Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hyɛ W’abufuw So Fa ‘Kɔ So Di Bɔne So Nkonim’

Hyɛ W’abufuw So Fa ‘Kɔ So Di Bɔne So Nkonim’

Hyɛ W’abufuw So Fa ‘Kɔ So Di Bɔne So Nkonim’

‘Adɔfo, munnni mo ho were, na mmom monkɔ so mfa papa nni bɔne so nkonim.’—ROM. 12:19, 21.

1, 2. Nhwɛso pa bɛn na Adansefo bi a na wɔretu kwan yɛe?

BERE bi a na Yehowa Adansefo a wɔn dodow si 34 retu kwan akɔ dwumadi bi a na wɔde rehyira baa dwumadibea bi so ase no, wimhyɛn a na wɔde rekɔ no sɛee wɔ kwan so ma wɔkaa akyi. Ná anka ɛsɛ sɛ wodi dɔnhwerew biako wɔ baabi a na wobegyina abu pɛtro no, nanso wɔn ho kyeree wɔn nnɔnhwerew 44 wɔ wimhyɛn gyinabea bi a atew ne ho a na aduan ne nsu ho yɛ den wɔ hɔ a na baabi papa a wobenya ayɛ wɔn ho yiye nso nni hɔ. Nnipa a na wɔte wimhyɛn no mu no pii bo fuwii, na wɔyɛe sɛ wɔbɛhaw adwumayɛfo a wɔwɔ wimhyɛn gyinabea hɔ no. Nanso, anuanom mmarima ne mmea no de, wɔyɛɛ komm.

2 Awiei koraa no, Adansefo no koduu baabi a na wɔrekɔ no kɔtoo dwumadi a na wɔde rehyira ɔdan no so no fã a etwa to no so. Ɛwom sɛ na saa anuanom no abrɛ de, nanso bere a wowiee dwumadi no, wɔtwɛn ne anuanom a wɔwɔ hɔ no bɔɔ fekuw. Akyiri yi, wɔtee sɛ nkurɔfo huu abotare ne ahosodi a wonyae no. Obi a na ɔte wimhyɛn no mu ka kyerɛɛ wimhyɛn adwumakuw no sɛ, “Sɛ ɛnyɛ Kristofo 34 a na wɔte wimhyɛn no mu no a, anka basabasayɛ besi wɔ wimhyɛn gyinabea hɔ.”

Yɛte Wiase a Abufusɛm Wom Mu

3, 4. (a) Ɔkwan bɛn so na abufuhyew de amanehunu aba nnipa so, na bere bɛn na efii ase? (b) So na anka Kain betumi ahyɛ n’abufuw so? Kyerɛkyerɛ mu.

3 Asetena mu nhyɛso a ɛwɔ wiase bɔne yi mu betumi ahyɛ nnipa abufuw. (Ɔsɛnk. 7:7) Mpɛn pii no, abufuw a ɛte saa de nitan ne awudisɛm na ɛba. Akodi kɔ so wɔ aman ntam, na aman bi mufo twa wɔn ho ko, na nsɛmnsɛm a ɛsɔre wɔ mmusua mu de ntɔkwaw ba afie pii mu. Ɛnyɛ ɛnnɛ na abufuw ne awudisɛm a ɛte saa fii ase. Ahoɔyaw maa Adam ne Hawa babarima a odi kan a ɔne Kain de abufuw kum ne nua kumaa Habel. Kain dii saa awurukasɛm yi, ɛmfa ho mpo sɛ na Yehowa aka akyerɛ no sɛ ɔnhyɛ n’abufuw so, a na wahyɛ no bɔ sɛ sɛ ɔyɛ saa a obehyira no no.—Monkenkan Genesis 4:6-8.

4 Ɛmfa ho sɛ wɔde sintɔ woo Kain no, na anka obetumi ayɛ asɛm no ho biribi. Ná anka obetumi ahyɛ n’abufuw so. Ɛno nti na na awu a odii no ho asodi da ɔno ankasa so no. Saa ara na sintɔ a yɛn nso yɛwɔ no ma ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛremma yɛn bo mfuw, na yɛrenyɛ yɛn ade abufuw so. Nsɛnnennen foforo nso wɔ hɔ a ɛma yɛn haw mu yɛ den wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu. (2 Tim. 3:1) Sɛ nhwɛso no, sikasɛm mu ahokyere betumi ama yɛn bo afuw. Polisifo ne ahyehyɛde ahorow a wɔboa mmusua kyerɛ sɛ, sikasɛm mu ahokyere na ama abufuhyew ne basabasayɛ a ɛkɔ so wɔ afie mu no akɔ soro.

