Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kasa A Ɛho Wɔ Nyam Ma Yɛne Afoforo Ntam Yɛ Papa

Kasa A Ɛho Wɔ Nyam Ma Yɛne Afoforo Ntam Yɛ Papa

Kasa A Ɛho Wɔ Nyam Ma Yɛne Afoforo Ntam Yɛ Papa

“Momma mo kasa ho mmra nyam bere nyinaa.”—KOL. 4:6.

1, 2. Adepa bɛn na efii onua bi kasa a ɔmaa ɛho baa nyam mu bae?

ONUA bi kae sɛ: “Da bi a na mereka asɛm no wɔ afie afie no, mekɔtoo ɔbarima bi a ne bo fuwii araa ma n’ano popoe, na ne ho nyinaa wosowee. Mebɔɔ mmɔden sɛ me ne no besusuw Kyerɛwnsɛm no ho bɔkɔɔ, nanso ɛno maa ne bo fuw kɛse mmom. Ne yere ne ne mma nso bɛkaa no ho ma wɔyeyaw me, enti mihui sɛ na ɛsɛ sɛ mifi hɔ kɔ. Memaa abusua no tee ase sɛ mebaa no asomdwoe mu, na mepɛ sɛ mesan kɔ asomdwoe mu. Mema wohuu asɛm a ɛwɔ Galatifo 5:22 ne 23 no, baabi a ɛka ɔdɔ, odwo, ahosodi, ne asomdwoe ho asɛm no. Afei, mifii hɔ kɔe.

2 “Akyiri yi, bere a na meredi adanse wɔ afie a ɛwɔ ɔkwan no agya mu no, mihui sɛ saa abusua no te atrapoe a ɛwɔ wɔn fie no anim so. Wɔfrɛɛ me sɛ memmra. Mibisaa me ho sɛ: ‘Asɛm bɛn bio?’ Ná ɔbarima no kura kuruwa bi a nsu a emu adwo wom, na ɔmaa me bi sɛ mennom. Ɔpaa me kyɛw sɛ ɔne me ankasa yiye, na ɔkamfoo me sɛ me gyidi yɛ den. Na yedii nkra asomdwoe mu.”

3. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma kwan ma afoforo hyɛ yɛn abufuw?

3 Wɔ ɛnnɛ wiase a nneɛma a ɛhyɛ nnipa so ayɛ mu ma yi mu no, yɛtaa hyia nnipa a wɔn bo afuw, na yehyia bi wɔ asɛnka mu mpo. Sɛ yehyia nnipa a wɔte saa a, ɛho hia sɛ yɛda “odwo ne obu a emu dɔ” adi. (1 Pet. 3:15) Sɛ onua a yɛaka ne ho asɛm no maa ofiewura no abufuw ne ne kasatia no hyɛɛ no abufuw a, anka ebia ɔbarima no ansesa n’adwene sɛnea ɔyɛe no; anka ebia ɛbɛma ne bo afuw kɛse paa mpo. Esiane sɛ onua no hyɛɛ ne ho so na ɔmaa ne kasa ho baa nyam nti, adepa fii mu bae.

Dɛn na Ɛma Yɛn Kasa Ho Ba Nyam?

4. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛma yɛn kasa ho ba nyam?

4 Sɛ́ ebia yɛne wɔn a wonni asafo no mu anaa wɔn a wɔwɔ asafo no mu, anaasɛ yɛn abusuafo mpo na ɛredi no, ɛho hia sɛ yɛde ɔsomafo Paulo afotu a edi so yi yɛ adwuma sɛ: “Momma mo kasa ho mmra nyam bere nyinaa na nkyene mmra mu.” (Kol. 4:6) Kasa a ɛyɛ dɛ na ɛfata saa ho hia na ama nkitahodi pa ne asomdwoe atena yɛne afoforo ntam.

