Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Monkɔ So Nhyɛ Asafo No Den

Monkɔ So Nhyɛ Asafo No Den

Monkɔ So Nhyɛ Asafo No Den

“Monkɔ so nkyekye mo ho mo ho werɛ na monhyehyɛ mo ho den.”—1 TES. 5:11.

1. Nhyira bɛn na Kristofo asafo no mu a yɛwɔ no ma yenya, nanso nsɛnnennen bɛn na ebia yɛbɛkɔ so ahyia?

KRISTOFO asafo no mu a wowɔ no yɛ nhyira kɛse ankasa. Wo ne Yehowa wɔ abusuabɔ pa. N’Asɛm a wode wo ho to so ma ɛkyerɛ wo kwan no bɔ wo ho ban fi nneɛma bɔne a efi ɔbrabɔne mu ba no ho. Wowɔ nnamfo pa pii a wɔpɛ sɛ esi wo yiye. Nhyira no dɔɔso ankasa. Nanso, Kristofo dodow no ara rehyia ɔhaw ahorow. Ebia wɔn mu binom behia mmoa na ama wɔate Onyankopɔn Asɛm mu nneɛma a emu dɔ no ase. Afoforo nso yare anaa wɔahaw, anaasɛ ebia gyinae a nyansa nnim a wɔasisi ama wɔrehu amane. Na yɛn nyinaa nso te wiase a atwe ne ho afi Onyankopɔn ho mu.

2. Sɛ yɛn nuanom hyia nsɛnnennen a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ho, na dɛn ntia?

2 Yɛn mu biara nni hɔ a ɔpɛ sɛ ohu sɛ ne mfɛfo Kristofo rehu amane anaasɛ wɔrebrɛ. Ɔsomafo Paulo de asafo no totoo nipadua ho, na ɔkae sɛ “sɛ kwaa biako hu amane a, akwaa a aka no nyinaa hu amane bi.” (1 Kor. 12:12, 26) Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden boa yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ tebea a ɛtete saa mu. Yɛwɔ nhwɛso ahorow bi wɔ Kyerɛwnsɛm mu a ɛfa sɛnea asafo no mufo boaa afoforo ma wogyinaa wɔn nsɛnnennen ano ho. Bere a yɛresusuw saa nhwɛso ahorow no ho no, susuw sɛnea wubetumi aboa afoforo wɔ akwan a ɛte sɛ nea wɔaka ho asɛm no so. Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa wo nuanom ma wɔakɔ so asom Yehowa, na wonam so ahyɛ Yehowa asafo no den?

“Wɔfaa no Kaa Wɔn Ho”

3, 4. Dɛn na Akwila ne Priskila yɛ de boaa Apolo?

3 Bere a Apolo kɔtenaa Efeso no, na ɔyɛ ɔsɛmpakafo a ɔyɛ nnam dedaw. Asomafo Nnwuma no ka sɛ: “Esiane sɛ na honhom ahyɛ no mã nti, ɔkaa Yesu ho asɛm kyerɛkyerɛɛ mu pɛpɛɛpɛ, nanso na Yohane asubɔ no nkutoo na onim.” Asu a wɔbɔ wɔ “Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu” a na Apolo nnim ho asɛm no kyerɛ sɛ, ɛbɛyɛ sɛ Yohane Osuboni no asuafo anaa Yesu akyidifo na wodii no adanse ansa na Pentekoste afe 33 Y.B. reba. Ɛwom sɛ na Apolo yɛ nnam de, nanso na nneɛma a ɛho hia bi wɔ hɔ a ɔnte ase. Ɔkwan bɛn so na ne mfɛfo gyidifo a ɔne wɔn bɔe no boaa no?—Aso. 1:4, 5; 18:25; Mat. 28:19.

4 Bere a Kristofo awarefo bi a wɔfrɛ wɔn Akwila ne Priskila tee sɛ Apolo de akokoduru rekasa wɔ hyiadan mu no, wɔfaa no kaa wɔn ho, na wɔkyerɛkyerɛɛ no nneɛma pii. (Monkenkan Asomafo Nnwuma 18:24-26.) Ade a wɔyɛe yi kyerɛ sɛ na wɔwɔ ɔdɔ. Nokwarem no, ɛbɛyɛ sɛ Akwila ne Priskila faa anifere kwan so na wɔboaa Apolo sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrente nka sɛ wɔrekasa tia no. Asɛm no ara ne sɛ na tete Kristofo asafo no ho nsɛm na onnim. Akyinnye biara nni ho sɛ Apolo ani sɔɔ n’ayɔnkofo foforo yi sɛ wɔkyerɛkyerɛɛ nneɛma a ɛho hia saa mu kyerɛɛ no. Afei, bere a Apolo tee saa nneɛma yi ase no, “ɔboaa” ne nuanom a wɔwɔ Akaia no “paa,” na odii adanse nnam so.—Aso. 18:27, 28.

