Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Ma W’ani Nku . . .  Ɔkyerɛkyerɛ Ho”

“Ma W’ani Nku . . .  Ɔkyerɛkyerɛ Ho”

“Ma W’ani Nku . . .  Ɔkyerɛkyerɛ Ho”

“MOFRƐ me ‘Ɔkyerɛkyerɛfo’ ne ‘Awurade,’ na ɛyɛ ne kwan so sɛ moka saa, efisɛ meyɛ saa.” (Yoh. 13:13) Yesu kaa saa asɛm yi kyerɛɛ n’asuafo no de sii n’adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛfo so dua. Ɛno akyi no, aka bere tiaa bi ma Yesu akɔ soro no, ɔka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, . . . monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mat. 28:19, 20) Akyiri yi, ɔsomafo Paulo nso sii hia a ehia sɛ yɛkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm so dua. Otuu Timoteo a na ɔyɛ ɔpanyin wɔ Kristofo asafo mu no fo sɛ: “Ma w’ani nku baguam akenkan, afotu, ne ɔkyerɛkyerɛ ho. . . . Dwinnwen eyinom ho; fa wo koma nyinaa si so, na ama wo nkɔso ada adi nnipa nyinaa anim.”—1 Tim. 4:13-15.

Sɛnea na ɛte tete no, ɛnnɛ nso, ɔkyerɛkyerɛ yɛ ade titiriw wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu ne Kristofo nhyiam ase. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama yɛn ani akũ ɔkyerɛkyerɛ ho, na akwan bɛn so na eyi bɛboa yɛn ma yɛanya nkɔso sɛ nnipa a yɛkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm?

Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No

Ɔkwan a Yesu faa so kyerɛkyerɛe no kaa nnipa a wotiee no no mu pii koma. Hyɛ sɛnea ne nsɛm no kaa wɔn a wɔkɔɔ hyiadan a na ɛwɔ Nasaret mu no nsow. Asɛmpa kyerɛwfo Luka kyerɛwee sɛ: “Wɔn nyinaa fii ase dii ne ho adanse pa, na nsɛm a ɛka koma a efi n’anom no maa wɔn ho dwiriw wɔn.” (Luka 4:22) Yesu asuafo no yɛɛ wɔn asɛnka adwuma no sɛnea wɔn Wura no yɛe no. Nokwarem no, ɔsomafo Paulo hyɛɛ ne mfɛfo Kristofo nkuran sɛ: “Munsuasua me sɛnea me nso misuasua Kristo no.” (1 Kor. 11:1) Esiane sɛ Paulo suasuaa akwan a Yesu faa so kyerɛkyerɛe nti, otumi ‘kyerɛkyerɛe’ yiye paa wɔ “baguam ne afie mu.”—Aso. 20:20.

Ɔkyerɛkyerɛe wɔ “Gua So”

Yehu sɛnea na Paulo tumi kyerɛkyerɛ wɔ baguam no ho nhwɛso a ɛsen biara wɔ Asomafo Nnwuma ti 17. Ɛhɔ na yehu ɔkwan a otu kɔɔ Atene a ɛwɔ Hela no ho asɛm. Baabiara a Paulo too n’ani hwɛe wɔ saa kurow no mu no—mmɔnten so anaa baguam no—ohui sɛ ahoni ahyɛ hɔ ma. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ asɛm no yɛɛ Paulo ahometew kɛse! Nanso, wamma nea ohui no ammu n’abam. Mmom no, ofii ase ne wɔn “susuw nsɛm ho wɔ hyiadan no mu, na da biara na ɔkɔ wɔn a obenya wɔn no nso nkyɛn wɔ gua so.” (Aso. 17:16, 17) Hwɛ sɛnea eyi yɛ nhwɛso pa ma yɛn! Sɛ yɛne nnipa ahorow nyinaa kasa wɔ obu so, na yɛankasa antia wɔn a, ebetumi ama wɔatie asɛm no, na awiei koraa no, wɔade wɔn ho afi atoro som a ɛde wɔn ayɛ nkoa no ho.—Aso. 10:34, 35; Adi. 18:4.

Nnipa a Paulo kaa asɛm no kyerɛɛ wɔn wɔ gua so no mu pii annye n’asɛm no antom. Ná wɔn a wɔretie Paulo no mu bi yɛ nyansapɛfo a adwene a wokura ne nokware a na Paulo rekyerɛkyerɛ no nhyia. Bere a Paulo atiefo no ne no anyɛ adwene no, ɛda adi sɛ osusuw nsɛm a wɔkae no ho. Ebinom frɛɛ no “obi a ɔtetew nnuaba,” a Hela kasa mu no ɛyɛ kasakoa a ɛkyerɛ obi a ɔyɛ “kasatenten wura.” Afoforo nso kae sɛ: “Gyama ɔka ananafo anyame ho asɛm.”—Aso. 17:18.