5, 6. Su a wiase no da no adi wɔ abufuw ho bɛn na ebetumi aka yɛn?

5 Bio nso, nnipa pii a yɛtaa hyia wɔn no yɛ “ahopɛ,” “ahantan,” ne “wɔn a wɔyɛ keka” mpo. Ɛnyɛ den koraa sɛ yebenya saa subammɔne yi bi anaasɛ ɛbɛhyɛ yɛn abufuw. (2 Tim. 3:2-5) Nokwarem no, sini ne TV so dwumadi ahorow taa ma ɛda adi sɛ bɔne a wɔde tua bɔne so ka yɛ su pa, na sɛ obi rehaw wo a, nea ɛsɛ sɛ woyɛ ara ne sɛ wobɛyɛ no basabasa de asiw ɔhaw no ano, na asɛm biara nni ho sɛ wobɛyɛ saa. Wɔn a wɔyɛ sini ahorow no ma wɔn a wɔhwɛ no hwɛ kwan sɛ wobehu bere a nea odi bɔne paa wɔ sini no mu no “nsa bɛka n’akatua”—a nea ɛtaa ba ne sɛ onipa pa a ɔwɔ sini no mu no bekum no yayaayaw.

6 Nnaadaasɛm a ɛte saa no mma nkurɔfo mfa Onyankopɔn akwan so, na mmom ɛma wɔfa “wiase honhom” no ne wiase no sodifo a ɔne Satan a ne bo afuw no akwan so. (1 Kor. 2:12; Efe. 2:2; Adi. 12:12) Saa honhom no hyɛ nnipa nkuran sɛ wɔnyɛ nneɛma a ɔhonam pɛ, na saa nneɛma no ne Onyankopɔn honhom kronkron ne honhom no aba nhyia koraa. Nokwarem no, Kristosom nkyerɛkyerɛ titiriw mma kwan sɛ sɛ obi hyɛ yɛn abufuw a yɛbɛyɛ bi atua no so ka. (Monkenkan Mateo 5:39, 44, 45.) Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn atumi de Yesu nkyerɛkyerɛ no ayɛ adwuma yiye?

Nhwɛso Pa ne Nhwɛso Bɔne

7. Bere a Simeon ne Lewi anhyɛ wɔn abufuw so no, dɛn na efi mu bae?

7 Yɛn abufuw so a yɛbɛhyɛ ho afotu pii wɔ Bible mu, na nhwɛso ahorow a mfaso wɔ so nso wɔ Bible mu a ɛma yehu nea sɛ yɛhyɛ yɛn abufuw so a yebenya ne nea sɛ yɛanhyɛ so a ɛbɛba yɛn so. Susuw nea esii bere a Yakob mma Simeon ne Lewi tɔɔ Sekem so werɛ esiane sɛ ɔtoo wɔn nuabea Dina mmonnaa nti ho no hwɛ. “Asɛm no yɛɛ [Simeon ne Lewi] yaw na wɔn bo fuwii denneennen.” (Gen. 34:7) Afei, Yakob mmabarima a wɔaka no tow hyɛɛ kurow a Sekem fi mu no so, na wɔfaa emu nneɛma nyinaa, na wɔfaa mmea ne mmofra nso nnommum. Ɛnyɛ nea ɛtoo Dina no nkutoo nti na wɔyɛɛ saa nneɛma yi nyinaa, na mmom ɛbɛyɛ sɛ na wɔte nka sɛ wɔagu wɔn anim ase, na wɔasɛe wɔn din nso. Wɔtee nka sɛ na Sekem ayɛ wɔne wɔn papa Yakob bɔne. Nanso, adwene bɛn na Yakob nyae wɔ nea wɔyɛe no ho?

