Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wudi Bere So?

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wudi Bere So?

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wudi Bere So?

ƐNYƐ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ yebedi bere so anaa yɛbɛyɛ yɛn ade bere ano. Akwanside a ebia ebehia sɛ yedi so na ama yɛadi bere so no bi ne kwantenten a yebetwa, kar a ɛkyere so wɔ kwan so, ne nnwuma pii a egu yɛn so. Nanso, ɛho hia sɛ yedi bere so. Sɛ nhwɛso no, wɔtaa bu obi a odu adwumam bere ano no sɛ obi a afoforo tumi de wɔn ho to no so na ɔyɛ nsi. Nanso, sɛ obi nnu adwumam bere ano a, etumi ka adwuma a afoforo yɛ ne nneɛma a adwumakuw no yɛ nso. Sɛ sukuuni bi taa ka akyi a, ebetumi ama wɔasua nneɛma bi agu n’akyi, na ɛremma onnya nkɔso wɔ ne nhomasua mu. Sɛ obi rekohu oduruyɛfo na wannu hɔ bere ano a, ebia wɔrenhwɛ no yiye.

Nanso, wɔ mmeae bi no, wommu bere sodi sɛ ade a ɛho hia. Wɔ mmeae a ɛtete saa no, ɛrenyɛ den koraa sɛ yɛbɛyɛ nnipa a wɔtaa ka akyi. Sɛ saa na ɛte wɔ baabi a yɛwɔ a, ɛnde ɛho hia sɛ yenya ɔpɛ sɛ yebedi bere so. Sɛ yehu sɛnea bere sodi ho hia a, akyinnye biara nni ho sɛ, ɛbɛboa yɛn ma yɛadi bere so. Nea enti a ɛho hia sɛ yedi bere so no bi ne dɛn? Dɛn na yebetumi ayɛ ma yɛadi bere so? Na sɛ yedi bere so a, mfaso bɛn na yebetumi anya?

Yehowa—Onyankopɔn a Odi Bere So

Ade a edi kan koraa nti a yɛpɛ sɛ yedi bere so ne sɛ, yɛpɛ sɛ yesuasua Onyankopɔn a yɛsom no no. (Efe. 5:1) Yehowa di bere so de yɛ nhwɛso a ɛkyɛn so ma yɛn. Ɔnka akyi da. Odi ne bere so pɛpɛɛpɛ ma n’atirimpɔw ahorow ba mu. Sɛ nhwɛso no, bere a Yehowa sii gyinae sɛ ɔde nsuyiri bɛsɛe wiase bɔne bi no, ɔka kyerɛɛ Noa sɛ: “Fa gofer dua yɛ adaka.” Bere a awiei no bɛnee no, Yehowa ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnkɔ adaka no mu, na ɔka kyerɛ no sɛ: “Aka nnanson pɛ na mama osu atɔ agu asase so adaduanan, awia ne anadwo; na mɛpopa nea mayɛ a ɛte ase biara afi asase so.” Afei bere soe pɛpɛɛpɛ no, “ɛbae sɛ nnanson akyi no osu tɔe wɔ asase so.” (Gen. 6:14; 7:4, 10) Sɛ Noa ne n’abusua ankɔ adaka no mu bere ano a, hwɛ asɛm a anka ebetumi ato wɔn. Ná ɛsɛ sɛ wodi bere so te sɛ nea Onyankopɔn a na wɔsom no no yɛ no.

Nsuyiri no akyi bɛyɛ mfe 450 no, Yehowa ka kyerɛɛ tete agya Abraham sɛ ɔbɛwo ɔbabarima a ɔno so na Aseni no nam bɛba. (Gen. 17:15-17) Onyankopɔn kae sɛ wɔbɛwo Isak “afe sesɛɛ.” So ɛbaa saa? Kyerɛwnsɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Sara nyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima maa Abraham ne nkwakoraabere mu bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no ara mu.”—Gen. 17:21; 21:2.

