Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛ Nneɛma A Yehowa Pɛ Na Nya Anigye

Yɛ Nneɛma A Yehowa Pɛ Na Nya Anigye

Yɛ Nneɛma A Yehowa Pɛ Na Nya Anigye

“Momfa me kɔndua nto mo ho so . . . , na mubenya ɔhome ama mo kra.” —MAT. 11:29.

1. Nhyehyɛe bɛn na Onyankopɔn yɛe wɔ Bepɔw Sinai so, na dɛn ntia?

BERE a wɔde Mmara apam no mae wɔ Bepɔw Sinai so no, wɔde kaa ho sɛ wonni Homeda dapɛn biara. Yehowa nam ne kasamafo Mose so ka kyerɛɛ Israel man no sɛ: “Fa nnansia yɛ adwuma, na da a ɛto so ason no de, nyɛ adwuma. Ɛbɛma wo nantwi ne w’afurum ahome, na w’afenaa ba ne ɔhɔho adwudwo wɔn ho.” (Ex. 23:12) Nokwarem no, esiane sɛ na Yehowa dwen wɔn a wɔwɔ Mose Mmara no ase ho nti, ofi ɔdɔ mu yɛɛ nhyehyɛe sɛ wonyi da biako nsi hɔ mfa nhome sɛnea ɛbɛyɛ a ne nkurɔfo betumi “adwudwo wɔn ho.”

2. Mfaso bɛn na Israelfo nya fii Homeda a wodii no so?

2 So na Homeda no atirimpɔw ara ne sɛ wɔde begye wɔn ahome? Dabi, mmom no, na ɛyɛ ɔsom a na Israelfo de ma Yehowa no fã titiriw. Ná Homeda a wodi no ma mmusua ti nya bere de kyerɛkyerɛ wɔn mmusua ma ‘wɔnantew Yehowa akwan so na wɔyɛ nea ɛteɛ.’ (Gen. 18:19) Ɛsan nso maa mmusua ne nnamfo nyaa hokwan hyiaa mu susuw Yehowa nnwuma ho, na wonyaa fekubɔ a ɛyɛ anigye. (Yes. 58:13, 14) Nea ɛho hia paa no, Homeda no twee adwene sii bere a Kristo Mfirihyia Apem Nniso no bɛma yɛanya ɔhome ankasa no so. (Rom. 8:21) Na yɛn bere yi so nso ɛ? Ɛhe na nokware Kristofo a wɔn ani gye Yehowa akwan ho no betumi anya anigye a ɛte saa, na ɔkwan bɛn na wobetumi afa so anya?

Kristofo Fekubɔ Ma Yenya Anigye

3. Ɔkwan bɛn na Kristofo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu no faa so boaa wɔn ho wɔn ho, na dɛn na efii mu bae?

3 Ɔsomafo Paulo kaa Kristofo asafo no ho asɛm sɛ ɛyɛ “nokware no dum ne ne nnyinaso.” (1 Tim. 3:15) Tete Kristofo no nyaa mmoa pii denam hyɛ a wɔhyehyɛɛ wɔn ho nkuran na wɔhyehyɛɛ wɔn ho den wɔ ɔdɔ mu no so. (Efe. 4:11, 12, 16) Bere a na Paulo wɔ Efeso no, Korinto asafo no mufo kɔsraa no ma ɛhyɛɛ no nkuran paa. Hyɛ sɛnea wɔn nsrahwɛ no boaa no no nsow. Paulo kae sɛ: “M’ani agye sɛ Stefana ne Fortunato ne Akaiko wɔ ha, efisɛ . . . wɔadwudwo me honhom.” (1 Kor. 16:17, 18) Saa ara na bere a Tito kɔɔ Korinto kɔsom anuanom a wɔwɔ hɔ no, Paulo san kyerɛw asafo no sɛ: “Mo nyinaa moama ne koma atɔ ne yam.” (2 Kor. 7:13) Saa ara na ɛnnɛ nso Kristofo fekubɔ a ɛhyɛ den ma Yehowa Adansefo ani gye ankasa.

4. Ɔkwan bɛn so na asafo nhyiam ahorow ma yɛn ani gye?