5. Dɛn na nkitahodi pa nkyerɛ? Ma ɛho nhwɛso.

5 Nkitahodi pa nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ woka asɛm biara a ɛba wo tirim na woda sɛnea wote nka adi ntɛm ara, titiriw bere a wo bo afuw no. Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛ sɛ obi anhyɛ n’abufuw so a, ɛyɛ mmerɛwyɛ, na ɛnkyerɛ sɛ ɔyɛ den. (Monkenkan Mmebusɛm 25:28; 29:11.) Bere bi, Mose a na “odwo sen” nnipa a wɔte ase wɔ ne bere so nyinaa no maa atua a Israel man no tewee no hyɛɛ no abufuw, na amma wanhyɛ Onyankopɔn anuonyam. Mose kaa n’anom asɛm nyinaa de kyerɛɛ sɛnea na ɔte nka, nanso Yehowa ani annye nea ɔyɛe no ho. Bere a na Mose de mfe 40 adi Israelfo no anim akyi no, wannya hokwan amfa wɔn annu Bɔhyɛ Asase no so.—Num. 12:3; 20:10, 12; Dw. 106:32.

6. Nhumu a yɛbɛda no adi bere a yɛrekasa no kyerɛ dɛn?

6 Kyerɛwnsɛm no hyɛ yɛn nkuran sɛ sɛ yɛrekasa a, yɛnhyɛ yɛn ho so na yɛnna nhumu anaa atɛmpa adi. Bible ka sɛ: “Mfomso mpa ɔkasa dodow mu, na nea osianka n’ano no yɛ ɔbadwemma.” (Mmeb. 10:19; 17:27) Nanso, nhumu a yɛbɛda no adi no nkyerɛ sɛ yɛrenkasa koraa. Nea ɛkyerɛ ne sɛ yɛbɛma yɛn kasa ho ‘aba nyam,’ na yɛde yɛn tɛkrɛma asa yare sen sɛ yɛde bepira afoforo.—Monkenkan Mmebusɛm 12:18; 18:21.

“Kommyɛ Wɔ Ne Bere, na Ɔkasa Nso Wɔ Ne Bere”

7. Nneɛma bɛn na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ, na dɛn ntia?

7 Sɛnea sɛ yɛne yɛn mfɛfo adwumayɛfo anaa nnipa a yennim wɔn rekasa wɔ asɛnka mu a ɛsɛ sɛ yɛma yɛn kasa ho ba nyam na yɛhyɛ yɛn ho so no, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ asafo no mu ne ofie nso. Sɛ yɛyɛ yɛn ade abufuw so na sɛ yɛansusuw nea ebetumi afi mu aba ho a, ebetumi apira yɛn ankasa ne afoforo paa wɔ honhom fam, nkate fam, ne honam fam. (Mmeb. 18:6, 7) Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn abufuw—ade a yɛn sintɔ ma yɛda no adi—so. Ɔkasatia, fɛwdi, animtiaabu, ne bobɔne nye. (Kol. 3:8; Yak. 1:20) Ebetumi asɛe abusuabɔ a ɛsom bo a yɛne afoforo wɔ ne nea yɛne Yehowa nso wɔ. Yesu kae sɛ: “Obiara a ɔkɔ so ma ne bo fuw ne nua no bedi fɔ wɔ asɛnnii; obiara a ɔka asɛm a ɛyɛ asefem tia ne nua no bedi fɔ wɔ Asɛnnii Kɛse mu, na wɔde obiara a ɔka sɛ, ‘Woyɛ ɔkwasampani!’ no bɛto Gehenna gya a ɛredɛw mu.”—Mat. 5:22.

8. Bere bɛn na ɛsɛ sɛ yɛka biribi a ɛhaw yɛn ho asɛm, nanso ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa?

8 Nanso, nneɛma bi wɔ hɔ a ebia yebesi gyinae sɛ ɛyɛ papa paa sɛ yɛka ho asɛm. Sɛ onua bi aka asɛm bi akyerɛ wo anaasɛ wayɛ wo ade ma ahaw wo paa ma enti worentumi mmu w’ani ngu so a, mma ne ho tan a woanya no nyɛ kɛse wɔ wo komam. (Mmeb. 19:11) Sɛ obi hyɛ wo abufuw a, hyɛ wo ho so, na afei yɛ biribi fa siesie asɛm no. Paulo kyerɛwee sɛ: “Mommma owia nnkɔtɔ mo so mo abufuw mu.” Esiane sɛ asɛm no kɔ so haw wo nti, ka ho asɛm wɔ ayamye so wɔ bere a ɛfata mu. (Monkenkan Efesofo 4:26, 27, 31, 32.) Wo ne wo nua no nka ɔhaw no ho asɛm pefee, nanso ma wo kasa ho mmra nyam, a wo botae ne sɛ wopɛ sɛ wo ne no siesie mo ntam.—Lev. 19:17; Mat. 18:15.

9. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn bo dwo ansa na yɛakɔ afoforo nkyɛn sɛ yɛne wɔn rekosiesie yɛn ntam?

9 Nokwarem no, ɛsɛ sɛ wohwɛ sɛ wobɛka asɛm no wɔ bere pa mu. Bible ka sɛ: “Kommyɛ wɔ ne bere, na ɔkasa nso wɔ ne bere.” (Ɔsɛnk. 3:1, 7) Bio nso, “ɔtreneeni koma dwen ansa na ama mmuae.” (Mmeb. 15:28) Saa asɛm yi betumi akyerɛ twɛn a obi bɛtwɛn ansa na ɔne obi akosiesie wɔn ntam. Sɛ obi yɛ sɛ obesiesie ɔhaw no bere a abufuw da so hyɛ ne mu a, ebetumi asɛe asɛm no koraa; nanso nyansa nnim nso sɛ ɔbɛtwɛn bere tenten.

Nneɛma a Ɛho wɔ Nyam a Yɛyɛ Ma Yɛne Afoforo Ntam Yɛ Papa

10. Ɔkwan bɛn so na sɛ yɛyɛ nneɛma a ɛho wɔ nyam a, ebetumi ama yɛne afoforo ntam ayɛ papa?

10 Kasa a ɛho wɔ nyam ne nkitahodi pa boa ma asomdwoe tena yɛne afoforo ntam, na ɛmma yɛn ntam nnsɛe. Nokwarem no, sɛ yɛyɛ nea yebetumi sɛ yɛbɛma yɛne afoforo ntam ayɛ papa a, ebetumi ama nkitaho a yɛne wɔn di atu mpɔn. Sɛ yeyi yɛn yam yɛ nneɛma pa ma afoforo, kyerɛ sɛ, sɛ yɛhwehwɛ hokwan boa wɔn, yefi yɛn komam kyɛ wɔn ade, na yɛda ahɔhoyɛ adi kyerɛ wɔn a, ebetumi aboa ma yɛne wɔn afi yɛn komam adi nkitaho. Ebetumi mpo ‘aboaboa nnyansramma ano agu’ obi atifi, na ama ayɛ mmerɛw sɛ obebue ne komam ama yɛne no asiesie yɛn ntam.—Rom. 12:20, 21.

11. Dɛn na Yakob yɛe de siesiee ɔne Esau ntam, na dɛn na efii mu bae?

11 Ná tete agya Yakob nim saa asɛm yi. Yakob nua Esau a ɔyɛ n’ata no bo fuw no denneennen araa ma Yakob guanee, efisɛ na osuro sɛ Esau bekum no. Mfe pii akyi no, Yakob san bae. Esau ne mmarima 400 kohyiaa no. Yakob bɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa no. Afei ɔsomae ma wɔde ayɛmmoa pii dii n’anim kɔkyɛɛ Esau. Akyɛde no dii nea enti a ɔde kɔe no ho dwuma. Bere a Yakob ne Esau hyiae no, na Esau asesa n’adwene, na otuu mmirika kɔyɛɛ Yakob atuu.—Gen. 27:41-44; 32:6, 11, 13-15; 33:4, 10.

Momma Yɛnka Nsɛm a Ɛho wɔ Nyam Mfa Nhyɛ Afoforo Nkuran

12. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn kasa ho ba nyam bere a yɛne yɛn nuanom rekasa?

