Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hwehwɛ Ahobammɔ Wɔ Onyankopɔn Nkurɔfo Mu

Hwehwɛ Ahobammɔ Wɔ Onyankopɔn Nkurɔfo Mu

Hwehwɛ Ahobammɔ Wɔ Onyankopɔn Nkurɔfo Mu

“Mɛkamfo wo asafo kɛse mu.”—DW. 35:18.

1-3. (a) Dɛn na ebetumi asɛe abusuabɔ a Kristofo binom ne Yehowa wɔ? (b) Ɛhe na Onyankopɔn nkurɔfo betumi anya ahobammɔ?

BERE a na Joe ne ne yere akɔ baabi regye wɔn ahome no, wɔde ade a wɔhome fa mu hyehyɛɛ wɔn hwene koguaree wɔ ɛpo no fã bi a mpataa akɛse ne nketewa a wɔn kɔla gu ahorow ayɛ hɔ ma mu. Woguare kɔɔ akyiri kakra kɔhwɛɛ ɔbotan bi a ɛwɔ ɛpo no ase. Bere a woguare kopuee ɛpo no ase baabi a ɛhɔ dɔ prɛko pɛ no, Joe yere kae sɛ: “Ɛyɛ me sɛ yɛrekɔ akyiri dodo.” Joe kae sɛ, “Nsuro, minim nea mereyɛ.” Ɛno akyi bere tiaa bi no, Joe bisae sɛ, ‘Ɛhe na mpataa no nyinaa afa?’ Bere a na ehu aka no no, ohuu nea enti a na mpataa no aguan no. Ohui sɛ na oboodede bi fi po no ase tɔnn reba no so. Saa bere no, ohui sɛ ne ho aka mu ankasa. Aka kakraa bi ma oboodede no ato no no, oboodede no man faa nkyɛn kɔɔ ne baabi.

2 Satan wiase yi mu nneɛma—anigyede, adwuma, ne ahode—betumi atwetwe Kristoni bi adwene araa ma ɔrenhu sɛ ɔrekɔ baabi a asiane wɔ paa. Joe a ɔyɛ ɔpanyin wɔ Kristofo asafo no mu no ka sɛ, “Asɛm a ɛtoo me no ma misusuw nnipa a yɛne wɔn bɔ fekuw ho. Guare kɔ baabi a asiane biara nni na ɛhɔ yɛ anigye—asafo no mu!” Nguare nkɔ baabi a ɛhɔ dɔ, baabi a wubetumi ahu sɛ woatwe wo ho afi Yehowa nkurɔfo ho a ɛde wo bɛkɔ asiane mu no. Sɛ ɛba sɛ wuhu sɛ woadu baabi a asiane wɔ a, san w’akyi ntɛm ara bra asu no afã a ‘asiane nni’ no. Sɛ woanyɛ saa a, wubetumi asɛe abusuabɔ a wo ne Yehowa wɔ no.

3 Ɛnnɛ, wiase no mu tena ayɛ hu ama Kristofo. (2 Tim. 3:1-5) Satan nim sɛ ne nna a aka sua koraa, na ɔpɛ sɛ ɔmene wɔn a wɔn ani nna hɔ no. (1 Pet. 5:8; Adi. 12:12, 17) Nanso, yɛwɔ ahobammɔ. Yehowa ama ne nkurɔfo anya baabi a ebetumi aboa wɔn ma wɔabɔ abusuabɔ a wɔne Yehowa wɔ ne wɔn ankasa ho ban, na ɛno ne Kristofo asafo no mu.

4, 5. Nnipa pii te nka dɛn wɔ wɔn daakye ho, na dɛn ntia?

