Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛayɛ Biako Ɔdɔ Mu Afe Afe Nhyiam Ho Amanneɛbɔ

Yɛayɛ Biako Ɔdɔ Mu Afe Afe Nhyiam Ho Amanneɛbɔ

Yɛayɛ Biako Ɔdɔ Mu Afe Afe Nhyiam Ho Amanneɛbɔ

NNIPA a na wɔahyiam wɔ Yehowa Adansefo Nhyiam Asa a ɛwɔ Jersey City, New Jersey, U.S.A. so no ani gyei paa. Ná nnipa bɛboro 5,000 na wɔahyiam October 3, 2009 anɔpa reyɛ Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania no afe afe nhyiam a ɛto so 125 no. Nnipa foforo mpempem pii nso nam telefon so tiee dwumadi no anaasɛ wɔhwɛe wɔ TV so wɔ Betel afie abiɛsa a ɛwɔ United States no ne nea ɛwɔ Canada no nso mu. Nnipa a na wɔn nyinaa dodow si 13,235 a na Yehowa ho dɔ ama wɔayɛ biako no de anigye tiee dwumadi a wɔde nnɔnhwerew abiɛsa yɛe no.

Geoffrey Jackson a ɔyɛ Sodikuw no muni na ɔyɛɛ dwumadi no guamtrani. Ɔmaa Betel nnwontofo kuw bi too nnwom fii yɛn nnwom nhoma foforo no mu de fii dwumadi no ase. David Splane a ɔno nso yɛ Sodikuw no muni na odii nnwontofo kuw no anim. Na ɔkyerɛkyerɛɛ sɛnea nnwonto ho hia wɔ ɔsom kronn mu no mu tiawa. Wɔmaa atiefo no too nnwom foforo no mu abiɛsa wɔ nhyiam no ase; nnwontofo kuw no dii kan toe, na afei atiefo no ne wɔn boom toe. Dwumadi titiriw yi nti na wɔmaa nnwontofo kuw no too nnwom no; ɛnyɛ biribi a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ so yɛ bi wɔ asafo nhyiam, amansin, anaa amantam nhyiam ase.

Amanneɛbɔ a Efi Baa Dwumadibea Ahorow

Baa Boayikuw mufo a wɔbaa dwumadi no ase de amanneɛbɔ a efi baa dwumadibea ahorow anum too gua. Kenneth Little kae sɛ, ɛrenkyɛ Canada befi ase atintim United States ne Canada nsɛmma nhoma dodow no ara ama wɔn, na ɛno bɛma nsɛmma nhoma dodow a saa baa dwumadibea no tintim no abu abɔ hɔ mpɛn du. Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi ayɛ saa adwuma no, wɔde afiri a wɔde tintim nhoma foforo a wɔatɔ no bɛyɛ adwuma nnɔnhwerew 16 da koro, na ebinom bedi kan de ayɛ adwuma nnɔnhwerew awotwe, na afoforo abɛtoa so.

Reiner Thompson kaa sɛnea Ahenni adwuma no rekɔ so wɔ Dominican Republic ho asɛm, na Albert Olih kyerɛɛ sɛnea yɛn adwuma no rekɔ so wɔ Nigeria. Emile Kritzinger a ofi Mozambique kyerɛkyerɛɛ mu sɛ bere a wɔtaa Yehowa Adansefo mfe pii akyi no, wogyee wɔn toom wɔ mmara mu wɔ afe 1992 mu. Adawurubɔfo a wɔwɔ aman abiɛsa yi mu dodow akɔ anim nnansa yi. Viv Mouritz a ofi Australia Betel no kaa sɛnea adwuma no rekɔ so wɔ East Timor a anuanom a wɔwɔ Australia na wɔhwɛ ɛhɔ dwumadi so no ho asɛm.

