Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn nti na Yesu tumi ka kyerɛɛ ɔbea bi a na wonim no sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛfo no sɛ wɔde ne bɔne afiri no?—Luka 7:37, 48.

Bere a na Yesu redidi wɔ Farisini bi a wɔfrɛ no Simon fie no, ɔbea bi ‘begyinaa Yesu nan ho wɔ n’akyi.’ Ɔbea no de ne nusu fɔw Yesu nan ho, na ɔde ne ti nhwi popae. Afei, ɔfew Yesu nan ho brɛoo de ngo huamhuam srasraa ho. Asɛmpa no ka sɛ, na wonim ɔbea no wɔ “kurow no mu sɛ ɔdebɔneyɛfo.” Nokwarem no, onipa a ɔnyɛ pɛ biara yɛ ɔdebɔneyɛfo, nanso Kyerɛwnsɛm no taa de asɛmfua ɔdebɔneyɛfo ka obi a nnipa pii nim bɔne a ɔyɛ anaa wagye din wɔ bɔneyɛ mu no ho asɛm. Ɛda adi sɛ, na ɔbea no yɛ aguaman. Ɛyɛ onipa a ɔte saa na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔde wo bɔne afiri wo” no. (Luka 7:36-38, 48) Dɛn na na Yesu kyerɛ? Esiane sɛ na wonnya mmɔɔ agyede afɔre no nti, ɛyɛɛ dɛn na wotumi de ne bɔne firii no?

Bere a ɔbea no hohoroo Yesu nan ho na ɔde ngo srasraa ho wiei a na Yesu nnya mfaa ne bɔne mfirii no no, Yesu maa mfatoho bi de kyerɛkyerɛɛ asɛm bi a ɛho hia mu kyerɛɛ Simon a ɔtoo nsa frɛɛ no sɛ ommedidi no. Yesu de bɔne totoo ɛka kɛse a ɛyɛ den paa sɛ nea ɔde ka no betumi atua ho, na ɔka kyerɛɛ Simon sɛ: “Ná mmarima baanu de ɔdefɛmfo bi ka; obiako de no ka denare ahanum, na ɔfoforo nso ka yɛ aduonum. Bere a wonni hwee a wɔde betua ka no, ogyaee mu de kyɛɛ wɔn baanu. Enti, wɔn mu hena na ɔbɛdɔ nea ɔde fɛm wɔn no kɛse?” Simon buaa no sɛ: “Misusuw sɛ nea ɔde pii kyɛɛ no no.” Yesu kae sɛ: “Woabua no yiye.” (Luka 7:41-43) Yɛn nyinaa de osetie a yɛbɛyɛ ama Onyankopɔn ho ka, enti sɛ yɛyɛ no so asoɔden na yɛyɛ bɔne a, na ɛkyerɛ sɛ yɛantua ɛka a yɛde Onyankopɔn no. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛma yɛn ka yɛ kɛse. Nanso, Yehowa te sɛ ɔdefɛmfo bi a ɔpɛ sɛ ɔde aka a nkurɔfo de no no firi wɔn. Ɛno nti na Yesu hyɛɛ n’akyidifo nkuran sɛ wɔmmɔ Onyankopɔn mpae na wɔnsrɛ no sɛ: “Fa yɛn aka firi yɛn, sɛnea yɛn nso de afiri wɔn a wɔde yɛn aka no.” (Mat. 6:12) Luka 11:4 ma yehu sɛ saa aka no gyina hɔ ma bɔne.

Dɛn na Onyankopɔn gyinaa so de bɔne firii nkurɔfo tete no? N’atɛntrenee a ɛyɛ pɛ no hwehwɛ sɛ ɔbɔnefo wu wɔ ne bɔne ho. Enti, Adam de ne nkwa tuaa bɔne a ɔyɛe no so ka. Nanso, wɔ Mmara a Onyankopɔn de maa Israel man no mu no, sɛ na obi to mmara no na ɔde aboa bi bɔ afɔre ma Yehowa a, na wotumi de ne bɔne firi no. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Sɛnea Mmara no kyerɛ no, ɛkame ayɛ sɛ wɔde mogya tew nneɛma nyinaa ho, na sɛ mogya angu a, fafiri ntumi mma.” (Heb. 9:22) Ná Yudafo no nnim ɔkwan foforo biara a wobetumi afa so anya Onyankopɔn hɔ fafiri. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa a na wɔwɔ Yesu bere so a wɔtee asɛm a ɔka kyerɛɛ ɔbea no ne no anyɛ adwene. Wɔn a na wɔne Yesu te adidipon ho no kekae wɔ wɔn mu sɛ: “Onipa bɛn ni a ɔde bɔne mpo firi yi?” (Luka 7:49) Ɛnde, dɛn na na wobetumi agyina so de saa ɔbea a na ne bɔne sõ paa no bɔne afiri no?

