Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Agyede No Gye Yɛn Nkwa

Sɛnea Agyede No Gye Yɛn Nkwa

Sɛnea Agyede No Gye Yɛn Nkwa

“Nea ogye Ɔba no di no wɔ daa nkwa; nea ontie Ɔba no renhu nkwa, na Onyankopɔn abufuhyew wɔ no so.”—YOH. 3:36.

1, 2. Dɛn ne ade biako nti a wofii ase tintim Zion’s Watch Tower no?

ƆWƐN-ABAN a ɛto so anan a ɛbae October 1879 no kae sɛ: “Obiara a osua Bible yiye no behu mfaso a ɛwɔ Kristo wu no so.” Wɔde asɛm a anibere wom a edi so yi na ewiee saa asɛm no sɛ: “Momma yɛnhwɛ yiye wɔ biribiara a ebu Kristo wu no adewa, anaasɛ ɛka sɛ Kristo wu no nyɛ bɔne ho afɔrebɔ ne mpatade no ho.”—Monkenkan 1 Yohane 2:1, 2.

2 Ade biako nti a wofii ase tintim Zion’s Watch Tower no wɔ July 1879 mu ne sɛ wɔde bɛkyerɛkyerɛ Bible nkyerɛkyerɛ a ɛne agyede no mu. Emu nsɛm no ma wonyaa “aduan bere a ɛsɛ mu,” efisɛ wɔ afe 1800 mfe no awiei mu hɔ no, na nnipa pii a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo afi ase reka nsɛm bi a ɛkyerɛ sɛ Yesu wu no rentumi nnye yɛn nkwa. (Mat. 24:45) Saa bere no, na nnipa pii regye adannandi nkyerɛkyerɛ no di. Saa nkyerɛkyerɛ yi nnye nntom sɛ nnipa atɔ sin. Wɔn a wogye adannandi nkyerɛkyerɛ di no kyerɛkyerɛ sɛ nnipa ankasa renya nkɔso, na wonhia agyede biara. Enti, ɔsomafo Paulo afotu a ɔde maa Timoteo no fata paa. Otuu no fo sɛ: “Bɔ nea wɔde ahyɛ wo nsa no ho ban, na po nsɛnhunu a etia akronkronne ne akyinnye a ɛfa nea wodi atoro frɛ no ‘nimdeɛ’ no ho. Saa nimdeɛ no a ebinom de tuu wɔn ho no ama wɔaman afi gyidi no ho.”—1 Tim. 6:20, 21.

3. Nsɛmmisa bɛn na yɛrebesusuw ho?

3 Akyinnye biara nni ho sɛ wonyɛɛ w’adwene sɛ ‘wobɛman afi gyidi no ho.’ Ɛno nti, ɛbɛyɛ papa sɛ wususuw saa nsɛmmisa yi ho: Dɛn nti na mihia agyede no? Dɛn na agyede no maa Yehowa ne Yesu faa mu? Mɛyɛ dɛn atumi anya saa nsiesiei a ɛsom bo a ebetumi agye me afi Onyankopɔn abufuw mu no so mfaso?

Wobetumi Agye Yɛn Afi Onyankopɔn Abufuw Mu

4, 5. Dɛn na ɛma yehu sɛ Onyankopɔn abufuw wɔ nneɛma nhyehyɛe bɔne a ɛwɔ hɔ yi so?

4 Bible ne nnipa asetena ho abakɔsɛm ma yehu sɛ efi bere a Adam yɛɛ bɔne no, Onyankopɔn abufuhyew ‘wɔ nnipa so.’ (Yoh. 3:36) Nea ɛma yehu sɛ eyi yɛ nokware ne sɛnea owu da hɔ ma onipa biara no. Satan tumidi a ɛne Onyankopɔn de di asi no ntumi mmɔɔ nnipa ho ban mfii amanehunu a adesamma rehyia no ho, na nnipa nniso biara nni hɔ a atumi ama ne manfo nyinaa nsa aka nneɛma a wohia ankasa. (1 Yoh. 5:19) Enti akodi, nsɛmmɔnedi, ne ohia da so ara haw nnipa.