12 Ɛwom sɛ Kristofo som Onyankopɔn na wɔnsom nnipa de, nanso yɛn ani gye ho sɛ afoforo begye yɛn atom. Sɛ yɛma yɛn kasa ho ba nyam a, ebetumi ama yɛn nuanom mmarima ne mmea nnesoa so atew. Nanso, sɛ yɛkasa tia wɔn yayaayaw a, ebetumi ama saa nnesoa no mu ayɛ duru kɛse, na ama ebinom anya adwene mpo sɛ gyama Yehowa nnye wɔn ntom bio. Ɛno nti, momma yemfi yɛn komam nka nsɛm a ɛhyɛ nkuran nkyerɛ afoforo, “asɛm biara a eye ma nkɔso a ehia, na ɛde nsɛm a mfaso wɔ so [ma] atiefo.”—Efe. 4:29.

13. Dɛn na ɛsɛ sɛ mpanyimfo ma ɛtena wɔn adwenem (a) bere a wɔretu fo? (b) bere a wɔrekyerɛw krataa?

13 Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo titiriw yɛ wɔn ade “brɛbrɛ,” na wonya ayamhyehye ma nguan no. (1 Tes. 2:7, 8) Sɛ ɛho behia sɛ asafo mu mpanyimfo tu afoforo fo a, wɔn botae ne sɛ ‘wɔde odwo’ bɛkasa, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa bere mpo a wɔne “wɔn a wɔtew atua” rekasa no. (2 Tim. 2:24, 25) Sɛ ɛho behia nso sɛ mpanyimfo kyerɛw mpanyimfo kuw foforo krataa anaasɛ wɔkyerɛw baa dwumadibea ne wɔn di nkitaho a, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn nsɛm ho ba nyam. Ɛsɛ sɛ wɔda ayamye adi na wɔyɛ anifere ma ɛne asɛm a ɛwɔ Mateo 7:12 no hyia.

Monka Nsɛm a Ɛho wɔ Nyam wɔ Abusua Mu

14. Afotu bɛn na Paulo de ma okununom, na dɛn ntia?

14 Ɛnyɛ den koraa sɛ yebebu yɛn ani agu sɛnea yɛn kasa, yɛn anim yɛbea ne yɛn nipadua a yɛde si asɛm so dua no ka afoforo no so. Sɛ nhwɛso no, ebia mmarima bi nnim sɛnea nsɛm a wɔka tumi ka mmea paa no yiye. Onuawa bi kae sɛ, “Sɛ me kunu de abufuw teɛteɛm gu me so a, ɛma me koma tu.” Nsɛm a ɛyɛ yaw betumi aka ɔbea kɛse asen ɔbarima, na ebia ɛbɛyɛ den paa sɛ ne werɛ befi. (Luka 2:19) Eyi te saa, titiriw, bere a ɔbarima a ɔbea bi dɔ no na obu no ka nsɛm a ɛte saa kyerɛ no no. Paulo tuu okununom fo sɛ: “Monkɔ so nnɔ mo yerenom na mommma mo bo mmfuw wɔn denneennen.”—Kol. 3:19.

15. Ma mfatoho fa kyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ okunu yɛ ne yere brɛbrɛ.

15 Wɔ eyi ho no, onua ɔwarefo bi a ɔwɔ osuahu yɛɛ nea enti a ɛsɛ sɛ okunu yɛ ne yere brɛbrɛ sɛ “anwenne a ɛyɛ mmerɛw” no ho mfatoho. Ɔkae sɛ: “Sɛ wukura anwenne a ɛsom bo a ɛnyɛ den koraa sɛ ɛbɛbɔ a, ɛnsɛ sɛ wumia no denneennen, anyɛ saa a ebetumi abɔ. Sɛ ɛbɔ na wɔsɔ mpo a, wobetumi ahu sɛ ɛkam da ho. Sɛ okunu ka nsɛm a ɛyɛ yaw kyerɛ ne yere a, ebetumi apira ɔbea no. Eyi betumi agyaw ɛkam wɔ aware no mu daa.”—Monkenkan 1 Petro 3:7.

