Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛ Pii Wɔ Honhom Fam Otwa Adwuma Kɛse No Mu

Yɛ Pii Wɔ Honhom Fam Otwa Adwuma Kɛse No Mu

Yɛ Pii Wɔ Honhom Fam Otwa Adwuma Kɛse No Mu

“Monyɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu.”—1 KOR. 15:58.

1. Dɛn na Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔnyɛ?

BERE a na Yesu retutu akwan wɔ Samaria mantam mu wɔ afe 30 Y.B. mu awiei mu hɔ no, ɔtenaa abura bi a ɛbɛn Sikar kurow no ho gyee n’ahome. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no wɔ hɔ sɛ: “Momma mo ani so nhwɛ mfuw no sɛ ahoa sɛ wotwa.” (Yoh. 4:35) Ɛnyɛ afuw a ahoa sɛ wotwa ankasa ho asɛm na na Yesu reka, na mmom na ɔreka nnipa komapafo a na wɔbɛboaboa wɔn ano ma wɔabɛyɛ n’akyidifo ho asɛm. Nokwarem no, na ɔreka akyerɛ n’asuafo no sɛ wɔnyɛ otwa adwuma no bi. Ná adwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ, nanso na ɛbere a wɔde bɛyɛ no sua!

2, 3. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ yɛte otwabere no mu? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua asɛm yi mu?

2 Otwa adwuma a Yesu kaa ho asɛm no fa yɛn bere yi ho titiriw. Yɛte bere bi a afuw a ɛne wiase no mu nnipa “ahoa sɛ wotwa” mu. Afe biara, wɔto nsa frɛ nnipa ɔpepem pii sɛ wonsua nokware a egye nkwa no ho ade, na wɔbɔ asuafo foforo mpempem pii asu. Ɛyɛ hokwan na yɛanya sɛ yɛreyɛ otwa adwuma a ɛso bi mmae da no bi wɔ Yehowa Nyankopɔn a ɔne otwa adwuma Wura no akwankyerɛ ase. So ‘woreyɛ pii’ wɔ otwa adwuma yi mu?—1 Kor. 15:58.

3 Wɔ mfe abiɛsa ne fã a Yesu de yɛɛ ne som adwuma wɔ asase so mu no, ɔtetee n’asuafo no maa otwa adwuma a na wɔbɛyɛ no. Yebesusuw asuade pii a ɛho hia a Yesu maa n’asuafo no nyae mu abiɛsa ho wɔ adesua asɛm yi mu. Asuade no mu biara si su bi a ɛbɛboa yɛn kɛse bere a yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi nyinaa de aboaboa asuafo ano nnɛ no so dua. Momma yensusuw saa su ahorow yi ho mmiako mmiako.

Ahobrɛase Ho Hia

4. Dɛn na Yesu yɛe de kyerɛkyerɛɛ sɛnea ahobrɛase ho hia mu?

4 Twa asɛm yi ho mfonini hwɛ: Ná asuafo no gyee akyinnye wɔ nea ɔyɛ kɛse wɔ wɔn mu ho nkyɛe koraa. Ɛda adi sɛ na wɔn anim da so ara kyerɛ sɛ wonnye wɔn ho nni, na na nitan wɔ wɔn mu. Enti, Yesu frɛɛ abofra kumaa bi de no begyinaa wɔn mfinimfini. Ɔtwee adwene sii abofra kumaa no so kae sɛ: “Obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase [anaasɛ, “obiara a ɔbɛyɛ ne ho akumaa,” Byington] te sɛ abofra kumaa yi ne nea ɔyɛ kɛse ɔsoro ahenni no mu.” (Monkenkan Mateo 18:1-4.) Sɛ́ anka asuafo no benya wiase adwene a ɛne sɛ sɛ obi wɔ tumi, ahonyade, ne dibea a na wobu no sɛ ɔyɛ kɛse no, ná ɛsɛ sɛ wɔte ase sɛ nea ɛbɛma afoforo abu wɔn sɛ wɔyɛ kɛse ne sɛ ‘wɔbɛyɛ wɔn ho akumaa’ ama afoforo. Sɛ na wɔbrɛ wɔn ho ase ankasa nkutoo a, ɛnna na Yehowa behyira wɔn na ɔde wɔn ayɛ adwuma.

