Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔsatu Titiriw A Wɔyɛe Wɔ Bulgaria Asow Aba

Ɔsatu Titiriw A Wɔyɛe Wɔ Bulgaria Asow Aba

Ɔsatu Titiriw A Wɔyɛe Wɔ Bulgaria Asow Aba

“Otwa adwuma no sõ, nanso adwumayɛfo no sua. Enti monsrɛ otwa adwuma Wura no ma ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa no mu.”—MAT. 9:37, 38.

HWƐ sɛnea saa asɛm a Yesu kae no fata tebea a ɛwɔ Bulgaria a ɛyɛ Balkan man a ɛyɛ fɛ a ɛwɔ Europa anafo fam apuei no! Wohia adwumayɛfo pii paa ma wɔakɔka asɛmpa no akyerɛ nnipa bɛboro ɔpepem ason a wɔte hɔ no. Adawurubɔfo bɛyɛ 1,700 na wɔwɔ Bulgaria, nanso wontumi nka asɛm no wɔ ɔman no mu nyinaa. Enti, Sodikuw no penee so sɛ wɔnto nsa mfrɛ Adansefo a wɔwɔ Europa aman foforo so a wɔka Bulgaria kasa ma wɔmmɛboa ɔsatu titiriw bi a na wɔbɛyɛ wɔ afe 2009 mu. Wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔde adapɛn ason bɛyɛ ɔsatu no wɔ ahohuru bere mu, na na wɔbɛyɛ araa akosi bere a wɔbɛyɛ “Monkɔ so Nwɛn!” Ɔmantam Nhyiam no wɔ Sofia wɔ August 14-16, 2009.

Nnipa Pii Gyee Ɔfrɛ no So

Ná anuanom a wɔwɔ baa dwumadibea a ɛwɔ Sofia no ntumi nhu anuanom dodow a wobefi France, Germany, Greece, Italy, Poland, ne Spain aba. Ná ɛbɛhwehwɛ sɛ wɔde wɔn ankasa sika na etu kwan ba Bulgaria, na wɔde wɔn akwamma bere bɛyɛ asɛnka adwuma no. Hwɛ sɛnea anuanom a wɔwɔ baa dwumadibea no ani gyei sɛ wohui sɛ nnipa a wobisaa hokwan no dodow kɔɔ anim dapɛn biara kosii sɛ eduu 292! Esiane sɛ nnipa pii gyee ɔfrɛ no so nti, na wobetumi akyɛ wɔn a wotuu wɔn ho mae no mu ma wɔakɔyɛ adwuma wɔ Bulgaria nkurow abiɛsa mu: Kazanlak, Sandanski, ne Silistra. Amansin so ahwɛfo a wɔwɔ Bulgaria no too nsa frɛɛ akwampaefo ne adawurubɔfo a wɔwɔ hɔ no sɛ wɔn nso mmɛboa ɔsatu no. Awiei koraa no, nnipa 382 na wotuu wɔn ho mae, na wɔde nsi kaa asɛm no wɔ nsasesin a na wɔntaa nka asɛmpa no wom no mu.

Wɔsomaa anuanom a wɔwɔ asafo ahorow a ɛbemmɛn hɔ mu ma wodii kan kɔhwehwɛɛ dabere. Wɔhanee adan, na wogyee ahɔhodan a ne bo nyɛ den. Saa anuanom a wɔwɔ Bulgaria yi yɛɛ adwumaden de boaa atuhoamafo a na wɔreba no ma wonyaa baabi tenae, na wɔsan boaa wɔn ma wɔn nsa kaa wɔn ahiade. Wɔ nkurow abiɛsa no nyinaa mu no, wɔhanee baabi a na wobehyiam. Wɔyɛɛ asafo nhyiam ahorow ho nhyehyɛe too hɔ, na na anuanom a wobefi mmeae ahorow aba no na wɔbɛhwɛ so. Ná ɛyɛ anigye sɛ wubehu sɛ wɔ mmeae bi a na Ɔdansefo biako mpo nte hɔ no, adawurubɔfo 50 ahyiam wɔ hɔ reyi Yehowa ayɛ.

