Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nni Nnipa Dodow Adwene Akyi

Nni Nnipa Dodow Adwene Akyi

Nni Nnipa Dodow Adwene Akyi

NNEƐMA a nnipa a wɔwɔ baabi bu no sɛ ɛfata no, wɔn a wɔwɔ baabi foforo mmu no saa, saa ara na nea ebinom bu no sɛ ɛsɛ ayeyi no, afoforo bu no sɛ asɛm wɔ ho. Adwene a ɛte saa a nkurɔfo kura no tumi sesa wɔ bere bi akyi. Enti, sɛ yɛkenkan nsɛm a esisii tete no ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm no mu a, ɛho hia sɛ yesusuw adwene a na nnipa dodow no ara kura wɔ bere a na wɔrekyerɛw Bible no mu ho sen sɛ yɛde yɛn ankasa adwene bɛkyerɛkyerɛ nea yɛrekenkan no mu.

Fa nsɛmfua abien a ɛne nidi ne aniwu a wɔde dii dwuma mpɛn pii wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu no sɛ nhwɛso. Nea ɛbɛyɛ na yɛate kyerɛw nsɛm a ɛka ade a nidi wom ne nea ɛyɛ aniwu ho asɛm ase yiye no, ɛsɛ sɛ yesusuw sɛnea na saa bere no sofo te saa nsɛmfua no ase ho.

Afeha a Edi Kan no Mufo Adwene wɔ Nneɛma Ho

Nhomanimfo bi kae sɛ: “Ná Helafo, Romafo, ne Yudafo nyinaa bu nidi ne aniwu sɛ ade a ɛho hia paa wɔ wɔn asetena mu. Nnipa de wɔn nkwa too hɔ pere hwehwɛɛ nidi, edin, anuonyam, ne obu.” Esiane sɛ na ɛho hia nkurɔfo paa sɛ afoforo begye wɔn atom nti, na ɛnyɛ den koraa sɛ wobedi nea afoforo ka akyi.

Wɔ ɔman a na emu adehye ne nkoa nyinaa pɛ dibea mu no, na ade a ehia wɔn paa ne sɛ wobegye din, anya gyinabea pa, na wɔanya anuonyam. Ɛnyɛ sɛnea na obi bu ne ho nko na na ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ nidi, na mmom sɛnea na afoforo bu no nso ka ho. Nea na ɛkyerɛ sɛ obi di obi ni ne sɛ ɔbɛka adepa a onipa no yɛ ho asɛm wɔ baguam. Nea na nidi a obi de bɛma onipa bi kyerɛ nso ne sɛ ɔbɛkamfo onii no ahode, n’adwuma, anaa ne dibea, na sɛ ɔyɛ saa a, na ɛkyerɛ sɛ ɔde obu a ɛfata rema no. Na sɛ obi bɔ ɔbra pa anaa ɔbɔ ne ho mmɔden sen afoforo a, na wotumi di no ni. Nanso, sɛ wogu obi anim ase anaa wodi ne ho fɛw wɔ baguam a, na wobu no aniwusɛm. Sɛnea na ɔmanfo kasa tia obi no na na egu n’anim ase, na ɛnyɛ sɛnea na onipa no te nka anaa sɛnea na n’ahonim kyerɛ no no.

Bere a Yesu kaa “mpanyin tenabea” anaa “baabi a ɛba fam koraa” a wɔde ma obi wɔ apontow ase ho asɛm no, na saa bere no sofo bu ade a ɛte saa sɛ nea nidi wom anaa ɛhyɛ aniwu. (Luka 14:8-10) Anyɛ yiye koraa no, Yesu asuafo no kasakasae wɔ ‘nea ɔyɛ wɔn mu kɛse ho’ mprenu. (Luka 9:46; 22:24) Ɛyɛ su a na ɛwɔ wɔn bere sofo mu paa na na wɔreda no adi no. Saa bere no, Yudafo nyamesom akannifo a na wɔyɛ ahantan na wɔpɛ mpanyinni no hui sɛ asɛnka adwuma a na Yesu reyɛ no remma nkurɔfo nni wɔn ni na wɔremmrɛ wɔn ho ase mma wɔn. Nanso, mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔne Yesu begye akyinnye wɔ baguam wɔ nnipadɔm anim de akyerɛ sɛ wɔwɔ nimdeɛ sen no no anyɛ yiye da.—Luka 13:11-17.