Sodikuw no Boayikuw Ahorow

Wɔ afe 1976 mu no, wɔde Yehowa Adansefo dwumadi nyinaa hyɛɛ Sodikuw no boayikuw asia ase. Akyiri yi, wɔpaw nguan foforo no mufo bi ma wɔboaa wɔn. Seesei wɔn mu 23 na wɔreboa adwuma no. Wobisabisaa wɔn mu baasia nsɛm. Sɛ yɛka bere tenten a nnipa baasia yi nyinaa de ayɛ bere nyinaa som adwuma no bom a, esi mfe 341, na sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, wɔn mu biara de mfe 57 na ayɛ bere nyinaa som adwuma no.

Don Adams a ɔbaa Betel afe 1943 no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, anuanom a wɔdeda Sodikuw no boayikuw anum a aka no ano na wɔwɔ Nsɛm Ho Dwumadi Boayikuw no mu. Saa boayikuw no na ɛhwɛ ma boayikuw anum a aka no nyinaa yɛ wɔn adwuma ma biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ. Saa boayikuw yi na ɛhwɛ di nsɛm tebea a emu yɛ den te sɛ ɔtaa, nsɛm a wɔde kɔdan asɛnnibea, atoyerɛnkyɛm, ne nsɛm foforo a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma ntɛm a ɛto Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa ho dwuma.

Dan Molchan kaa Adwumayɛfo Yiyedi Boayikuw no dwumadi ho asɛm. Saa boayikuw no na ɛhwɛ di Betel abusua mufo a wɔwɔ wiase nyinaa a wɔn dodow si 19,851 no honhom fam ne honam fam ahiade ho dwuma. David Sinclair kaa sɛnea Nhoma Tintim Boayikuw no totɔ nneɛma ne mfiri ma baa dwumadibea ahorow ho asɛm. Afei, Robert Wallen a ɔde bɛyɛ mfe 60 asom wɔ Betel no kaa sɛnea Ɔsom Boayikuw no hwɛ asɛnka adwuma a Yehowa nkurɔfo yɛ ne nnwuma a wɔyɛ wɔ asafo ahorow mu so ho asɛm. William Malenfant kaa adwumaden a Nkyerɛkyerɛ Boayikuw no yɛ de siesie nhyiam ase ɔkasa ahorow no ho asɛm tiawa. Awiei koraa no, John Wischuk kyerɛkyerɛɛ sɛnea Nhomakyerɛw Boayikuw no hwɛ ma wɔkyerɛw nsɛm a ɛba yɛn nhoma ahorow mu ho asɛm. *

Afe 2010 Afe Asɛm no Fa Ɔdɔ Ho

Sodikuw no mufo na wɔmaa ɔkasa abiɛsa a edi hɔ no. Gerrit Lösch de asɛmmisa a ɛne, “So wopɛ sɛ afoforo dɔ wo?” na efii ne kasa no ase. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔdɔ yɛ ade titiriw a nnipa hia, na ɛma yɛn nyinaa ani gye. Ɔdɔ nti na yɛte ase, efisɛ ɔdɔ kann na ɛmaa Yehowa bɔɔ yɛn. Yehowa ho dɔ a yɛwɔ titiriw nti na yɛka asɛm no na yɛkyerɛkyerɛ.

Ɛnyɛ yɛn yɔnkonom nkutoo na yɛda ɔdɔ kann adi kyerɛ wɔn, na mmom yɛn atamfo nso. (Mat. 5:43-45) Wɔhyɛɛ atiefo no nkuran sɛ wonsusuw nea Yesu faa mu maa yɛn no ho. Ɛno ne hwe a wɔhwee no, ne ho fɛw a wodii, ntasu a wɔtete guu no so, ne pira a wopiraa no. Eyi nyinaa akyi no, Yesu bɔɔ mpae maa asraafo a wɔbɔɔ no asɛndua mu no. So eyi mma ɔdɔ a yɛwɔ ma no no mu nyɛ den kɛse? Afei, Onua Lösch bɔɔ amanneɛ sɛ afe 2010 afe asɛm no gyina: 1 Korintofo 13:7, 8 so, ‘Ɔdɔ gyina biribiara ano. Ɔdɔ to ntwa da.’ Ɛnyɛ yɛn anidaso nkutoo ne sɛ yɛbɛtena ase daa, na mmom sɛ yɛbɛdɔ afoforo na afoforo nso adɔ yɛn daa.