Nanso, Paulo amma nsɛm a ɛhaw adwene a ɛte saa a n’atiefo kae no anhaw no. Mmom, bere a wɔka kyerɛɛ Paulo sɛ ɔnkyerɛkyerɛ nea ɔreka no mu no, ɔde hokwan no maa ɔkasa bi a ɛtɔ asom a ɛma ɛdaa adi sɛ onim nkyerɛkyerɛ yiye. (Aso. 17:19-22; 1 Pet. 3:15) Ma yensusuw ne kasa a ɔmae no ho nkɔ akyiri na yensua nneɛma bi a ebetumi aboa yɛn ma yɛakyerɛkyerɛ yiye mfi mu.

Ka Nsɛm a Wo ne Nkurɔfo Adwene Hyia wɔ Ho

Paulo kae sɛ: “Atene mmarima, mahu sɛ ɛkame ayɛ sɛ ade nyinaa mu no mopɛ nyamesom sen afoforo. Sɛ nhwɛso no, bere a . . . mehwɛɛ nneɛma a mosom no, mihuu afɔremuka bi a wɔakyerɛw ho ‘Ɛyɛ Onyame Bi a Wonnim No Dea.’ Enti nea mosom no a munnim no no, ɔno ara na mereka ne ho asɛm akyerɛ mo.”—Aso. 17:22, 23.

Paulo hyɛɛ nneɛma a na atwa ne ho ahyia no nsow. Esiane sɛ na ɔde n’ani ato fam ahwɛ nneɛma nti, ohuu nneɛma pii faa nnipa a na ɔne wɔn rekasa no ho. Sɛ yɛn nso yɛde yɛn ani to fam a, yebetumi ahu nneɛma pii afa ofiewura bi ho. Sɛ nhwɛso no, agode a egu ofie bi mu anaa nsɛnkyerɛnne a ɛwɔ ɔpon bi ano betumi ama yɛahu nneɛma pii afa ofiewura no ho. Sɛ yetumi nya tebea a ofiewura no wom ho adwene bi a, ebetumi ama yɛahu nsɛm a ɛsɛ sɛ yɛka ne ɔkwan a yɛbɛfa so aka no no nso yiye.—Kol. 4:6.

Ná Paulo ka nsɛm a ɛhyɛ nkuran. Nanso, ohui sɛ na Atenefo no ‘som’ nnyina nokware nimdeɛ so. Paulo ma wohuu sɛnea wobetumi asom nokware Nyankopɔn no pefee. (1 Kor. 14:8) Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ sɛ yɛreka Ahenni no ho asɛmpa no a, yɛma emu da hɔ yiye na ɛhyɛ nkuran!

Yɛ Anifere, Nyɛ Nyiyim

Paulo toaa so kae sɛ: “Onyankopɔn a ɔyɛɛ wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa no, Ɔno ne ɔsoro ne asase Wura, enti ɔnte asɔredan a wɔde nsa ayɛ mu, na saa ara nso na wɔmfa nnipa nsa nsom no te sɛ nea biribi hia no, efisɛ ɔno na ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ahome ne nneɛma nyinaa.”—Aso. 17:24, 25.

Wɔ saa kyerɛwsɛm yi mu no, Paulo faa anifere kwan so frɛɛ Yehowa “ɔsoro ne asase Wura” de twee adwene sii Yehowa so sɛ ɔno ne yɛn Nkwamafo. Hwɛ hokwan ara a yɛanya sɛ yɛbɛboa nnipa komapafo a wɔwɔ ɔsom ahorow mu ne wɔn a ɛsono wɔn amammerɛ ma wɔabehu sɛ Yehowa Nyankopɔn na nkwa nyinaa fi no!—Dw. 36:9.

Afei, Paulo kae sɛ: “Na ɔyɛɛ nnipa aman nyinaa fii onipa biako mu . . . na ɔhyɛɛ mmere too hɔ de ahye nso totoo nnipa tenabea, na wɔapɛ Onyankopɔn akyi kwan, ahwehwɛ no denneennen kosi sɛ wobehu no, nanso nokwasɛm ne sɛ ɔne yɛn mu biara ntam nware.”—Aso. 17:26, 27.

Ɔkwan a yɛfa so kyerɛkyerɛ betumi ama afoforo ahu Onyankopɔn kõ a yɛsom no. Yehowa ma nnipa a wofi aman nyinaa mu ‘hwehwɛ no denneennen kosi sɛ wobehu no’ a ɔnyɛ nyiyim. Saa ara na yɛn nso yɛne nnipa a yehyia wɔn nyinaa kasa a yɛnyɛ nyiyim. Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛboa wɔn a wogye Ɔbɔadeɛ no di ma wɔne no anya abusuabɔ a ebetumi ama wɔanya nhyira daa. (Yak. 4:8) Nanso, yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no? Yedi Paulo nhwɛso no akyi. Hyɛ nea ɔsan ka kaa ho no nsow.

