Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Boa Wo Mma Ma Wɔn Ani Nnye Akenkan ne Adesua Ho

Boa Wo Mma Ma Wɔn Ani Nnye Akenkan ne Adesua Ho

Boa Wo Mma Ma Wɔn Ani Nnye Akenkan ne Adesua Ho

NNEƐMA a ɛho hia paa a wubetumi ayɛ ama wo mma ma asi wɔn yiye daakye mu biako ne sɛ wobɛkyerɛ wɔn akenkan ne sɛnea wosua ade. Hwɛ sɛnea nneɛma a ɛte saa betumi ama moanya anigye! Ebinom wɔ hɔ a, ade a na wɔn ani gye ho paa wɔ wɔn mmofraase a wɔkae ne sɛnea na wɔn awofo kenkan ade kyerɛ wɔn no. Akenkan ankasa betumi ayɛ anigye, ɛnna nea efi mu ba nso betumi ayɛ anigye. Eyi te saa titiriw wɔ Onyankopɔn asomfo fam, efisɛ sɛ yesua Bible a, yɛne Yehowa nya abusuabɔ a emu yɛ den paa. Ɔwofo bi a ɔyɛ Kristoni kae sɛ, “Akenkan ne adesua na ɛma yetumi yɛ nneɛma a yebu no sɛ ɛsom bo paa.”

Sɛ wo mma sua ade daa a, ebetumi aboa wɔn ma wɔne Onyankopɔn anya abusuabɔ a emu yɛ den. (Dw. 1:1-3, 6) Ɛwom sɛ nkwagye a yebenya nnyina akenkan a yebehu so de, nanso Bible ma yehu sɛ akenkan betumi aboa yɛn pii wɔ Onyankopɔn som mu. Sɛ nhwɛso no, Adiyisɛm 1:3 ka sɛ: “Anigye ne nea ɔkenkan nkɔmhyɛ yi mu nsɛm no den ne wɔn a wotie.” Bio nso, afotu a Onyankopɔn honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔde maa Timoteo no ma yehu pefee sɛ yɛn adwene a yɛde si biribi so no yɛ ade a ɛho hia wɔ adesua mu. Otuu no fo sɛ: “Dwinnwen eyinom ho; fa wo koma nyinaa si so.” Dɛn ntia? “Na ama wo nkɔso ada adi.”—1 Tim. 4:15.

Nokwarem no, sɛ obi hu akenkan ne sɛnea wosua ade a, ɛno ankasa nkyerɛ sɛ ɛbɛboa no. Nnipa pii a wonim akenkan ne sɛnea wosua ade no mfa nni dwuma; mmom no, wɔma nneɛma a ɛho nhia pii gye wɔn bere. Enti, dɛn na awofo betumi ayɛ de aboa wɔn mma ma wɔn ani agye ho sɛ wɔbɛhwehwɛ nimdeɛ a ɛbɛboa wɔn?

Da Ɔdɔ Adi na Yɛ Nhwɛso Pa

Sɛ awofo ne wɔn mma sua ade wɔ ɔdɔ mu a, ɛma mmofra no ani gye adesua ho. Kristofo awarefo bi a wɔfrɛ wɔn Owen ne Claudia ka wɔn mma baanu ho asɛm sɛ: “Ná wɔhwɛ bere a yɛde besua ade no kwan, efisɛ na ɛyɛ bere titiriw ma wɔn—saa bere no ma wɔtee nka sɛ yedwen wɔn ho na yɛdɔ wɔn. Wobehui sɛ adesua bere no yɛ bere a yɛda ɔdɔ adi kyerɛ wɔn.” Sɛ awofo ne wɔn mma a wɔadi fi mfe 13 kosi 19 a saa mfe no mu na wohyia nsɛnnennen pii no mpo reyɛ abusua adesua na wɔda ɔdɔ adi kyerɛ wɔn a, ɛbɛkɔ so aboa wɔn ma wɔn ani agye adesua ho. Seesei, Owen ne Claudia mma no yɛ akwampaefo, na akenkan ne adesua a wɔboaa wɔn ma wɔn ani gyee ho no da so ara boa wɔn.