Ade foforo a na ɛkɔ so wɔ Yudafo, Helafo, ne Romafo mu wɔ afeha a edi kan no mu ne sɛ, na wobu no aniwusɛm sɛ “wɔbɛkyere obi na wɔabɔ no sobo wɔ bɔne bi ho wɔ baguam.” Ná wobu no sɛ ɛyɛ animguase koraa sɛ wobegu obi mpokyerɛ anaasɛ wɔde no bɛto afiase. Sɛ wɔyɛ obi saa a, na wɔagu n’anim ase wɔ ne nnamfo, n’abusuafo, ne ɔmanfo anim—sɛ́ ebia wobuu no fɔ wɔ nsɛmmɔnedi bi ho anaasɛ ɛnte saa no. Animguase a ɛde bɛba no so wɔ asɛm no akyi no betumi asɛe ne din ne abusuabɔ a ɔne afoforo wɔ. Nea na ɛyɛ aniwu sen sɛ wobegu obi mpokyerɛ koraa ne sɛ wɔbɛbɔ no adagyaw anaasɛ wɔbɛhwe no. Sɛ wɔyɛ obi saa a, na wɔabu no animtiaa koraa anaasɛ wɔadi ne ho fɛw, na ɛmma nkurɔfo nni no ni.

Nea na ɛma wobu obi animtiaa sen biara ne sɛ wɔbɛsɛn no wɔ dua so. Nhomanimfo Martin Hengel ka sɛ “nkoa na na wɔtwe wɔn aso” saa. “Enti, na dua so a wɔsɛn obi yɛ animguase, aniwu, ne ayayade a ɛkɔ akyiri.” Sɛ wogu obi anim ase saa a, na nkurɔfo hyɛ n’abusuafo ne ne nnamfo sɛ wɔmpa no. Esiane sɛ wokum Kristo wɔ saa kwan yi so nti, wodii obiara a na ɔpɛ sɛ ɔyɛ Kristoni wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no ho fɛw wɔ baguam. Ɛda adi sɛ na nnipa dodow no ara bu no sɛ nyansa nnim sɛ obi bɛda ne ho adi sɛ ɔyɛ ɔbarima a na wɔasɛn no dua so no kyidifo. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Yɛka Kristo a wɔsɛn no no ho asɛm, nea ɛyɛ hintidua ma Yudafo ne nkwaseasɛm ma amanaman no.” (1 Kor. 1:23) Dɛn na tete Kristofo no yɛe de gyinaa saa tebea no ano?

Ɛsono Adwene a na Kristofo Kura

Kristofo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu no dii mmara so, na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi nneyɛe bɔne biara a ɛma onipa anim gu ase ho. Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Ɛnsɛ sɛ mo mu biara hu amane sɛ owudifo anaa ɔkorɔmfo anaa ɔdebɔneyɛfo anaa nea ɔde ne ho gyigye afoforo nsɛm mu.” (1 Pet. 4:15) Nanso Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ ne din nti wɔbɛtaa n’akyidifo. (Yoh. 15:20) Petro kyerɛwee sɛ: “Sɛ [obi hu] amane sɛ Kristoni a, ɔmmma n’ani nnwu, na mmom ɔnkɔ so nhyɛ Onyankopɔn anuonyam.” (1 Pet. 4:16) Sɛ na obi bedi Kristo akyi a ɔremma n’ani nwu wɔ amane a obehu ho a, na ɛsɛ sɛ obu n’ani gu nneyɛe a na saa bere no sofo bu no sɛ ɛhyɛ onipa anuonyam anaasɛ egu n’anim ase no so.

Kristofo anhwɛ nea na afoforo bu no sɛ eye anaa enye so na ɛbɔɔ wɔn bra. Ná afeha a edi kan no mufo bu no sɛ ɛyɛ nkwaseasɛm sɛ wobebu obi a wɔabɔ no asɛndua mu sɛ ɔno ne Mesia no. Ná adwene a ɛte saa no betumi ahyɛ Kristofo no so ma wɔn nso anya saa adwene no bi. Nanso, sɛ nkurɔfo di Kristofo no ho fɛw mpo a, na gyidi a Kristofo no anya sɛ Yesu ne Mesia no hwehwɛ sɛ wɔkɔ so di n’akyi. Yesu kae sɛ: “Obiara a ɔbɛma n’ani awu me ne me nsɛm ho wɔ nnɛ mma awaresɛefo ne nnebɔneyɛfo yi mu no, ɔno nso ho bɛyɛ onipa Ba no aniwu bere a waba n’Agya anuonyam mu a abɔfo kronkron ka ne ho no.”—Mar. 8:38.

Ɛnnɛ, nkurɔfo betumi de nhyɛso aba yɛn so a wɔn botae ne sɛ ɛbɛma yɛagyae Kristosom. Saa nhyɛso yi betumi afi yɛn mfɛfo sukuufo, yɛn afipamfo, anaa yɛn ayɔnkofo hɔ, na wɔyɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a yɛde yɛn ho bɛhyɛ ɔbrasɛe mu, yɛadi atoro, anaa yɛde yɛn ho ahyɛ nneyɛe bɔne foforo mu. Esiane adetrenee a yɛyɛ nti, ebia nnipa a wɔte saa no bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ yɛn aniwu. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn?

