Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Tete Kristofo Ne Roma Anyame

Tete Kristofo Ne Roma Anyame

Tete Kristofo Ne Roma Anyame

BITINIA amrado Pliny Kumaa kyerɛw Roma Ɔhempɔn Trajan sɛ: “Eyi ne nea mayɛ wɔn a wɔbɔɔ wɔn sobo wɔ m’anim sɛ wɔyɛ Kristofo no. Mibisa wɔn sɛ wɔyɛ Kristofo anaa, na sɛ wɔka sɛ wɔyɛ bi a, mesan bisa wɔn ne mprenu ne ne mprɛnsa so, na sɛ wɔka sɛ wogyina nea wogyina a, me nso meka sɛ mɛtwe wɔn aso. Sɛ wɔkɔ so ka sɛ wɔyɛ Kristofo a, mema wokum wɔn.” Na wɔn a wɔkasa tiaa Kristo na wɔsom ɔhempɔn no honi ne anyame no ahoni a na Pliny de aba asɛnnibea hɔ de kyerɛe sɛ wɔapo Kristosom no ho de, Pliny kyerɛwee sɛ: “Mihui sɛ ɛfata sɛ migyae wɔn.”

Esiane sɛ tete Kristofo no ansom ɔhempɔn no ne anyame no ahoni nti wɔtaa wɔn. Na ɔsom afoforo a na ɛwɔ Roma Ahemman no nyinaa mu nso ɛ? Anyame bɛn na na wɔsom wɔn, na na Romafo bu wɔn dɛn? Dɛn nti na afɔre a Kristofo ammɔ amma Roma anyame no nti wɔtaa wɔn? Saa nsɛmmisa yi ho mmuae bɛboa yɛn ma yɛahu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnɛ bere a yɛahyia nsɛm a ɛte saa a ɛfa nokware a yebedi ama Yehowa ho no.

Ɔsom Ahorow a na Ɛwɔ Ahemman no Mu

Sɛnea na nnipa a wɔwɔ tete Roma Ahemman no mu ka kasa pii na wɔn amammerɛ gu ahorow no, saa ara na na wɔsom anyame pii nso. Ɛwom mpo sɛ ebia na ɛte sɛ nea Romafo nnim Yudasom ho hwee de, nanso wobuu no sɛ ɛyɛ religio licita, anaa ɔsom a wogye tom, na wɔbɔɔ ho ban. Da biara, na wokum nguammaa abien ne nantwinini biako de bɔ afɔre mprenu ma Kaesare ne Roma man no wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ. Sɛ́ afɔre a wɔbɔe yi dwudwoo onyame biako anaasɛ anyame pii no, na ɛnyɛ ɛno na ehia Romafo no. Mmom no, nea na ehia wɔn ne sɛ saa afɔrebɔ yi ma wonyaa adanse a ɛfata sɛ Yudafo no de wɔn ho ama Romafo no.

Ná akwan pii a wɔfa so som abosom abu so wɔ Roma som ahorow mu. Ná nnipa pii agye Hela atetesɛm atom, na na nnipa dodow no ara kɔ abisa. Sum ase som ahorow a efi Apuei fam hyɛɛ wɔn asɔremma bɔ sɛ wɔrenwu da, wobenya yikyerɛ, na wɔafa mpaebɔ ne nsɛm ho adwinnwen so akɔ anyame no anim. Saa ɔsom ahorow yi trɛw kɔɔ ahemman no nyinaa mu. Ná Egyptfo nyame Serapis, onyamewa Isis, Siria apataa nyamewa Atargatis, ne Persia owia nyame Mithra agye din wɔ mfeha a edi kan no mu wɔ Y.B. mu mfiase.