4 Ahobammɔ ketewaa bi pɛ na nnipa nya wɔ wiase mu—sɛ́ ɛyɛ honam fam anaa nkate fam de. Nsɛmmɔnedi, awudi, asetena mu a ayɛ den, ne nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nsɛmnsɛm mpo ma nnipa pii te nka sɛ wonni ahobammɔ wɔ honam fam. Nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ ne yare haw nnipa nyinaa. Na afoforo a wɔwɔ nnwuma a wɔyɛ, wɔwɔ afie, wɔn nsam wɔ bi, na wɔwɔ apɔwmuden a ɛfata no ntumi nhu bere a saa nneɛma no befi wɔn nsa.

5 Saa ara na nnipa pii ntumi nnyaa ahobammɔ wɔ nkate fam. Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa pii a na wɔhwɛ kwan sɛ wobenya asomdwoe ne abotɔyam wɔ aware ne abusua mu no nsa anka nea na wɔrehwɛ kwan no. Ɔsom mu akannifo ama asɔrekɔfo pii a wɔpɛ sɛ wɔne Onyankopɔn nya abusuabɔ adwene atu afra, na asɔrekɔfo no nhu mfaso a ɛwɔ akwankyerɛ a wɔde ma wɔn no so. Nea ama asɔrekɔfo no te nka saa titiriw ne wɔn som mu akannifo a asɛm wɔ wɔn abrabɔ ho, ne wɔn nkyerɛkyerɛ a ennyina Kyerɛwnsɛm so no. Enti, nnipa pii te nka sɛ wɔn anidaso ara ne nyansahu anaa papa a wɔn yɔnko nnipa bɛyɛ wɔn ne ntease a wɔbɛda no adi akyerɛ wɔn. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa a yɛne wɔn te wiase no mu te nka sɛ wonni ahobammɔ koraa anaasɛ wɔmpɛ sɛ wobedwen wɔn daakye ho akɔ akyiri dodo.

6, 7. (a) Dɛn na ɛma adwene a wɔn a wɔsom Onyankopɔn wɔ no yɛ soronko wɔ wɔn a wɔnsom no no de ho? (b) Dɛn na yɛrebesusuw ho?

6 Hwɛ sɛnea ɛsono adwene a Kristofo asafo no mufo wɔ ne nea wɔn a wonni asafo no mu nso wɔ koraa! Ɛwom mpo sɛ nsɛm a ɛto yɛn yɔnko nnipa ne ɔhaw a wohyia no ara bi na ɛto yɛn a yɛyɛ Yehowa nkurɔfo no de, nanso ɛsono sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ ho koraa. (Monkenkan Yesaia 65:13, 14; Malaki 3:18.) Dɛn ntia? Efisɛ Bible ma yenya tebea a nnipa wom ho nkyerɛkyerɛmu a ɛtɔ asom, na wɔasiesie yɛn ma yetumi gyina asetena mu haw ne nsɛnnennen ano. Enti, yennnwinnwen daakye ho nntra so. Yehowa asomfo a yɛyɛ no bɔ yɛn ho ban fi nsusuwii hunu a ennyina Kyerɛwnsɛm so, ɔbrasɛe, ne nea efi nneɛma a ɛtete saa mu ba ho. Enti Kristofo asafo no mufo wɔ asomdwoe a afoforo nni bi.—Yes. 48:17, 18; Filip. 4:6, 7.

7 Nhwɛso ahorow bi betumi aboa yɛn ma yɛasusuw nsonsonoe a ɛwɔ ahobammɔ a wɔn a wɔsom Yehowa nya ne nea wɔn a wɔnsom no nya mu ho. Saa nhwɛso ahorow yi betumi aka yɛn ma yɛahwehwɛ yɛn ankasa nsusuwii ne yɛn nneyɛe mu, na yɛahwɛ sɛ ebia yɛde Onyankopɔn afotu a wɔde ama sɛ ɛmmɔ yɛn ho ban no bedi dwuma koraa anaa.—Yes. 30:21.