8. Dɛn na Simeon ne Lewi asɛm no ma yehu fa bɔne a yɛde tua bɔne so ka ho?

8 Ɛbɛyɛ sɛ awerɛhosɛm a ɛtoo Dina no maa Yakob dii awerɛhow paa; nanso ɔkasa tiaa bɔne a ne mma no de tuaa bɔne so ka no. Eyi nyinaa akyi no, Simeon ne Lewi bɔɔ mmɔden sɛ wobebu wɔn ho bem wɔ nea wɔyɛe no ho, na wɔkae sɛ: “Yɛntena hɔ mma obi nyɛ yɛn nuabea sɛ aguaman anaa?” (Gen. 34:31) Nanso, asɛm no anso hɔ ara, efisɛ Yehowa ani annye nea wɔyɛe no ho. Mfe pii akyi no, Yakob hyɛɛ nkɔm sɛ esiane sɛ Simeon ne Lewi bo fuwii ma wodii awu nti, wɔbɛbɔ wɔn asefo ahwete Israel mmusuakuw mu. (Monkenkan Genesis 49:5-7.) Nokwasɛm ne sɛ, Onyankopɔn ne wɔn papa nyinaa ani annye wɔn abufuw a wɔanhyɛ so no ho.

9. Bere bɛn na ɛkaa ketewaa bi ma anka Dawid abufuw reyɛ ama wadi awu?

9 Ná Ɔhene Dawid nte saa koraa. Onyaa hokwan pii a anka obetumi de bɔne atua bɔne so ka, nanso wanyɛ saa. (1 Sam. 24:3-7) Nanso bere bi, ɛkaa ketewaa bi ma anka abufuw reyɛ ma wayɛ bɔne. Ɛwom sɛ na Dawid mmarima no abɔ ɔbarima bi a ɔyɛ ɔdefo a wɔfrɛ no Nabal mmoa ne wɔn a wɔhwɛ ne mmoa no ho ban de, nanso Nabal teɛteɛɛ Dawid mmarima no didii wɔn atɛm. Ɛbɛyɛ sɛ Dawid bo fuwii sɛ wadidi ne mmarima no atɛm, enti anka ɔreyɛ akodi awu de bɔne atua bɔne so ka. Bere a na Dawid ne ne mmarima no nam kwan so rekɔtow ahyɛ Nabal ne ne fiefo so no, aberante bi kɔkaa asɛm a na asi no kyerɛɛ Nabal yere Abigail a na onim nyansa no, na ɔhyɛɛ ɔbea no nkuran sɛ ɔnyɛ asɛm no ho biribi. Ntɛm ara na Abigail boaboaa akyɛde pii ano de kohyiaa Dawid. Ɔde ahobrɛase paa Dawid kyɛw wɔ aniammɔho a Nabal ayɛ no ho, na ɔkaa Yehowa suro a Dawid wɔ no ho asɛm. Dawid ani baa ne ho so, na ɔkae sɛ: “Nhyira nka wo sɛ woayi me afi mogya ho afɔdi mu.”—1 Sam. 25:2-35.

Su a Ɛsɛ sɛ Kristofo Nya

10. Su bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo da no adi wɔ bɔne a wɔde tua bɔne so ka ho?

10 Nea Simeon ne Lewi yɛe no ne nea esii wɔ Dawid ne Abigail ntam no ma yehu sɛ Yehowa kasa tia hyɛ a obi nnhyɛ n’abufuw so ne awudisɛm pefee, na ohyira mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛhwehwɛ asomdwoe no so. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntena asomdwoe mu. Adɔfo, munnni mo ho were, na mmom munnyaw mma Onyankopɔn abufuw; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: ‘Aweredi wɔ me; me ara metua ka, Yehowa na ose.’ Mmom no, ‘sɛ ɔkɔm de wo tamfo a, ma no biribi nni; sɛ osukɔm de no a, ma no biribi nnom; na wonam saayɛ so bɛboaboa nnyansramma ano agu n’atifi.’ Mma bɔne nnni wo so nkonim, na mmom kɔ so fa papa di bɔne so nkonim.”—Rom. 12:18-21. *

11. Ɔkwan bɛn na onuawa bi faa so suaa sɛnea ɔbɛhyɛ n’abufuw so?

