Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Wubegyina Nokware a Wo Hokafo Anni Ano

Sɛnea Wubegyina Nokware a Wo Hokafo Anni Ano

Sɛnea Wubegyina Nokware a Wo Hokafo Anni Ano

NÁ Margarita ne ne kunu Raúl de mfe pii abom asom Yehowa sɛ bere nyinaa asomfo. * Nanso, bere a wɔwoo wɔn ba a odi kan no, ankyɛ na Raúl fii ase sɛ ɔretwe ne ho afi Yehowa ho. Bere bi akyi no, Raúl fii ase de ne ho hyɛɛ ɔbrasɛe mu, na wotuu no fii Kristofo asafo no mu. Margarita ka sɛ: “Bere a saa nsɛm yi nyinaa sisii no, ɛyɛɛ me sɛ mewu. Me werɛ howee yiye, na na minhu nea menyɛ.”

Bere a Jane waree no, ankyɛ na ɔno nso kunu yɛɛ no biribi maa ne kunu mu ahotoso ne ɔdɔ a ɔwɔ ma no nyinaa yɛɛ ɔkwa. Ne kunu fii ase boroo no. Jane ka sɛ: “Bere a edi kan a ɔbɔɔ me no, me ho dwiriw me, meyɛɛ basaa, na m’ani wui. Afei, ɛbɛyɛɛ ade a na ɔboro me daa, na sɛ ɔboro me wie a, na wapa me kyɛw sɛ memfa nkyɛ no. Ná misusuw sɛ sɛ́ Kristoni no, ɛyɛ m’asɛyɛde sɛ mede bɔne bɛkyɛ bere nyinaa na mayi afi me mu. Mesan nso susuwii sɛ ɛrenkyerɛ nokwaredi sɛ mɛka yɛn haw no ho asɛm akyerɛ obi foforo, a yɛn asafo mu mpanyimfo mpo ka ho. Boro a na ɔboro me na ɔsrɛ sɛ memfa nkyɛ no no kɔɔ so mfe pii. Saa bere no nyinaa, na misusuw sɛ anka biribi wɔ hɔ a metumi ayɛ ama me kunu adɔ me a manyɛ. Bere a awiei koraa no ogyaw me ne yɛn babea no hɔ no, metee nka sɛ manni m’asɛyɛde ho dwuma, ná anka ɛsɛ sɛ meyɛ biribi anaa meka nsɛm bi de ma yɛn aware no gyina.”

Ebia woredi awerɛhow, wo sikasɛm asɛe, anaa wo ne Yehowa ntam reyɛ asɛe esiane sɛ wo kunu anni wo nokware te sɛ nea Margarita ne Jane kununom yɛɛ wɔn no nti. Anaasɛ ebia woyɛ okunu a esiane sɛ wo yere anni wo nokware nti ama woredi yaw anaa wo ho akyere wo. Akyinnye biara nni ho sɛ sɛnea Bible hyɛɛ nkɔm no, yɛte “mmere a emu yɛ den” mu. Saa nkɔmhyɛ yi kyerɛ sɛ “nna a edi akyiri mu” no, ɔhaw bɛba mmusua mu, na mmusua dodow no ara mufo rennya tema mma wɔn ho koraa. Ebinom bɛyɛ wɔn ho te sɛ nea wɔresom Onyankopɔn. (2 Tim. 3:1-5) Nokware Kristofo nso betumi ahyia ɔhaw a ɛte saa; enti, sɛ wo hokafo anni wo nokware a, dɛn na ebetumi aboa wo ma woagyina ano?

Hu Wo Ho Sɛnea Yehowa Hu Wo

Mfiase no, ebia ɛbɛyɛ den sɛ wubegye atom sɛ obi a wodɔ no betumi ayɛ wo ade ma ayɛ wo yaw saa. Ebia wubefi ase mpo abu wo ho fɔ sɛ wo na woma ɔyɛɛ saa bɔne no.

Nanso, kae sɛ Yesu a na ɔyɛ onipa a ɔyɛ pɛ mpo no, obi a na ɔwɔ no mu ahotoso na ɔdɔ no na oyii no mae. Ansa na Yesu repaw n’ayɔnkofo a na wɔbɛn no paa a wɔne asomafo no, osusuw ho yiye bɔɔ ho mpae. Saa bere no, na asomafo 12 no nyinaa yɛ Yehowa asomfo anokwafo. Enti bere a Yuda ‘dan ɔfatwafo no,’ akyinnye biara nni ho sɛ Yesu werɛ howee yiye. (Luka 6:12-16) Nanso, Yehowa amfa nea Yuda yɛe no ho asodi anto Yesu so.

