw, bobɔne, kasatia ne adebɔne biara fi yɛn mu. Bere a Paulo bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛhow Onyankopɔn honhom no werɛ akyi no, ɔkyerɛwee sɛ: “Momma wonyi menasepɔw nyinaa ne abufuw ne bobɔne ne nkekawmu ne kasatia mfi mo mu, ɛne adebɔne biara.” (Efe. 4:30, 31) Esiane sɛ yɛyɛ nnipa a yɛtɔ sin nti, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yere yɛn ho hyɛ yɛn ho so wɔ yɛn nsusuwii ne yɛn nneyɛe ho. Sɛ yɛanhwɛ anyi ‘menasepɔw ne abufuw ne bobɔne’ amfi yɛn mu a, yɛbɛhow Onyankopɔn honhom no werɛ. Saa ara na sɛ yɛde bɔne a obi ayɛ yɛn hyɛ yɛn mu, na yenya ne ho menasepɔw, na yɛmpɛ sɛ yɛne no siesie yɛn ntam a, na yɛrehow honhom no werɛ. Sɛ yefi ase bu yɛn ani gu Bible mu afotu so a, yebetumi anya su bi a ebetumi ama yɛayɛ bɔne atia honhom no, na nea ebetumi afi mu aba no renyɛ papa koraa.

15. Sɛ obi yɛ biribi tia yɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

15 Ɛsɛ sɛ yɛda ayamye ne ayamhyehye adi, na yɛde bɔne firi. Paulo kyerɛwee sɛ: “Mo ne mo ho nni wɔ ayamye ne ayamhyehye so, na mumfi mo pɛ mu mfa bɔne mfirifiri mo ho, sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de firii mo koraa no.” (Efe. 4:32) Sɛ obi ayɛ biribi atia yɛn ma ayɛ yɛn yaw paa mpo a, momma yɛmfa mfiri no sɛnea Onyankopɔn de firi yɛn no. (Luka 11:4) Fa no sɛ yɛn yɔnko gyidini bi aka yɛn ho asɛmmɔne bi. Nea ɛbɛyɛ na yɛne no asiesie yɛn ntam no, yɛkɔ ne nkyɛn. Onu ne ho ankasa wɔ nea wayɛ no ho, na ɔsrɛ yɛn sɛ yɛmfa ne bɔne mfiri no. Yɛde firi no, nanso ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea ɛsen saa. Leviticus 19:18 ka sɛ: “Wo yɔnko yɛ biribi tia wo a, ntua no so ka, na nnya wo nkurɔfo mma ho menasepɔw. Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho. Mene Yehowa.”

Ɛho Hia sɛ Yɛma Yɛn Ani Da Hɔ

16. Ma nhwɛso bi fa kyerɛ sɛ ebia ɛho behia sɛ yɛyɛ nsakrae bi na amma yɛanhow Yehowa honhom no werɛ.

16 Sɛ ɛka yɛn nkutoo wɔ baabi a, biribi betumi atwetwe yɛn ma yɛayɛ nneɛma a Onyankopɔn ani nnye ho. Sɛ nhwɛso no, ebia na onua bi tie nnwom a emu nsɛm nyɛ papa. Bere bi akyi no, n’ahonim haw no esiane sɛ obuu n’ani guu Bible mu afotu a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nhoma ahorow mu so nti. (Mat. 24:45) Ebia ɔbɛbɔ ɔhaw yi ho mpae, na ebia ɔbɛkae Paulo asɛm a ɛwɔ Efesofo 4:30 no. Osi ne bo denneennen sɛ ɔrenyɛ biribiara a ɛbɛhow Onyankopɔn honhom no werɛ, na osi gyinae sɛ efi saa bere no rekɔ no, ɔrentie nnwom a emu nsɛm nyɛ papa bio. Yehowa behyira onua no wɔ saa su a ɔda no adi no ho. Enti, momma yɛnhwɛ yiye bere nyinaa sɛ yɛrenhow Onyankopɔn honhom no werɛ.

