Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛto Nsa Frɛ Obiara!

Yɛto Nsa Frɛ Obiara!

Yɛto Nsa Frɛ Obiara!

YƐTO nsa frɛ obiara sɛ ɔnyɛ dɛn? Sɛ ɔnkɔhwɛ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a wɔtaa frɛ no Betel no mu biako. Betel afie 118 na yɛwɔ wɔ aman ahorow so. Wɔn a wɔkɔhwɛ Betel no taa fi wɔn komam kyerɛ nea wohu sɛ wɔreyɛ wɔ hɔ no ho anisɔ.

Bere a aberante bi a na ɔresua Bible huu sɛnea adwumayɛfo pii a wɔde anigye reyɛ adwumaden resom Yehowa wɔ baa dwumadibea a ɛwɔ Mexico no, ɛkaa ne koma araa ma obisae sɛ: “Dɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ na matumi abɛtena ha ayɛ adwuma?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ wobɔ asu. Afei, ɛbɛyɛ papa sɛ woyɛ ɔkwampaefo—obi a ɔde ne bere nyinaa bɔ Ahenni no ho dawuru.” Aberante no yɛɛ nea wɔka kyerɛɛ no no, na mfe abien akyi no, wɔtoo nsa frɛɛ no ma ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ Mexico Betel, na ɔde mfe 20 na ayɛ adwuma wɔ hɔ.

Dɛn Ne Betel?

Wɔ Hebri kasa mu no, “Betel” kyerɛ Onyankopɔn Fie. (Gen. 28:19) Wɔde mfiri ne nneɛma a ɛwɔ baa dwumadibea ahorow no tintim Bible ne Bible ho nhoma kyekyɛ ma nkurɔfo, na wɔde boa Yehowa Adansefo asafo ahorow bɛboro 100,000 a ɛwɔ wiase nyinaa no nso. Betel adwumayɛfo—mmarima ne mmea a ɛsono wɔn asetena ne wɔn amammerɛ—a wɔn dodow reyɛ adu 20,000 no yi wɔn yam de wɔn bere nyinaa som Yehowa ne wɔn nuanom Kristofo mmarima ne mmea. Wɔn a wɔde mfe pii ayɛ Kristofo som adwuma yi ne wɔn nuanom a wɔyɛ mmabun na ɛresom. Betel mmusua mufo ne Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛbɛn wɔn no bɔ wɔ asafo nhyiam ahorow ase, na wɔne wɔn bom yɛ Kristofo som adwuma no anwummere anwummere ne adapɛn awiei. Wɔde bere a wɔmfa nyɛ adwuma no nso sua Bible, de gye wɔn ahome, na wɔde bi yɛ wɔn ankasa nneɛma.

Wɔma Betel abusua no mufo sika kakra ɔsram biara ma wɔde twitwa wɔn ho. Wodi nnuan a ɛyɛ dɛ na ahoɔden wom, na wɔte adan a emu tew na ahomeka wom mu. Wonsisi Betel afie no kyenkyenee, nanso, wɔn a wɔte mu no ho tɔ wɔn. Wɔn a wɔkɔhwɛ Betel no ani gye ɛhɔ adan a wɔhwɛ so yiye, ɛho nsase a wosiesie no kama, ne ɛhɔ dwumadi a ɛkɔ so pɛpɛɛpɛ no ho, na saa ara na wɔn ani gye ayamye ne biakoyɛ a wɔda no adi wɔ hɔ no nso ho. Obiara de nsi yɛ adwuma, nanso wɔn mu biara nya bere ma afoforo. Wɔnyɛ nnipa mu nyiyim wɔ Betel, na saa ara nso na obiara nte nka sɛ adwuma a ɔyɛ nti ɔkyɛn afoforo. Adwuma biara a wɔyɛ wɔ hɔ ho hia, sɛ́ ɛyɛ afisiesie, turom adwuma, aduannoa, nhomatintim, anaa ɔfese adwuma no. Wɔn a wɔwɔ Betel no bom de biakoyɛ yɛ adwuma de boa Yehowa Adansefo som adwuma no.—Kol. 3:23.