5 Ne saa nti, ɛda adi pefee sɛ, Yehowa nhyira nni nneɛma nhyehyɛe bɔne a ɛwɔ hɔ yi so. Paulo kae sɛ “wɔreyi Onyankopɔn abufuw adi fi soro atia . . . amumɔyɛ . . . nyinaa.” (Rom. 1:18-20) Ɛno nti, wɔn a wɔbɔ ɔbra bɔne a wɔnsakra wɔn adwene no betwa wɔn nneyɛe no so aba bɔne. Ɛnnɛ, wɔreda Onyankopɔn abufuw adi te sɛ ɔhaw wɔ atemmusɛm a wɔrehwie gu Satan wiase no so no mu, na wɔde nsɛm a ɛte saa no ba yɛn Bible ho nhoma pii mu.—Adi. 16:1.

6, 7. Adwuma bɛn na Kristofo a wɔasra wɔn no di anim, na hokwan bɛn na ɛda so ara wɔ hɔ ma nnipa a wɔwɔ Satan wiase no mu?

6 So eyi kyerɛ sɛ aka akyi dodo sɛ nkurɔfo bɛde wɔn ho afi Satan nniso ase na wɔne Onyankopɔn asan anya abusuabɔ? Dabi, efisɛ hokwan da so ara wɔ hɔ sɛ wɔbɛma wɔapata wɔne Yehowa ntam. Kristofo a wɔasra wɔn a wɔyɛ ‘ahemmɔfo a wosi Kristo ananmu’ no na wodi asɛnka adwuma a wɔnam so reto nsa frɛ nnipa a wofi amanaman nyinaa mu no anim. Wɔreka kyerɛ nkurɔfo sɛ: “Momma wɔmpata mo mmra Onyankopɔn nkyɛn.”—2 Kor. 5:20, 21.

7 Ɔsomafo Paulo kae sɛ Yesu ‘regye yɛn afi abufuw a ɛreba no mu.’ (1 Tes. 1:10) Saa Yehowa abufuw a etwa to a ɔbɛda no adi no na ɛde daa ɔsɛe bɛba abɔnefo a wɔnsakra wɔn adwene no so. (2 Tes. 1:6-9) Hena na obenya nkwa? Bible ka sɛ: “Nea ogye Ɔba no di no wɔ daa nkwa; nea ontie Ɔba no renhu nkwa, na Onyankopɔn abufuhyew wɔ no so.” (Yoh. 3:36) Nokwarem no, sɛ saa wiase yi ba awiei a, wɔn a wɔte ase a wogye Yesu ne agyede no di nyinaa benya nkwa wɔ Onyankopɔn abufuw da a etwa to no mu.

Sɛnea Agyede no Yɛ Adwuma

8. (a) Anidaso a ɛyɛ anigye bɛn na na Adam ne Hawa wɔ? (b) Dɛn na Yehowa yɛe de kyerɛe sɛ ɔyɛ Onyankopɔn a obu atɛntrenee?

8 Bere a wɔbɔɔ Adam ne Hawa no, na wɔyɛ pɛ. Sɛ wɔkɔɔ so tiee Onyankopɔn asɛm a, anka seesei wɔne wɔn asefo a wɔwɔ anigye a wɔte asase so baabiara na ɛte Paradise. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, yɛn awofo a wodi kan no hyɛɛ da buu Onyankopɔn ahyɛde so. Enti, wobuu wɔn kumfɔ a wɔrennya owusɔre, na wɔpam wɔn fii Paradise a edi kan no mu. Bere a Adam ne Hawa woo mma no, na bɔne aka adesamma dedaw, na awiei koraa no, ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no bɔɔ akwakoraa ne aberewa, na wowuwui. Eyi ma yehu sɛ sɛ Yehowa ka asɛm a, odi so. Bio nso, ɔyɛ Onyankopɔn a obu atɛntrenee. Ná Yehowa abɔ Adam kɔkɔ sɛ sɛ odi aduaba a wabara no no a, obewu, na owui nso ampa.

9, 10. (a) Dɛn nti na Adam asefo wu? (b) Yɛbɛyɛ dɛn atumi akwati owu a owusɔre nnim no?

9 Esiane sɛ yɛyɛ Adam asefo nti, wɔwoo yɛn wɔ sintɔ mu ma enti yetumi yɛ bɔne, na awiei koraa no yewu. Bere a Adam yɛɛ bɔne no, sɛnea yɛbɛka no no, na yɛwɔ n’asen mu. Enti kumfɔ a wobuu no no kaa yɛn nso bi. Sɛ Yehowa antua agyede no, ɛnna oyii nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ, ne owu fii hɔ a, anka wanni n’asɛm so. Enti Paulo kasa maa yɛn nyinaa bere a ɔkaa asɛm a edi hɔ yi no. Ɔkae sɛ: “Yenim sɛ Mmara no yɛ honhom mu ade; na me de, meyɛ ɔhonam muni a wɔatɔn me ahyɛ bɔne ase. M’asɛm yɛ mmɔbɔ! Hena na obegye me afi nipadua a ɛrekɔ owu mu yi mu?”—Rom. 7:14, 24.