Bible mu nhoma a ɛne Asomafo Nnwuma no ma yehu pefee sɛ na abosonsom atwa tete Kristofo no ho ahyia. Sɛ nhwɛso no, na Roma amrado a ɔwɔ Kipro ne osumanni bi a ɔyɛ Yudani bɔ. (Aso. 13:6, 7) Bere a Paulo ne Barnaba kɔɔ Listra no, na ɛhɔfo no susuw sɛ wɔne Hela anyame a wɔfrɛ wɔn Hermes ne Seus no. (Aso. 14:11-13) Na bere a Paulo wɔ Filipi no, ohyiaa abaawa bi a na ɔwɔ akɔm honhom. (Aso. 16:16-18) Bere a ɔsomafo no wɔ Atene no, ɔkae sɛ “ɛkame ayɛ sɛ ade nyinaa mu no [kurom hɔfo pɛ] nyamesom sen afoforo.” Ná wahu afɔremuka bi nso a wɔakyerɛw ho sɛ “Ɛyɛ Onyame Bi a Wonnim No Dea” wɔ saa kurow no mu. (Aso. 17:22, 23) Ná Efesofo nso som onyamewa Artemi. (Aso. 19:1, 23, 24, 34) Esiane sɛ ɔwɔ kaa Paulo wɔ Malta supɔw so na hwee anyɛ no nti, nkurɔfo kae sɛ ɔyɛ onyame. (Aso. 28:3-6) Ná ɛsɛ sɛ Kristofo ma wɔn ani da hɔ wɔ nneɛma a ɛtete saa a na ɛwɔ hɔ a ebetumi asɛe ɔsom kronn a wɔde ma Yehowa no ho.

Romafo Som

Bere a Roma ahemman no yɛɛ kɛse no, wogyee anyame foforo a wɔde baa wɔn ahemman mu no toom, na na wogye di sɛ ɛyɛ wɔn anyame a wonim wɔn dedaw no ara na wɔadan wɔn ho wɔ akwan foforo so. Sɛ Romafo no di aman bi so nkonim a, sɛ́ anka wobeyi ananafo som a ɛwɔ hɔ afi hɔ no, na wɔfa ka wɔn de ho. Ɛno nti, Roma benyaa ɔsom ahorow pii te sɛ nea na nnipa a wɔwɔ ahemman no mu nso amammerɛ gu ahorow no ara pɛ. Ná Romafo ma kwan ma nkurɔfo som anyame foforo ka Roma anyame ho bere koro no ara.

Ná Romafo ankasa anyame no mu kɛse paa ne Jupiter, a na wɔfrɛ no Optimus Maximus, a nea ɛkyerɛ ne nea oye sen biara ne nea ɔyɛ kɛse paa no. Ná wogye di sɛ otumi dan ne ho mframa, osu, anyinam, ne aprannaa. Wɔkyerɛ sɛ na Jupiter nuabea a ɔsan yɛ ne hokafo a wɔfrɛ no Juno a na wɔde no bata ɔsram ho no na na ɔhwɛ mmea asetena mu biribiara so. Ná ne babea a wɔfrɛ no Minerva yɛ onyamewa a ɔhwɛ nsaanodwuma, adwinnidi, ne akodi so.

Ná Romafo no wɔ anyame pii a na wɔn dodow nni ano. Ná Lares ne Penates yɛ abusua anyame. Ná Vesta yɛ asamorofi nyamewa. Ná Janus a ɔwɔ anim abien no yɛ nneɛma nyinaa mfiase nyame. Ná nsaanodwuma biara wɔ ne nyame titiriw. Ná Romafo no gye di sɛ nneɛma a yenhu mpo wɔ anyame. Sɛ nhwɛso no, na wɔkyerɛ sɛ Pax onyamewa hwɛ ma asomdwoe ba, Salus onyamewa hwɛ apɔwmuden so, Pudicitia yɛ ahobrɛase ne ahotew nyamewa, Fides yɛ nokwaredi nyamewa, Virtus yɛ akokoduru nyame, ɛnna Voluptas yɛ anigye nyamewa. Ná Romafo no susuw sɛ anyame no wɔ biribiara a wɔyɛ wɔ baguam anaa kokoam so tumi. Enti sɛ na obi pɛ sɛ ɔyɛ biribi ma ɛkɔ yiye a, na ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpae, ɔbɔ afɔre, na ɔhyɛ fa de dwudwo onyame a ɔhwɛ ade kõ no so no.

Ɔkwan biako a na nkurɔfo fa so hu nea anyame no pɛ ne sɛ wɔbɛkɔ abisa. Ɔkwan titiriw biako a na wɔfa so bisa anyame no hɔ ade ne sɛ na wɔhwɛ mmoa a wɔde abɔ afɔre no yam nneɛma sɛ ɛte dɛn anaa. Ná wogye di sɛ sɛnea saa mmoa no yam nneɛma te na ɛkyerɛ sɛ anyame no pene adwuma kõ a onii no pɛ sɛ ɔyɛ so anaa wɔmpene so.