5. Mmoa bɛn na Ahenni no ho adawurubɔfo mpempem pii fi ɔdɔ mu de ma nkurɔfo, na dɛn na efi mu ba?

5 Ɛnnɛ, Kristofo asafo no mufo pii ani sɔ wɔn a wɔboaa wɔn ma wɔtee Bible ase no paa. Bible asuafo ne wɔn a wɔne wɔn suaa ade no afa nnamfo a emu yɛ den paa. Mpɛn pii no, sɛ yebetumi aboa nkurɔfo ma wɔate nokware no ase a, ɛhwehwɛ sɛ yɛyɛ nhyehyɛe ne wɔn bɔ Bible mu nkɔmmɔ daa asram pii. Nanso, Ahenni no ho adawurubɔfo wɔ ɔpɛ sɛ wobetu wɔn ho ama wɔ saa kwan no so, efisɛ wohu sɛ ɛyɛ owu ne nkwa asɛm. (Yoh. 17:3) Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yehu sɛ nkurɔfo ate nokware no ase, wɔde rebɔ wɔn bra, na wɔreyɛ nea Yehowa pɛ wɔ wɔn asetena mu!

‘Wɔkaa Ne Ho Asɛm Pa’

6, 7. (a) Dɛn nti na Paulo paw Timoteo sɛ ne yɔnko a ɔne no tutuu akwan? (b) Nkɔso bɛn na wɔboaa Timoteo ma onyae?

6 Bere a ɔsomafo Paulo ne ɔsomafo Silas wɔ wɔn asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abien mu no, wɔkɔɔ Listra, na wohuu aberante bi a wɔfrɛ no Timoteo a ɛbɛyɛ sɛ na aka kakra ma wanya mfe 20, anaasɛ na wadi mfe 20 ne kakra wɔ hɔ. “Anuanom a wɔwɔ Listra ne Ikoniom no kaa ne ho asɛm pa.” Ná Timoteo maame Eunike, ne ne nanabea Lois yɛ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so, nanso na ne papa nyɛ gyidini. (2 Tim. 1:5) Ɛbɛyɛ sɛ Paulo huu saa abusua yi wɔ bere a edi kan a ɔkɔɔ mpɔtam hɔ wɔ mfe bi a na atwam no. Nanso, saa bere yi de, ɔsomafo no kyerɛɛ Timoteo ho anigye soronko efisɛ ɛte sɛ nea na ɔyɛ aberante a ɔda nsow. Enti, asafo a ɛwɔ hɔ no mu mpanyimfo kuw no penee so ma Timoteo bɛyɛɛ Paulo boafo wɔ asɛmpatrɛw adwuma no mu.—Monkenkan Asomafo Nnwuma 16:1-3.

7 Ná Timoteo betumi asua nneɛma pii afi ne yɔnko a na wanyin sen no no hɔ. Na Timoteo suaa nneɛma pii fii Paulo hɔ araa ma bere bi akyi no, Paulo tumi nyaa ne mu ahotoso ma ɔsomaa no ma ɔkɔsrasraa asafo ahorow, na odii dwuma sɛ Paulo nanmusifo. Wɔ mfe 15 anaa nea ɛte saa a Timoteo ne Paulo de nantewee mu no, aberante Timoteo a na onni osuahu pii a na ɛbɛyɛ sɛ ɔfɛre ade no nyaa nkɔso ma ɔbɛyɛɛ ɔhwɛfo a ɔbɔ mmɔden.—Filip. 2:19-22; 1 Tim. 1:3.

8, 9. Dɛn na asafo no mufo betumi ayɛ de ahyɛ mmabun nkuran? Ma nhwɛso bi.

8 Mmerante ne mmabaa pii a wɔwɔ Kristofo asafo no mu nnɛ betumi ayɛ pii daakye. Sɛ saa mmabun yi ayɔnkofo a wɔyɛ nhwɛso pa wɔ Yehowa som mu no hyɛ wɔn nkuran na wɔboa wɔn a, wobetumi apere ahwehwɛ asɛyɛde a emu yɛ duru wɔ Yehowa nkurɔfo mu na wɔagye atom. Fa w’ani to fam wɔ asafo a wowom no mu hwɛ! So wuhu mmabun bi a wobetumi de wɔn ho ama sɛnea Timoteo yɛe no? Sɛ woboa wɔn na wohyɛ wɔn nkuran a, wobetumi abɛyɛ akwampaefo, Betel adwumayɛfo, asɛmpatrɛwfo, anaa ahwɛfo akwantufo. Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa wɔn ma wɔapere adu botae a ɛtete saa ho?