Ade a ɛboa paa ma yɛda ɔdɔ adi ne nhwɛso. Ɛda adi paa sɛ mmofra a wɔtaa hu sɛ wɔn awofo rekenkan ade anaa wɔresua ade no bebu saa nneɛma yi sɛ ɛyɛ ade a ɛsɛ sɛ wɔn ankasa yɛ wɔ wɔn asetena mu. Nanso, sɛ akenkan yɛ wo a woyɛ ɔwofo no den a, dɛn na wubetumi ayɛ de ayɛ nhwɛso pa ama wo mma? Ebia ɛho behia sɛ woyɛ nsakrae wɔ nneɛma a wode wo bere pii yɛ anaa adwene a wowɔ wɔ akenkan ho no mu. (Rom. 2:21) Sɛ akenkan ka nneɛma a woyɛ no daa ho a, eyi bɛka wo mma koma paa. Nsi a wode sua ade—titiriw Bible akenkan, ade a wusua ansa na woakɔ asafo nhyiam, ne abusua adesua—bɛma wo mma ahu paa sɛ saa nneɛma no so wɔ mfaso.

Enti, ɔdɔ a woda no adi ne nhwɛso pa a woyɛ yɛ ade a ɛho hia paa na ama woatumi aboa wo mma ma wɔn ani agye akenkan ho. Nanso, nneɛma a mfaso wɔ so bɛn na wubetumi ayɛ de ahyɛ wɔn nkuran?

Anigye a Akenkan Ma Yenya

Nneɛma a ɛho hia bɛn na wubetumi ayɛ de aboa wo mma ma wɔanya akenkan ho anigye? Ma wɔn nsa nka nhoma ahorow wɔ wɔn mmofraase pɛɛ. Kristoni bi a ɔyɛ asafo mu panyin a n’awofo boaa no ma n’ani gyee akenkan ho kae sɛ: “Ma wo mma nhu sɛnea woso nhoma mu. Sɛ wɔyɛ saa a, wɔn ani begye nhoma ho na wɔakenkan ade daa.” Enti, mmofra pii nya Bible ho nhoma te sɛ Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No ne Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm ho anigye koraa ansa na wɔahu akenkan. Sɛ wo ne wo mma kenkan nhoma a ɛtete saa a, ɛnyɛ kasa nko na woma wosua na mmom wohu “honhom mu nneɛma” ne “honhom mu nsɛm” nso.—1 Kor. 2:13.

Kenkan ade den daa. Ma ɛnyɛ wo su sɛ wobɛkenkan ade akyerɛ wo mma da biara da. Sɛ woyɛ saa a, ɛma wohu sɛnea wɔbɛbobɔ nsɛmfua din yiye, na ɛma wɔn ani gye akenkan ho kɛse. Ɔkwan a wofa so kenkan ade nso ho hia. Kenkan ade anigye so, na wɔn nso bɛyɛ saa ara. Nokwarem no, ebia wubehu sɛ wo mma bɛka akyerɛ wo sɛ san kenkan asɛm bi a woakenkan akyerɛ wɔn pɛn no mpɛn pii. Yɛ nea wɔbɛka akyerɛ wo no! Bere rekɔ so no, wɔn ani begye ho sɛ wɔbɛhwehwɛ nneɛma foforo mu. Nanso, hwɛ yiye na woamfa akenkan ampuapua wo mma. Yesu kyerɛkyerɛɛ n’atiefo “sɛnea wobetumi ate ase” de yɛɛ nhwɛso maa yɛn. (Mar. 4:33) Sɛ woamfa akenkan ampuapua wo mma a, wɔde anigye bɛhwɛ bere biara a wobɛkenkan ade akyerɛ wɔn no kwan denneennen, na ɛbɛma woatumi adu wo botae a ɛne sɛ wopɛ sɛ woboa wɔn ma wɔn ani gye akenkan ho no ho.

Hyɛ wɔn nkuran ma wɔnkenkan bi, na wo ne wɔn nsusuw nea mokenkan no ho. Ɛrenkyɛ koraa na w’ani agye sɛ wubehu sɛ wo mma tumi hyɛ nsɛmfua nsow, bobɔ nsɛmfua din, na wɔte nsɛmfua pii ase. Sɛ wo ne wɔn susuw nea mokenkan no ho a, ebetumi ama wɔanya nkɔanim kɛse. Nhoma bi a ɛka sɛnea wɔboa mmofra ma wotumi kenkan ade yiye kyerɛkyerɛ mu sɛ, sɛ wo ne wo mma bɔ nkɔmmɔ a, ɛboa wɔn “ma wohu nsɛmfua a akyiri yi ɛho behia sɛ wɔhyɛ no nsow na wɔte ase bere a wɔrekenkan ade no.” Nhoma koro no ara ka sɛ: “Mmofra nkumaa a wɔn adwene renyin a wɔrebɔ mmɔden sɛ wobehu akenkan fam no, ɛho hia sɛ wɔne wɔn bɔ nkɔmmɔ—dodow a mobɔ nneɛma a ɛho hia ho nkɔmmɔ no, . . . dodow no ara na ɛboa wɔn.”

