Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ma “Adɔe Mmara” Nhwɛ Wo Tɛkrɛma So

Ma “Adɔe Mmara” Nhwɛ Wo Tɛkrɛma So

Ma “Adɔe Mmara” Nhwɛ Wo Tɛkrɛma So

“Obue n’ano nyansam, na adɔe mmara wɔ ne tɛkrɛma so.”—MMEB. 31:26.

1, 2. (a) Su bɛn na wɔhyɛ Yehowa asomfo nkuran sɛ wonnya? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ saa adesua asɛm yi mu?

SU A ɛho hia a ɛma wohu sɛ ɔbea bi yɛ ɔyere pa ka nsɛm a emu yɛ duru a Ɔhene Lemuel maame de maa no no ho. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Obue n’ano nyansam, na adɔe mmara wɔ ne tɛkrɛma so.” (Mmeb. 31:1, 10, 26) Ɔbea nyansafo ne afoforo a wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛsɔ Yehowa Nyankopɔn ani nyinaa ma wɔn tɛkrɛma ka nsɛm a adɔe wom. (Monkenkan Mmebusɛm 19:22.) Ɛsɛ sɛ adɔe da adi wɔ nokware asomfo nyinaa kasa mu.

2 Dɛn ne adɔe? Henanom na ɛsɛ sɛ yɛne wɔn di no adɔe so? Dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛama “adɔe mmara” atena yɛn tɛkrɛma so? Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛka sɛnea yɛne yɛn abusua mufo ne yɛn mfɛfo Kristofo di nkitaho no dɛn?

Dɛn ne Adɔe?

3, 4. (a) Dɛn ne adɔe? (b) Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ adɔe ne ayamye a nnipa dodow no ara da no adi no mu?

3 Adɔe kyerɛ ɔdɔ ne ayamye a ɛka bom yɛ adwuma. Ayamye a ɛwom no kyerɛ sɛ, wobɛma afoforo ho ahia wo na woayɛ biribi de aboa wɔn, anaasɛ wobɛka nsɛm bi de akyerɛ sɛ wudwen wɔn ho. Esiane sɛ ɔdɔ nso ho wom nti, adɔe a yɛbɛyɛ afoforo no hwehwɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma wɔn no ma yɛn ani kũ wɔn ahiade ho. Nanso, wɔ kasa a wodii kan de kyerɛw Bible no mu no, asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase adɔe no nkyerɛ ayamye a ɔdɔ ma yɛda no adi kɛkɛ. Adɔe kyerɛ sɛ obi befi ne pɛ mu ne nokwaredi mu ada ayamye adi akyerɛ obi na ɔde ne ho abata onii no ho akosi sɛ nea enti a ɔde ne ho bataa no ho no bɛbam.

4 Nsonsonoe wɔ adɔe ne ayamye mu wɔ ɔkwan foforo so nso. Yetumi da ayamye a nnipa dodow no ara da no adi no adi kyerɛ nnipa a yennim wɔn mpo. Nnipa a na wɔte Malta supɔw no so no daa saa ayamye no bi adi kyerɛɛ ɔsomafo Paulo ne nnipa 275 a na wonhyiaa wɔn da a na wɔte po so hyɛn a etimii no mu no. (Aso. 27:37–28:2) Nanso adɔe de, ɛkyerɛ sɛnea nnipa bi a wɔwɔ abusuabɔ dedaw fi nokwaredi mu de wɔn ho bata wɔn ho. * Saa adɔe yi na Kenifo no daa no adi kyerɛɛ “Israelfo nyinaa . . . bere a wofi Egypt reba no.”—1 Sam. 15:6.

Nsɛm Ho a Yedwinnwen ne Mpaebɔ Ho Hia

5. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛadi yɛn tɛkrɛma so?

