Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛ Yɛn Ani Da Hɔ a, Ɛde Adepa Ba

Sɛ Yɛn Ani Da Hɔ a, Ɛde Adepa Ba

Sɛ Yɛn Ani Da Hɔ a, Ɛde Adepa Ba

SO WOMA w’ani da hɔ sɛ wubehu hokwan ahorow a wonhwɛ kwan a ebetumi abue wɔ w’asafo no asasesin mu a wode bɛka asɛm no? Yɛn nuanom Kristofo a wɔwɔ Turku a ɛwɔ Finland a ɛyɛ tete kurow a po so hyɛn gyinabea wɔ hɔ no maa wɔn ani daa hɔ, na wɔn ani a wɔma ɛdaa hɔ no de adepa bae.

Bere bi a atwam no, anuanom a wɔwɔ Turku hui sɛ mmarima bi fi Asia aba kurom hɔ rebɛboa ma wɔawie po so hyɛn kɛse bi a na wɔrehyehyɛ ho adwuma wɔ baabi a wɔyɛ po so hyɛn wɔ hɔ no. Akyiri yi, onua bi huu ahɔhodan a na adwumayɛfo a wofi amannɔne aba hɔ no tete mu no. Ɔsan nso tee sɛ na bɔs bɛfa adwumayɛfo no anɔpatutuutu fi ahɔhodan a wɔtete mu wɔ kurow no mu no kɔ po so hyɛn gyinabea hɔ. Ntɛm ara na ɔka kyerɛɛ anuanom a wɔwɔ asafo a wɔka Borɔfo kasa a ɛwɔ Turku mu no.

Mpanyimfo a wɔwɔ saa asafo no mu hui sɛ nnipa pii a wofi amannɔne aba hɔ no ama wɔanya hokwan a wɔnhwɛ kwan a wɔde bɛka Ahenni no ho asɛm akyerɛ wɔn, na wɔyɛɛ ɔsatu titiriw bi ho nhyehyɛe ntɛm ara. Adawurubɔfo du hyiae wɔ bɔs gyinabea hɔ Kwasida anɔpa nnɔnson wɔ saa dapɛn no mu. Mfiase no, adwumayɛfo no mu biara amma hɔ. Enti, anuanom bisaa wɔn ho sɛ, ‘Adɛn yɛamma ntɛm anaa? Wɔafi Turku kɔ anaa?’ Nanso, ankyɛ na odwumayɛni bi a ɔhyɛ adwuma atade baa hɔ. Odwumayɛni foforo bɛkaa no ho, na afei adwumayɛfo no pii baa hɔ. Ankyɛ koraa na adwumayɛfo no pii behyiae wɔ bɔs gyinabea hɔ. Adawurubɔfo no fii ase dii adwumayɛfo no adanse, na wɔde nhoma ahorow a ɛwɔ Borɔfo kasa mu maa wɔn. Anigyesɛm ne sɛ, edii dɔnhwerew biako ansa na adwumayɛfo no nyinaa renya baabi atenatena wɔ wɔn bɔs ahorow no mu, na ɛno maa anuanom nyaa bere ne wɔn mu dodow no ara kasae. Bere a bɔs no tutui no, na adwumayɛfo no agye nhomawa 126 ne nsɛmma nhoma 329!

Adepa a efii adanse a anuanom dii mu bae no hyɛɛ wɔn nkuran ma wɔyɛe sɛ wɔbɛsan akɔyɛ ɔsatu no bio wɔ dapɛn a edi hɔ bere a ɔmansin sohwɛfo abɛsra wɔn no. Da bi anɔpa a na osu retɔ no, ɛbɔɔ nnɔnsia ne fã no, ɔmansin sohwɛfo no yɛɛ asɛnka nhyiam, na adawurubɔfo 24 de wɔn ani kyerɛɛ bɔs gyinabea hɔ. Saa bere yi de, bere a wɔrekɔ no, wɔde nhoma a ɛwɔ Tagalog kasa mu nso kɔe, efisɛ wohui sɛ na ahɔho no pii fi Philippines. Saa anɔpa no, bere a bɔs ahorow no tutu kɔɔ po so hyɛn gyinabea hɔ no, na adwumayɛfo no agye nhoma 7, nhomawa 69, ne nsɛmma nhoma 479. Hwɛ sɛnea anuanom mmarima ne mmea a wɔkɔyɛɛ ɔsatu no ani gyei, na wodii ahurusi!

Anuanom tumi kɔsraa adwumayɛfo no mu binom wɔ ahɔhodan a na wɔtete mu no mu, na wɔkyerɛkyerɛɛ Ahenni no ho asɛm mu kɔɔ akyiri kyerɛɛ wɔn ansa na wɔresan akɔ aman a wofi mu bae so. Adwumayɛfo no bi kae sɛ na Adansefo ne wɔn akasa pɛn wɔ aman foforo so. Adwumayɛfo no daa anuanom ase sɛ wɔbɔɔ mmɔden hwehwɛɛ wɔn bere a wɔbaa Finland no.

So woma w’ani da hɔ sɛ wubehu hokwan ahorow a wonhwɛ kwan a ebetumi abue wɔ w’asafo no asasesin mu? So wobɔ mmɔden sɛ wobɛka asɛm no akyerɛ nnipa a wofi mmusua ahorow mu? Sɛ woyɛ saa a, wo nso wubetumi anya osuahu ahorow a ɛte sɛ nea anuanom a wɔwɔ Turku no nyae no bi.

[Asase mfonini/Mfonini wɔ kratafa 32]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

FINLAND

HELSINKI

Turku