Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Nsuro, na Me Ara Mɛboa Wo”

“Nsuro, na Me Ara Mɛboa Wo”

“Nsuro, na Me Ara Mɛboa Wo”

YESU dii kan bɔɔ n’akyidifo no kɔkɔ sɛ: “Ɔbonsam de mo mu binom begu afiase na ama wɔasɔ mo ahwɛ koraa.” Nanso, ansa na Yesu de saa kɔkɔbɔ no rema no, ɔkae sɛ: “Nsuro nea ɛrebɛto wo no.” Esiane sɛ Satan kɔ so de afiasenna hunahuna yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yebegyae Ahenni no ho asɛm ka nti, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ nniso ahorow bi bɛtaa nokware Kristofo. (Adi. 2:10; 12:17) Enti, dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛasiesie yɛn ho agyina Satan nnɛɛdɛe ano na ‘yɛansuro’ sɛnea Yesu tuu yɛn fo no?

Nokwasɛm ne sɛ, ehu aka yɛn mu dodow no ara pɛn wɔ mmere bi mu. Nanso, Onyankopɔn Asɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa bɛboa yɛn ma yɛatumi adi ehu so. Ɔkwan bɛn so? Ɔkwan biako a Yehowa fa so boa yɛn ma yesiesie yɛn ho de gyina ɔsɔretia ano ne sɛ ɔma yehu Satan ne ne nkurɔfo nnɛɛdɛe. (2 Kor. 2:11) Ma yensusuw asɛm bi a esii wɔ Bible mmere mu ho mfa nkyerɛkyerɛ nea enti a ɛte saa mu. Yebesusuw yɛn mfɛfo gyidifo anokwafo a wɔwɔ hɔ nnɛ a ‘wogyinaa pintinn ko tiaa Ɔbonsam nnɛɛdɛe’ nso ho.—Efe. 6:11-13.

Ɔhene a Osuro Onyankopɔn ne Ɔhemmɔne Bi Di Asi

Wɔ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. mu no, Asiria hene Senaherib ɔhemmɔne no dii aman bi so nkonim. Esiane sɛ odii saa aman no so nkonim nti, obegyee ne ho dii ma otuu n’ani sii Yehowa nkurɔfo ne wɔn ahenkurow Yerusalem a na Hesekia a osuro Onyankopɔn no di hene wɔ hɔ no so. (2 Ahe. 18:1-3, 13) Akyinnye biara nni ho sɛ, na Satan na ɔhyɛ akyi repiapia Senaherib ma wadi Satan atirimpɔw ho dwuma, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi atu nokware som ase afi asase so.—Gen. 3:15.

Senaherib somaa nnipa bi ma wɔkɔɔ Yerusalem sɛ wɔnkɔka nkyerɛ saa kurow no mufo sɛ wɔmfa wɔn ho mmɛhyɛ Asiriafo ase. Ná Rabsake a ɔyɛ ɔhene no kasamafo no ka nnipa a ɔsomaa wɔn no ho. * (2 Ahe. 18:17) Ná Rabsake botae ne sɛ ɔbɛma Yudafo no koma atu na wɔde wɔn ho ahyɛ wɔn ase bere a wɔne wɔn renko. Akwan bɛn na Rabsake faa so sɛ ɔbɛma Yudafo no koma atu?

Wodii Nokware Ɛmfa Ho sɛ Ɛkaa Wɔn Nkutoo

Rabsake ka kyerɛɛ Hesekia ananmusifo no sɛ: “Nea ɔhenkɛse, Asiria hene, aka ni: ‘Dɛn koraa na wode wo ho ato so yi? . . . Hwɛ! Egypt na wode wo ho ato no so, demmire a emu abu a sɛ onipa tweri a ɛbɛwɔ ne nsam ahwirew mu yi.’” (2 Ahe. 18:19, 21) Ná asɛm a Rabsake kae no nyɛ nokware, efisɛ na Hesekia ne Egypt nyɛɛ apam biara. Nanso, asɛm a Rabsake kae no sii nea na ɔpɛ sɛ Yudafo no ma ɛtena wɔn adwenem no so dua pefee sɛ: ‘Worennya ɔboafo biara. Aka wo nkutoo.’