Eduu afeha a ɛto so abien A.Y.B. mu awiei hɔ no, na Romafo no abegye adi sɛ wɔn anyame no mu akɛse paa ne Hela anyame no bi yɛ pɛ. Ná wogye di sɛ Jupiter yɛ Seus, Juno yɛ Hera, ne nea ɛkeka ho. Ná Romafo no agye Hela anyame no ho atetesɛm nso adi. Akyinnye biara nni ho sɛ, na wɔde saa atetesɛm yi hoahoa anyame a na wɔtɔ sin te sɛ nnipa no kɛkɛ. Sɛ nhwɛso no, na wɔyɛ Seus ho mfonini sɛ obi a ɔto mmonnaa na ɔfeefee mmofra, na na ɔne nnipa ne wɔn a wɔkyerɛ sɛ wonwu da nya nna mu nkitahodi. Aniwude a na anyame no yɛ a na nnipa taa bɔ gye wɔn so denneennen wɔ tete agoruhwɛbea ahorow no maa wɔn a wɔsom saa anyame no nyaa adwene sɛ wɔn nso betumi ayɛ aniwude a ɛte saa no bi.

Ɛda adi sɛ nhomanimfo kakraa bi na wogyee atetesɛm no toom sɛ ɛyɛ nokwasɛm. Ebinom kae sɛ ɛyɛ ayɛsɛm. Ɛbɛyɛ sɛ eyi na ɛmaa Pontio Pilato bisaa asɛm a wonim no yiye a ɛne “Dɛn ne nokware?” no. (Yoh. 18:38) Wɔafa asɛmmisa no sɛ ɛfa “adwene a nnipa a wonim nhoma kura” ho, a ɛne sɛ “yɛrentumi nhu biribiara mu nokware nwie.”

Ɔhempɔn Som

Augustus (afe 27 A.Y.B. kosi afe 14 Y.B. ) nniso mu na ɔhempɔn som fii ase. Nnipa pii nyaa anisɔ maa Augustus a na wama yiyedi ne asomdwoe aba bere tenten bi a wɔde koe akyi wɔ amantam a na wɔka Hela kasa wom titiriw wɔ Apuei fam no. Ná nea nkurɔfo pɛ ne sɛ wobenya obi a wɔde aniwa hu no ma wadi wɔn so na wabɔ wɔn ho ban bere nyinaa. Ná wɔpɛ nhyehyɛe bi a ebetumi ama ɔsom ahorow ayɛ biako, ahyɛ ɔman ho dɔ ho nkuran, na aka wiase abom wɔ ne “gyefo” ase. Enti, wobuu ɔhempɔn no sɛ onyame.

Ɛwom sɛ bere a Augustus te ase no, wamma obiara amfrɛ no onyame de, nanso ɔkaa no denneennen sɛ wɔmfa Roma nyɛ onyamewa—wɔmfrɛ no Roma Dea—na wɔnsom no. Augustus wu akyi no, wɔsom no sɛ onyame. Enti wɔyɛɛ ɔsom ne ɔman ho dɔ nneɛma a na wɔyɛ wɔ amantam no mu no maa ahemman no ne n’ahemfo. Saa ɔhempɔn som foforo yi a ɛtrɛw kɔɔ amantam no nyinaa mu ntɛm ara no bɛyɛɛ ɔkwan a wɔfa so som Ɔman no na wodi no nokware.

Domitian a na ɔyɛ ɔhempɔn fi afe 81 Y.B. mu kosi afe 96 Y.B. mu ne Roma sodifo a odi kan a ɔhyɛe sɛ wɔnsom no sɛ onyame. Eduu ne bere so no, na Romafo no ahu sɛ nsonsonoe da Kristofo ne Yudafo ntam, na wɔsɔre tiaa ɔsom a na wobu no sɛ ɛyɛ ɔsom foforo no. Ɛbɛyɛ sɛ bere a Domitian yɛ sodifo no na wotwaa ɔsomafo Yohane asu kɔɔ Patmo supɔw no so, esiane ‘Yesu ho adanse a odii’ nti.—Adi. 1:9.