9 Martin a wasom wɔ Betel mfe 20 no de anisɔ kae sɛnea ɔmansin sohwɛfo bi kyerɛɛ ne ho anigye mfe 30 a atwam no bere a na ɔne no nam asɛnka mu no. Ɔmansin sohwɛfo no de anigye kaa bere a na ɔyɛ aberante a na ɔsom wɔ Betel no ho asɛm kyerɛɛ no. Ɔhyɛɛ Martin nkuran sɛ onsusuw ho nhwɛ sɛ obetumi de ne ho ama Yehowa ahyehyɛde no wɔ saa kwan no so anaa. Martin te nka sɛ saa nkɔmmɔ a ne werɛ remfi da no ka ho bi paa na ɛma ɔpaw nea ɔyɛe akyiri yi no. Hena na onim adepa a ebetumi afi Yehowa som mu botae ahorow a wo ne wo nnamfo a wɔyɛ mmabun bɛbɔ ho nkɔmmɔ no mu aba?

“Monkyekye Akra a Wɔahaw Werɛ”

10. Epafrodito tee nka dɛn, na dɛn ntia?

10 Epafrodito twaa kwantenten a ɔbrɛ wom fii Filipi kɔɔ Roma kɔsraa ɔsomafo Paulo a na ne gyidi nti wɔde no ato afiase no. Saa ɔkwantufo yi kɔe sɛ Filipifo no nanmusifo. Ɛnyɛ Filipifo no akyɛde nko na ɔde kɔmaa ɔsomafo no, na mmom ɔyɛɛ nhyehyɛe nso sɛ ɔbɛtena Paulo nkyɛn na wayɛ nea obetumi biara de aboa no wɔ tebea a emu yɛ den a na ɔwom no mu. Nanso, bere a Epafrodito wɔ Roma no, ɔyaree “ma anka ɔreyɛ awu.” Esiane sɛ Epafrodito tee nka sɛ wantumi anni nea enti a ɔkɔe no ho dwuma nti, ɔhawee.—Filip. 2:25-27.

11. (a) Sɛ asafo no mufo bi haw a, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa? (b) Dɛn na Paulo kae sɛ wɔnyɛ mma Epafrodito?

11 Ɛnnɛ, nneɛma pii na ɛhyɛ nkurɔfo so ma wɔhaw. Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no bu akontaa sɛ wiase mu nnipa 5 biara mu 1 betumi anya adwenemhaw wɔ bere bi mu wɔ wɔn asetena mu. Yehowa nkurɔfo nso tumi nya adwenemhaw. Obi abusua a ɔbɛhwɛ wɔn ho adwinnwen, yare, obi abam a ebu esiane nneɛma bi a wantumi anyɛ, anaa nneɛma foforo betumi ama wahaw. Dɛn na na Filipifo no betumi ayɛ de aboa Epafrodito? Paulo kyerɛwee sɛ: “Momfa anigye nyinaa nnye no sɛnea ɛsɛ Awurade mu; na monkɔ so mmu nnipa a wɔte saa sɛ wɔsom bo, efisɛ Awurade adwuma nti, ɛkaa ketekete na anka ɔrewu; ɔde ne kra too ne nsam sɛnea ɛbɛyɛ a obesi mo ananmu esiane sɛ munni ha na moatumi asom me” nti.—Filip. 2:29, 30.

12. Dɛn na ebetumi ama wɔn a wɔahaw anya awerɛkyekye?

12 Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛhyɛ anuanom a wɔn abam abu anaa wɔahaw no nkuran. Akyinnye biara nni ho sɛ, yebetumi aka nsɛm a ɛhyɛ nkuran afa sɛnea wɔsom Yehowa no ho. Ebia wɔayɛ nsakrae akɛse wɔ wɔn asetena mu ansa na wɔrebɛyɛ Kristofo anaa wɔrebɛyɛ bere nyinaa som adwuma no. Yɛn ani sɔ mmɔden a ɛte saa a wɔbɔe no, na yebetumi ama wɔanya awerɛhyem sɛ Yehowa nso ani sɔ. Sɛ onyin anaa yare mma anokwafo binom ntumi nyɛ nea na anka bere bi wotumi yɛ nyinaa a, ɛfata sɛ yɛkyerɛ wɔn ho anisɔ wɔ mfe pii a wɔde asom Yehowa no ho paa. Ɛmfa ho nea ama yɛn nua bi ahaw biara no, nea Yehowa ka kyerɛ n’anokwafo nyinaa ne sɛ: “Monkyekye akra a wɔahaw werɛ, mommoa wɔn a wɔyɛ mmerɛw, munnya abodwokyɛre mma nnipa nyinaa.”—1 Tes. 5:14.