10 Yehowa Nyankopɔn nkutoo na na obetumi de ade a obegyina so de yɛn bɔne afiri yɛn ma ayɛ yiye no ama na wagye yɛn afi owu a owusɔre nnim ho afobu no mu. Ɔnam ne Dɔba a ɔsomaa no fii soro ma wɔwoo no sɛ onipa a ɔyɛ pɛ a na obetumi de ne nkwa ama sɛ agyede ama yɛn no so na ogyee yɛn. Yesu anyɛ n’ade sɛ Adam, ɔkɔɔ so bɔɔ ne bra sɛ onipa a ɔyɛ pɛ. Nokwarem no, “wanyɛ bɔne biara.” (1 Pet. 2:22) Enti, na Yesu betumi awo mma anya asefo a wɔyɛ pɛ. Nanso, ɔmaa kwan maa Onyankopɔn atamfo kum no mmom, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi atete Adam asefo a wɔyɛ abɔnefo no na ama atumi ayɛ yiye sɛ wɔn a wobenya ne mu gyidi no anya daa nkwa. Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Onyankopɔn koro na ɔwɔ hɔ, ne Onyankopɔn ne nnipa ntamgyinafo koro, onipa Kristo Yesu a ɔde ne ho mae sɛ agyede a ɛfata maa nnipa nyinaa.”—1 Tim. 2:5, 6.

11. (a) Dɛn na yebetumi de akyerɛkyerɛ agyede no so mfaso a yebenya mu? (b) Henanom na wobenya agyede no so mfaso?

11 Yebetumi de nnipa bi a sikakorabea bi abu wɔn afa so ma wɔahwere wɔn sika nyinaa ma enti wɔabɛde ka no tebea akyerɛkyerɛ sɛnea agyede no yɛ adwuma mu. Wodi wɔn a sikakorabea no yɛ wɔn dea no asɛm bu wɔn atɛn a ɛfata de wɔn gu afiase mfe pii. Na nkurɔfo a wɔahwere wɔn sika no nso ɛ? Esiane sɛ ahia wɔn buroburoo nti, wɔrentumi nyɛ asɛm a ato wɔn no ho hwee, gye sɛ obi a ne yam ye na ɔwɔ sika bɛtɔ sikakorabea no na otua wɔn sika a wɔahwere no nyinaa ma wɔn ansa na ɛka biara a wɔde afi wɔn so. Saa ara na Yehowa Nyankopɔn ne ne Dɔba no atɔ Adam asefo, na wɔde Yesu mogya a wohwie gui no na etuaa bɔne ho ka a na wɔde no. Ɛno nti na Yohane Osuboni no tumi kae sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn Guammaa a oyi wiase bɔne fi hɔ no ni!” (Yoh. 1:29) Ɛnyɛ ateasefo nko na woyi wɔn bɔne kɔ na mmom awufo nso.

Nea Agyede no Maa Yehowa ne Yesu Faa Mu

12, 13. Dɛn na yebetumi asua afi ɔpɛ a na Abraham wɔ sɛ ɔde Isak bɛbɔ afɔre no mu?

12 Yɛrentumi nte ɛyaw a agyede no a wɔde mae no maa yɛn soro Agya no ne ne Dɔba no dii no ase nwie. Nanso, Bible ka nsɛm bi a esisii a ebetumi aboa yɛn ma yɛadwinnwen saa asɛm yi ho. Sɛ nhwɛso no, wo de, susuw sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Abraham tee nka bere a otwaa nnansa kwan kɔɔ Moria, sɛnea na Onyankopɔn ahyɛ no sɛ ɔnyɛ no ho hwɛ. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Mesrɛ wo, fa wo ba koro a wodɔ no, Isak, kɔ Moria asase so kɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ mmepɔw no mu biako a mɛkyerɛ wo so.”—Gen. 22:2-4.