Ná nsi a wɔn a wofi aman foforo so de bɛyɛɛ ɔsatu no yɛ nwonwa. Sɛ edu ahohuru bere a, ewim tumi yɛ hyew wɔ Bulgaria ma ɛboro digrii Celsius 40. Nanso, biribiara antumi ansiw saa anuanom mmarima ne mmea a wɔyɛ nsi yi kwan. Anuanom de adapɛn abiɛsa a edi kan no dii nnipa bɛboro 50,000 a wɔte Silistra a ɛyɛ kurow a ɛda Danube Asubɔnten no ho no adanse fefeefe. Ɛno nti, anuanom trɛw wɔn asɛnka adwuma no mu kɔyɛɛ nkuraase a ɛbemmɛn hɔ no mu adwuma koduu Tutrakan a ɛda Silistra atɔe fam kilomita 55 no mpo mu. Ná wɔtaa fi asɛnka ase anɔpa 9:30. Sɛ wodidi wie awiabere a, na wɔtaa toa so yɛ asɛnka adwuma no kosi anwummere 7:00, anaa nea ɛboro saa. Saa ara na esiane nsi kɛse a atuhoamafo yi de yɛɛ adwuma no nti, ɔsa a wotui wɔ Kazanlak ne Sandanski no mu trɛw koduu nkuraase ne nkurow a ɛbemmɛn hɔ no mu.

Mfaso Bɛn na Efii mu Bae?

Wodii adanse kɛse wɔ saa adapɛn ason yi mu. Sɛnea wɔkae wɔ asomafo no bere so no, na saa nkurow yi mufo betumi aka sɛ, ‘Mode mo nkyerɛkyerɛ ahyɛ yɛn kurow yi mu mã.’ (Aso. 5:28) Adansefo a wɔde wɔn ho hyɛɛ ɔsatu no mu no maa nsɛmma nhoma bɛyɛ 50,000, na wofii Bible adesua 482 ase. Anigyesɛm ne sɛ, wɔtew asafo foforo wɔ Silistra wɔ September 1, 2009, na wɔatew akuw ahorow wɔ Kazanlak ne Sandanski. Ɛyɛ anigye sɛ wubehu sɛ nnipa bi a ɔsatu bere no mu ara na wodii kan tee asɛmpa no renya nkɔso paa wɔ Onyankopɔn som mu.

Wɔ dapɛn a edi kan wɔ ɔsatu no mu no, onuawa bi a ɔyɛ ɔkwampaefo titiriw a ofi Spain a ɔka Bulgaria kasa kaa asɛm no kyerɛɛ ɔbea bi a wɔfrɛ no Karina a ɔte Silistra a na ɔretɔn atesɛm nkrataa wɔ abɔnten so. Karina kyerɛɛ asɛm no ho anigye, na ɔbaa asafo nhyiam. Ɔpenee so ntɛm ara ma wɔne no suaa Bible. Ne kunu nnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, enti ɔkae sɛ wonkosua Bible no wɔ agodibea bi. Ne mmabea baanu kaa ne ho ma wosuaa Bible no. Ne babea panyin a wɔfrɛ no Daniela kyerɛɛ Bible mu nokware no ho anigye kɛse paa. Ɔde dapɛn biako kenkan Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no, na ntɛm ara na ɔde Bible mu asɛm a ɛka sɛ ɛnsɛ sɛ yɛde ahoni di dwuma wɔ ɔsom mu no yɛɛ adwuma. Afei, ofii ase kaa nokware no ho asɛm kyerɛɛ ne nnamfo. Bere a ɔkɔɔ asafo nhyiam a edi kan akyi adapɛn abiɛsa pɛ no, ɔka kyerɛɛ onuawa a ɔne no sua ade no sɛ: “Mete nka sɛ meka mo ho. Dɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ na ama me nso matumi afi ase aka asɛm no bi?” Daniela ne ne maame ne ne nuabea kumaa no renya nkɔso paa.

Wɔ Kazanlak no, na onua bi a ɔyɛ Bulgariani a wɔfrɛ no Orlin a ofi Italy ba bɛyɛɛ ɔsatu no bi apɔn asɛnka rekɔ fie. Bere a Orlin nam kwan so no, odii mmerante bi a na wɔte benkyi so wɔ agodibea bi adanse. Ɔmaa wɔn Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no biako, na ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛsan akɔsra wɔn ɛda a edi hɔ no. Bere a Orlin san kɔsraa wɔn no, ɔne Svetomir fii Bible adesua ase, na ɔkɔtoaa so n’adekyee ara pɛ. Orlin ne Svetomir suaa ade mpɛn awotwe wɔ nna akron mu. Svetomir kae sɛ: “Aka nnanu ma mahyia wo no, mebɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa me mma minhu no. Na mehyɛɛ no bɔ sɛ sɛ ɔboa me a, mehyira me nkwa so ama no.” Bere a Orlin san kɔɔ Italy no, anuanom a wɔwɔ kurow no mu no kɔɔ so ne Svetomir suaa ade, na ɔde Bible mu nokware no rebɔ ne bra.