“Munyi Mo Yam Mfa Mfiri na Monkyekye Ne Werɛ”

13, 14. (a) Ade a anibere wom bɛn na Korinto asafo no yɛe, na dɛn ntia? (b) Adepa bɛn na ɔbarima a wotuu no no de bae?

13 Ná ɔbarima bi a ɔbɔ aguaman a na onnu ne ho wɔ Korintofo asafo no mu wɔ afeha a edi kan no mu. Ná n’abrabɔ no reyɛ asɛe asafo no ahotew, na na wɔn a wɔnyɛ gyidifo mpo bu nea ɔyɛe no aniwusɛm. Enti, ɛfata sɛ Paulo de akwankyerɛ mae sɛ wonyi ɔbarima no mfi asafo no mu.—1 Kor. 5:1, 7, 11-13.

14 Adepa fii saa nteɛso no mu bae. Ɛbɔɔ asafo no ho ban fii nkɛntɛnso bɔne ho, na ɛmaa ɔbɔnefo no ani baa ne ho so, na onuu ne ho ankasa wɔ ne bɔne no ho. Esiane sɛ ɔbarima no yɛɛ nnwuma a ɛkyerɛ adwensakra nti, Paulo kae wɔ ne krataa a ɛto so abien a ɔde kɔmaa saa asafo no mu sɛ wonnye saa ɔbarima no mmra asafo no mu bio. Nanso, ɛnyɛ gye a na wobegye no no nkutoo ne ade a na ɔhwehwɛ sɛ wɔyɛ. Paulo san de akwankyerɛ maa asafo no sɛ “munyi mo yam mfa mfiri na monkyekye [ɔbɔnefo a wanu ne ho no] werɛ, na awerɛhodi bebrebe ammene no.”—Monkenkan 2 Korintofo 2:5-8.

15. Ɛsɛ sɛ yebu abɔnefo a wɔanu wɔn ho a wɔasan agye wɔn aba asafo no mu no dɛn?

15 Dɛn na yesua fi saa asɛm yi mu? Sɛ wotu nnipa bi a, yɛn werɛ how. Ebia na wɔde ahohorabɔ aba Onyankopɔn din so, na wɔagu asafo no ho fĩ. Ebia na wɔayɛ bɔne atia yɛn ankasa mpo. Nanso, sɛ mpanyimfo a wɔapaw wɔn sɛ wɔnhwehwɛ asɛm no mu no de Yehowa akwankyerɛ yɛ adwuma na wosi gyinae sɛ wɔnsan nnye ɔbɔnefo a wanu ne ho no mmra asafo no mu a, ɛkyerɛ sɛ Yehowa de ne bɔne afiri no. (Mat. 18:17-20) So ɛnsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden suasua Yehowa? Nokwarem no, sɛ yɛma yɛn tirim yɛ den na yɛamfa bɔne amfiri a, na ɛte sɛ nea yɛresɔre atia Yehowa ankasa. Nea ɛbɛyɛ na yɛaboa ma asomdwoe ne biakoyɛ atena Onyankopɔn asafo no mu na yɛanya Yehowa anim dom no, so ɛnsɛ sɛ ‘yɛkyerɛ sɛ yɛdɔ’ abɔnefo a wɔanu wɔn ho ankasa ma wɔasan agye wɔn aba asafo no mu no ‘ampa’?—Mat. 6:14, 15; Luka 15:7.