Nnansa yi, saa ara na wɔn a wɔsɔre tia nokware som hunahunaa nokware Kristofo sɛ wɔbɛtew wɔn afi wɔn nuanom ho de yii wɔn hu. Kristoni bea bi a ne gyidi nti wɔde no too afiase na wɔtew no fii ne mfɛfo gyidifo ho mfe pii no kaa nea ɛboaa no a amma wammɔ hu ho asɛm akyiri yi. Ɔkae sɛ: “Mpaebɔ boaa me ma mebɛn Yehowa . . . Mekaee asɛm a ɛma awerɛhyem a ɛwɔ Yesaia 66:2 a ɛka sɛ Onyankopɔn hwɛ ‘obi a ɔwɔ ahohia mu a ne honhom abotow’ no. Saa asɛm yi hyɛɛ me den, na na ɛkyekye me werɛ paa bere nyinaa.” Saa ara na onua bi a wɔde ɔno nkutoo too afiase dan bi mu kae sɛ: “Mibehui sɛ esiane sɛ na me ne Onyankopɔn ntam yɛ papa paa nti, afiase dan ketewa a na meda mu no ansiw me kwan sɛ me ne no bedi nkitaho.” Nokwarem no, abusuabɔ a emu yɛ den a na saa Kristofo baanu yi ne Yehowa wɔ no hyɛɛ wɔn den ma wotumi gyinaa tew a wɔtew wɔn fii wɔn mfɛfo gyidifo ho no ano. (Dw. 9:9, 10) Wɔn a na wɔretaa Adansefo a na wɔde wɔn agu afiase no tumi tew wɔn fii wɔn abusuafo, wɔn nnamfo, ne wɔn mfɛfo gyidifo ho de, nanso na Adansefo no nim sɛ wɔn a wɔsɔre tia wɔn no rentumi ntew wɔn mfi Yehowa ho da.—Rom. 8:35-39.

Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛde hokwan biara a yebenya hyɛ abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ mu den! (Yak. 4:8) Ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho bere nyinaa sɛ: ‘So migye di sɛ Yehowa wɔ hɔ paa? Sɛ meresisi gyinae nketewa ne akɛse da biara a, so mema ne nsɛm boa me kɛse?’ (Luka 16:10) Sɛ yɛyere yɛn ho sɛ yɛbɛma yɛne Onyankopɔn ntam ayɛ den bere nyinaa a, ɛnsɛ sɛ biribiara ma yɛbɔ hu. Odiyifo Yeremia a ogyinaa Yudafo a na wɔahaw no ananmu na ɔkasa maa wɔn no kae sɛ: “O Yehowa, mifi amoa ase tɔnn na mabɔ wo din afrɛ wo. . . . Da a mefrɛɛ wo no, wutwiw bɛnee. Wokae sɛ: ‘Nsuro.’”—Kwa. 3:55-57.

Wɔantumi Ansɛe Wɔn Adwene

Rabsake faa anifere kwan so bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe Yudafo no adwene. Ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ [Yehowa no] ara na Hesekia atutu ne sorɔnsorɔmmea ne n’afɔremuka? . . . Yehowa na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Kɔ asase yi so na kɔsɛe no.’” (2 Ahe. 18:22, 25) Enti, Rabsake kyerɛe sɛ Yehowa renko mma Ne nkurɔfo efisɛ Ne bo afuw wɔn. Nanso na ɛnyɛ nokware. Ná Yehowa ani sɔ Hesekia ne Yudafo a na wɔasan aba nokware som mu no.—2 Ahe. 18:3-7.