Ma wo mma nkenkan ade nkyerɛ wo, na hyɛ wɔn nkuran ma wommisa nsɛm. Ebia w’ankasa wubebisa wɔn nsɛm bi na afei woama wɔn mmuae ahorow ma wɔapaw nea ɛyɛ nokware. Sɛ woyɛ saa a, mmofra no hu sɛ wobetumi asua nneɛma pii afi nhoma mu, na nsɛm a wɔkenkan fi mu no kyerɛ biribi. Sɛ nea worekenkan akyerɛ wɔn no gyina Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ nhoma a mfaso wɔ so sen biara no so, na sɛ wofa saa kwan yi so a, ɛboa paa.—Heb. 4:12.

Nanso, mma wo werɛ mfi da sɛ egye nneɛma pii na ama obi ahu akenkan. Sɛ obi pɛ sɛ ohu akenkan a, ɛsɛ sɛ onya bere na ɔkenkan ade daa. * Enti, hwɛ sɛ wobɛkamfo wo mma nkumaa paa wɔ wɔn ani a ɛregye akenkan ho no ho. Sɛ wokamfo wo mma a, ɛbɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔde anigye akenkan ade.

Akenkan so wɔ Mfaso na Ɛyɛ Anigye

Sɛ wokyerɛ wo mma sɛnea wosua ade a, ɛma wonya akenkan so mfaso. Adesua hwehwɛ sɛ yesua nneɛma bi ho ade na yehu sɛnea ɛfa nneɛma foforo ho. Ɛhwehwɛ sɛ wutumi boaboa nsɛm ano, wokae, na wode nsɛm no yɛ adwuma. Sɛ abofra bi nya hu sɛnea wosua ade ne sɛnea ebetumi aboa no a, obehu sɛ ɛso wɔ mfaso na ɛyɛ anigye.—Ɔsɛnk. 10:10.

Kyerɛ wɔn nneɛma a ehia ma adesua. Abusua Som a yɛyɛ no anwummere, daa asɛm a yesusuw ho, ne mmere a ɛtete saa ma wunya hokwan a ɛkyɛn so de kyerɛ wo mma sɛnea wosua ade. Sɛ woma wɔtena ase komm na wɔde wɔn adwene si asɛm bi so wɔ bere tiaa bi mu wɔ bere ne bere mu a, ɛbɛma wɔahu sɛnea wɔde adwene si biribi so, adeyɛ a ɛho hia ma adesua. Bio nso, sɛ wo babarima sua ade wie a, wubetumi ama waka sɛnea ade a wasua no fa nea onim dedaw ho akyerɛ wo. Eyi ma ohu sɛnea wɔyɛ ntotoho. Na wo babea a wobɛka akyerɛ no sɛ ɔmfa ɔno ankasa nsɛm mmɔ asɛm bi a wakenkan mua nso ɛ? Eyi bɛboa no ma wate nea wakenkan no ase na wakae nso. Nea ntĩmu kyerɛ ne sɛ, wobɛfa ɔkwan foforo so aka nsɛntitiriw a ɛwɔ asɛm bi a woakenkan mu, na ɛno nso yɛ ɔkwan foforo a ɛboa ma yɛkae ade a wubetumi akyerɛ wo mma. Wobetumi akyerɛkyerɛ mmofra nkumaa mpo ma wɔakyerɛw nsɛm ntiatiaa bi ato hɔ bere a wɔresua ade anaa bere a wɔwɔ asafo nhyiam ase. Hwɛ sɛnea eyi betumi aboa wɔn kɛse ma wɔde wɔn adwene asi asɛm so! Saa akwan ntiantiaa a wɔfa so sua ade yi ma adesua yɛ anigye ma wo ne wo mma bere nyinaa, na munya so mfaso nso.

Nya baabi a ɛboa ma wotumi sua ade. Baabi a mframa pa fa na kanea a ɛhyerɛn wɔ hɔ a ɛhɔ yɛ komm, na ɛhɔ dwo, ma ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ wode w’adwene besi biribi so. Nokwarem no, adwene a awofo wɔ wɔ adesua ho no ho hia paa. Ɛna bi kae sɛ: “Ɛho hia paa sɛ wugye bere kenkan ade na wusua ade daa. Eyi boa wo mma ma wotumi toto nneɛma yiye. Wohu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ bere pɔtee bi mu.” Awofo pii mma wɔnyɛ nneɛma foforo wɔ bere a wɔde sua ade no. Onimdefo bi kyerɛ sɛ, eyi yɛ ɔkwan titiriw a wɔfa so kyerɛ mmofra ma wohu sɛnea wobesua ade daa.