16. Dɛn na ɔyere betumi ayɛ de ahyɛ n’abusua nkuran?

16 Mmarima nso, nsɛm a afoforo ka kyerɛ wɔn, a wɔn yerenom de ka ho, betumi ahyɛ wɔn nkuran anaasɛ abu wɔn abam. “Ɔyere badwemma” a ne kunu betumi anya “ne mu awerɛhyem” ankasa ne nea osusuw sɛnea ne kunu te nka ho te sɛ nea ɔpɛ sɛ ne kunu yɛ ma no ara pɛ no. (Mmeb. 19:14; 31:11) Nokwarem no, ɔyere betumi anya abusua no so nkɛntɛnso pa anaa nkɛntɛnso bɔne. Bible ka sɛ: “Ɔbea nyansafo si ne fie, na ɔbea kwasea de, ɔde ne nsa dwiriw ne de gu.”—Mmeb. 14:1.

17. (a) Ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ mmofra fa so ne wɔn awofo kasa? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn ani afi ne mmofra kasa, na dɛn ntia?

17 Saa ara na sɛ awofo ne wɔn mma rekasa akyerɛ wɔn ho wɔn ho a, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn kasa ho ba nyam. (Mat. 15:4) Sɛ yɛne mmofra rekasa na sɛ yesusuw nsɛm a yɛka ho yiye a, ɛbɛboa yɛn na ‘yɛanhyɛ wɔn abufuw’ anaa ‘yɛanhyɛ wɔn ahometew.’ (Kol. 3:21; Efe. 6:4) Sɛ ɛho behia mpo sɛ awofo ne asafo mu mpanyimfo teɛ mmofra so a, ɛsɛ sɛ wɔne wɔn kasa wɔ obu mu. Sɛ wɔn a wɔn ani afi yɛ saa a, ɛma ɛyɛ mmerɛw ma mmabun sɛ wobesiesie wɔn akwan na wɔne Onyankopɔn akɔ so anya abusuabɔ. Saa a yɛbɛyɛ no yɛ papa koraa sen sɛ yɛbɛma mmofra no anya adwene sɛ wɔagye nsam na ama wɔn nso anya adwene a ɛte saa ara. Ebia mmofra renkae afotu a wɔde maa wɔn no nyinaa, nanso wɔbɛkae ɔkwan a afoforo faa so ne wɔn kasae no.

Sɛnea Yebefi Yɛn Komam Aka Nsɛm a Eye

18. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayi nsusuwii bɔne ne ɛyaw afi yɛn mu?

18 Ɛnyɛ nea yɛn abufuw so a yɛbɛhyɛ kyerɛ ara ne sɛ yɛbɛyɛ yɛn ho te sɛ nea hwee nhaw yɛn. Nea ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae ne sɛ yɛbɛyɛ pii asen sɛ yɛbɛka yɛn abufuw ahyɛ kɛkɛ. Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ yɛn ho te sɛ nea hwee nhaw yɛn nanso abufuw redɛw wɔ yɛn mu a, ɛma yɛteetee. Ɛte sɛ nea woretia kar breki ne ne gya so bere koro mu. Sɛ woyɛ saa a, na worehaw kar no paa, na ebetumi asɛe. Enti nka abufuw nhyɛ na akyiri yi woama wo koko apae. Bɔ Yehowa mpae ma ɔmmoa wo na yi ɛyaw biara fi wo komam. Ma Yehowa honhom nsakra w’adwene ne wo koma ma ɛnyɛ nea ɔpɛ.—Monkenkan Romafo 12:2; Efesofo 4:23, 24.

19. Nneɛma bɛn na sɛ yɛyɛ a ebetumi aboa yɛn na amma yɛne afoforo anyiyi nsɛm ano abufuw so?

19 Yɛ nneɛma bi a ɛbɛboa wo ma woahyɛ wo ho so. Sɛ wuhyia tebea a emu yɛ den na wuhu sɛ wo bo refuw a, ɛbɛyɛ papa sɛ wufi hɔ kɔ, na sɛ woyɛ saa a, ɛbɛma wo bo adwo. (Mmeb. 17:14) Sɛ onii a wo ne no rekasa no bo fi ase fuw a, bɔ mmɔden paa sɛ wobɛma wo kasa ho aba nyam. Kae sɛ: “Mmuae bɔkɔɔ ma abufuw twa, na asɛm a ɛyɛ yaw hyɛ abufuw.” (Mmeb. 15:1) Sɛ wokasa brɛoo mpo na sɛ woka nsɛm a ɛyɛ yaw anaa ɛwowɔ a, ɛbɛsɛe asɛm no koraa. (Mmeb. 26:21) Enti sɛ tebea bi ma ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛhyɛ wo ho so a, yɛ ‘nyaa kasa, na yɛ nyaa fa abufuw.’ Bɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmfa ne honhom mmoa wo mma wonka nsɛm a eye, na ɛnyɛ nsɛm a enye.—Yak. 1:19.