5, 6. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wobrɛ wo ho ase na ama woatumi ayɛ otwa adwuma no pii? Ma ɛho nhwɛso.

5 Ɛde besi nnɛ nyinaa, wiase mu nnipa pii de wɔn bere nyinaa hwehwɛ tumi, ahonyade, ne dibea. Enti, wonnya bere pii anaasɛ wonnya bere koraa mfa nsua Onyankopɔn ho ade na wɔasom no. (Mat. 13:22) Nanso, Yehowa nkurɔfo ani gye ho sɛ ‘wɔbɛyɛ wɔn ho akumaa’ ama afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya otwa adwuma Wura no anim dom ne ne nhyira.—Mat. 6:24; 2 Kor. 11:7; Filip. 3:8.

6 Susuw Francisco a ɔyɛ asafo mu panyin wɔ South America asɛm no ho hwɛ. Bere a na ɔyɛ aberante no, ogyaee sukuupɔn kɔyɛɛ akwampae adwuma. Ɔkae sɛ: “Akyiri yi, bere a me ne ɔbea bi yɛɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛware no, na anka metumi anya adwuma bi a ɛbɛma me ne me yere nyinaa anya sika pii. Nanso, yesii gyinae sɛ yɛbɛyɛ yɛn ho awiɛmfoɔ na yɛn baanu nyinaa akɔ so ayɛ bere nyinaa som adwuma no. Akyiri yi a yɛwoo mma no, yɛn ho kyeree yɛn kɛse. Nanso, Yehowa boaa yɛn ma yɛkɔɔ so yɛɛ yɛn ho awiɛmfoɔ.” Francisco de asɛm no baa awiei sɛ: “Manya hokwan asom sɛ asafo mu ɔpanyin bɛboro mfe 30 ni aka ɔsom hokwan atitiriw pii ho. Yennuu yɛn ho da koro mpo da sɛ yɛayɛ yɛn ho awiɛmfoɔ.”

7. Ɔkwan bɛn so na woabɔ mmɔden sɛ wode afotu a ɛwɔ Romafo 12:16 no bɛyɛ adwuma?

7 Sɛ woanni wiase yi mu “nneɛma akɛse” akyi, na wudi “nneɛma a ɛba fam akyi” a, wo nso wubetumi ahwɛ kwan sɛ wubenya nhyira ne ɔsom hokwan foforo pii wɔ otwa adwuma no mu.—Rom. 12:16; Mat. 4:19, 20; Luka 18:28-30.

Nsiyɛ Ma Yenya Nhyira Pii

8, 9. (a) Bɔ Yesu mfatoho a ɛfa dwetikɛse ho no mua. (b) Henanom titiriw na saa mfatoho yi betumi ahyɛ wɔn nkuran?

8 Su foforo a yehia na ama yɛatumi ayɛ otwa adwuma no pii ne nsi a yɛbɛyɛ. Yesu de dwetikɛse ho mfatoho no na ɛkyerɛkyerɛɛ saa asɛm yi mu. * Saa mfatoho no fa ɔbarima bi a ɔde n’ahode hyɛɛ ne nkoa baasa nsa ansa na ɔretu kwan ho. Ɔmaa nea odi kan no dwetikɛse anum, ɛnna ɔmaa nea ɔto so abien no dwetikɛse abien; ɔmaa nea ɔto so abiɛsa no dwetikɛse biako. Bere a wɔn wura no kɔe no, ntɛm ara na nkoa baanu a wodi kan no de nsi de dwetikɛse a ɔde maa wɔn no “kɔyɛɛ adwuma.” Nanso, na akoa a ɔto so abiɛsa no yɛ “onihafo.” Ɔde ne dwetikɛse no kosiee fam. Bere a owura no fi akwantu mu bae no, ɔbɔɔ nkoa baanu a wodi kan no aba so ma ‘wɔhwɛɛ nneɛma pii so.’ Ogyee dwetikɛse a na ɔde ama akoa a ɔto so abiɛsa no fii ne nsam, na ɔpam saa akoa no fii ne fie.—Mat. 25:14-30.