So Wo Pɛtro Reyɛ Asa?

Samuel Herd de mfatoho na efii ne kasa no ase. Fa no sɛ w’adamfo bi de kar bɛfa wo sɛ ɔne wo retu kwan a ne tenten yɛ kilomita 50. Bere a wote ne nkyɛn wɔ kar no mu no, wuhu wɔ adwinnade a ɛkyerɛ pɛtro dodow a ɛwɔ kar no mu so sɛ pɛtro a ɛwɔ kar no mu reyɛ asa. Woka kyerɛ w’adamfo no sɛ pɛtro no reyɛ asa. Ɔka sɛ nsuro; pɛtro bɛyɛ lita anan da so wɔ kar no mu. Nanso, ankyɛ na pɛtro no sae. So mfaso wɔ so sɛ wobɛka kar a ‘pɛtro a ɛwom reyɛ asa’ ma akogyaw wo ɔkwan mu? Hwɛ sɛnea eye koraa sɛ wubebu pɛtro agu wo kar mu ma ayɛ ma! Sɛnkyerɛnne kwan so no, ɛsɛ sɛ yɛma pɛtro a ɛne Yehowa ho nimdeɛ yɛ ma wɔ yɛn mu.

Sɛ yebetumi ayɛ saa a, ɛsɛ sɛ yebu pɛtro no bi gu so bere nyinaa. Akwan anan na yɛfa so yɛ eyi. Nea edi kan, ade a yɛn ankasa yebesua, na yɛakenkan Bible daa de ahu emu nsɛm yiye. Ɛnsɛ sɛ yɛkenkan Bible kɛkɛ, na mmom ɛsɛ sɛ yɛte nea yɛkenkan no ase. Nea ɛto so abien, ɛsɛ sɛ yɛde Abusua Som a yɛyɛ no anwummere di dwuma yiye. So yegye bere dapɛn biara de pɛtro gu yɛn kar mu ma ɛyɛ ma anaasɛ yɛde kakraa bi na egu mu? Nea ɛto so abiɛsa, ɛsɛ sɛ yɛkɔ asafo adesua ne asafo nhyiam. Nea ɛto so anan, ɛsɛ sɛ yenya baabi a ɛhɔ yɛ komm de dwinnwen Yehowa akwan ho a yɛremma biribiara ntwetwe yɛn adwene. Dwom 143:5 ka sɛ: “Mekae tete nna; midwinnwen wo nnwuma nyinaa ho.”

“Treneefo Bɛhyerɛn”

John Barr na ɔmaa ɔkasa a ɛto so abiɛsa a ɛno na ɛyɛ ɔkasa a etwa to no. Ɔkyerɛkyerɛɛ Yesu mfatoho a ɛfa awi ne nwura bɔne ho no mu. (Mat. 13:24-30, 38, 43) Saa mfatoho no fa “otwabere” bi a emu na wɔboaboa “ahenni mma no” ano na wɔboaboa nwura bɔne no ano hyew no no ho.

Onua Barr kaa no pefee sɛ saa anoboaboa adwuma no renkɔ so daa. Ɔtwee adwene sii Mateo 24:34 so. Ɛhɔ ka sɛ: “Awo ntoatoaso yi rentwam da kosi sɛ eyinom nyinaa bɛba mu.” Ɔkenkan asɛm a edi so yi mprenu sɛ: “Ɛda adi sɛ nea na Yesu rekyerɛ ne sɛ ansa na wɔn a wɔasra wɔn a na wɔwɔ asase so a wohui sɛ sɛnkyerɛnne no refi ase ada adi wɔ afe 1914 mu no bɛsã afi asase so no, afoforo a wɔasra wɔn bɛba abɛto wɔn ne wɔn abɔ, na wɔn a wɔbɛba abɛto wɔn a wɔasra wɔn a wohuu sɛnkyerɛnne no mfiase no behu ahohiahia kɛse no mfiase.” Yennim “awo ntoatoaso yi” tenten pɛpɛɛpɛ de, nanso ɛfa akuw abien yi a emufo mfe nyɛ pɛ a wɔtena ase wɔ bere koro mu ho. Ɛwom sɛ ɛsono mfe a wɔn a wɔasra wɔn no mu biara adi de, nanso wɔn a wɔwɔ akuw abien yi mu a wɔn na wɔyɛ awo ntoatoaso no tena ase wɔ bere koro mu wɔ nna a edi akyiri yi fã bi mu. Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ wɔn a wɔasra wɔn a wɔn mfe nkɔɔ anim a wɔne wɔn mfɛfo a wɔasra wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔtena ase wɔ bere koro mu a wohui sɛ sɛnkyerɛnne no refi ase ada adi wɔ afe 1914 mu no rensa mfi asase so ansa na ahohiahia kɛse no afi ase!