17. Sɛ yɛamma yɛn ani anna hɔ na yɛankɔ so ammɔ mpae a, dɛn na ebetumi ato yɛn?

17 Sɛ yɛamma yɛn ani anna hɔ na yɛankɔ so ammɔ mpae a, yebetumi de yɛn ho ahyɛ afideyɛ anaa nneyɛe bɔne bi mu a ɛbɛma yɛahow honhom no werɛ. Esiane sɛ honhom kronkron da su ahorow a ɛne yɛn soro Agya no nipasu hyia adi nti, sɛ yɛhow honhom no were a, na yɛrehow Onyankopɔn werɛ—ade a yɛn mu biara mpɛ sɛ ɔbɛyɛ da. (Efe. 4:30) Yudafo akyerɛwfo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu no yɛɛ bɔne bere a wɔkae sɛ ɛyɛ Satan tumi na Yesu de yɛ anwonwade no. (Monkenkan Marko 3:22-30.) Saa nkurɔfo a na wɔtan Kristo no ‘kaa abususɛm tiaa honhom kronkron no,’ na ɛma wɔyɛɛ bɔne a wɔremfa mfiri wɔn da. Mommma yɛnnyɛ biribi a ɛte saa da!

18. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ yɛnyɛɛ bɔne a wɔremfa mfiri yɛn da?

18 Esiane sɛ yɛmpɛ koraa sɛ yɛbɛyɛ biribi a ɛbɛma yɛayɛ bɔne a wɔremfa mfiri yɛn da nti, ehia sɛ yɛkae asɛm a Paulo kae sɛ ɛnsɛ sɛ yɛhow honhom no werɛ no. Na sɛ yɛayɛ bɔne bi a anibere wom nso ɛ? Sɛ yɛanu yɛn ho na mpanyimfo no aboa yɛn a, yebetumi agye atom sɛ Onyankopɔn de afiri yɛn, na yɛnyɛɛ bɔne ntiaa honhom kronkron. Onyankopɔn bɛboa yɛn na yɛansan anhow honhom no werɛ bio wɔ ɔkwan foforo biara so.

19, 20. (a) Nneɛma a ɛnsɛ sɛ yɛyɛ no bi ne dɛn? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

19 Onyankopɔn nam ne honhom kronkron so ma ɔdɔ, anigye, ne biakoyɛ a ɛwɔ ne nkurɔfo mu no mu yɛ den. (Dw. 133:1-3) Enti, ɛnsɛ sɛ yɛkeka afoforo ho nsɛmmɔne anaasɛ yɛkeka nsɛm bi a ɛbɛsɛe obu a ahwɛfo a wɔnam honhom so apaw wɔn no wɔ de how honhom no werɛ. (Aso. 20:28; Yuda 8) Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛboa ma biakoyɛ ne obu a yɛwɔ ma yɛn ho yɛn ho wɔ asafo no mu no mu yɛ den. Nokwarem no, ɛnsɛ sɛ yenya akuw a emufo ne wɔn ho wɔn ho nkutoo na ɛbɔ wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu. Paulo kyerɛwee sɛ: “Anuanom, mitu mo fo yɛn Awurade Yesu Kristo din mu sɛ mo nyinaa nyɛ nokoro, na mommma mpaapaemu mmma mo mu, na mmom monka mmom denneennen, adwenkoro ne nsusuwii koro mu.”—1 Kor. 1:10.

20 Yehowa pɛ sɛ ɔboa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrenhow ne honhom no werɛ, na ɔwɔ tumi a ɔde bɛyɛ saa nso. Momma yɛnkɔ so mmɔ mpae nhwehwɛ honhom kronkron, na yensi yɛn bo sɛ yɛrenhow honhom no werɛ da. Momma yɛnkɔ so ‘ngu mma honhom no,’ na yemfi yɛn koma nyinaa mu nhwehwɛ honhom no akwankyerɛ nnɛ nkosi daa.

Wubebua Dɛn?

• Onyankopɔn honhom no werɛ a yɛbɛhow no kyerɛ dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na obi a wahyira ne ho so ama Yehowa betumi ahow Onyankopɔn honhom no werɛ?

• Nneɛma bɛn na sɛ yɛyɛ a ɛremma yɛnnhow honhom kronkron werɛ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Munsiesie akasakasa ntɛm ara

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Nnuaba yi mu nea ɛwɔ he na ɛte sɛ w’anom nsɛm?