“Anka Me Nan Reyɛ Aman”

8. Dɛn na Yehowa asomfo ayɛ bere nyinaa?

8 Efi teteete na nnipa a wɔasi gyinae sɛ wɔbɛsom Yehowa na wɔatie no no abɔ mmɔden sɛ wɔne wɔn a wɔnsom no no remmɔ denneennen. Nokwarem no, Yehowa kae sɛ ɔtan bɛda n’asomfo ne wɔn a wodi Satan akyi ntam. (Gen. 3:15) Esiane sɛ Onyankopɔn nkurɔfo asi wɔn bo denneennen sɛ wɔde ne nnyinasosɛm ahorow bɛbɔ wɔn bra nti, wɔada nsow wɔ nnipa a wɔaka ho. (Yoh. 17:15, 16; 1 Yoh. 2:15-17) Ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛyɛ saa. Nokwarem no, bere bi wɔ hɔ a Yehowa asomfo binom adwenem yɛɛ wɔn nãã sɛ ebia nyansa wom sɛ wobetu wɔn ho asi hɔ asom Onyankopɔn anaa.

9. Ka adwinnwen a ɛbɛtɔɔ nea ɔkyerɛw Dwom 73 no so ho asɛm.

9 Yehowa asomfo a wɔn adwenem yɛɛ wɔn nãã sɛ ebia wɔasisi gyinae a nyansa wom no mu biako ne nea ɔkyerɛw Dwom 73 a ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ Asaf aseni no. Odwontofo no bisaa nea enti a ɛte sɛ nea nneɛma taa kɔ yiye ma abɔnefo, wɔn ani gye, na wodi yiye, nanso wɔn a wɔbɔ mmɔden som Onyankopɔn no mu bi de, wohyia sɔhwɛ ne amanehunu no ho asɛm.—Monkenkan Dwom 73:1-13.

10. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ woma nsɛm a odwontofo no ma ɛsɔree no ho hia wo?

10 So woabisa nsɛm a ɛte sɛ nea odwontofo no kyerɛwee no bi pɛn? Sɛ ɛte saa a, ɛnsɛ sɛ wubu wo ho fɔ dodoodo, anaasɛ wunya adwene sɛ ebia wo gyidi reyɛ asa. Nokwasɛm ne sɛ Yehowa asomfo binom, a wɔn a Yehowa ma wɔkyerɛw Bible no mu bi ka ho nyaa adwene a ɛte saa. (Hiob 21:7-13; Dw. 37:1; Yer. 12:1; Hab. 1:1-4, 13) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa nyinaa susuw asɛmmisa a edi so yi ho anibere so na wogye ɛho mmuae tom. Asɛmmisa no ne sɛ: So mfaso wɔ so paa sɛ obi bɛsom Onyankopɔn na wayɛ osetie ama no? Eyi fa asɛm a Satan ma ɛsɔree wɔ Eden turom no ho. Ɛfa asɛm a Satan ma ɛsɔree wɔ fata a Onyankopɔn fata sɛ odi amansan yi so tumi no ho titiriw. (Gen. 3:4, 5) Enti, ɛyɛ papa sɛ yɛn nyinaa susuw asɛm a odwontofo no ma ɛsɔree no ho. So ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani bere abɔnefo a wɔhoahoa wɔn ho a ɛte sɛ nea wonni ɔhaw biara wɔ asetena mu no? So ɛsɛ sɛ ‘yɛman’ fi Yehowa som ho kɔyɛ nea abɔnefo reyɛ no bi? Saa pɛpɛɛpɛ na Satan ani begye ho sɛ yɛbɛyɛ.

11, 12. (a) Ɛyɛɛ dɛn na odwontofo no dii n’adwenem a ɛyɛɛ no nãã no so, na dɛn na yesua fi eyi mu? (b) Dɛn na aboa wo ma wo nso woasi gyinae pa a odwontofo no sii no bi?