11 Yebetumi de saa afotu no ayɛ adwuma. Sɛ nhwɛso no, onuawa bi kɔkaa nea na ɔpanyin foforo a waba n’adwumam de reyɛ no ho asɛm kyerɛɛ asafo mu panyin bi. Onuawa no kae sɛ n’adwumam panyin no ne no nni no yiye, na ne tirim yɛ den. Ná onuawa no bo afuw n’adwumam panyin a ɔyɛ ɔbea no, na na ɔpɛ sɛ ogyae adwuma no. Asafo mu panyin no hyɛɛ onuawa no nkuran sɛ ɛnsɛ sɛ ɔpere ne ho si gyinae biara. Ohui sɛ onuawa no bo a na afuw adwumam panyin no wɔ nea na ɔde reyɛ no no ho no na asɛe asɛm no koraa. (Tito 3:1-3) Asafo mu panyin no ka kyerɛɛ onuawa no sɛ sɛ onya adwuma foforo mpo a, ɛho behia sɛ ɔsesa sɛnea ɔyɛ n’ade wɔ atirimɔdensɛm a afoforo de bedi no no ho. Otuu onuawa no fo sɛ ɔne n’adwumam panyin no nni no sɛnea ɔno pɛ sɛ afoforo ne no di, sɛnea Yesu akyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no. (Monkenkan Luka 6:31.) Onuawa no kae sɛ ɔbɛbɔ mmɔden ayɛ saa. Dɛn na efii mu bae? Bere bi akyi no, onuawa no adwumam panyin no ne no dii no yiye, na ɔdaa no ase mpo wɔ n’adwuma ho.

12. Dɛn nti na nsɛmnsɛm a ɛsɔre wɔ Kristofo ntam betumi ayɛ yɛn yaw paa?

12 Sɛ ɔhaw a ɛte saa sɔre wɔ yɛne obi a onni Kristofo asafo no mu ntam a, ebia ɛrenyɛ yɛn nwonwa. Yenim sɛ nnipa a wɔwɔ Satan wiase no mu ntaa ne afoforo nni no yiye, na ɛnsɛ sɛ yɛma kwan ma nea abɔnefo bɛyɛ hyɛ yɛn abufuw. (Dw. 37:1-11; Ɔsɛnk. 8:12, 13; 12:13, 14) Nanso, sɛ nsɛmnsɛm sɔre wɔ yɛne asafo no muni bi ntam a, ebetumi ayɛ yɛn yaw paa. Ɔdansefo bi kae sɛ, “Bere a na mereba asafo no mu no, ade a na ɛyɛ akwanside ma me paa ne sɛ megye atom sɛ Yehowa nkurɔfo nyɛ pɛ.” Yefi wiase a ɔdɔ nnim na obiara asɛm mfa obi ho mu na aba asafo no mu na yɛhwɛ kwan sɛ asafo no mufo nyinaa ne wɔn ho wɔn ho bedi wɔ ayamye so sɛ Kristofo. Enti sɛ yɛn yɔnko Kristoni bi, titiriw, obi a ɔwɔ ɔsom hokwan ahorow wɔ asafo no mu anna tema adi anaasɛ wanyɛ n’ade sɛ Kristoni a, ebetumi ayɛ yɛn yaw anaasɛ ahyɛ yɛn abufuw. Ebia yebebisa sɛ, ‘Dɛn nti na nneɛma a ɛtete saa tumi kɔ so wɔ Yehowa nkurɔfo mu?’ Nokwasɛm ne sɛ, nneɛma a ɛtete saa kɔɔ so wɔ Kristofo a wɔasra wɔn no mpo mu wɔ asomafo no bere so. (Gal. 2:11-14; 5:15; Yak. 3:14, 15) Sɛ asɛm a ɛte saa to yɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

13. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden siesie yɛn ntam nsɛmnsɛm, na ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ yɛfa so yɛ saa?