Tie Betelfo no Bi Ho Nsɛm

Ma yɛnhwɛ saa amanaman ntam abusua yi mufo ho nsɛm kakra. Dɛn na ɛkaa wɔn ma wɔn ani gyee ho sɛ wɔbɛsom wɔ Betel? Susuw Mario asɛm no ho hwɛ. Bere a Mario bɛyɛɛ Yehowa Dansefo no, na ɔne German adwumakuw bi a agye din a ɛyɛ kar na ɛyɛ adwuma, ná ogye akatua kɛse, na na ɔwɔ hokwan sɛ ɔbɛkɔ n’anim wɔ adwumam nso. Nanso bere a ɔbɔɔ asu akyi no, ankyɛ na otuu ne ho mae kɔyɛɛ adwuma dapɛn biako wɔ Betel a ɛwɔ ne man mu. Wɔma ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ baabi a wotintim nhoma. Mario huu nsonsonoe kɛse a ɛwɔ anuanom a ɔne wɔn yɛɛ adwuma wɔ Betel no ne nkurɔfo a ɔne wɔn yɛ honam fam adwuma no ntam. Enti obisaa hokwan sɛ ɔpɛ sɛ ɔde ne bere nyinaa yɛ adwuma wɔ Betel. Ɛwom sɛ Mario abusuafo ne ne mfɛfo adwumayɛfo pii ani annye gyinae a osii no ho de, nanso seesei ɔde anigye resom wɔ Germany Betel.

Nnipa a wɔkɔsom wɔ Betel no mu pii kɔ hɔ bere a wonnyaa nhomasua soronko anaa wonni nsaanodwuma titiriw biara. Saa na na ɛte wɔ Abel a ɔde mfe 15 asom wɔ Mexico Betel no fam. Ɔkae sɛ: “Masua nneɛma pii wɔ Betel. Masua sɛnea wɔde mfiri a ɛho nneɛma dɔɔso paa a wɔde tintim nhoma yɛ adwuma. Minim sɛ sɛ mede nimdeɛ a manya wɔ Betel no kɔyɛ adwuma wɔ baabi foforo a, metumi anya sika pii de, nanso merennya nea minya wɔ ha no—asetena a asomdwoe ne abotɔyam wom a ɔhaw ne akansi pii a ɛkɔ so wɔ honam fam nnwuma mu nnim. Mete nka sɛ manya ntetee a eye sen biara, ntetee a aboa me ma m’adwenem abue, na ama me ne Yehowa ntam ayɛ papa. Sɛ mekɔɔ sukuupɔn a agye din sen biara mpo a, anka merennya saa mfaso yi.”

Wokɔhwɛ Hɔ a, Ebetumi Ahyɛ Wo Den

Sɛ obi kɔhwɛ Betel kɛkɛ mpo a, ebetumi ama ɔne Yehowa ntam ayɛ papa. Saa na ɛbae wɔ Omar a ɔwɔ Mexico no fam. Ne maame de Bible mu nokware no kyerɛkyerɛɛ no. Nanso, bere a Omar dii mfe 17 no, ogyaee Kristofo nhyiam ne asɛnka kɔ. Awiei koraa no, ofii ase yɛɛ nneɛma bɔne, na okodii ahonyade akyi. Akyiri yi, bere a na Omar ne adwumakuw bi a wɔhwɛ nkitahodi ho nsɛm so reyɛ adwuma no, wɔmaa ɔne adwumayɛfo no bi kɔɔ Mexico Betel kɔkyerɛɛ wɔn sɛnea wɔde afiri bi yɛ adwuma. Omar kae sɛ: “Bere a yɛkyerɛɛ wɔn sɛnea wɔde afiri no yɛ adwuma wiei no, Betelfo no de yɛn kɔhwehwɛɛ hɔ. Nea mihui wɔ hɔ ne sɛnea wɔyɛɛ me hɔho no ma misusuw asetena a na mewom a ɛno ne twe a na matwe me ho afi Yehowa ho no ho. Ntɛm ara na mesan fii ase kɔɔ asafo nhyiam bio, na mema wɔne me suaa Bible. Bere a mekɔhwɛɛ Betel akyi asram asia no, mebɔɔ asu. Meda Yehowa ase sɛ Betel a mekɔe no kanyan me ma meyɛɛ nsakrae.”

Wɔtetee Masahiko a ɔwɔ Japan no nso wɔ abusua bi a wɔyɛ Adansefo mu. Nanso, obenyaa adwene sɛ Kristofo abrabɔ yɛ katee dodo. Ɔde ne ho hyɛɛ nneɛma a na wɔyɛ wɔ sukuu mu no mu fee, na ogyaee asafo nhyiam ne asɛnka kɔ. Masahiko kae sɛ: “Da bi, yɛn abusua ne yɛn nnamfo bi a wɔyɛ Kristofo sii gyinae sɛ wɔbɛkɔ akɔhwɛ Betel. M’abusua no kaa no denneennen sɛ me ne wɔn nkɔ, enti me ne wɔn kɔe. Betel a mekɔhwɛɛ hɔ no kaa me koma paa wɔ ɔkwan bi so a na minhuu bi saa da. Anigye a Kristofo a yɛne wɔn kɔe no ma minyae no yɛ biribi a na me nnamfo a wɔnyɛ Adansefo no mmaa minnyaa bi saa da. Ɛboaa me ma minyaa anigye sɛ mɛbɔ me bra sɛ Kristoni, na misii gyinae sɛ mɛma wɔne me asua Bible.” Seesei Masahiko yɛ bere nyinaa somfo wɔ n’asafo mu.