Nkɔm a edi kan koraa a wɔhyɛe bere a nnipa baanu a wodi kan no tew atua no kaa Yehowa atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛma ‘aseni’ bi aba a Satan ne ‘n’aseni’ bɛka ne nantin ho asɛm. (Gen. 3:15) Wɔkaa aseni no nantin bere a Onyankopɔn atamfo kum Yesu no. (Galatifo 3:13, 16) Kristo mogya a wohwie gui no ne agyede no a wɔde gye adesamma fi bɔne ne owu mu no. Esiane sɛ biribiara rentumi nsiw Yehowa kwan wɔ nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ho nti, bere a wɔkaa asɛm a ɛwɔ Genesis 3:15 no ara pɛ no, wɔ Onyankopɔn ani so no, na ɛte sɛ nea wɔatua agyede no dedaw. Enti afei na obetumi de wɔn a wogyee ne bɔhyɛ ahorow dii no bɔne afiri wɔn.

Yehowa buu nnipa bi sɛ wɔyɛ treneefo ansa na Kristo reba. Ná wɔn mu bi ne Henok, Noa, Abraham, Rahab ne Hiob. Wɔde gyidi hwɛɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow a ɛbɛbam no kwan. Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Abraham gyee Yehowa dii, na wobuu no trenee maa no.” Yakobo kaa Rahab ho asɛm sɛ: “So ɛnyɛ saa ara na aguaman Rahab nso wɔnam nnwuma so buu no bem?”—Yak. 2:21-25.

Tete Israel hene Dawid yɛɛ bɔne ahorow a emu yɛ duru, nanso na ɔwɔ nokware Nyankopɔn no mu gyidi a ɛyɛ den, na ɔdaa ahonu ankasa adi wɔ ne bɔne no mu biara ho. Bio nso, Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Onyankopɔn de [Yesu] sii hɔ sɛ mpatade denam ne mogya mu gyidi so. Ɔyɛɛ saa na ɔde ada n’ankasa trenee adi, efisɛ ɔde bɔne a wɔayɛ atwam no firii, bere a Onyankopɔn nyaa abotare no; sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛda n’ankasa trenee adi wɔ saa bere yi mu, na ama wayɛ treneeni bere a obu onipa a ɔwɔ Yesu mu gyidi bem no.” (Romafo 3:25, 26) Yehowa gyinaa Yesu agyede afɔre a na ɔbɛbɔ no daakye no so tumi de Dawid bɔne ahorow firii no a wammu nea na N’ankasa atɛntrenee hwehwɛ sɛ ɔyɛ so.

Ɛda adi sɛ saa ara na na ɔbea a ɔde ngo srasraa Yesu nan ho no asɛm no te. Ná wabu bra bɔne, nanso na wanu ne ho. Ohui sɛ ehia sɛ wogye no fi bɔne mu, na ɔnam nea ɔyɛe no so daa no adi sɛ na n’ani sɔ onipa a Yehowa nam no so de saa ogye no mae no paa. Ɛwom sɛ na wonnya mmɔɔ saa afɔre no de, nanso ɔkwan biara so no, na wɔbɛbɔ ma enti na wobetumi de saa afɔre no bo ayɛ nnipa a wɔte sɛ ɔbea no ho adwuma saa bere no. Enti, Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: “Wɔde wo bɔne afiri wo.”

Sɛnea saa asɛm yi ma ɛda adi pefee no, Yesu ampo abɔnefo. Ɔyɛɛ wɔn papa. Bio nso, Yehowa pɛ sɛ ɔde abɔnefo a wɔanu wɔn ho bɔne firi wɔn. Hwɛ sɛnea eyi ma nnipa abɔnefo a wɔte sɛ yɛn nya awerɛhyem a ɛyɛ anigye na ɛma akomatɔyam!

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Wobuu no trenee maa wɔn