Suasua Wɔn a Wobuu Wɔn Ani Guu Aniwu so No

Nea ɛbɛyɛ na Yesu akura ne mũdi mu ama Yehowa no, owuu animguase wu a ɛsen biara. Bible ka sɛ: “Ohuu asɛndua ho amane, buu n’ani guu aniwu so.” (Heb. 12:2) Yesu atamfo bobɔɔ n’ani so, wɔtetee ntasu guu no so, woyii ne ho ntade, wɔhwee no, wɔbɔɔ no asɛndua mu, na wɔsopaa no. (Mar. 14:65; 15:29-32) Nanso, Yesu buu n’ani guu aniwu a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ no no so. Ɔkwan bɛn na ɔfaa so yɛɛ saa? Wamma nea wɔde yɛɛ no no ammu n’abam. Ná Yesu nim sɛ Yehowa da so ara di no ni, na wanhwehwɛ nnipa anim anuonyam da. Ɛwom sɛ wokum Yesu sɛ akoa de, nanso Yehowa nyan no maa no dibea a nidi wom sɛ N’abadiakyiri de hyɛɛ no anuonyam. Yɛkenkan wɔ Filipifo 2:8-11 sɛ: “[Kristo Yesu brɛɛ] ne ho ase yɛɛ osetie kosii owu mu, yiw, asɛndua ho wu mu. Eyi nso nti na Onyankopɔn pagyaw no maa no gyinabea a ɛkorɔn, na ɔdom maa no din a ɛkyɛn edin biara, ma enti Yesu din mu na ɛsɛ sɛ nkotodwe nyinaa kotow, nea ɛwɔ soro ne nea ɛwɔ asase so ne nea ɛwɔ asase ase nyinaa, na ɛsɛ sɛ tɛkrɛma nyinaa pae mu ka sɛ Yesu Kristo ne Awurade de hyɛ Agya Onyankopɔn anuonyam.”

Ná ɛnyɛ sɛ Yesu nnim animguase a na ɛbata ɔkwan a wɔfaa so kum no no ho. Animguase a na ebetumi aba Yesu Agya din so wɔ bu a wobuu Yesu kumfɔ sɛ waka abususɛm no na na ɛhaw Onyankopɔn Ba no. Yesu srɛɛ Yehowa sɛ onyi animguase a ɛte saa no mfi no so. Ɔbɔɔ mpae sɛ: “Yi kuruwa yi fi me so.” Nanso Yesu brɛɛ ne ho ase yɛɛ Onyankopɔn apɛde. (Mar. 14:36) Ne nyinaa akyi no, Yesu gyinaa nhyɛso a wɔde baa no so no ano, na obuu n’ani guu aniwu so. Sɛ yɛbɛka a, wɔn a na wogye adwene a na nkurɔfo kura saa bere no wɔ ɔkwan a wɔfaa so kum Yesu ho tom no nkutoo na na ɛbɛyɛ wɔn aniwu. Ɛda adi pefee sɛ anyɛ Yesu aniwu.

Wɔkyeree Yesu asuafo no nso hwee wɔn. Nea wɔde yɛɛ wɔn no guu wɔn anim ase wɔ nnipa pii anim. Wobuu wɔn animtiaa. Nanso, wɔn abam ammu. Wɔn a na wɔyɛ Yesu asuafo ankasa no anni adwene a na nnipa dodow no ara kura akyi, na wobuu wɔn ani guu aniwu so. (Mat. 10:17; Aso. 5:40; 2 Kor. 11:23-25) Ná wonim sɛ ɛsɛ sɛ ‘wɔfa wɔn asɛndua na wodi Yesu akyi daa.’—Luka 9:23, 26.

Na yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ nso ɛ? Onyankopɔn bu nneɛma a wiase no bu no sɛ ɛyɛ nkwaseasɛm, ɛyɛ mmerɛw, na ɛnsɛ hwee no sɛ ade a nyansa wom, ɛwɔ tumi, na ɛwɔ nidi. (1 Kor. 1:25-28) Sɛ yedi nnipa dodow adwene akyi nkutoo a, so ɛrenyɛ nkwaseasɛm, na ɛrenkyerɛ sɛ yɛnnhwɛ ade nnkɔ akyiri?

Ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ nidi no susuw adwene a wiase no kura wɔ nneɛma a wobu no sɛ nidi wom no ho yiye. Nanso yɛn de, yɛpɛ sɛ yɛfa Yehowa sɛ yɛn Adamfo sɛnea Yesu ne n’akyidifo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu yɛe no. Enti, yebedi nneɛma a ɛwɔ nidi wɔ Yehowa ani so no ni, na yɛabu nea Yehowa bu no aniwusɛm no aniwusɛm.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Yesu annye adwene a na wiase no kura wɔ aniwu ho no antom