9 Akyinnye biara nni ho sɛ, nea wo koma pɛ ne sɛ wubesuasua nea nkoa a na wɔyɛ nsi wɔ Yesu mfatoho no mu yɛe no, na woayɛ asuafoyɛ adwuma no pii sɛnea wubetumi. Nanso, sɛ tebea ahorow bi a worentumi nyɛ ho hwee ama wuntumi nyɛ pii seesei nso ɛ? Ebia sikasɛm mu ahokyere ama wode bere pii yɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ahwɛ w’abusua. Anaasɛ ebia seesei wunni ahoɔden anaa apɔwmuden papa te sɛ bere a na woyɛ ɔbabun no. Sɛ saa na ɛte wɔ wo fam a, ɛnde dwetikɛse ho mfatoho no betumi ahyɛ wo nkuran.

10. Dɛn na owura a ɔwɔ dwetikɛse ho bɛ no mu no yɛe de daa no adi sɛ ɔwɔ ntease, na dɛn nti na nea ɔyɛe no hyɛ wo nkuran?

10 Hyɛ no nsow sɛ na owura a ɔwɔ mfatoho no mu no nim nea na ne nkoa no mu biara betumi ayɛ. Ɔma yehuu eyi bere a ɔmaa ne nkoa no dwetikɛse “sɛnea wɔn mu biara ahoɔden te” no. (Mat. 25:15) Sɛnea obiara bɛhwɛ kwan no, akoa a odi kan no nyaa mfaso pii sen akoa a ɔto so abien no. Nanso, owura no frɛɛ saa nkoa baanu no nyinaa nkoa ‘pa anokwafo’ de kyerɛe sɛ wahu mmɔden a wɔn baanu bɔe no, na ɔmaa wɔn akatua koro. (Mat. 25:21, 23) Saa ara na otwa adwuma Wura a ɔne Yehowa Nyankopɔn nso nim sɛ nea wubetumi ayɛ wɔ ne som adwuma mu no gyina tebea a wowom so. Obehu mmɔden a wufi wo kra nyinaa mu bɔ de som no no, na obetua wo so ka.—Mar. 14:3-9; monkenkan Luka 21:1-4.

11. Ma nhwɛso fa kyerɛkyerɛ sɛnea sɛ yɛyɛ nsi wɔ tebea a emu yɛ den mu a yebetumi anya nhyira pii no mu.

11 Kristoni bea bi a ne din de Selmira a ɔte Brazil no ma yehu sɛ ɛnyɛ obi a asetena kɔ yiye ma no nkutoo na otumi yɛ nsi wɔ Onyankopɔn som adwuma mu. Mfe 20 a atwam no, akorɔmfo werɛmfo bɔɔ Selmira kunu tuo kum no ma ogyaw no mma nkumaa baasa a ɔbɛtete wɔn. Ná adwuma a ɔyɛ sɛ abaawa wɔ obi fie no hwehwɛ sɛ ɔde nnɔnhwerew pii yɛ adwuma, ɔforo bɔs twa kwantenten wɔ kurow kɛse mu kwan a kar kyere so wɔ so, na na ɛno ma ɔbrɛ pii. Ɔhaw a ohyiae yi nyinaa akyi no, ɔtotoo ne nneɛma yiye sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ayɛ daa ɔkwampaefo. Akyiri yi, ne mma baasa no mu baanu bɛkaa no ho wɔ akwampae adwuma no mu. Ɔkae sɛ: “Mfe pii a atwam no, me ne nnipa bɛboro 20 na asua Bible no, na wɔabɛka ‘m’abusua’ ho. Ɛde besi nnɛ, wɔda ɔdɔ adi kyerɛ me, na wɔabɛyɛ me nnamfo. Ɛyɛ agyapade a sika rentumi ntɔ.” Akyinnye biara nni ho sɛ otwa adwuma Wura no ahyira nsi a Selmira yɛe no so!

12. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ nsi wɔ asɛnka adwuma no mu?

12 Sɛ tebea a wowom seesei mma wuntumi mfa nnɔnhwerew pii nyɛ asɛnka adwuma no a, wubetumi abɔ mmɔden ama otwa adwuma a woyɛ no anya nkɔso denam w’asɛnka adwuma a wobɛma atu mpɔn kɛse no so. Sɛ wode nyansahyɛ ahorow a wɔde ma yɛn wɔ Ɔsom Nhyiam ase dapɛn biara no di dwuma yiye a, wo ho bɛkokwaw wɔ ɔkwan a wofa so ka asɛm no mu, na woasɔ akwan foforo a wɔfa so di adanse nso ahwɛ. (2 Tim. 2:15) Afei nso sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wubetumi atu nneɛma bi a woyɛ a ɛho nhia pii ahyɛ da anaasɛ woagyae yɛ koraa, sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ne asafo no abom akɔ asɛnka daa.—Kol. 4:5.

13. Dɛn ne ade titiriw a ɛbɛma woayɛ nsi na woremma ano mmrɛ ase?

13 Hyɛ no nsow sɛ ɔdɔ ne anisɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn na ɛma yɛyɛ nsi. (Dw. 40:8) Ná akoa a ɔto so abiɛsa a wɔkaa ne ho asɛm wɔ Yesu mfatoho no mu no suro ne wura no, na obuu no sɛ obi a ɔyɛ nhyɛ na n’asɛm yɛ den. Ɛno nti, sɛ́ anka ɔbarima no de ne dwetikɛse no bɛyɛ adwuma ma ne wura anya so mfaso no, ɔde kosiee fam mmom. Nea ɛbɛyɛ na yɛantoto yɛn adwuma ase saa no, ɛsɛ sɛ yɛne Yehowa a ɔno ne otwa adwuma Wura no nya abusuabɔ a emu yɛ den bere nyinaa. Yi bere si hɔ fa sua ade na fa dwinnwen ne su ahorow a ɛyɛ fɛ a ebi ne ne dɔ, ne ntoboase, ne ne mmɔborɔhunu ho. Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛka wo ma woafi wo komam ayɛ nea wubetumi nyinaa wɔ ne som mu.—Luka 6:45; Filip. 1:9-11.

“Monyɛ Kronkron”

14. Ahwehwɛde a ɛho hia bɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ otwa adwuma no bi no du ho?

14 Bere a ɔsomafo Petro refa Hebri Kyerɛwnsɛm no mu asɛm aka no, ɔkaa nea Onyankopɔn pɛ sɛ n’asomfo a wɔwɔ asase so yɛ ho asɛm sɛ: “Sɛnea Ɔkronkronni a ɔfrɛɛ mo no te no, mo nso monyɛ kronkron mo nneyɛe nyinaa mu, efisɛ wɔakyerɛw sɛ: ‘Monyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron.’” (1 Pet. 1:15, 16; Lev. 19:2; Deut. 18:13) Saa asɛm yi si so dua sɛ ɛho hia sɛ wɔn a wɔyɛ otwa adwuma no ma wɔn ho tew wɔ abrabɔ fam ne Onyankopɔn som mu. Yebetumi adu saa ahwehwɛde a ɛho hia yi ho denam nneɛma bi a yɛbɛyɛ ma wɔahohoro yɛn ho ma yɛn ho atew wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no so. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Onyankopɔn asɛm a ɛyɛ nokware no na ebetumi aboa yɛn.