5 Ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛda adɔe adi wɔ yɛn kasa mu. Osuani Yakobo kaa tɛkrɛma ho asɛm sɛ: “Ɔdesani biara ntumi nni so. Ɛyɛ adebɔne a wontumi nnwudwo no a awuduru ahyɛ no mã.” (Yak. 3:8) Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛatumi adi yɛn tɛkrɛma a ɛyɛ den sɛ yebedi so no so? Asɛm a Yesu ka kyerɛɛ nyamesom akannifo a na wɔwɔ ne bere so no ma yɛte saa asɛm yi ase. Ɔkae sɛ: “Nea ayɛ koma mã no na ano ka.” (Mat. 12:34) Sɛ yɛbɛma adɔe ahwɛ yɛn tɛkrɛma so a, ɛsɛ sɛ yenya bi wɔ yɛn koma mu. Momma yɛnhwɛ sɛnea nsɛm ho a yedwinnwen ne mpaebɔ boa yɛn ma yɛyɛ saa.

6. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde anisɔ dwinnwen Yehowa adɔe ho?

6 Bible ka sɛ Yehowa Nyankopɔn ‘adɔe dɔɔso.’ (Ex. 34:6) Odwontofo no too dwom sɛ: “O Yehowa, w’adɔe ahyɛ asase so mã.” (Dw. 119:64) Wɔaka adɔe a Yehowa yɛɛ n’asomfo ho nsɛm pii wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Sɛ yegye bere de anisɔ dwinnwen ‘Yehowa nneyɛe’ ho a, ebetumi ama yɛanya ɔpɛ sɛ yebenya saa su pa no bi.—Monkenkan Dwom 77:12.

7, 8. (a) Adɔe bɛn na Yehowa yɛɛ Lot ne n’abusua? (b) Dawid tee nka dɛn wɔ adɔe a Onyankopɔn yɛɛ no no ho?

7 Sɛ nhwɛso no, susuw sɛnea Yehowa gyee Abraham wɔfase Lot ne n’abusua bere a Yehowa de ɔsɛe baa Sodom kurow a na wɔte mu no so ho hwɛ. Bere a ɛbere no rebɛn no, abɔfo a na wɔaba Lot nkyɛn no ka kyerɛɛ no sɛ, ɔne n’abusua mfi kurow no mu ntɛm ara. Bible ka sɛ: “Bere a ɔretwentwɛn ne nan ase no, Yehowa mmɔborɔhunu nti, [abɔfo] no susoo ɔne ne yere ne ne mmabea baanu no nsa de wɔn pue kɔɔ kurow no akyi.” Sɛ yedwinnwen saa ogye yi ho a, so ɛnka yɛn koma, na ɛnkanyan yɛn mma yenhu sɛ ɛyɛ adɔe na Onyankopɔn yɛɛ wɔn?—Gen. 19:16, 19.

8 Susuw Ɔhene Dawid a ɔtenaa ase wɔ tete Israel no nso asɛm no ho hwɛ. Ɔtoo dwom sɛ: “[Yehowa] na ɔde wo mfomso nyinaa kyɛ wo, na oyi wo haw nyinaa fi hɔ.” Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Dawid ani sɔe sɛ wɔde bɔne a ɔne Bat-Seba yɛe no firii no! Ɔkamfoo Yehowa sɛ: “Sɛnea ɔsoro ware sen asase no, saa na n’adɔe boro so ma wɔn a wosuro no.” (Dw. 103:3, 11) Sɛ yedwinnwen kyerɛw nsɛm yi ne Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm foforo ho a, Yehowa adɔe ho anisɔ hyɛ yɛn koma ma, na ɛka yɛn ma yeyi no ayɛ na yɛda no ase. Dodow a anisɔ hyɛ yɛn koma ma no, dodow no ara na yenya ɔpɛ sɛ yebesuasua nokware Nyankopɔn no.—Efe. 5:1.