4 Wunim dedaw sɛ asafo nhyiam ahorow ma yɛn ani gye kɛse. Sɛ yɛkɔ asafo nhyiam a, ‘obiara nya nkuranhyɛ fi ne yɔnko hɔ denam ne yɔnko gyidi so.’ (Rom. 1:12) Yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea nyɛ amannifo a ɛwom araa a na yɛahyia wɔn ne wɔn abɔ kɛkɛ. Mmom no, wɔyɛ yɛn nnamfonom ankasa, wɔyɛ nnipa a yɛdɔ wɔn na yebu wɔn. Sɛ yɛne wɔn hyiam wɔ yɛn asafo nhyiam ase daa a, ɛma yenya anigye ne awerɛkyekye pii.—Filem. 7.

5. Dɛn na yebetumi ayɛ ma yɛne afoforo ani agye wɔ amantam ne amansin nhyiam ase?

5 Ade foforo nso a ɛma yɛn ani gye ne amantam ne amansin nhyiam a yɛyɛ no afe biara no. Nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Bible mu a ɛyɛ nkwa nsu a yenya wɔ saa nhyiam akɛse yi ase akyi no, ɛsan nso ma yenya hokwan de ‘trɛw’ yɛn fekubɔ mu. (2 Kor. 6:12, 13) Na sɛ yɛyɛ nnipa a yɛfɛre ade na ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛne nkurɔfo bɛbɔ nso ɛ? Ɔkwan biako a yebetumi afa so ahu yɛn nuanom mmarima ne mmea ne sɛ yebetu yɛn ho ama ayɛ nnwuma wɔ ɔmantam nhyiam bi ase. Bere a onuawa bi boa ma wɔyɛɛ adwuma wɔ amanaman ntam nhyiam bi ase wiei no, ɔkae sɛ: “M’abusua ne me nnamfo kakraa bi a na wɔwɔ hɔ a minim wɔn akyi no, na minnim anuanom pii a wɔwɔ hɔ no. Nanso, bere a meboa ma wosiesiee hɔ no, mihyiaa anuanom mmarima ne mmea pii! M’ani gyei paa!”

6. Dɛn ne ade biako a yebetumi ayɛ ama yɛn ani agye bere a yɛrekɔ baabi akogye yɛn ahome no?

6 Ná Israelfo no tu kwan kɔ Yerusalem kodi afahyɛ mprɛnsa afe biara de som Yehowa. (Ex. 34:23) Mpɛn pii no, na wogyaw wɔn mfuw ne wɔn nnwuma hɔ de nna pii nantew twa mfutukwan. Nanso, sɛ na wodu asɔrefie hɔ na wohu sɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no ‘reyi Yehowa ayɛ’ a, na wodi “ahurusi kɛse.” (2 Be. 30:21) Yehowa asomfo pii a wɔwɔ hɔ nnɛ nso ahu sɛ sɛ wɔne wɔn mmusua tu kwan kɔsra Betel a ɛyɛ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛbɛn wɔn a, ɛma wɔn ani gye kɛse. So wubetumi ne w’abusua akɔsra Betel wɔ ɛda a edi hɔ a mobɛkɔ baabi akogye mo ahome no?

7. (a) Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi anya nhyiam a yɛyɛ de gye yɛn ani so mfaso? (b) Dɛn na ebetumi aboa ma nhyiam a yɛyɛ de gye yɛn ani ahyɛ yɛn den na yɛakae bere nyinaa?

7 Sɛ yɛne yɛn mmusua ne yɛn nnamfo hyiam gye yɛn ani a, ɛno nso betumi ahyɛ yɛn nkuran. Ɔhene Solomon nyansafo no kae sɛ: “Onipa wɔ hɔ yi, biribi pa bi nni hɔ mma no sɛ obedidi na wanom na wama ne kra ahu adepa, ne brɛ mu.” (Ɔsɛnk. 2:24) Sɛ yehyiam gye yɛn ani a, ɛnyɛ ɔhome nko na yɛn kra nya, na mmom bere a yehu yɛn mfɛfo Kristofo yiye no, ɛma yɛhyɛ ɔdɔ a ɛwɔ yɛne wɔn ntam no mu den nso. Nea ebetumi aboa ma nhyiam a yɛyɛ de gye yɛn ani ahyɛ yɛn den na yɛakae bere nyinaa no, ɛyɛ papa sɛ yɛbɛma nnipa a wɔbɛba ase no ayɛ kakraa bi na yɛahwɛ so yiye, titiriw, sɛ yɛde mmosa bɛba ase a.