Nokwasɛm ne sɛ, ɛnnɛ okunu anaa ɔyere biara nni hɔ a ɔyɛ pɛ. Awarefo no mu biara bedi mfomso. Honhom kaa odwontofo bi ma ɔkyerɛw nokwasɛm yi sɛ: “O Yah, sɛ mfomso na wohwɛ a, O Yehowa, anka hena na obegyina?” (Dw. 130:3) Ɛsɛ sɛ awarefo baanu no mu biara nya ɔpɛ sɛ obebu n’ani agu ne yɔnko sintɔ ahorow so de asuasua Yehowa.—1 Pet. 4:8.

Nanso, “yɛn mu biara bebu n’ankasa akontaa akyerɛ Onyankopɔn.” (Rom. 14:12) Sɛ okunu anaa ɔyere de yɛ ne su sɛ ɔbɛkasa atia ne hokafo anaasɛ ɔbɛyɛ no ayayade a, ɛyɛ nea ɔyɛ ne yɔnko bɔne no na obebu ne nneyɛe ho akontaa akyerɛ Yehowa. Yehowa kyi awudisɛm ne kasatia, enti obiara nni biribi a obegyina so ayɛ ne hokafo ayayade anaasɛ wabu no animtiaa saa. (Dw. 11:5; Efe. 5:33; Kol. 3:6-8) Nokwarem no, sɛ Kristoni bi kɔ so da bobɔne a ɛte saa adi na wannu ne ho a, ɛsɛ sɛ wotu no fi Kristofo asafo no mu. (Gal. 5:19-21; 2 Yoh. 9, 10) Ɛnsɛ sɛ okunu anaa ɔyere ma n’ahonim haw no sɛ ɔbɛka subammɔne a ɛte saa ho asɛm akyerɛ asafo mu mpanyimfo no. Nokwarem no, Yehowa yam hyehye no ma nkurɔfo a wɔyɛ wɔn basabasa saa no.

Sɛ okunu anaa ɔyere bi sɛe aware a, ɛnyɛ ne hokafo a ne ho nni asɛm no nko na ɔyɛ no bɔne, na mmom Yehowa nso. (Mat. 19:4-9; Heb. 13:4) Sɛ na ɔhokafo a ne ho nni asɛm no de Bible mu nnyinasosɛm reyɛ adwuma a, ɛnde ɛnsɛ sɛ ɔma n’ahonim haw no sɛ ɔno na ɔmaa ɔwaresɛefo no yɛɛ bɔne.

Kae sɛ Yehowa nim sɛnea wote nka. Yehowa kaa ne ho asɛm sɛ ɔyɛ Israel man no kunu, na nsɛm a ɛka koma pii wɔ n’Asɛm mu a ɛkyerɛ sɛnea ne werɛ howee esiane sɛ ɔman no anni no nokware wɔ ne som mu nti. (Yes. 54:5, 6; Yer. 3:1, 6-10) Nya awerɛhyem sɛ sɛ wo kunu anaa wo yere anni wo nokware a, Yehowa hu nusu a woretew no yiye. (Mal. 2:13, 14) Onim sɛ wuhia awerɛkyekye ne nkuranhyɛ.

Sɛnea Yehowa Kyekye Yɛn Werɛ

Akwan a Yehowa fa so kyekye yɛn werɛ no mu biako ne Kristofo asafo no. Jane nyaa mmoa a ɛte saa. Jane ka sɛ: “Ɔmansin sohwɛfo bɛsraa yɛn bere a na me werɛ ahow yiye paa no. Esiane sɛ na me kunu de akɔ asɛnnibea sɛ ɔrekotwa yɛn aware no mu nti, ɔmansin sohwɛfo no huu sɛnea na mahaw no. Ogyee bere ne me susuw kyerɛw nsɛm te sɛ 1 Korintofo 7:15 ho. Bible mu nsɛm ne nsɛm a ɛma abotɔyam a ɔka kyerɛɛ me no boaa me ma mihui sɛ minni fɔ, na ɛmaa me koma tɔɔ me yam kakra.” *