“Ahenni mma no” de anigye kɛse rehwɛ wɔn soro akatua no kwan, nanso ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ so di nokware na yɛhyerɛn kosi awiei. Hwɛ hokwan a yɛanya sɛ yɛahu sɛ wɔreboaboa “awi” no ano wɔ yɛn bere yi so.

Bere a wɔtoo dwom a wɔde wiee dwumadi no, Theodore Jaracz a ɔyɛ Sodikuw no muni na ɔbɔɔ mpae a wɔde pɔnee no. Hwɛ sɛnea afe afe nhyiam dwumadi no hyɛɛ gyidi den!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 10 Sɛ wopɛ sɛ wuhu Sodikuw no boayikuw asia no dwumadi ho nsɛm a, hwɛ May 15, 2008, Ɔwɛn-Aban, kratafa 29.

[Adaka wɔ kratafa 5]

ASAFO MU MPANYIMFO SUKUU

Anthony Morris a ɔyɛ Sodikuw no muni bɔɔ amanneɛ wɔ afe afe nhyiam no ase sɛ wɔbɛtete asafo mu mpanyimfo. Wofii mpanyimfo sukuu bi ase wɔ United States wɔ afe 2008 mfiase wɔ nteteebea a ɛwɔ Patterson, New York no. Nnansa yi ara na wowiee adesuakuw a ɛto so 72 no, na mpanyimfo 6,720 na wɔatete wɔn. Pii da so wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Mpanyimfo bɛboro 86,000 na wɔwɔ United States nkutoo. Enti, Sodikuw no penee so sɛ efi December 7, 2009 no, wɔnyɛ sukuu no foforo wɔ Brooklyn, New York.

Wɔde asram abien bɛtete ahwɛfo akwantufo baanan wɔ Patterson ma wɔabɛyɛ akyerɛkyerɛfo. Wɔbɛma wɔakɔkyerɛ ade wɔ Brooklyn, na wɔasan atete baanan foforo ma wɔn nso akɔkyerɛ ade wɔ Brooklyn. Wɔbɛma baanan a wodii kan tetee wɔn no akɔkyerɛ ade wɔ sukuu no mu wɔ Nhyiam Asa ne Ahenni Asa ahorow so. Wɔbɛkɔ so atete ahwɛfo akwantufo araa kosi sɛ wobenya akyerɛkyerɛfo a wɔn dodow si 12 ma wɔakyerɛ ade wɔ sukuu no asia mu dapɛn biara wɔ Borɔfo kasa mu wɔ United States. Afei, wɔbɛsan atete akyerɛkyerɛfo baanan ma wɔakyerɛ ade wɔ Spania kasa mu. Saa sukuu yi remmesi Ahenni Som Sukuu a yɛyɛ no mprempren no ananmu; sukuu yi botae ne sɛ wɔde bɛboa mpanyimfo ma wɔakɔ so anya nkɔso wɔ nokware no mu. Wobefi sukuu yi ase wɔ baa dwumadibea ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa mu wɔ Nhyiam Asa ne Ahenni Asa ahorow so wɔ afe 2011 ɔsom afe no mu.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Wɔtoo dwom fii yɛn nnwom nhoma foforo a ɛne “To Dwom Ma Yehowa” no mu de fii afe afe nhyiam no ase