9. Ade titiriw bɛn nti na ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo yɛ adɔe wɔ wɔn asetena mu da biara da?

9 Nhwɛso ahorow a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu ma yehu sɛ Yehowa ne wɔn a wɔne no wɔ abusuabɔ pa dedaw no di no adɔe so. Na wɔn a wɔne Onyankopɔn teasefo no nni abusuabɔ pa a ɛte saa no nso ɛ? So Yehowa ne wɔn di no atirimɔden so, anaasɛ ɔnna ayamye adi nkyerɛ wɔn? Ɛnte saa koraa. Luka 6:35 ka sɛ: “[Onyankopɔn] yam ye ma bonniayɛfo ne abɔnefo.” Bible san ka sɛ: “Ɔma n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa papa so na ɔma osu tɔ gu treneefo ne abɔnefo so.” (Mat. 5:45) Ansa na yɛresua nokware no de abɔ yɛn bra no, na Onyankopɔn ada ayamye adi akyerɛ yɛn dedaw. Nanso, esiane sɛ yɛyɛ n’asomfo nti, ɔne yɛn di no adɔe so bere nyinaa. (Monkenkan Yesaia 54:10) Hwɛ sɛnea yebetumi ada no ase wɔ eyi ho! Na hwɛ sɛnea adɔe so a Yehowa ne yɛn di no yɛ ade titiriw nti a ɛsɛ sɛ yɛda adɔe adi wɔ yɛn kasa ne nneɛma foforo a yɛyɛ wɔ yɛn asetena mu da biara da no mu!

10. Dɛn nti na mpaebɔ yɛ ade a ɛboa paa ma yesua adɔe?

10 Ade a ɛboa paa ma yesua sɛ yɛbɛyɛ adɔe ne mpaebɔ. Nea enti a ɛte saa ne sɛ ɔdɔ ne ayamye a ɛka bom yɛ adɔe no ka Onyankopɔn honhom kronkron aba no ho. (Gal. 5:22) Sɛ yɛma Yehowa honhom kyerɛ yɛn kwan a, yebetumi ama adɔe ahyɛ yɛn koma ma. Ɔkwan titiriw paa a yebetumi afa so anya Yehowa honhom kronkron ne sɛ yebebisa wɔ mpaebɔ mu. (Luka 11:13) Ɛfata sɛ yɛkɔ so bɔ mpae hwehwɛ Onyankopɔn honhom, na yɛma ɛkyerɛ yɛn kwan. Nokwarem no, sɛ adɔe mmara bɛtena yɛn tɛkrɛma so a, ɛho hia sɛ yedwinnwen nsɛm ho na yɛbɔ mpae.

Wɔ Awarefo Tɛkrɛma So

11. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa hwɛ kwan sɛ okununom ne wɔn yerenom bedi no adɔe so? (b) Ɔkwan bɛn so na adɔe mmara betumi aboa okunu ma wahwɛ ne tɛkrɛma so?

11 Ɔsomafo Paulo tu okununom fo sɛ: “Monkɔ so nnɔ mo yerenom sɛnea Kristo nso dɔɔ asafo no na ɔde ne ho too hɔ maa asafo no.” (Efe. 5:25) Paulo ka asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Adam ne Hawa no nso kyerɛ wɔn. Ɔsomafo no kyerɛwee sɛ: “Onipa begyaw ne papa ne ne maame hɔ na wakɔfam ne yere ho, na wɔn baanu no abɛyɛ ɔhonam koro.” (Efe. 5:31) Ɛda adi pefee sɛ Yehowa hwɛ kwan sɛ okununom de nokwaredi bɛfam wɔn yerenom ho, na wɔne wɔn adi no adɔe so bere nyinaa. Okunu a adɔe wɔ ne tɛkrɛma so nka ne yere mfomso ho asɛm wɔ nnipa mu anaa ommu no animtiaa. Ɔde anigye yi no ayɛ. (Mmeb. 31:28) Sɛ biribi nti ɔhaw ba aware no mu a, adɔe ma okunu hwɛ ne tɛkrɛma so ma enti ongu ne yere anim ase.

12. Ɔkwan bɛn so na ɔyere betumi ama ne kasa ada adi sɛ adɔe mmara hwɛ ne tɛkrɛma so?

12 Ɛsɛ sɛ ɔyere nso ma adɔe mmara hwɛ ne tɛkrɛma so. Ɛnsɛ sɛ ɔma wiase honhom da adi wɔ ne kasa mu. Esiane sɛ ɔwɔ ‘obu kɛse ma ne kunu’ nti, ɔka ne ho asɛm pa wɔ nnipa mu, na ɔma obu a afoforo wɔ ma no dedaw no yɛ kɛse. (Efe. 5:33) Esiane sɛ ɔpɛ sɛ ne mma nya obu kɛse ma wɔn papa nti, ɔne ne kunu nnye akyinnye anaa ɔne no nyiyi nsɛm ano wɔ wɔn mma no anim. Ɔne ne kunu susuw nsɛm a ɛte saa ho wɔ kokoam. Bible ka sɛ: “Ɔbea nyansafo si ne fie.” (Mmeb. 14:1) Ɔma abusua no mufo nyinaa ani ka ne fie, na wɔn bo tɔ wɔn yam.