13 Onuawa a yɛaka ne ho asɛm seesei ara no kae sɛ: “Misuae sɛ mɛbɔ mpae ama obiara a ɔyɛ ade ma ɛyɛ me yaw no. Ɛboa me bere nyinaa.” Sɛnea yɛadi kan akenkan ho asɛm no, Yesu kyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpae mma wɔn a wɔtaa yɛn. (Mat. 5:44) Hwɛ sɛnea ɛho hia koraa sɛ yɛbɔ mpae ma yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea! Sɛnea agya bi pɛ sɛ ne mma dodɔ wɔn ho no, saa ara na Yehowa pɛ sɛ n’asomfo a wɔwɔ asase so ne wɔn ho wɔn ho tena wɔ ɔdɔ mu. Yɛhwɛ kwan sɛ bere bi bɛba a yɛn nyinaa bɛbom atena ase wɔ asomdwoe ne anigye mu daa, na Yehowa rekyerɛkyerɛ yɛn ma yɛayɛ saa nnɛ. Ɔpɛ sɛ yɛde biakoyɛ yɛ n’adwuma kɛse no. Enti, momma yensiesie nsɛmnsɛm a ɛsɔre wɔ yɛn ntam no anaasɛ ‘yemmu yɛn ani ngu’ bɔne a afoforo yɛ tia yɛn so na yɛnkɔ so nyɛ biako. (Monkenkan Mmebusɛm 19:11.) Sɛ nsɛmnsɛm sɔre wɔ yɛne yɛn nuanom ntam a, sɛ́ anka yɛbɛtwe yɛn ho afi wɔn ho no, ɛsɛ sɛ yɛboa yɛn ho yɛn ho na yɛkɔ so tena Onyankopɔn nkurɔfo mu ma yenya ahobammɔ wɔ Yehowa “daapem abasa” no mu.—Deut. 33:27, Akuapem Twi Bible.

Sɛ Yedwo Ma Nnipa Nyinaa a, Adepa Fi mu Ba

14. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ako atia mpaapaemu a Satan de ba yɛn mu no?

14 Nea ɛbɛyɛ na Satan ne adaemone no remma yentumi ntrɛw asɛmpa no mu no, wɔayere wɔn ho denneennen sɛ wɔbɛsɛe anigye a mmusua ne asafo ahorow wɔ no. Esiane sɛ wonim sɛ mpaapaemu tumi sɛe ade nti, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde mpaapaemu bɛba yɛn mu. (Mat. 12:25) Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi ako atia wɔn nkɛntɛnso bɔne no, ɛyɛ papa sɛ yetie Paulo afotu yi sɛ: “Ɛnsɛ sɛ Awurade akoa ko, na mmom ɛsɛ sɛ odwo ma nnipa nyinaa.” (2 Tim. 2:24) Momma yɛnkae sɛ ɛnyɛ “yɛne mogya ne ɔhonam” na ɛredi asi, “na mmom yɛne . . . ahonhommɔne dɔm” no na ɛredi asi. Sɛ yebetumi adi nkonim wɔ ɔko yi mu a, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ Onyankopɔn akode a ebi ne “asomdwoe asɛmpa no.”—Efe. 6:12-18.

15. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ nneɛma a wɔn a wonni asafo no mu yɛ tia yɛn no ho?

15 Yehowa atamfo yɛ ne nkurɔfo a wɔpɛ asomdwoe no ayayade. Saa atamfo yi mu bi hwe Yehowa Adansefo. Afoforo ka atosɛm gu yɛn so wɔ atesɛm nkrataa mu ne asɛnnibea. Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ wɔn saa. (Mat. 5:11, 12) Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ ho? Ɛnsɛ sɛ yɛka asɛm bi anaasɛ yɛyɛ biribi de ‘tua bɔne so ka’ da.—Rom. 12:17; monkenkan 1 Petro 3:16.

16, 17. Tebea a ɛyɛ den bɛn na asafo bi hyiae?

16 Ɛmfa ho nea Ɔbonsam de ba yɛn so biara no, sɛ yɛde “papa di bɔne so nkonim” a, yebetumi adi adanse kama. Sɛ nhwɛso no, asafo bi a ɛwɔ Pacific supɔw no so kɔhanee asa bi sɛ wɔde bɛyɛ Nkaedi no. Bere a asɔre a ɛwɔ hɔ mu mpanyimfo tee no, wɔka kyerɛɛ wɔn asɔremma sɛ wommehyiam wɔ asa no so wɔ bere a na yebehyiam wɔ hɔ no. Nanso, polisifo panyin a ɔwɔ hɔ no ka kyerɛɛ asɔre no mpanyimfo no sɛ wɔnhwɛ sɛ wɔde asa no bɛma Adansefo no saa bere no. Nanso ɛbere no soe no, na asɔrefo no ahyɛ asa no so ma, na wofii ase yɛɛ asɔre.