Nsɛm pii wɔ Bible mu a ɛma yehu sɛ Onyankopɔn di bere so. (Yer. 25:11-13; Dan. 4:20-25; 9:25) Bible ka kyerɛ yɛn sɛ yɛnhwɛ ɛda a Yehowa bebu atɛn daakye no kwan. Wɔ nnipa ani so no, sɛ ɛyɛ te sɛ nea ‘ɛrekyɛ’ mpo a, yɛwɔ ahotoso sɛ “ɛrenka akyi.”—Hab. 2:3.

Bere Sodi Ho Hia wɔ Ɔsom Mu

Ná ɛsɛ sɛ Israelfo mmarima nyinaa kɔ beae a wɔakyerɛ sɛ wonkodi “Yehowa afahyɛ ahorow” no, na na ɛsɛ sɛ wodu hɔ bere ano. (Lev. 23:2, 4) Onyankopɔn san nso kyerɛɛ mmere a na ɛsɛ sɛ wɔbɔ afɔre ahorow bi. (Ex. 29:38, 39; Lev. 23:37, 38) So eyi nkyerɛ sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ n’asomfo di bere so wɔ wɔn som mu?

Wɔ afeha a edi kan no mu no, bere a ɔsomafo Paulo kyerɛɛ Korintofo no ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so yɛ Kristofo nhyiam no, ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ: “Momma biribiara nkɔ so fɛfɛɛfɛ a nhyehyɛe da ho.” (1 Kor. 14:40) Ɛno nti, ná ɛsɛ sɛ Kristofo fi wɔn nhyiam ahorow ase bere pɔtee bi. Adwene a Yehowa wɔ wɔ bere sodi ho nsesae. (Mal. 3:6) Ɛnde, dɛn na yebetumi ayɛ na ama yɛadu Kristofo nhyiam ahorow ase bere ano?

Nea Yebetumi Ayɛ Ma Yɛadi Bere So

Ebinom ahu sɛ sɛ wodi kan yɛ nhyehyɛe a, ɛboa paa. (Mmeb. 21:5) Sɛ nhwɛso no, sɛ ɛsɛ sɛ yetwa kwantenten ansa na yɛadu baabi a yɛrekɔ wɔ bere bi a wɔahyɛ a, so ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛtwɛn ma aka bere tiaa bi ansa na yɛasim? So ɛrenyɛ nea nyansa wom sɛ yebesim ntɛm kakra, na sɛ ɛba mpo sɛ biribi a ‘yɛnhwɛ kwan’ si a, yɛadu baabi a yɛrekɔ no bere ano? (Ɔsɛnk. 9:11) Aberante bi a odi bere so a ne din de José * kae sɛ, “Ade a ebetumi aboa obiara ma wadu baabi a ɔrekɔ wɔ bere ano ne sɛ obehu bere dodow a obehia de atwa kwan no.”

Wɔ ebinom fam no, ebia ɛho behia sɛ wɔyɛ nhyehyɛe fi wɔn adwumam ntɛm na ama wɔatumi adu Kristofo nhyiam ahorow ase bere ano. Saa na Ɔdansefo bi a ɔwɔ Ethiopia yɛe bere a ohui sɛ nsakrae bi a wɔayɛ wɔ wɔn adwumam bɛma waka akyi simma 45 wɔ asafo nhyiam ase no. Ɔyɛɛ nhyehyɛe a na ɛma ne yɔnko dwumayɛni bi beyi no ntɛm wɔ nna a na ɔkɔ asafo nhyiam no. Ɔdansefo no nso penee so sɛ ɔbɛyɛ adwuma nnɔnhwerew ason ama ne yɔnko dwumayɛni no.