Ɛnnɛ, ebia wɔn a wɔtaa yɛn a wɔpɛ sɛ wɔdaadaa yɛn bɛka nokwasɛm bi sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya yɛn adwene, nanso wɔfa anifere kwan so de atosɛm frafra nokwasɛm no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsɛe yɛn adwene. Sɛ nhwɛso no, mmere bi wɔ hɔ a wɔka kyerɛɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea a na wɔde wɔn agu afiase sɛ onua bi a odi asafo no anim wɔ wɔn man mu apa ne gyidi ma enti sɛ wɔn nso pa wɔn gyidi a ɛnsɛe hwee. Nanso, Kristofo a wɔwɔ nhumu mma nnaadaasɛm a ɛte saa nsɛe wɔn adwene.

Susuw nea ɛtoo Kristoni bea bi wɔ Wiase Ko II no mu ho hwɛ. Bere a na ɔda afiase no, wɔde nsɛm bi a wɔakyerɛw a ɛkyerɛ sɛ onua bi a odi asafo no anim apa ne gyidi kyerɛɛ no. Nea na ɔrebisabisa onuawa no nsɛm no bisaa no sɛ ogye saa Ɔdansefo no di anaa? Onuawa no buae sɛ, “[Ɔyɛ] onipa a ɔtɔ sin.” Onuawa no san kae sɛ, bere a na ɔde Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma no, na Onyankopɔn de no yɛ adwuma. “Nanso, esiane sɛ ne nsɛm a ɔka no kyerɛ sɛ ɔmmfa Bible mu nsɛm nnyɛ adwuma nti, ɔnyɛ me nua bio.” Saa onuawa nokwafo no yɛɛ n’ade nyansam tiee Bible mu afotu yi sɛ: “Mommfa mo ho nnto adehye anaa onipa ba a nkwagye biara nni ne mu so.”—Dw. 146:3.

Onyankopɔn Asɛm mu nokware nimdeɛ a yebenya ne emu afotu a yɛde bɛyɛ adwuma no bɛboa yɛn ma yɛahwɛ yɛn ho yiye wɔ nnaadaasɛm a ebetumi ama yɛagow yɛn bo a yɛasi sɛ yebegyina mu akosi ase no mu. (Efe. 4:13, 14; Heb. 6:19) Enti, ɛho hia sɛ yɛma Bible a yɛbɛkenkan no da biara da ne ade a yebesua ho hia yɛn paa, na sɛ yehyia sɔhwɛ a ama yɛatumi asusuw nneɛma ho yiye. (Heb. 4:12) Nokwarem no, ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yenya nimdeɛ pii na yɛhyɛ yɛn gyidi den. Onua bi a okuraa ne mũdi mu bere a wɔde ɔno nkutoo too afiase dan bi mu mfe pii no kae sɛ: “Mepɛ sɛ mehyɛ obiara nkuran sɛ ɔnkyerɛ honhom fam aduan a wɔde ma yɛn no nyinaa ho anisɔ, efisɛ yennim sɛnea ɛbɛboa yɛn wɔ bere bi mu.” Nokwarem no, sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm ne nhoma ahorow a akoa kuw no yɛ ma yɛn nnɛ no yiye a, honhom kronkron bɛma ‘yɛakaakae’ nea yɛasua no bere a yɛahyia sɔhwɛ wɔ asetena mu no.—Yoh. 14:26.

Wɔboaa Wɔn Ma Wogyinaa Ahunahuna Ano

Rabsake bɔɔ mmɔden sɛ obehunahuna Yudafo no. Ɔkae sɛ: “Wo ne me wura Asiria hene nto nkyia na memma wo apɔnkɔ mpem abien, na hwɛ sɛ wubetumi anya mmarima atenatena so anaa. . . . Wobɛyɛ dɛn atumi ako atia me wura nkoa nkumaa no mu amrado biako mpo?” (2 Ahe. 18:23, 24) Wɔ nnipa ani so no, na Hesekia ne ne nkurɔfo rentumi nnyina Asiria asraafo a na wɔyɛ den no anim.