13 Awiei koraa no, Abraham duu baabi a wɔkyerɛɛ no sɛ ɔnkɔ no. Wo de, susuw sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ Abraham yaw kɛse sɛ ɔbɛkyekyere Isak nsa ne ne nan na wama wada afɔremuka a na Abraham ankasa asi no so ho hwɛ. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ Abraham yaw sɛ ɔbɛma sekan a na ɔde rebekum ne ba no so! Wo de, susuw sɛnea Isak werɛ howee bere a na ɔda afɔremuka no so retwɛn sɛ wɔde sekan bɛto ne menem yayaayaw akum no no ho hwɛ. Yehowa bɔfo siw Abraham kwan wɔ bere a ɛfata mu. Ade a Abraham ne Isak yɛe saa da no ma yɛte ɛyaw a ɛbɛyɛ sɛ Yehowa dii bere a ɔmaa kwan maa Satan nkurɔfo kum Ne Ba no ase. Ahobrɛase a Isak de tiee Abraham asɛm no ma yehu ɔpɛ a na Yesu wɔ sɛ obehu amane na wawu ama yɛn no yiye.—Heb. 11:17-19.

14. Asɛm bɛn na esii wɔ Yakob asetena mu a ɛboa yɛn ma yehu nea agyede no maa Yehowa faa mu?

14 Yebetumi nso de asɛm bi a esii wɔ Yakob asetena mu akyerɛkyerɛ ɛyaw a agyede a wɔde mae no maa Yehowa ne Yesu dii no mu. Wɔ Yakob mma no nyinaa mu no, na Yosef na Yakob dɔ no paa. Awerɛhosɛm ne sɛ, Yosef nuanom ani beree no, na wɔtan no. Nanso, na Yosef wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛma n’agya asoma no ma wakɔhwɛ sɛnea ne nuanom no ho te. Saa bere no, na ne nuanom no rehwɛ Yakob nguan wɔ wɔn kurom Hebron atifi fam. Efi Hebron rekɔ hɔ bɛyɛ kilomita 100. Wo de, susuw ɛyaw a Yakob dii bere a ne mma no san bae na wɔde Yosef atade a mogya ayɛ mu ma bɛkyerɛɛ no no ho hwɛ! Yakob teɛɛm sɛ: “Ɛyɛ me ba no dea! Ɛbɛyɛ sɛ aboa bi akyere no awe! Ɛbɛyɛ sɛ watetew Yosef mu!” Saa asɛm yi haw Yakob yiye, na osuu Yosef nna pii. (Gen. 37:33, 34) Yehowa nyɛ n’ade te sɛ nea nnipa a wɔtɔ sin yɛ wɔn ade wɔ nsɛm ho no. Nanso, sɛ yedwinnwen asɛm a esii wɔ Yakob asetena mu yi ho a, ebetumi aboa yɛn ma yɛahu sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Onyankopɔn dii yaw bere a wɔyɛɛ ne Dɔba no ayayade na wokum no yayaayaw wɔ asase so sɛ onipa no ho biribi kakra.

Sɛnea Yenya Agyede no so Mfaso

15, 16. (a) Dɛn na Yehowa yɛe de kyerɛe sɛ wagye agyede no atom? (b) Ɔkwan bɛn so na woanya agyede no so mfaso?

15 Yehowa Nyankopɔn nyanee ne Ba nokwafo no maa no honhom nipadua a anuonyam wom. (1 Pet. 3:18) Yesu a na wɔanyan no no yii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo no nnafua 40, na ɔhyɛɛ wɔn gyidi den, na ɔtetee wɔn maa asɛmpaka adwuma kɛse a na wɔrebɛyɛ no. Afei ɔkɔɔ soro. Oduu hɔ no, ɔde ne mogya a wohwie gui no bo kɔmaa Onyankopɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde bɛyɛ n’akyidifo anokwafo a wonya n’agyede afɔre no bo mu gyidi no ho adwuma. Yehowa Nyankopɔn maa Yesu hwiee honhom kronkron guu n’asuafo a na wɔahyiam wɔ Yerusalem wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu no so de kyerɛe sɛ wagye Kristo agyede no atom.—Aso. 2:33.

16 Kristo akyidifo yi fii ase ntɛm ara ka kyerɛɛ nkurɔfo sɛ wɔmma wɔmmɔ wɔn asu wɔ Yesu Kristo din mu mma wonnya bɔne fafiri na ama wɔanya nkwa wɔ Onyankopɔn abufuw da no mu. (Monkenkan Asomafo Nnwuma 2:38-40.) Efi saa da titiriw no so besi nnɛ, nnipa ɔpepem pii a wofi amanaman nyinaa mu nam Yesu agyede afɔre no mu gyidi a wɔanya so ne Onyankopɔn anya abusuabɔ. (Yoh. 6:44) Ɛde besi ha no, ɛsɛ sɛ yesusuw nsɛmmisa foforo abien ho: So obi wɔ yɛn mu a esiane nnwuma pa a ɔyɛ nti na wɔma onyaa daa nkwa ho anidaso? Sɛ yenya nya saa anidaso a ɛyɛ anigye yi a, so ebetumi afi yɛn nsa?