Asɛnka Adwuma no Ma Yenya Anigye

8, 9. (a) Kyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ Yesu nkyerɛkyerɛ ne akyerɛwfo ne Farisifo no de mu. (b) Sɛ yɛka Bible mu nokware no kyerɛ afoforo a, mfaso bɛn na yenya?

8 Yesu de nsi na ɛyɛɛ asɛnka adwuma no, na ɔhyɛɛ n’asuafo nkuran sɛ wɔn nso nyɛ saa ara. Yehu eyi wɔ asɛm a ɔkae yi mu sɛ: “Otwa adwuma no sõ, nanso adwumayɛfo no sua. Enti monsrɛ otwa adwuma Wura no ma ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa no mu.” (Mat. 9:37, 38) Yesu nkyerɛkyerɛ maa nkurɔfo koma tɔɔ wɔn yam ankasa; ná ɛyɛ “asɛmpa.” (Mat. 4:23; 24:14) Ná eyi yɛ soronko koraa wɔ mmara a ɛyɛ den pii a Farisifo no soa guu nkurɔfo no so no ho.—Monkenkan Mateo 23:4, 23, 24.

9 Sɛ yɛka Ahenni no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo a, yɛma wɔn koma tɔ wɔn yam, na bere koro no ara nso, ɛma yɛte Bible mu nokware a ɛsom bo no ase yiye, na yenya ho anisɔ kɛse. Ɛfata sɛ odwontofo no kae sɛ: “Munyi Yah ayɛ, eye sɛ yɛto dwom ma yɛn Nyankopɔn; ɛyɛ dɛ.” (Dw. 147:1) So wubetumi ayi Yehowa ayɛ akyerɛ w’ayɔnkofo na ama w’ani agye kɛse?

10. Sɛ nkurɔfo tie asɛm a yɛka no a, so ɛno na ɛkyerɛ sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no yiye? Kyerɛkyerɛ mu.

10 Nokwasɛm ne sɛ, nnipa tie asɛmpa no wɔ nsasesin bi mu sen mmeae foforo. (Monkenkan Asomafo Nnwuma 18:1, 5-8.) Sɛ wote baabi a nnipa ntie Ahenni no ho asɛm no papa a, bɔ mmɔden sɛ wode w’adwene besi adepa a woreyɛ wɔ asɛnka adwuma no mu no so. Kae sɛ mmɔden a wokɔ so bɔ de ka Yehowa din ho asɛm no renyɛ kwa. (1 Kor. 15:58) Bio nso, ɛnyɛ tie a nkurɔfo tie asɛmpa no anaasɛ wontie no na ɛkyerɛ sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no yiye. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛma nnipa a wɔwɔ koma pa anya hokwan ate Ahenni no ho asɛm no.—Yoh. 6:44.

Abusua Som Ma Yenya Anigye

11. Asɛyɛde bɛn na Yehowa de ama awofo, na wɔbɛyɛ dɛn atumi adi ho dwuma?

11 Awofo a wɔsom Onyankopɔn wɔ asɛyɛde sɛ wɔde Yehowa ho nsɛm ne n’akwan kyerɛkyerɛ wɔn mma. (Deut. 11:18, 19) Sɛ woyɛ ɔwofo a, so wuyi bere si hɔ de yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no ho nsɛm kyerɛkyerɛ wo mma? Nea ɛbɛboa wo ma woadi asɛyɛde a ɛho hia yi ho dwuma na wode nea w’abusua hia ama wɔn no, Yehowa nam nhoma, nsɛmma nhoma, video, ne nsɛm a wɔakyere agu kasɛt so so ama yɛn honhom fam nnuan pii a ahoɔden wom.

12, 13. (a) Mmusua bɛyɛ dɛn atumi anya Abusua Som a wɔyɛ no anwummere no so mfaso? (b) Awofo bɛyɛ dɛn atumi ama wɔn abusua som ayɛ ade a ɛma wonya anigye?

12 Bio nso, akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no ayɛ nhyehyɛe sɛ yɛnyɛ Abusua Som anwummere. Eyi yɛ anwummere a yeyi si hɔ dapɛn biara de yɛ abusua Bible adesua. Mmusua pii ahu sɛ saa nhyehyɛe yi ama wɔayɛ biako paa wɔ ɔdɔ mu, na ama abusuabɔ a wɔne Yehowa wɔ nso mu ayɛ den. Nanso, dɛn na awofo betumi ayɛ ma wɔn abusua som ayɛ ade a ɛma wonya anigye wɔ Onyankopɔn som mu?