15. Dɛn na tumi a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm a ɛyɛ nokware mu no betumi ayɛ ama yɛn?

15 Wɔde Onyankopɔn asɛm a ɛyɛ nokware no toto nsu a wɔde hohoro ade ho ma ɛho tew ho. Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ Kristofo a wɔasra wɔn asafo no ho tew wɔ Onyankopɔn ani so te sɛ ayeforo a ne ho tew a wɔde no ama Kristo a “[Kristo nam] asɛm no so de nsu ahohoro ho na ayɛ kronkron a enni dɛm biara.” (Efe. 5:25-27) Ná Yesu nso aka tumi a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm mu a etumi tew nnipa ho no ho asɛm dedaw. Bere a Yesu rekasa akyerɛ n’asuafo no, ɔkae sɛ: “Esiane asɛm a maka akyerɛ mo nti, mo ho atew dedaw.” (Yoh. 15:3) Ɛno nti, Onyankopɔn asɛm mu nokware no wɔ tumi a ɛtew nnipa ho fi nneyɛe ne abrabɔ biara a Onyankopɔn bu no sɛ ɛho ntew ho. Sɛ yɛma Onyankopɔn asɛm mu nokware no tew yɛn ho wɔ saa kwan yi so nkutoo a, ɛnna yɛn som betumi asɔ Yehowa ani.

16. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akɔ so ama yɛn ho atew wɔ abrabɔ ne Yehowa som mu?

16 Enti, ansa na wɔregye yɛn atom ma yɛayɛ otwa adwuma no bi no, yedii kan gyaee abrabɔ ne nneyɛe biara a ɛho ntew wɔ Yehowa ani so wɔ yɛn asetena mu. Nokwarem no, nea ɛbɛyɛ na yɛakɔ so afata ayɛ otwa adwuma no bi no, ɛsɛ sɛ yɛde Yehowa gyinapɛn a ɛkorɔn a ɛfa abrabɔ ne ɔsom ho no bɔ yɛn bra yiye. (Monkenkan 1 Petro 1:14-16.) Sɛnea yɛma yɛn ani kũ yɛn ho a yɛbɛma atew wɔ honam fam bere nyinaa ho no, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛma tumi a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm a ɛyɛ nokware mu no tew yɛn ho daa. Eyi hwehwɛ sɛ yɛkenkan Bible na yɛkɔ Kristofo nhyiam ahorow. Ɛsan nso hwehwɛ sɛ yefi yɛn komam bɔ mmɔden de Onyankopɔn nkaesɛm bɔ yɛn bra. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛatumi ako atia yɛn ankasa mmerɛwyɛ a ɛma yɛyɛ bɔne no ne wiase yi mu nneɛma a egu nnipa ho fĩ no. (Dw. 119:9; Yak. 1:21-25) Nokwarem no, hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛkyekye sɛ esiane Onyankopɔn asɛm a ɛyɛ nokware no mmoa so nti, wobetumi ‘aguare yɛn kama’ atew yɛn ho afi bɔne a emu yɛ duru mpo ho!—1 Kor. 6:9-11.

17. Bible mu afotu bɛn na ɛsɛ sɛ yetie na ama yɛn ho akɔ so atew?

17 So woma tumi a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm a ɛyɛ nokware mu no tew wo ho wɔ w’asetena mu? Sɛ nhwɛso no, sɛ wɔtwe w’adwene si asiane a ɛwɔ wiase yi mu anigyede a ɛsɛe nnipa adwene no so a, woyɛ w’ade dɛn? (Dw. 101:3) So wotwe wo ho fi fekuw a ɛho nhia a wo ne wo mfɛfo sukuufo ne adwumayɛfo a ɛsono wɔn gyidi bɔ ho? (1 Kor. 15:33) So wufi wo komam bɔ mmɔden paa sɛ wubedi wo mmerɛwyɛ ahorow a ebetumi ama wo ho agu fĩ wɔ Yehowa ani so no so? (Kol. 3:5) So wotwe wo ho fi wiase no amanyɔsɛm mu akasakasa ne ɔmampɛ honhom a wɔda no adi wɔ agodie pii a wɔde si akan mu no ho?—Yak. 4:4.