Bere a Yohane da afiase no na ɔkyerɛw Adiyisɛm nhoma no. Ɔbɔɔ Antipa a na ɔyɛ Kristoni a wokum no wɔ Pergamo no din wɔ Adiyisɛm nhoma no mu. Ná Pergamo yɛ beae titiriw a ɔhempɔn som kɔ so wɔ hɔ. (Adi. 2:12, 13) Eduu saa bere no, ɛbɛyɛ sɛ na ahemman no nniso ahyɛ dedaw sɛ Kristofo nyɛ Ɔman no som ho amanne no bi. Sɛ́ na eyi te saa anaa ɛnte saa no, eduu afe 112 Y.B. mu no, sɛnea ɛdaa adi wɔ krataa a Pliny de kɔmaa Trajan mu a yɛkaa ho asɛm mfiase no, na Pliny rehyɛ Kristofo a wɔwɔ Bitinia no sɛ wɔnyɛ saa amanne no bi.

Trajan kamfoo Pliny wɔ ɔkwan a ɔfaa so dii nsɛm a wɔde baa n’anim no ho, na ɔhyɛe sɛ wonkum Kristofo a wɔmpɛ sɛ wɔsom Roma anyame no. Trajan kyerɛwee sɛ: “Nanso sɛ onii no ka sɛ ɔnyɛ Kristoni, na ɛbɛda adi sɛ ɔnyɛ bi ampa, na ɔsrɛ yɛn anyame no a, esiane sɛ wanu ne ho nti (ɛmfa ho adwemmɔne biara a na wɔwɔ wɔ no ho no) wɔmfa nkyɛ no.”

Ná Romafo no ma kwan ma wɔn som mufo som anyame foforo ka wɔn anyame ho. Ná Roma anyame no pene adeyɛ a ɛte saa so, sɛ ɛte saa a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo Nyankopɔn no hwehwɛ sɛ wɔsom ɔno nkutoo? Ná Romafo te nka sɛ sɛ obi som Ɔman no anyame a, na nea ɛkyerɛ ara ne sɛ obu amammui nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ no. Enti sɛ obi ansom wɔn a, na wobu no sɛ ɔyɛ ɔmammɔfo. Pliny behui sɛ, na biribiara nni hɔ a wobetumi ayɛ de ahyɛ Kristofo dodow no ara ma wɔasom wɔn anyame no. Ná Kristofo no te nka sɛ, sɛ wɔyɛ saa a, na ɛbɛkyerɛ sɛ wɔanni Yehowa nokware, ɛno nti, na tete Kristofo no pii ani gye ho sɛ wobewu mmom sen sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ ɔhempɔn som a ɛyɛ abosonsom no mu.

Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma saa asɛm yi ho hia yɛn nnɛ? Wɔ aman bi so no, wɔhwɛ kwan sɛ ɔman no mma de nidi bɛma ɔman no ahyɛnsode ahorow. Akyinnye biara nni ho sɛ yɛn a yɛyɛ Kristofo no bu tumi a wiase nniso no wɔ no. (Rom. 13:1) Nanso, afahyɛ a wɔde ɔman frankaa di dwuma wom de, esiane sɛ Yehowa Nyankopɔn aka no denneennen sɛ ɔmpɛ sɛ ɔne obi kyɛ ɔsom a wɔde ma no, na n’Asɛm nso ka kyerɛ yɛn sɛ ‘yenguan abosonsom’ na ‘yɛnhwɛ yɛn ho yiye wɔ ahoni ho’ nti, yɛmmfa yɛn ho nhyem. (1 Kor. 10:14; 1 Yoh. 5:21; Nah. 1:2) Yesu kae sɛ: “Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokotow no, na ɔno nkutoo na ɛsɛ sɛ wosom no.” (Luka 4:8) Enti, momma yɛnkɔ so nni Onyankopɔn a yɛsom no no nokware.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

Nokware Kristofo som Yehowa nkutoo

[Mfonini wɔ kratafa 3]

Tete Kristofo no ansom ɔhempɔn no anaa anyame no ahoni

Ɔhempɔn Domitian

Seus

[Asɛm Fibea]

Ɔhempɔn Domitian: Todd Bolen/Bible Places.com; Seus: Photograph by Todd Bolen/Bible Places.com, taken at Archaeological Museum of Istanbul

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Kristofo a na wɔwɔ Efeso no ansom onyamewa Artemi a na wagye din no.—Aso. 19:23-41