13. Ɛhe paa na ɛsɛ sɛ adɔe mmara yɛ adwuma, na ɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

13 Sɛ awarefo wɔ wɔn fie mpo a, ɛsɛ sɛ wɔkɔ so de wɔn tɛkrɛma di dwuma wɔ ɔkwan a ɛkyerɛ sɛ wɔn mu biara bu ne yɔnko so. Paulo kyerɛwee sɛ: “Munyi ne nyinaa ngu, bobɔne, abufuw, nnebɔne, ɔkasatia, na mommma kasafĩ mmfi mo anom mmpue.” Ɔsan kae sɛ: “Monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, ne abodwokyɛre. . . . Monhyɛ ɔdɔ efisɛ ɛyɛ koroyɛ hama a ɛyɛ pɛ.” (Kol. 3:8, 12-14) Sɛ mmofra taa hu sɛ wɔn awofo da ɔdɔ ne ayamye adi wɔ wɔn kasa mu wɔ fie a, ɛbɛma mmofra no anyin yiye, na ɛda adi paa sɛ wobesuasua ɔkwan a wɔn awofo fa so kasa nso.

14. Ɔkwan bɛn so na mmusua ti betumi de wɔn tɛkrɛma akyekye wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no werɛ?

14 Odwontofo no kyerɛw Yehowa ho asɛm sɛ: “Mesrɛ wo, ma w’adɔe nkyekye me werɛ.” (Dw. 119:76) Ɔkwan a ɛda nsow a Yehowa fa so kyekye ne nkurɔfo werɛ ne sɛ otu wɔn fo, na ɔma wɔn akwankyerɛ. (Dw. 119:105) Dɛn na mmusua ti betumi ayɛ na ama wɔanya yɛn soro Agya no nhwɛso so mfaso na wɔde wɔn tɛkrɛma akyekye wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no werɛ? Wobetumi ayɛ saa denam akwankyerɛ ne nkuranhyɛ a wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no hia a wɔde bɛma wɔn no so. Hwɛ hokwan a ɛyɛ fɛ a Abusua Som a yɛyɛ no anwummere no ma yenya de hwehwɛ Bible mu nimdeɛ a ɛsom bo!—Mmeb. 24:4.

Wo ne Wo Mfɛfo Gyidifo Nni no Adɔe So

15. Dɛn na asafo no mu mpanyimfo ne Kristofo foforo a wɔn ho akokwaw betumi ayɛ de wɔn tɛkrɛma abɔ afoforo a wɔwɔ asafo no mu ho ban?

15 Ɔhene Dawid bɔɔ mpae sɛ: “Ma w’adɔe ne wo nokware mmɔ me ho ban daa nyinaa.” (Dw. 40:11) Dɛn na Kristofo asafo no mu mpanyimfo ne Kristofo foforo a wɔn ho akokwaw wɔ asafo no mu betumi ayɛ de asuasua Yehowa wɔ saa kwan yi so? Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ yɛde yɛn tɛkrɛma twe adwene si Kyerɛwnsɛm mu asɛm bi so a, na yɛreyɛ adɔe.—Mmeb. 17:17.

16, 17. Akwan a yebetumi afa so akyerɛ sɛ adɔe mmara da adi wɔ yɛn kasa mu no bi ne dɛn?