17. Ɛsɛ sɛ wubu nhyira a ɛyɛ anigye a ɛne sɛ woabɛyɛ Onyankopɔn adamfo no dɛn?

17 Nokwarem no, yɛmfata koraa sɛ yenya agyede no. Nanso, ɛnnɛ, nnipa ɔpepem pii nam agyede no mu gyidi a wɔanya so abɛyɛ Onyankopɔn nnamfo, na ama wɔanya anidaso sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ paradise asase so. Nanso, sɛ yenya bɛyɛ Yehowa nnamfo a, ɛno nkyerɛ sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ ne nnamfo daa. Sɛ yebenya yɛn ti adidi mu wɔ Onyankopɔn abufuw da a ɛbɛba daakye no mu a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so nya “Kristo Yesu agyede” no ho anisɔ kɛse.—Rom. 3:24; monkenkan Filipifo 2:12.

Kɔ so Nya Agyede no mu Gyidi

18. Dɛn na ɛka agyede no mu gyidi a yebenya ho?

18 Yohane 3:36 a ɛyɛ kyerɛwsɛm a adesua asɛm yi gyina so no ma yehu sɛ osetie ka Awurade Yesu Kristo mu gyidi a yebenya no ho. Ɛsɛ sɛ agyede no ho anisɔ a yɛanya no ka yɛn ma yɛde Yesu nkyerɛkyerɛ, a nea ɔka faa abrabɔ ho nso ka ho no, bɔ yɛn bra. (Mar. 7:21-23) “Onyankopɔn abufuw reba” wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ nneyɛe te sɛ aguamammɔ, nsɛnkwaa a kasafĩ wom, ne “afideyɛ biara” mu a ebi ne aguamansɛm ho mfonini a wɔkɔ so hwɛ a wɔnsakra wɔn adwene no nyinaa so.—Efe. 5:3-6.

19. Nneɛma pa bɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ agyede no mu gyidi?

19 Ɛsɛ sɛ agyede no mu gyidi a yɛanya no ma yɛkɔ so de yɛn ho hyɛ “onyamesom pa” mu bere nyinaa. (2 Pet. 3:11) Momma yenyi bere pii nsi hɔ mfa mmɔ mpae daa anibere so, mfa nsua Bible, mfa nkɔ asafo nhyiam, mfa nyɛ abusua som, na yɛmfa nka Ahenni no ho asɛm nnam so. Na ‘mommma yɛn werɛ mmfi papayɛ ne nneɛma a yɛne afoforo bɛkyɛ, efisɛ afɔrebɔ a ɛtete saa no sɔ Onyankopɔn ani.’—Heb. 13:15, 16.

20. Nhyira bɛn na wɔn a wɔkɔ so nya agyede no mu gyidi nyinaa betumi ahwɛ kwan sɛ wobenya daakye?

20 Sɛ wohwie Yehowa abufuw gu nneɛma nhyehyɛe bɔne yi so a, hwɛ sɛnea yɛn ani begye sɛ yenyaa agyede no mu gyidi na yɛkɔɔ so kyerɛɛ ho anisɔ! Afei nso, wɔ Onyankopɔn wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no mu no, yɛbɛda no ase daa sɛ ɔnam nsiesiei a ɛyɛ nwonwa yi so agye yɛn afi Onyankopɔn abufuw mu.—Monkenkan Yohane 3:16; Adiyisɛm 7:9, 10, 13, 14.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na yehia agyede no?

• Dɛn na agyede no maa Yehowa ne Yesu faa mu?

• Mfaso bɛn na agyede no ma yenya?

• Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛwɔ Yesu agyede afɔre no mu gyidi?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Hokwan da so ara wɔ hɔ sɛ nkurɔfo bɛma wɔapata wɔne Yehowa ntam

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Sɛ yedwinnwen nsɛm a esisii wɔ Abraham, Isak, ne Yakob asetena mu yi ho a, ebetumi ama yɛahu ɛyaw kɛse a agyede no maa Yehowa ne Yesu dii