Ɔkae sɛ: “Ɛnam no so na yɛwɔ nkwa na yɛkeka yɛn ho na yɛwɔ hɔ, na mo mu anwensɛm akyerɛwfo bi mpo aka sɛ, ‘Yɛn nso yɛyɛ ne mma.’ Enti, bere a yehu sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asefo no, ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ Tweaduampɔn no te sɛ sika anaa dwetɛ anaa ɔbo.”—Aso. 17:28, 29.

Nea ɛbɛyɛ na wɔn a na wɔretie Paulo no begye asɛm a ɔreka wɔ ha atom no, ɔfaa anwensɛm akyerɛwfo a na Atenefo no nim wɔn na wogye wɔn tom no asɛm kae. Saa ara na yɛn nso ɛsɛ sɛ yɛka nsɛm a yɛne nkurɔfo adwene hyia wɔ ho denam nsɛm a yenim sɛ wɔn a wɔretie yɛn no begye atom a yɛne wɔn besusuw ho no so. Sɛ nhwɛso no, mfatoho a Paulo mae wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Hebrifo no mu no tɔ asom nnɛ nso. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ofie biara obi na osi, na nea ɔyɛɛ nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn.” (Heb. 3:4) Sɛ yɛboa afiewuranom ma wosusuw saa mfatoho tiawa yi ho a, ebetumi aboa wɔn ma wɔahu sɛ asɛm a yɛreka no yɛ nokware. Hyɛ ade foforo a ɛwɔ Paulo kasa no mu a ɛma yetumi kyerɛkyerɛ yiye no nsow—sɛ́ yɛbɛkanyan nkurɔfo.

Si so Dua sɛ Nneɛma Regye Ntɛmpɛ

Paulo kae sɛ: “Nokwarem no, Onyankopɔn buu n’ani guu mmere a na wonnim hwee no so, nanso afei ɔreka akyerɛ adesamma a wɔwɔ mmaa nyinaa sɛ obiara nsakra. Efisɛ wayi da bi asi hɔ a wabɔ ne tirim sɛ ɔnam ɔbarima bi a wapaw no so bebu asase atɛn wɔ trenee mu.”—Aso. 17:30, 31.

Bɔne a Onyankopɔn ama hokwan bere tiaa bi no ama yɛn nyinaa anya hokwan a yɛde bɛma wahu nea ɛwɔ yɛn komam ankasa. Ɛho hia sɛ yesi sɛnea nneɛma regye ntɛmpɛ wɔ yɛn bere yi so no so dua na yɛde ahotoso ka nhyira a Ahenni nniso a abɛn pɛɛ no de bɛba no ho asɛm.—2 Tim. 3:1-5.

Ɛsono Sɛnea Obiara Yɛ N’ade

Bible ka sɛ: “Na bere a wɔtee owusɔre ho asɛm no, ebinom fii ase dii fɛw, na ebinom nso kae sɛ: ‘Yebetie wo eyi ho bio bere foforo nso.’ Ɛnna Paulo fii wɔn mu kɔe, nanso mmarima bi de wɔn ho bɔɔ no bɛyɛɛ gyidifo.”—Aso. 17:32-34.

Ebinom gye asɛm a yɛka no tom ntɛm ara; nanso afoforo de, ebia ebegye bere kakra ansa na wɔagye atom. Nanso, sɛ yetumi kyerɛkyerɛ nokware no ma emu da hɔ yiye ma ɛboa onipa biako pɛ mpo ma obenya Yehowa ho nokware nimdeɛ a, hwɛ sɛnea yɛn ani sɔ sɛ Onyankopɔn nam yɛn so retwe nkurɔfo ba ne Ba no nkyɛn!—Yoh. 6:44.

Nea Yebetumi Asua Afi Mu

Sɛ yedwinnwen ɔkasa a Paulo mae no ho a, yebetumi asua nneɛma pii afa sɛnea yɛbɛkyerɛkyerɛ Bible mu nokware mu akyerɛ afoforo no ho. Sɛ yenya hokwan sɛ yɛbɛma baguam ɔkasa wɔ asafo no mu a, yebetumi ayere yɛn ho asuasua Paulo denam anifere a yɛde bɛka nsɛm a ɛbɛboa obi a ɔnyɛ gyidini ma wate Bible mu nokware no ase na wagye atom so. Yɛpɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ nokware a ɛte saa no mu ma emu da hɔ, nanso yɛbɛhwɛ yiye sɛ yɛrenkasa ntia nea obi a ɔnyɛ gyidini a ebia ɔwɔ hɔ no gye di. Bere koro no ara nso, bere a yɛreyɛ asɛnka adwuma no, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ anifere na yɛaka nsɛm a ɛtɔ asom. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛde Paulo afotu a ɛka sɛ ‘yɛmma yɛn ani nku ɔkyerɛkyerɛ ho’ no reyɛ adwuma ankasa.

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Ná Paulo nkyerɛkyerɛ mu da hɔ, asete nyɛ den, na na ɔyɛ anifere

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Sɛ yesusuw sɛnea wɔn a yɛka asɛm no kyerɛ wɔn no te nka ho a, na yɛresuasua Paulo