16 Sɛ yehu sɛ yɛn nua Kristoni bi nam kwan bi a ɛne Bible nnyinasosɛm nhyia so a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? So adɔe renka yɛn mma yɛnka biribi nkyerɛ no mfa nteɛ no so? (Dw. 141:5) Sɛ yehu sɛ yɛn yɔnko gyidini bi ayɛ bɔne a emu yɛ duru a, adɔe ka yɛn ma yɛhyɛ nea wayɛ bɔne no nkuran sɛ “ɔmfrɛ asafo no mu mpanyimfo” sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ‘abɔ mpae ama no, na wɔasra no ngo Yehowa din mu.’ (Yak. 5:14) Sɛ nea wayɛ bɔne no ankɔbɔ mpanyimfo no amanneɛ na sɛ yɛn nso yɛankɔbɔ wɔn amanneɛ a, ɛnyɛ adɔe. Ebia yɛn mu binom abam abu, wɔayɛ ankonam, wɔte nka sɛ wɔnsɛ hwee, anaa afoforo adi wɔn huammɔ ma ahaw wɔn. Ɔkwan pa a yebetumi afa so akyerɛ sɛ adɔe mmara wɔ yɛn tɛkrɛma so ne sɛ ‘yɛbɛkyekye akra a wɔahaw no werɛ.’—1 Tes. 5:14.

17 Sɛ Onyankopɔn atamfo keka yɛn mfɛfo gyidifo ho nsɛmmɔne a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ho? Sɛ́ anka yebegye nsɛm a wɔreka afa yɛn nuanom ho adi no, ɛnsɛ sɛ yɛka ho hwee, anaasɛ sɛ onipa a ɔreka saa asɛm no te asɛm ase a, yebetumi abisa no sɛ ogye di paa sɛ asɛm a ɔreka no yɛ nokware. Sɛ Onyankopɔn nkurɔfo atamfo rehwehwɛ baabi a yɛn nuanom Kristofo wɔ na wɔayɛ wɔn bɔne a, esiane sɛ yɛne yɛn nuanom di no adɔe so nti, yɛrenkyerɛ wɔn akyi kwan.—Mmeb. 18:24.

Onipa a Ɔyɛ ‘Adɔe Benya Nkwa’

18, 19. Dɛn nti na sɛ yɛne yɛn mfɛfo asomfo redi a, ɛnsɛ sɛ yɛma adɔe mmara fi yɛn tɛkrɛma so?

18 Ɛsɛ sɛ yɛne yɛn nuanom a yɛne wɔn som Yehowa no di no adɔe so wɔ biribiara mu. Sɛ yɛkɔ tebea a emu yɛ den mu mpo a, ɛnsɛ sɛ adɔe mmara fi yɛn tɛkrɛma so. Bere a Israelfo adɔe bɛyɛɛ “te sɛ obosu a ɛyera ntɛm” no, Yehowa ani annye ho. (Hos. 6:4, 6) Nanso, Yehowa ani gye wɔn a wɔyɛ adɔe daa no ho. Susuw sɛnea Yehowa hyira wɔn a wɔkɔ so yɛ adɔe no ho hwɛ.

19 Mmebusɛm 21:21 ka sɛ: “Nea ɔhwehwɛ trenee ne adɔe no, obenya nkwa ne trenee ne anuonyam.” Nhyira a onipa a ɔte saa benya no bi ne nkwa—ɛnyɛ sɛ obenya nkwa bere tiaa bi, na mmom, ɔbɛtena ase daa. Yehowa boa no ma ‘oso nkwa ankasa no mu denneennen.’ (1 Tim. 6:12, 19) Ɛnde, sɛnea ɛte biara no, momma yɛne yɛn “yɔnko nni wɔ adɔe . . . so.”—Sak. 7:9.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 4 Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea ɛsono adɔe wɔ nokwaredi, ɔdɔ, ne ayamye ho ho nsɛm pii a, hwɛ May 15, 2002, Ɔwɛn-Aban, kratafa 12-13, 18-19.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Wobɛkyerɛkyerɛ adɔe mu dɛn?

• Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛama adɔe mmara atena yɛn tɛkrɛma so?

• Dɛn na awarefo betumi ayɛ de ada adɔe adi wɔ wɔn kasa mu?

• Sɛ yɛne yɛn mfɛfo gyidifo redi a, dɛn na ɛkyerɛ sɛ adɔe mmara wɔ yɛn tɛkrɛma so?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Dawid kamfoo Yehowa adɔe

[Mfonini wɔ kratafa 24]

So moyɛ Abusua Som a yɛyɛ no anwummere no daa?