13 Ɛsɛ sɛ yɛma Abusua Som a yɛyɛ no anwummere no yɛ anigye, na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ denneennen. Efisɛ yɛsom “anigye Nyankopɔn no,” na ɔpɛ sɛ yɛn ani gye wɔ yɛn som mu. (1 Tim. 1:11; Filip. 4:4) Ɛyɛ nhyira ankasa sɛ yɛanya anwummere biako de aka nea yɛwɔ no ho de susuw nokware a ɛsom bo a ɛwɔ Bible mu no ho. Awofo betumi asakra ɔkwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ no mu, na wɔn ankasa ahwehwɛ akwan horow a wɔbɛfa so ayɛ adesua no. Sɛ nhwɛso no, abusua bi maa wɔn babarima a wadi mfe du a ne din de Brandon yɛɛ asɛm a ɛne, “Dɛn Nti na Yehowa De Ɔwɔ Gyinaa Hɔ Maa Satan?” ho nhwehwɛmu bɛka kyerɛɛ wɔn. Ná saa asɛm yi ahaw Brandon, efisɛ n’ani gye awɔ ho, na na ɛhaw no sɛ wɔde ɔwɔ gyinaa hɔ maa Satan. Ɛtɔ mmere bi a mmusua bi yɛ Bible ho drama, na wɔma wɔn mu biara hu dwuma a obedi, na ɔkenkan ɔfã a wɔde ama no no fi Bible mu, anaasɛ wɔyɛ asɛm bi a Bible ka ho asɛm ho ɔyɛkyerɛ. Saa akwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ yi yɛ anigye, na ɛsan nso ma wo mma nya adesua no mu kyɛfa, sɛnea ɛbɛyɛ a Bible mu nnyinasosɛm betumi aka wɔn koma. *

Montwe Mo Ho Mfi Nneɛma a Ebetumi Ahyɛ Mo so Ho

14, 15. (a) Ɔkwan bɛn so na nnipa adwinnwen ayɛ kɛse na dodow no ara te nka sɛ wonni ahobammɔ wɔ nna edi akyiri yi mu? (b) Nhyɛso foforo bɛn na yebetumi ahyia?

14 Wɔ wiase bɔne yi nna a edi akyiri mu no, nnipa adwinnwen ayɛ kɛse, na nnipa dodow no ara te nka sɛ wonni ahobammɔ. Nnipa ɔpepem pii na wonnya adwuma nyɛ na wɔn ho kyere wɔn wɔ sikasɛm mu. Wɔn a wɔyɛ adwuma mpo taa te nka sɛ sika a wonya fi wɔn adwuma mu no gu kotoku a ase atutu mu ma enti ɛmmoa wɔn abusua ahe biara. (Fa toto Hagai 1:4-6 ho.) Ɛte sɛ nea amanyɔfo ne wiase akannifo foforo nhu nea wɔnyɛ mfa ntu amammɔesɛm ne nneɛma bɔne foforo ase. Nnipa pii na wɔn ankasa mfomso ama wɔreteetee.—Dw. 38:4.

15 Nokware Kristofo nso hyia ɔhaw ne nhyɛso ahorow a Satan nhyehyɛe de ba no bi. (1 Yoh. 5:19) Ɛtɔ mmere bi a, ebia Kristo asuafo behyia nhyɛso foforo bere a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ so adi Yehowa nokware no. Yesu kae sɛ: “Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso.” (Yoh. 15:20) Nanso, sɛ “wɔtaa yɛn” mpo a, “wɔmpoo yɛn.” (2 Kor. 4:9) Dɛn nti na ɛte saa?

16. Dɛn na ebetumi aboa yɛn na yɛakɔ so anya anigye?

16 Yesu kae sɛ: “Mo a moabrɛ na wɔde nnesoa asoa mo nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ho adwo mo.” (Mat. 11:28) Sɛ yenya Kristo agyede a wɔde mae no mu gyidi koraa a, sɛnea yɛbɛka no no, na yɛde yɛn ho ahyɛ Yehowa nsa. Sɛ yɛyɛ saa a, yenya “tumi a ɛboro onipa de so.” (2 Kor. 4:7) “Ɔboafo no” a ɛne Onyankopɔn honhom kronkron no hyɛ yɛn gyidi den paa sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi agyina sɔhwɛ ne amanehunu ahorow a yehyia ano, na yɛakɔ so anya anigye nso.—Yoh. 14:26; Yak. 1:2-4.