“Ɔyɛ Ɔboafo ma Me”

16. Dɛn nti na Paulo dii Marko ho yaw?

16 Asɛm foforo bi a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu ma yehu sɛ ɛnsɛ sɛ yɛde nkurɔfo a wɔadi yɛn huammɔ ho asɛm hyɛ yɛn mu. Sɛ nhwɛso no, Yohane a wɔfrɛ no Marko no dii ɔsomafo Paulo huammɔ yayaayaw. Dɛn na Marko yɛe? Bere a Paulo ne Barnaba fii wɔn asɛmpatrɛw akwantu a edi kan ase no, Marko ne wɔn kɔe kɔboaa wɔn. Nanso woduu baabi no, Yohane a wɔfrɛ no Marko no gyaw n’ayɔnkofo no hɔ san kɔɔ fie a yennim nea enti a ɔyɛɛ saa. Ade a Marko yɛe yi yɛɛ Paulo yaw paa ma enti bere a wɔreyɛ nhyehyɛe akɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma a ɛto so abien no, Paulo ne Barnaba nyaa akasakasa wɔ Marko a na wɔde no bɛsan aka wɔn ho akɔ no ho. Esiane asɛm a na asi wɔ wɔn akwantu a edi kan no mu nti, na Paulo mpɛ sɛ wɔde Marko bɛka wɔn ho akɔ.—Monkenkan Asomafo Nnwuma 13:1-5, 13; 15:37, 38.

17, 18. Dɛn na ɛma yehu sɛ Paulo ne Marko siesiee wɔn ntam, na dɛn na yebetumi asua afi saa asɛm yi mu?

17 Ɛda adi sɛ Marko amma po a Paulo poo no no anhaw no pii, efisɛ ɔne Barnaba kɔɔ so yɛɛ asɛmpatrɛw adwuma no wɔ asasesin foforo mu. (Aso. 15:39) Asɛm a Paulo kyerɛw faa Marko ho mfe bi akyi no ma yehu sɛ Marko daa ne ho adi sɛ ɔyɛ ɔnokwafo. Saa bere a na Paulo da afiase wɔ Roma no, ɔkyerɛw Timoteo krataa sɛ ɔmmra ne nkyɛn. Paulo kae wɔ saa krataa no ara mu sɛ: “Fa Marko ka wo ho bra, na ɔyɛ ɔboafo ma me wɔ ɔsom mu.” (2 Tim. 4:11) Nokwarem no, Paulo hui sɛ na Marko anya nkɔso wɔ ɔsom no mu.

18 Yebetumi asua biribi afi saa asɛm yi mu. Marko nyaa su a ɛma ɔbɛyɛɛ ɔsɛmpatrɛwfo pa. Wamma po a Paulo poo no mfiase no anto no hintidua. Ná ɔno ne Paulo mu biara ne Yehowa wɔ abusuabɔ a emu yɛ den, na wɔankɔ so amfa wɔn yɔnko ho asɛm anhyɛ wɔn mu. Mmom no, akyiri yi, Paulo hui sɛ Marko yɛ ɔboafo a mfaso wɔ no so. Enti, sɛ akasakasa ba anuanom ntam na wosiesie wie a, ade a ɛfata sɛ wɔyɛ ne sɛ wɔbɛkɔ wɔn anim na wɔakɔ so aboa afoforo ma wɔanya nkɔso wɔ nokware no mu. Sɛ yɛde yɛn adwene si su pa a afoforo wɔ so a, ɛhyɛ asafo no den.

Sɛnea Yɛboa Yɛn Ho Yɛn Ho wɔ Asafo no Mu

19. Mmoa bɛn na Kristofo asafo no mufo nyinaa betumi de ama wɔn ho wɔn ho?

19 Wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu no, wuhia wo nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ asafo no mu mmoa, na wɔn nso hia wo mmoa. (2 Tim. 3:1) Ɛnyɛ bere nyinaa na ebia Kristoni bi behu nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ na ama watumi adi tebea ahorow a ɔrehyia ho dwuma yiye, nanso Yehowa de, onim. Na Yehowa betumi afa asafo no mufo foforo—a wo ka ho—so aboa afoforo ma wɔafa ɔkwantrenee no so. (Yes. 30:20, 21; 32:1, 2) Enti, sɛnea ɛte biara no, fa ɔsomafo Paulo afotu no yɛ adwuma! Monkɔ so “nkyekye mo ho mo ho werɛ na monhyehyɛ mo ho den, sɛnea moreyɛ no ara.”—1 Tes. 5:11.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛhyɛ afoforo den wɔ Kristofo asafo no mu?

• Nsɛnnennen bɛn na wubetumi aboa afoforo ma wɔagyina ano?

• Dɛn nti na yehia afoforo a wɔwɔ yɛn asafo mu no mmoa?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Sɛ yɛn yɔnko Kristoni bi rehyia tebea a emu yɛ den a, yebetumi aboa no

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Mmerante ne mmabaa pii a wɔwɔ Kristofo asafo no mu nnɛ betumi ayɛ pii daakye