Si mfaso a ɛwɔ adesua so dua. Nea etwa to no, boa wo mma ma wonhu sɛnea wobetumi de nea wosua no ayɛ adwuma. Sɛ wɔde nea wosua no yɛ adwuma a, ɛma wohu mfaso ankasa a ɛwɔ adesua so. Onua aberante bi ka sɛ: “Sɛ meresua ade na minhu sɛnea adesua no betumi aboa me a, ɛyɛ den ma me paa sɛ mesua. Nanso, sɛ mihu sɛ metumi de nea meresua no ayɛ adwuma a, ɛnde ɛma m’ani gye sɛ mesua ate ase.” Sɛ mmofra hu sɛ adesua bɛboa wɔn ma wɔadu botae a ɛho hia bi ho a, wɔde wɔn adwene nyinaa besi so. Afei wobefi ase anya adesua ho anigye sɛnea wonyaa akenkan ho anigye no ara pɛ.

Ɛso Mfaso a Ɛsen Biara

Sɛ yɛka sɛ yɛreka mfaso a ɛwɔ akenkan a wobɛboa wo mma ma wɔn ani agye ho so nyinaa a, anka adagyew bɛbɔ yɛn. Abotɔyam a akenkan ne adesua ankasa ma yenya akyi no, ɛso mfaso no bi ne sɛ ɛboa mmofra ma wotumi sua ade yiye wɔ sukuu mu, wotumi yɛ adwuma yiye, wɔne afoforo ntam tumi yɛ papa, wohu nneɛma a ɛrekɔ so wɔ wiase a yɛte mu yi mu, na ɛma ɔdɔ a ɛwɔ awofo ne wɔn mma ntam mu yɛ den.

Nea ɛsen ne nyinaa no, sɛ wo mma nya adesua ho anigye a, ebetumi aboa wɔn ma wɔabɛsom Yehowa. Adesua ho anigye a wobenya ne ade titiriw a ebebue wɔn adwene ne wɔn koma mu ma wɔahu Kyerɛwnsɛm mu nokware no “tɛtrɛtɛ ne ne tenten ne ne sorokɔ ne sɛnea emu dɔ.” (Efe. 3:18) Nokwasɛm ne sɛ, awofo a wɔyɛ Kristofo wɔ nneɛma pii a ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ wɔn mma. Sɛ awofo nya bere ma wɔn mma na wɔma wɔn ani kũ wɔn ho na wɔyɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛma wɔanya mfiase pa wɔ asetena mu a, wɔhwɛ kwan sɛ daakye wɔn mma no bɛba abɛsom Yehowa. Sɛ wokyerɛkyerɛ wo mma ma wosua ade daa a, ɛma wɔne Onyankopɔn kɔ so nya abusuabɔ pa. Ɛnde, sɛnea ɛte biara no, bɔ mpae hwehwɛ Yehowa nhyira bere a worebɔ mmɔden sɛ wobɛboa wo mma ma wɔn ani agye akenkan ne adesua ho no.—Mmeb. 22:6.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 14 Akenkan ne adesua yɛ den titiriw ma mmofra a adesua yɛ den ma wɔn. Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea awofo betumi ayɛ de aboa wɔn a, hwɛ February 22, 1997, Awake! kratafa 3-10.

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 26]

Akenkan . . .

• Ma wɔn nsa nka nhoma ahorow

• Kenkan ade den

• Hyɛ wɔn nkuran ma wɔnkenkan bi

• Munsusuw nea mokenkan ho

• Ma wo mma nkenkan ade nkyerɛ wo

• Hyɛ wo mma nkuran ma wommisa nsɛm

Sɛnea Wosua Ade . . .

• Yɛ nhwɛso pa sɛ ɔwofo

• Kyerɛkyerɛ wo mma ma wonhu sɛnea:

○ wɔde wɔn adwene si biribi so

○ wɔyɛ ntotoho

○ wɔbɔ nsɛm mua

○ wɔyɛ ntĩmu

○ wɔkyerɛw nsɛm to hɔ

• Nya baabi a ɛboa ma wotumi sua ade

• Si mfaso a ɛwɔ adesua so dua