17 Bere a polisifo no reyɛ ahoboa akɔpam asɔrefo no afi asa no so no, asɔre no titenani baa yɛn asafo mu mpanyimfo no biako nkyɛn bebisaa no sɛ: “So morebɛyɛ biribi titiriw wɔ ha anwummere yi?” Onua no kaa Nkaedi no ho asɛm kyerɛɛ no, na ɔbarima no kae sɛ: “O, na minnim!” Ɔkaa saa no, polisini bi teɛɛm sɛ: “Sɛ́ yɛka kyerɛɛ mo anɔpa yi!” Asɔre no titenani no dan n’ani hwɛɛ asafo mu panyin no, na ɔyɛɛ ne ho nyaatwom serew kyerɛɛ no bisaa no sɛ: “Enti seesei dɛn na mobɛyɛ? Yɛn nkurɔfo ahyɛ asa no so ma. So wobɛma polisifo no apam yɛn afi ha?” Ná wafa anifere kwan so ama asɛm no ayɛ te sɛ nea Adansefo no mmom na wɔretaa asɔrefo no! Dɛn na na yɛn nuanom no bɛyɛ?

18. Dɛn na anuanom yɛe wɔ abufuw a wɔhyɛɛ wɔn no ho, na dɛn na efii mu bae?

18 Adansefo no maa asɔrefo no kwan sɛ wɔnyɛ asɔre dɔnhwerew fã, na ɛno akyi no, anuanom no ayɛ Nkaedi no. Asɔrefo no di boroo bere a wɔde maa wɔn no so, nanso bere a wofii asa no so no, anuanom yɛɛ Nkaedi no. Ade kyee no, aban no paw baguafo bi sɛ wɔnhwehwɛ asɛm no mu. Bere a baguafo no hwehwɛɛ asɛm no mu wiei no, wɔka kyerɛɛ asɔrefo no sɛ wɔmfa nto gua sɛ ɛnyɛ Adansefo no na wɔmaa ɔhaw no bae, na mmom ɛyɛ asɔre no titenani no. Baguafo no daa Yehowa Adansefo no ase nso wɔ abotare a wonyae wɔ asɛm a na ɛyɛ den no ho. Adepa fii mmɔden a Adansefo no bɔe sɛ wɔne ‘nnipa nyinaa bɛtena asomdwoe mu’ no mu bae.

19. Dɛn bio na ebetumi ama asomdwoe aba yɛne afoforo ntam?

19 Ade foforo a ɛbɛma yɛne afoforo akɔ so atena asomdwoe mu ne sɛ yɛbɛma yɛn kasa ho aba nyam. Adesua a edi hɔ no bɛma yɛahu nea kasa a ɛho wɔ nyam kyerɛ ne sɛnea yebetumi asua sɛ yɛbɛma yɛn kasa ho aba nyam.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 10 “Nnyansramma” ho asɛm a ɔkae no yɛ ɔkwan a na tetefo fa so de ogya gu abo atifi ne ase de nan abo no de yi nnade fi mu. Sɛ yɛda ayamye adi kyerɛ wɔn a wɔne yɛn nni no yiye no a, ebetumi ama wɔasesa adwene a wɔwɔ wɔ yɛn ho, na wɔada su pa adi akyerɛ yɛn.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Dɛn nti na nnipa a wɔwɔ wiase nnɛ bo afuw saa?

• Bible mu nhwɛso ahorow bɛn na ɛma yehu nea sɛ obi hyɛ n’abufuw so anaa wanhyɛ so a efi mu ba?

• Sɛ yɛn yɔnko Kristoni bi yɛ ade ma ɛyɛ yɛn yaw a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

• Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ nneɛma a wɔn a wonni asafo no mu yɛ tia yɛn no ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Simeon ne Lewi san wɔn akyi—nanso na abufuw ama wɔayɛ bɔne awie

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Sɛ yɛda ayamye adi a, ebetumi ama afoforo asesa wɔn adwene