11 Dɛn na ɛboaa odwontofo no ma odii n’adwenem a ɛyɛɛ no nãã no so? Ɛwom sɛ odwontofo no gye toom sɛ anka ɔreyɛ aman afi adetreneeyɛ ho de, nanso bere a ɔkɔɔ “Onyankopɔn kronkronbea kɛse no mu”—kyerɛ sɛ, bere a ɔne nnipa a wɔwɔ Onyankopɔn kronkronbea anaa n’asɔrefie hɔ bɔe na osusuw Onyankopɔn atirimpɔw ho no na ɔsesaa n’adwene. Afei, odwontofo no behui paa sɛ ɔmpɛ sɛ nea ɛbɛba abɔnefo so no bi ba no so. Otumi hui sɛ abɔnefo abrabɔ ne nea wɔyɛ wɔ asetena mu no de wɔn gyina ‘nea ɛhɔ yɛ toro.’ Odwontofo no hui sɛ, sɛnea ɛte biara no, wɔn a wɔtwe wɔn ho fi Yehowa ho na wɔde wɔn ho kɔhyɛ ɔbrasɛe mu no awiei bɛba ‘mpofirim ma ayɛ hu,’ nanso wɔn a wɔsom Yehowa no de, ɔbɛboa wɔn. (Monkenkan Dwom 73:16-19, 27, 28.) Akyinnye biara nni ho sɛ woahu sɛ saa asɛm no yɛ nokware. Ebia nnipa pii ani begye ho sɛ wɔbɛyɛ nea wɔn ankasa pɛ a wɔmfa Onyankopɔn mmara nyɛ hwee, nanso ɛyɛ dɛn ara a wobetwa nea wɔreyɛ no so aba bɔne.—Gal. 6:7-9.

12 Dɛn bio na yesua fi odwontofo no asɛm no mu? Ɔhwehwɛɛ ahobammɔ ne nyansa wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu. Ɛyɛ bere a ɔkɔɔ baabi a wɔsom Yehowa no na ofii ase susuw nneɛma ho yiye wɔ ɔkwan a ɛfata so. Saa ara na ɛnnɛ yebetumi anya afotufo a wonim nyansa ne honhom fam aduan a ahoɔden wom wɔ asafo nhyiam ahorow ase. Enti, ntease wom sɛ Yehowa ka kyerɛ n’asomfo sɛ wɔnkɔ Kristofo nhyiam ahorow. Ɛhɔ na wɔbɛhyɛ wɔn nkuran na wɔakanyan wɔn ma wɔayɛ wɔn ade nyansam.—Yes. 32:1, 2; Heb. 10:24, 25.

Paw W’ayɔnkofo Nyansam

13-15. (a) Asɛm bɛn na ɛtoo Dina, na dɛn na ɛma yehu? (b) Dɛn nti na sɛ yɛne yɛn mfɛfo Kristofo bɔ a, ɛbɔ yɛn ho ban?

13 Onipa a esiane sɛ ɔde ne ho bɔɔ ayɔnkofo a wɔnsom Onyankopɔn nti ɔkɔtɔɔ ɔhaw kɛse bi mu ne Yakob babea Dina. Genesis nhoma no ka ne ho asɛm kyerɛ yɛn sɛ, na ɔtaa ne Kanaanfo mmabaa a wɔwɔ baabi a n’abusua te no bɔ. Ná Kanaanfo no nni abrabɔ ho gyinapɛn a ɛkorɔn a na Yehowa asomfo wɔ no bi. Mmom no, nneɛma a wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu ahu no ama ada adi sɛ Kanaanfo abrabɔ maa abosonsom, ɔbrasɛe, nna ho aniwusɛm a na wɔyɛ wɔ ɔsom mu, ne basabasayɛ bɛhyɛɛ wɔn asase no so ma. (Ex. 23:23; Lev. 18:2-25; Deut. 18:9-12) Kae nea efii saa nkurɔfo yi a Dina de ne ho bɔɔ wɔn no mu bae no.