Margarita a yɛaka ne ho asɛm dedaw no nso hui sɛ Yehowa fa Kristofo asafo no so boa yɛn. Margarita ka sɛ: “Bere a ɛbɛdaa adi sɛ me kunu rensakra n’adwene no, me ne me mma no tu kɔtenaa kurow foforo mu. Bere a yeduu hɔ no, mitumi nyaa adan abien hanee wɔ ofie bi mu. Ade kyee no, bere a na awerɛhow ahyɛ me ma na mereyiyi yɛn nneɛma afi bag mu no, metee sɛ obi rebɔ ɔpon no mu. Ná misusuw sɛ ɛyɛ ofiewura a ne dan toa yɛn de so no. Anwonwasɛm ne sɛ, sɛɛ na ɛyɛ onuawa a ɔne me maame suaa Bible a na waboa yɛn abusua no ma yɛahu nokware no. Wanhwɛ kwan sɛ obehu me wɔ ofie hɔ, nanso nea enti a na waba ofie hɔ ne sɛ na ɔne me fiewura no sua Bible. Me bo tɔɔ me yam araa ma mifii ase sui. Mekaa asɛm a na ato me no kyerɛɛ no, na yɛn baanu nyinaa sui. Ntɛm ara na ɔyɛɛ nhyehyɛe ma yɛkɔɔ asafo nhyiam saa da no. Asafo no gyee yɛn fɛw so, na mpanyimfo no yɛɛ nhyehyɛe a ɛbɛboa me ma maboa m’abusua no ma yɛasom Yehowa.”

Nea Afoforo Betumi Ayɛ De Aboa

Nokwarem no, Kristofo asafo no mufo betumi afa akwan pii so aboa obi. Sɛ nhwɛso no, bere a Margarita koduu hɔ no, na ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ adwuma. Abusua bi a wɔwɔ asafo no mu tuu wɔn ho mae sɛ sɛ ɛho behia a, wɔbɛhwɛ ne mma no ama no bere a wɔapɔn sukuu no.

Margarita ka sɛ: “Ade a m’ani gye ho paa ne sɛ anuanom mmarima ne mmea bɛka sɛ wɔne me ne me mma no bɛkɔ asɛnka.” Sɛ asafo no mufo boa afoforo wɔ ɔkwan a ɛte saa so a, na wɔreboa ‘wɔn ho wɔn ho wɔ nneɛma a emu yɛ duru mu,’ na wɔnam saa a wɔyɛ so rewie “Kristo mmara no” so di.—Gal. 6:2.

Wɔn a afoforo bɔne nti wɔrehu amane no ani sɔ mmoa a ɛte saa paa. Monique a ne kunu guan gyaw no na ogyaw no ka Amerika dɔla 15,000, na ɔsan gyaw mmofra baanan guu no so sɛ ɔntete wɔn no ka sɛ: “Me nuanom Kristofo mmarima ne mmea daa ɔdɔ kɛse adi kyerɛɛ me. Sɛ wɔammoa me a, anka minnim nea mɛyɛ. Mete nka sɛ Yehowa ma minyaa anuanom mmarima a wɔn yam ye paa a wonyaa bere maa me mma no. M’ani agye sɛ mahu sɛ mmoa a wɔde ma me mma no ama wɔn ho akokwaw wɔ Onyankopɔn som mu. Sɛ na mihia akwankyerɛ a, na mpanyimfo no boa me. Sɛ na merepɛ obi aka m’asɛm akyerɛ no a, na wotie me.”—Mar. 10:29, 30.

Nokwarem no, adamfo a ɔwɔ ɔdɔ behu bere a ɛnyɛ papa sɛ ɔde awerɛhosɛm a ato ne yɔnko bɛba wɔn nkɔmmɔbɔ mu. (Ɔsɛnk. 3:7) Margarita ka sɛ: “Mpɛn pii no, na m’ani gye ho sɛ me ne anuanom mmea a wɔwɔ asafo foforo a makɔ mu no bɛbɔ asɛnka adwuma, yɛn Bible asuafo, ne yɛn mma ho nkɔmmɔ, gye me haw no nkutoo. M’ani gyei sɛ wɔmaa me werɛ fii ɔhaw a na mafa mu no na wɔboaa me ma mifii biribiara ase foforo.”

Bɔ Mmɔden sɛ Worenyɛ Bi Ntua Ka

Ɛtɔ mmere bi a, sɛ́ anka wobɛte nka sɛ woka ho bi na woama wo hokafo no ayɛ bɔne no, ebia wubedi yaw sɛ ɛyɛ mfomso a wo hokafo no ayɛ no na ama worehu amane pii saa. Sɛ woma ɛyaw a ɛte saa kɔ so hyɛ wo mu a, ebia ɛremma wuntumi nni wo bo a woasi sɛ wobɛkɔ so adi Yehowa nokware no so. Sɛ nhwɛso no, ebia ɛbɛyɛ wo sɛ hwehwɛ akwan a wobɛfa so atua wo hokafo a wanni wo nokware no so ka.