Ebia ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔn a wɔtaa yɛn nnɛ nso ho yɛ den, titiriw, sɛ Ɔman no taa wɔn akyi a. Saa pɛpɛɛpɛ na na Nasifo a wɔtaa yɛn wɔ Wiase Ko II mu no te. Wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobehunahuna Onyankopɔn asomfo no mu pii. Akyiri yi, yɛn nua biako a wɔde no too afiase mfe pii kaa sɛnea wohunahunaa no no ho asɛm. Bere bi, ɔsraani bi bisaa no sɛ: “Wuhuu sɛnea wɔbɔɔ wo nua no tuo no? Dɛn na wusua fii mu?” Onua no buae sɛ: “Meyɛ Yehowa Dansefo, na mɛkɔ so ayɛ Ɔdansefo.” Ɔsraani no hunahunaa no sɛ, “Ɛnde wo na adu wo so sɛ wɔbɛbɔ wo tuo.” Nanso, yɛn nua no gyinaa pintinn, na ɔtamfo no ankɔ so anhunahuna no bio. Dɛn na ɛboaa no ma otumi gyinaa ahunahuna a ɛte saa no ano pintinn? Onua no buae sɛ: “Mede me ho too Yehowa din so.”—Mmeb. 18:10.

Sɛ yenya Yehowa mu gyidi kɛse a, ná yekura ɔkyɛm kɛse a ɛbɔ yɛn ho ban fi biribiara a Satan pɛ sɛ ɔde sɛe yɛne Yehowa ntam no ho. (Efe. 6:16) Enti, ɛyɛ papa sɛ yɛbɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn mma yɛn gyidi nyɛ den. (Luka 17:5) Ɛho hia nso sɛ yedi nhyehyɛe a akoa nokwafo kuw no yɛ ma yɛn de hyɛ yɛn gyidi den no so yiye. Sɛ wohunahuna yɛn na yɛkae awerɛhyem a Yehowa de maa odiyifo Hesekiel a na ɛsɛ sɛ ɔkɔka asɛm kyerɛ nkurɔfo a na wɔasen wɔn kɔn no a, ɛhyɛ yɛn den. Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Mama w’anim ayɛ den te sɛ wɔn anim na wo moma so ayɛ den te sɛ wɔn moma so. Mama wo moma so ayɛ sɛ dɛnkyɛmmo, na ayɛ den sen twɛrebo.” (Hes. 3:8, 9) Sɛ ɛho behia a, Yehowa betumi aboa yɛn ma yɛayɛ den sɛ dɛnkyɛmmo sɛnea na ɛsɛ sɛ Hesekiel yɛ no.

Sɛnea Wogyinaa Nnaadaa Ano

Wɔn a wɔsɔre tia yɛn no ahu sɛ sɛ wɔfa akwannuasa nyinaa so sɛ wɔbɛma yɛagyae yɛn mũdi mu na anyɛ yiye a, ɛtɔ mmere bi a nneɛma bi a ɛdaadaa nnipa tumi ma obi gyae ne mũdi mu. Rabsake nso de saa kwan yi dii dwuma. Ɔka kyerɛɛ Yerusalemfo sɛ: “Asiria hene aka sɛ: ‘Mungow mo ho mma me na mommra me nkyɛn . . . nkosi sɛ mɛba abɛfa mo akɔ asase a ɛte sɛ mo ara mo asase so, asase a awi ne nsã foforo wɔ so, asase a paanoo ne bobe nturo wɔ so, asase a ngodua ne ɛwo wɔ so, na moatena nkwa mu, na moanwuwu.’” (2 Ahe. 18:31, 32) Ɛbɛyɛ sɛ wɔn a wɔkaa wɔn hyɛɛ Yerusalem kurow no mu no kɔn dɔe paa sɛ wobenya paanoohyew adi, na wɔanya nsã foforo anom!