14 Ɔbarima bi a ofi kurom hɔ a ne din de Sekem a wɔka ne ho asɛm sɛ ɔwɔ “anuonyam sen obiara wɔ ne papa fie” huu Dina, “na ɔfaa no ne no dae guu ne ho fĩ.” (Gen. 34:1, 2, 19) Awerɛhosɛm bɛn ara ni! So wususuw sɛ Dina nyaa adwene bi sɛ asɛm a ɛte saa betumi ato no? Ebia na ɔpɛ sɛ ɔne ɛhɔnom mmabun a na osusuw sɛ wɔrenyɛ no bɔne no fa nnamfo kɛkɛ. Nanso, Dina daadaa ne ho yiye.

15 Dɛn na yesua fi saa asɛm yi mu? Ɛne sɛ, yɛrentumi ne wɔn a wonnye nni mmɔ na yɛnhwɛ kwan sɛ bɔne biara remfi mu mma. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ “fekubɔne sɛe ɔbra pa.” (1 Kor. 15:33) Nanso, sɛ wo ne nnipa a wo ne wɔn kura gyidi koro, abrabɔ gyinapɛn a ɛkorɔn biako, na wɔdɔ Yehowa sɛnea wo nso wodɔ no no bɔ a, ɛbɔ wo ho ban. Fekupa a ɛte saa bɛhyɛ wo nkuran ma woayɛ w’ade nyansam.—Mmeb. 13:20.

“Wɔaguare Mo Kama”

16. Dɛn na ɔsomafo Paulo ka faa ebinom a na wɔwɔ Korinto asafo no mu ho?

16 Kristofo asafo no aboa nnipa pii ma wɔatew wɔn ho afi nneyɛe a egu wɔn ho fĩ ho. Bere a ɔsomafo Paulo kyerɛw ne krataa a edi kan kɔmaa asafo a na ɛwɔ Korinto no, ɔkaa nsakrae a na Kristofo a wɔwɔ hɔ ayɛ ma wɔde Onyankopɔn gyinapɛn rebɔ wɔn bra no ho asɛm. Ná anka wɔn mu binom yɛ aguamammɔfo, abosonsomfo, awaresɛefo, mmarima a wɔne mmarima da, akorɔmfo, asabofo, ne nea ɛkeka ho. Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nanso wɔaguare mo kama.”—Monkenkan 1 Korintofo 6:9-11.

17. Ɔkwan bɛn so na Bible gyinapɛn a nnipa pii de abɔ wɔn bra no asesa wɔn abrabɔ?

17 Nnipa a wonni gyidi nni nnyinasosɛm pa a ɛkyerɛ wɔn kwan. Wɔbɔ wɔn bra sɛnea wɔpɛ anaasɛ ebia wɔde wɔn ho hyɛ ɔbrabɔne a nnipa a wɔwɔ baabi a wɔte bɔ mu sɛnea tete Korintofo binom yɛe ansa na wɔrebɛyɛ gyidifo no. (Efe. 4:14) Nanso, Onyankopɔn Asɛm ne n’atirimpɔw ho nokware nimdeɛ wɔ tumi a ɛma wɔn a wɔde Kyerɛwnsɛm no bɔ wɔn bra nyinaa abrabɔ tumi sesa yɛ papa. (Kol. 3:5-10; Heb. 4:12) Nnipa pii a wɔwɔ Kristofo asafo no mu nnɛ betumi aka akyerɛ wo sɛ ansa na wɔresua Yehowa trenee gyinapɛn ho ade na wɔde abɔ wɔn bra no, na wɔbɔ wɔn bra sɛnea wɔpɛ biara. Nanso, na wonni abotɔyam ne anigye. Ɛyɛ bere a wofii ase ne Onyankopɔn nkurɔfo bɔe, na wɔde Bible nnyinasosɛm bɔɔ wɔn bra nkutoo na wonyaa asomdwoe.