18. Ɔkwan bɛn so na sɛ yɛma yɛn abrabɔ ho tew wɔ Yehowa ani so a, ɛbɛboa yɛn ma yɛasow aba pii wɔ otwa adwuma no mu?

18 Sɛ woyɛ osetie wɔ nsɛm a ɛte saa mu bere nyinaa a, wubenya nhyira pii. Bere a na Yesu de n’asuafo no retoto bobe nnubaa ho no, ɔkae sɛ: “Baa biara a ɛwɔ me ho a ɛnsow aba no, [m’Agya yi] fi hɔ, na ebiara a ɛsow aba no, oyiyi ho na atumi asow aba pii.” (Yoh. 15:2) Sɛ woma Bible mu nokware nsu no tew wo ho a, wobɛsow aba pii.

Nhyira a Yebenya no Nnɛ ne Daakye

19. Ɔkwan bɛn so na wohyiraa mmɔden a Yesu asuafo no bɔe wɔ otwa adwuma no mu no so?

19 Akyiri yi, honhom kronkron maa asuafo anokwafo a wɔde ntetee a wonya fii Yesu hɔ yɛɛ adwuma no tumi wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu ma wodii adanse ‘de kɔɔ asase ano nohoa.’ (Aso. 1:8) Wonyaa nkɔso bɛyɛɛ sodikuw no mufo, asɛmpatrɛwfo, ne ahwɛfo akwantufo, na wodii dwuma titiriw wɔ asɛmpa no a wɔkae “wɔ abɔde a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa mu” no mu. (Kol. 1:23) Hwɛ nhyira ara a wonyae, ne anigye a wɔmaa afoforo nso nyae!

20. (a) Nhyira bɛn na woanya afi otwa adwuma no a woyɛ no pii no mu? (b) Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?

20 Nokwarem no, sɛ yɛda ahobrɛase adi, yɛyɛ nsi, na yɛde Onyankopɔn Asɛm mu gyinapɛn a ɛkorɔn no bɔ yɛn bra a, yɛbɛkɔ so ayɛ pii wɔ otwa adwuma kɛse a yɛreyɛ no seesei no mu. Bere a nnipa pii di wiase yi ahonyade ne anigyede akyi na ɛma wodi yaw na wɔn abam bu no, yɛn de, yenya anigye ne abotɔyam ankasa. (Dw. 126:6) Nea ɛho hia sen ne nyinaa no, yɛn “brɛ renyɛ kwa Awurade mu.” (1 Kor. 15:58) Yehowa Nyankopɔn a ɔne otwa adwuma Wura no behyira yɛn daa wɔ ‘yɛn adwuma ne ɔdɔ a yɛda no adi wɔ ne din ho’ no ho.—Heb. 6:10-12.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 8 Dwetikɛse ho mfatoho no fa sɛnea Yesu ne n’asuafo a wɔasra wɔn no di ho titiriw, nanso nnyinasosɛm ahorow bi wom a ɛfa Kristofo nyinaa ho.

So Wokae?

Bere a worebɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ pii wɔ otwa adwuma no mu no . . . 

• dɛn nti na ɛho hia sɛ woda ahobrɛase adi?

• wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ nsi na woremma ano mmrɛ ase?

• dɛn nti na ɛho hia sɛ wokɔ so ma wo ho tew wɔ abrabɔ ne Yehowa som mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Ahobrɛase betumi aboa yɛn ma yɛayɛ yɛn ho awiɛmfoɔ de ayɛ Ahenni adwuma no