Sɛ yɛwɔ mmofra nkumaa a, ɛyɛ den paa sɛ yebedu asafo nhyiam ahorow ase bere ano. Mpɛn pii no, ɛna no na asɛyɛde da no so sɛ osiesie mmofra no ho, nanso abusua no mufo foforo betumi aboa, na ɛsɛ sɛ wɔboa. Ɛna bi a ofi Mexico a ne din de Esperanza nkutoo atete mmofra baawɔtwe. Seesei mmofra no adi fi mfe 5 kosi 23. Esperanza kyerɛkyerɛ nea ɔyɛ ma n’abusua no tumi du asafo nhyiam ase bere ano no mu sɛ: “Me mmabea mpanyimfo no siesie wɔn nuanom nkumaa no ho. Eyi ma mitumi wie me fie nnwuma na misiesie me ho ma yefi fie bere pɔtee bi kɔ asafo nhyiam ahorow.” Saa abusua yi wɔ bere pɔtee a wɔde fi fie, na abusua no muni biara boa ma wotumi fi fie saa bere no.

Du Asafo Nhyiam Ase Bere Ano na Nya so Mfaso

Sɛ yesusuw mfaso a yenya fi Kristofo nhyiam ahorow ase a yebedu bere ano mu no ho a, ebetumi ama ɔpɛ a yɛwɔ ne yɛn tirim a yɛabɔ sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi biara adu hɔ bere ano no mu ayɛ den. Ababaa bi a ne din de Sandra a ɔde ayɛ ne su sɛ obedu asafo nhyiam ase bere ano no ka sɛ: “Nea m’ani gye ho wɔ asafo nhyiam ase a midu ntɛm ho ne sɛ, minya bere kyiakyia anuanom mmarima ne mmea ne wɔn bɔ nkɔmmɔ, na ɛma mihu wɔn yiye.” Sɛ yedu Ahenni Asa so ntɛm a, wɔn a wɔwɔ hɔ no bɛka boasetɔ ne nokwaredi a wɔde asom ho asɛm akyerɛ yɛn ma aboa yɛn. Sɛ yɛkɔ asafo nhyiam na yɛbɔ nkɔmmɔ a ɛhyɛ gyidi den a, yɛn nso yebetumi ahyɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea nkuran, na ‘yɛakanyan wɔn akɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.’—Heb. 10:24, 25.

Dwom ne mpaebɔ a yɛde fi Kristofo nhyiam biara ase no yɛ yɛn som no fã a ɛho hia. (Dw. 149:1) Yɛn nnwom no yi Yehowa ayɛ, na ɛkae yɛn su ahorow a ɛsɛ sɛ yenya, na ɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛde anigye yɛ ɔsom adwuma no nso. Na mpaebɔ a yɛde fi ase no nso ɛ? Tete no, Yehowa frɛɛ asɔrefie no ne “mpaebɔ fie.” (Yes. 56:7) Ɛnnɛ, yehyiam bɔ Onyankopɔn mpae wɔ yɛn asafo nhyiam ahorow ase. Ɛnyɛ Yehowa akwankyerɛ ne honhom kronkron nko na yɛsrɛ wɔ mpaebɔ a yɛde fi asafo nhyiam ase no mu, na mmom esiesie yɛn adwene ne yɛn koma ma yetie nsɛm a yɛrebesusuw ho no nso. Ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yebedu asafo nhyiam ase bere ano na yɛato dwom atie mpaebɔ a wɔde fi ase no bi.

Bere a ababaa bi a ne din de Helen a wadi mfe 23 reka nea enti a odu asafo nhyiam ahorow ase ntɛm no, ɔkae sɛ: “Misusuw sɛ ɛno ne ade a meyɛ de ma Yehowa hu sɛ medɔ no, efisɛ ɔno na ɔde nea yesua nyinaa, a nnwom ne mpaebɔ a yɛde fi ase ka ho no ma yɛn.” So ɛnsɛ sɛ yɛn nso yenya adwene sɛ saa na asɛm no te? Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yenya adwene a ɛte saa. Enti, momma yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛde bɛyɛ yɛn su sɛ yebedi bere so wɔ biribiara a yɛyɛ mu, titiriw nneɛma a ɛfa ɔsom a yɛde ma nokware Nyankopɔn no ho no.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 12 Wɔasesa edin ahorow no.

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Di kan siesie wo ho yiye

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Gyaw bere ma biribi a ‘wonhwɛ kwan’ a ebetumi asi

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Du asafo nhyiam ahorow ase ntɛm na nya so mfaso