17, 18. (a) Su bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ ho? (b) Sɛ yɛde yɛn adwene si wiase anigyede so a, dɛn na ebetumi afi mu aba?

17 Ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ nokware Kristofo hwɛ yiye na wɔamma wiase no adwene a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ nnipa gye wɔn ani ɔkwan biara so no antwetwe wɔn. (Monkenkan Efesofo 2:2-5.) Sɛ yɛanhwɛ yiye a, “ɔhonam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetena mu nneɛma a nnipa de hoahoa wɔn ho” betumi asum yɛn afiri. (1 Yoh. 2:16) Anaasɛ yebetumi adi mfomso asusuw sɛ sɛ yedi ɔhonam akɔnnɔ akyi a, ebetumi ama yɛn ani agye. (Rom. 8:6) Sɛ nhwɛso no, anigye a nnipa binom rehwehwɛ nti, wɔnom nnubɔne, wɔwe nsa, wɔhwɛ aguamansɛm ho mfonini, wɔde wɔn ho hyɛ agumadi a etumi di awu anaa nneɛma bɔne ahorow mu. Adwene a ɛwɔ Satan “nnɛɛdɛe” akyi ne sɛ ɔde bɛma obi anya anigyede ho adwene a ɛnteɛ.—Efe. 6:11.

18 Nokwarem no, mfomso biara nni ho sɛ yebedidi na yɛanom, na yɛde nneɛma a ɛfata agyigye yɛn ani sɛnea ɛsɛ. Nanso, yɛmmma nneɛma a ɛtete saa no mmɛyɛ ade titiriw wɔ yɛn asetena mu. Ɛho hia sɛ yɛkari pɛ na yenya ahosodi, titiriw, wɔ mmere a yɛte mu yi mu. Sɛ yedi nneɛma a yɛn ankasa pɛ akyi a, ebetumi ahyɛ yɛn so araa ma yɛabɛyɛ “mmerɛw anaa wɔn a wɔnsow aba yɛn Awurade Yesu Kristo ho nokware nimdeɛ ho.”—2 Pet. 1:8.

19, 20. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya anigye ankasa?

19 Sɛ yɛma Yehowa mmara kyerɛ yɛn kwan a, ɛma yehu sɛ anigyede biara a ɛwɔ wiase yi mu no yɛ bere tiaa mu de. Mose hui sɛ ɛte saa, na yɛn nso yenim sɛ saa na ɛte. (Heb. 11:25) Nokwasɛm ne sɛ, yɛn soro Agya no apɛde a yɛbɛyɛ no na ɛma yenya anigye ankasa, anigye a ɛma yenya ɔhome ne akomatɔyam kɛse a ɛtena hɔ daa.—Mat. 5:6.

20 Momma yɛnkɔ so nyɛ nneɛma a Yehowa pɛ na ama yɛanya anigye. Sɛ yɛyɛ saa a, ‘yebekyi bɔne ne wiase akɔnnɔ, bere a yɛretwɛn anidaso a ɛyɛ anigye ne Onyankopɔn kɛse no ne yɛn Agyenkwa Kristo Yesu a wobeyi wɔn ho adi anuonyam mu no.’ (Tito 2:12, 13) Enti momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so ahyɛ Yesu kɔndua ase denam yɛn ho ase a yɛbɛbrɛ ahyɛ ne tumidi ase na yɛadi n’akwankyerɛ akyi so. Sɛ yɛyɛ saa a, yebenya anigye ne ɔhome ankasa!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 13 Sɛ wopɛ sɛnea wubetumi ama abusua adesua ayɛ anigye na aboa w’abusua a, hwɛ January 1991 Yɛn Ahenni Som, kratafa 1-2 no.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn na Yehowa nkurɔfo yɛ ma wonya anigye nnɛ?

• Ɔkwan bɛn so na asɛnka adwuma no ma yɛne wɔn a yɛka asɛm kyerɛ wɔn no nyinaa ani gye?

• Dɛn na mmusua ti betumi ayɛ ama wɔn abusua som ayɛ anigye?

• Nneɛma bɛn na ɛhyɛ yɛn so a ɛmma yentumi nsom Yehowa yiye?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Sɛ yɛfa Yesu kɔndua to yɛn ho so a, ɛma yenya nneɛma pii yɛ ma yɛn ani gye