Sɛ wote nka sɛ wopɛ sɛ woyɛ wo hokafo no bi tua ka a, wubetumi asusuw nea Yosua ne Kaleb yɛe no ho. Saa mmarima anokwafo yi de wɔn nkwa too asiane mu kɔhwɛɛ Bɔhyɛ Asase no. Akwansrafo a wɔaka no annya gyidi, na wɔamma nkurɔfo no antie Yehowa asɛm. Bere a Yosua ne Kaleb bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ ɔman no nkuran ma wɔadi nokware no, Israelfo no bi yɛe sɛ wobesiw wɔn abo. (Num. 13:25–14:10) Esiane nea Israelfo no yɛe nti, ɛmaa Yosua ne Kaleb bɔɔ asesa wɔ sare no so mfe 40 a ɛnyɛ wɔn ankasa mfomso na mmom afoforo mfomso nti.

Ɛwom sɛ ɛbɛyɛ sɛ Yosua ne Kaleb abam bui de, nanso wɔamfa bɔne a wɔn nuanom yɛe no ho yaw anhyɛ wɔn mu. Wɔde wɔn adwene sii Yehowa a na wɔbɛsom no no so. Bere a mfe 40 a wodii wɔ sare no so baa awiei no, wotuaa wɔne Lewifo no ka, na wɔn na wɔkae wɔ saa awo ntoatoaso no mu na wɔma wɔkɔɔ Bɔhyɛ Asase no so.—Num. 14:28-30; Yos. 14:6-12.

Ebia ade a wo hokafo a wanni wo nokware no yɛe no bɛma woahu amane bere tenten. Aware no betumi agu, nanso ebia wubedi awerɛhow na wo ho akyere wo wɔ sikasɛm mu. Nanso, sɛ́ anka wubedwinnwen nneɛma a ɛbɛma w’abam abu ho no, kae sɛ Yehowa nim ɔkwan pa a ɔbɛfa so ne wɔn a wɔboapa bu wɔn ani gu ne mmara so no adi, sɛnea ɔyɛɛ Israelfo a na wonni gyidi wɔ sare no so no.—Heb. 10:30, 31; 13:4.

Wubetumi Agyina Ano!

Sɛ́ anka wobɛma adwene a ɛnteɛ ahyɛ wo so no, dwinnwen Yehowa asɛm ho mmom. Jane ka sɛ: “Mihui sɛ Ɔwɛn-Aban ne Awake! a wɔde agu kasɛt so a mebɔ tiei no boaa me ma migyinaa me haw no ano. Asafo nhyiam nso hyɛɛ me den kɛse. Nhyiam a mede me ho hyɛɛ mu kɛse no boaa me ma miyii m’adwene fii me haw no so. Asɛnka adwuma no nso boaa me saa ara. Afoforo a meboaa wɔn ma wonyaa Yehowa mu gyidi no maa m’ankasa me gyidi yɛɛ den. Me Bible asuafo a meboaa wɔn no nso maa mede m’adwene sii nneɛma a ɛho hia paa no so.”

Monique a yɛaka ne ho asɛm dedaw no ka sɛ: “Asafo nhyiam ahorow a mekɔ no daa ne asɛnka a mekɔ no bere biara a metumi no aboa me ma matumi agyina me haw no ano. Biakoyɛ aba yɛn abusua no mu na yɛne asafo no bɔ kɛse paa. M’amanehunu no aboa me ma mahu me mmerɛwyɛ ahorow. Wɔasɔ me ahwɛ, nanso Yehowa aboa me ma matumi agyina ano.”

Wo nso wubetumi agyina sɔhwɛ a ɛte saa ano. Ɛmfa ho ɛyaw a wo hokafo a wanni wo nokware ama woredi no, bɔ mmɔden sɛ wubetie Paulo afotu a honhom kaa no ma ɔkyerɛwee no. Ɔkae sɛ: “Mommmrɛ papayɛ mu, na sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba bere a ɛsɛ mu.”—Gal. 6:9.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 2 Wɔasesa edin ahorow no bi.

^ nky. 13 Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea Bible ka wɔ ntetewmu ne awaregyae ho ho nsɛm pii a, hwɛ “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu” nhoma no kratafa 125-130, 219-221.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Wɔn a wɔn ahokafo agyaw wɔn no ani sɔ wɔn a wɔboa wɔn wɔ asɛnka adwuma no mu no