Ɔbea bi a ɔyɛ Ɔdansefo tu fii France kɔyɛɛ adwuma wɔ Moscow. Ɔkɔɔ hɔ no, wanhu Yehowa nkurɔfo, na ɔne Yehowa ntam bɛyɛɛ basaa. Ɔde ne ho hyɛɛ ɔbra bɔne mu, na awiei koraa no, ɔwaree ɔbarima bi a ɔnyɛ Ɔdansefo. Ɛno akyi no, onuawa bi fi France kɔɔ ne nkyɛn, na wɔn baanu nyinaa kɔɔ St. Petersburg a ɛwɔ Russia no kɔhwɛɛ Betel fie a ɛwɔ hɔ no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Yeduu Betel no, wogyee yɛn fɛw so, na eyi kaa me koma. Ná asomdwoe wɔ hɔ paa. Metee nka sɛ Yehowa honhom wɔ hɔ. Ɛyɛɛ dɛn mpo na midii mfomso twee me ho fii Yehowa ahyehyɛde no ho? Mekɔhwɛɛ Betel akyi no, mebɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa me, na minyaa ahoɔden bio de Bible no kyerɛkyerɛɛ me mma.” Nea ɛka mmoa foforo a ebia Ɔdansefo a na ɔne Yehowa ntam ayɛ basaa no nyae ho no, Betel a ɔkɔe no hyɛɛ no den kɛse, na ɛno akyi no, onyaa nkɔso pii.

Na wɔn a wonnim Yehowa Adansefo yiye a wɔkɔhwɛ Betel no nso, etumi ka wɔn dɛn? Wɔ afe 1988 mu no, Alberto a na ɔde ne ho ahyɛ amanyɔsɛm mu denneennen no kɔhwɛɛ Brazil Betel. N’ani gyee sɛnea ɛhɔ tew ne sɛnea na biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ hɔ no ho, na nea ɛkaa ne koma paa ne sɛnea wɔma obiara a ɔba hɔ hu nea wɔreyɛ wɔ hɔ no. Aka kakra ma Alberto akɔhwɛ Betel no, ɔkɔsraa n’akonta a ɔyɛ ɔsɔfo wɔ nyamekyerɛ sukuu bi mu. Alberto huu nsonsonoe a ɛwɔ Betel ne nyamekyerɛ sukuu no mu. Alberto kae sɛ: “Ná wɔmma obiara a ɔkɔ nyamekyerɛ sukuu hɔ no nhu nea wɔyɛ wɔ hɔ.” Bere a Alberto kɔhwɛɛ Betel akyi bere tiaa bi no, ɔmaa kwan ma wɔne no suaa Bible, ogyaee amanyɔsɛm, na seesei ɔsom sɛ asafo mu panyin.

Bra Bɛhwɛ Betel!

Nnipa pii abɔ mmɔden kɛse paa akɔhwɛ baa dwumadibea a ɛwɔ wɔn man mu no. Sɛ nhwɛso no, wɔ Brazil no, Paulo ne Eugenia siee sika mfe anan sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de bɔs atwa nnanu kwan a ne tenten yɛ kilomita 3,000 akɔhwɛ Betel a ɛwɔ saa ɔman no mu. Wɔkae sɛ: “Yɛn brɛ anyɛ ɔkwa. Seesei, yɛahu Yehowa ahyehyɛde no yiye. Sɛ yɛkyerɛkyerɛ adwuma a wɔyɛ wɔ Betel no mu kyerɛ yɛn Bible asuafo a, ɛtɔ mmere bi a wobisa yɛn sɛ, ‘Moakɔ hɔ pɛn?’ Seesei de, yebetumi abua sɛ yɛakɔ hɔ pɛn.”

So baa dwumadibea anaa Betel fie wɔ wo man anaa ɔman bi a ɛbɛn wo mu? Yɛto nsa frɛ wo sɛ kɔhwɛ hɔ. Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ wokɔhwɛ Betel a, wobegye wo fɛw so, na ɛbɛhyɛ wo den ma woakɔ so asom Yehowa.

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Mario

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Abel

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Germany

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Japan

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Brazil