18. Asɛm bɛn na ɛtoo ababaa bi, na dɛn na ɛma yehu?

18 Nanso, seesei ebinom a bere bi wosii gyinae sɛ wobefi Kristofo asafo a ɛte sɛ ‘nsu a asiane nnim’ mu no anu wɔn ho paa sɛ wosii gyinae a ɛte saa. Onuawa bi a yɛbɛfrɛ no Tanya ka sɛ na “onim nokware no fi ne mmofraase,” nanso bere a odii mfe 16 no, ofii asafo no mu “kodii wiase anigyede akyi.” Nsɛm a ɛtoo no no bi ne nyinsɛn a na ɔnhwɛ kwan ne nyinsɛn a otu gui. Seesei ɔka sɛ: “Mfe abiɛsa a mede fii asafo no mu no agyaw me adwinnwen kɛse. Ade a me werɛ remfi da ne me ba a na ɔhyɛ me yafunu mu a mikum no no. . . . Mepɛ sɛ meka kyerɛ mmerante ne mmabaa a wɔn yam a anka ‘wɔaka’ wiase no ‘ahwɛ’ kakraa bi mpo no sɛ: ‘Mommmɔ mo ho mmusu sɛ mobɛyɛ saa!’ Mfiase no ebia ɛbɛyɛ mo dɛ, nanso akyiri yi, nea ebefi mu aba no bɛyɛ mo yaw yiye. Biribiara nni wiase no mu sɛ awerɛhow nkutoo. Minim. Maka ahwɛ. Montena Yehowa ahyehyɛde no mu! Ɛhɔ nkutoo ne baabi a sɛ motena a mubenya anigye.”

19, 20. Ahobammɔ bɛn na Kristofo asafo no ma yenya, na yɛbɛyɛ dɛn anya?

19 Wode susuw nea sɛ wufi Kristofo asafo a ahobammɔ wom no mu a, ɛbɛto wo no ho hwɛ. Sɛ nnipa pii reka abrabɔ a mfaso nni so a na wɔwom ansa na wɔregye nokware no ho asɛm a, wɔn yam a anka wɔmpɛ sɛ wɔbɔ so mpo. (Yoh. 6:68, 69) Sɛ wokɔ so ne wo nuanom Kristofo mmarima ne mmea bɔ denneennen a, ɛbɛkɔ so abɔ wo ho ban afi amanehunu ne awerɛhow a abu so wɔ Satan wiase yi mu no ho. Sɛ wo ne wo nuanom bɔ na wokɔ asafo nhyiam daa a, ɛbɛma woakɔ so akae nyansa a ɛwɔ Yehowa trenee gyinapɛn mu, na ɛbɛhyɛ wo nkuran ma wode abɔ wo bra. Sɛnea odwontofo no yɛe no, wowɔ nea wubegyina so ‘akamfo Yehowa wɔ asafo kɛse mu.’—Dw. 35:18.

20 Nokwarem no, nneɛma bi nti, Kristofo nyinaa hyia tebea a ɛma ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛkɔ so akura wɔn mũdi mu sɛ Kristofo wɔ mmere bi mu. Ebia nea wobehia ara ne obi a ɔbɛma wɔn akwankyerɛ pa. Dɛn na wo ne asafo no mufo a wɔaka betumi ayɛ de aboa mfɛfo gyidifo wɔ mmere a ɛte saa mu? Adesua asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛkyerɛ sɛnea wubetumi ‘akɔ so akyekye’ wo nuanom ‘werɛ na woahyɛ wɔn den’ no mu.—1 Tes. 5:11.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn na yesua fi nea ɔkyerɛw Dwom 73 no asɛm no mu?

• Dɛn na yesua fi Dina asɛm no mu?

• Dɛn nti na wubetumi anya ahobammɔ wɔ Kristofo asafo no mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Guare kɔ baabi a asiane biara nni; tena asafo no mu!