Bere bi, wɔde biribi a ɛte saa sɔɔ ɔsɛmpatrɛwfo bi a na wɔde no ato afiase hwɛe sɛnea ɛbɛyɛ a obegyae ne mũdi mu. Wɔka kyerɛɛ no sɛ wɔde no bɛkɔ akɔtena “ofie bi a emu yɛ anika” a esi “turo fɛfɛ” bi mu mu asram asia sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi asusuw nneɛma ho. Nanso, na onua no asi ne bo sɛ ɔbɛkɔ so adi nokware na wabɔ ne bra sɛ Kristoni. Dɛn na ɛboaa no? Akyiri yi, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ná metaa susuw Ahenni no ho sɛ ɛno ne m’anidaso ankasa. . . . Esiane sɛ na Onyankopɔn ahenni no ho nimdeɛ a mewɔ ahyɛ me den, na migye di, na m’adwene anhinhim da wɔ ho nti, wɔantumi amma mannyae me mũdi mu.”

So yegye di sɛ Onyankopɔn Ahenni no wɔ hɔ ankasa? Tete agya Abraham, ɔsomafo Paulo, ne Yesu ankasa nyinaa tumi gyinaa sɔhwɛ a emu yɛ den ano esiane sɛ na wogye di sɛ Ahenni no wɔ hɔ ankasa nti. (Filip. 3:13, 14; Heb. 11:8-10; 12:2) Sɛ yɛkɔ so de Ahenni no di kan wɔ yɛn asetena mu na yɛma nhyira a ɛbɛma yɛanya no afebɔɔ no tena yɛn adwenem a, yɛn nso yebetumi agyina nneɛma a wɔde sɔ yɛn hwɛ sɛ ɛbɛma yɛanya ahotɔ wɔ sɔhwɛ mu bere tiaa mu no ano.—2 Kor. 4:16-18.

Yehowa Rempa Yɛn

Mmɔden a Rabsake bɔe sɛ obehunahuna Yudafo no nyinaa akyi no, Hesekia ne ne manfo de wɔn ho too Yehowa so denneennen. (2 Ahe. 19:15, 19; Yes. 37:5-7) Yehowa nso tiee mpae a wɔbɔe de hwehwɛɛ mmoa no, na ɔsomaa ɔbɔfo bi ma okokunkum Asiria asraafo 185,000 anadwo biako pɛ wɔ wɔn nsra mu. Ade kyee ara pɛ, Senaherib ne n’asraafo kakraa bi a na wɔaka no de aniwu san kɔɔ n’ahenkurow Niniwe mu ntɛm ara.—2 Ahe. 19:35, 36.

Ɛda adi pefee sɛ Yehowa ampa wɔn a wɔde wɔn ho too no so no. Yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ hɔ nnɛ a wogyina pintinn wɔ sɔhwɛ mu no ma yehu sɛ ɛnnɛ nso Yehowa mpa ne nkurɔfo. Enti, ntease wom sɛ yɛn soro Agya no ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Me Yehowa wo Nyankopɔn, mikura wo nsa nifa mu; na meka kyerɛ wo sɛ, ‘Nsuro, na me ara mɛboa wo.’”—Yes. 41:13.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 6 “Rabsake” yɛ abodin a na wɔde ma onipa titiriw bi wɔ Asiria. Wɔammɔ ɔbarima no din ankasa wɔ Bible mu.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 13]

Yehowa ankasa ma n’asomfo awerɛhyem bɛboro mpɛn 30 wɔ n’Asɛm mu sɛ: “Nsuro”

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Ɔkwan bɛn so na Rabsake nnɛɛdɛe no te sɛ nea Onyankopɔn nkurɔfo atamfo de di dwuma nnɛ?

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Abusuabɔ a emu yɛ den a yɛne Yehowa wɔ boa yɛn ma yɛkɔ so kura yɛn mũdi mu wɔ sɔhwɛ mu