Mumfi Mo Komam Mfa Bɔne Mfiri

20, 21. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛde afoforo bɔne afiri wɔn, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa?

20 Awerɛhosɛm ne sɛ, yɛn mu biara nni hɔ a obetumi adi ne tɛkrɛma so pɛpɛɛpɛ. (Yak. 3:2) Ɛmfa ho mmɔden a ɛsen biara a abusua mufo ne yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ asafo no mu mpo bɔ no, ɛtɔ mmere bi a, ebia wɔbɛka asɛm bi a wɔannwen ho ma ayɛ yɛn yaw. Sɛ́ anka yɛbɛma yɛn bo afuw ntɛm no, ɛsɛ sɛ yɛtɔ yɛn bo ase hwehwɛ nea enti a ɛbɛyɛ sɛ wɔkaa saa asɛm no mu. (Monkenkan Ɔsɛnkafo 7:8, 9.) So na biribi hyɛ wɔn so, na wɔabɔ hu, na wɔnte apɔw, anaa na biribi haw wɔn a yennim?

21 Ɛnsɛ sɛ obi de saa nneɛma no yi ne ho ano fa abufuw. Nanso, sɛ yehu saa nneɛma no a, ebia ɛbɛboa yɛn ma yɛahu nea enti a ɛtɔ mmere bi a nkurɔfo ka nsɛm bi a anka ɛnsɛ sɛ wɔka anaasɛ wɔyɛ nneɛma bi a anka ɛnsɛ sɛ wɔyɛ, na ebetumi aka yɛn ma yɛde afiri wɔn. Yɛn nyinaa aka asɛm bi anaa yɛayɛ nneɛma bi ma ahaw afoforo pɛn, na yɛhwɛ kwan sɛ wobeyi wɔn yam de afiri yɛn. (Ɔsɛnk. 7:21, 22) Yesu kae sɛ, nea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn de yɛn bɔne afiri yɛn no, ɛsɛ sɛ yɛde afoforo de firi wɔn. (Mat. 6:14, 15; 18:21, 22, 35) Enti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ntɛm pa kyɛw na yɛyɛ ntɛm de firi afoforo, na ama ɔdɔ a ɛne “koroyɛ hama a ɛyɛ pɛ” no akɔ so atena yɛn abusua mu ne asafo no mu.—Kol. 3:14.

22. Dɛn nti na mfaso wɔ so paa sɛ yɛma yɛn kasa ho ba nyam?

22 Bere a wiase a abufusɛm ahyɛ mu ma yi rekɔ awiei no, ebetumi ayɛ den kɛse sɛ yɛbɛkɔ so ama anigye ne biakoyɛ atena yɛn mu. Sɛ yɛde nnyinasosɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no yɛ adwuma a, ɛbɛboa yɛn ma yɛde yɛn tɛkrɛma aka nsɛm a eye, na ɛnyɛ nea enye. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma asomdwoe atena asafo no mu ne yɛn abusua mu paa, na nhwɛso pa a yɛbɛyɛ no bedi yɛn “anigye Nyankopɔn” Yehowa no ho adanse kama akyerɛ afoforo.—1 Tim. 1:11.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Dɛn nti na ɛho hia sɛ wopaw bere a ɛfata de siesie asɛm?

• Dɛn nti na sɛ abusua mufo ne wɔn ho wɔn ho rekasa a, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn kasa ho ‘ba nyam’ bere nyinaa?

• Dɛn na yebetumi ayɛ na amma yɛanka nsɛm a ɛyɛ yaw?

• Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛde bɔne afiri?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Ma wo bo nnwo, na afei hwehwɛ bere a ɛfata fa siesie asɛm no

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Ɛsɛ sɛ ɔbarima ne ne yere kasa brɛoo bere nyinaa