Wɔn a Wɔde Wɔn Ho Bɔ Afɔre no Nya Nhyira Pii

Wɔn a woyii wɔn yam de wɔn akwamma bere ne wɔn ankasa sika tuu kwan kɔɔ ɔman foforo so kɔkaa asɛmpa no te nka dɛn? Asafo mu panyin bi a ɔresom wɔ Spain kyerɛwee sɛ: “Ɔsatu no ama anuanom a wɔwɔ Spain a wɔka Bulgaria kasa no ayɛ biako paa. Aboa anuanom a wokonyaa mu kyɛfa no kɛse.” Awarefo bi a wofi Italy kyerɛwee sɛ: “Eyi ne ɔsram a yɛn ani gyei sen biara!” Wɔsan kae sɛ: “Ɔsatu no asesa yɛn asetena! Seesei, yɛyɛ nnipa soronko.” Saa awarefo yi fii ase susuw ho denneennen sɛ wobetu akɔtena Bulgaria koraa na wɔakɔsom wɔ baabi a mmoa ho hia kɛse. Carina yɛ onuawa sigyani a ofi Spain a ɔyɛ daa ɔkwampaefo, na ɔkɔyɛɛ ɔsatu no bi wɔ Silistra. Ɛno akyi no, ogyaee adwuma a na ɔyɛ wɔ Spain no, na ɔkɔtenaa Bulgaria kɔboaa asafo foforo a wɔatew wɔ saa kurow no mu no. Ná wasie sika a ɛdɔɔso a ɛbɛma watumi atena Bulgaria afe biako. Carina ka gyinae a osii no ho asɛm sɛ: “M’ani agye paa sɛ Yehowa ama manya hokwan resom wɔ Bulgaria ha, na mehwɛ kwan sɛ metumi atena ha bere tenten. Manya Bible asuafo baanum dedaw, na wɔn mu baasa ba asafo nhyiam ahorow.”

Ná onuawa bi a ɔyɛ Italiani pɛ sɛ ɔkɔyɛ ɔsatu no bi, nanso na wɔfaa no adwuma bi mu nkyɛe, enti na onni akwamma bere biara. Wammɔ hu, na obisae sɛ wɔmma no kwan ɔsram biako a ɔrennye akatua, na na wayɛ n’adwene sɛ sɛ wɔamma no kwan a, obegyae adwuma no. Ɛyɛɛ no nwonwa sɛ n’adwumawura no kae sɛ: “Wubetumi akɔ, nanso gye sɛ wopene so sɛ wobɛyɛ ade biako ama me: Sɛ wokɔ a, fa krataa bi a biribi a ɛwɔ Bulgaria mfonini wɔ so mena me.” Onuawa no hui paa sɛ Yehowa atie ne mpaebɔ.

Onuawa ababaa bi a wɔfrɛ no Stanislava a ofi Bulgaria kurow Varna mu a na ɔde ne bere nyinaa yɛ honam fam adwuma wɔ adwuma bi a na wotua no ka yiye mu no gyee akwamma bere fii adwuma mu kɔyɛɛ ɔsatu no bi wɔ Silistra. Bere a ohuu anigye a na akwampaefo pii a na wofi akyirikyiri abɛka asɛmpa no wɔ ne man mu wɔ no, ɛkaa no maa nusu guu no. Ofii ase dwinnwen nea na ɔde n’asetena reyɛ a ɛne sɛ ɔde ne bere nyinaa reyɛ honam fam adwuma no ho. Bere a ɔsan kɔɔ ne kurom adapɛn abien akyi no, ogyaee adwuma no na ɔbɛyɛɛ daa ɔkwampaefo. Seesei, n’ani agye paa sɛ ɔrekae ne Bɔfo wɔ ne mmabaabere mu.—Ɔsɛnk. 12:1.

Hwɛ sɛnea nhyira wom sɛ wode nsi bɛyɛ Yehowa som adwuma no. Biribi pa biara nni hɔ a ɛsen wo bere ne w’ahoɔden a wode bɛyɛ ɔkyerɛkyerɛ ne asɛmpaka adwuma a ɛho hia no. So akwan bi wɔ hɔ a w’ankasa wubetumi afa so atrɛw sɛnea woyɛ asɛnka adwuma a egye nkwa no mu? Ebia mmeae bi wɔ w’ankasa wo man mu a mmoa ho hia kɛse wɔ hɔ? So wubetumi atu akɔtena baabi a ɛte saa? Anaasɛ wubetumi asusuw ho na woasua kasa foforo de aboa nkurɔfo a Bible mu nokware ho sukɔm de wɔn wɔ wo man mu no. Nsakrae ahorow biara a wubetumi ayɛ de atrɛw nea woyɛ wɔ asɛnka adwuma no mu no, wubetumi anya ahotoso sɛ Yehowa behyira wo pii.—Mmeb. 10:22.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 32]

Ɛda a Wɔn Werɛ Remfi Da

Wɔn a wofi Europa aman foforo so bɛboaa ɔsatu titiriw a wɔyɛe wɔ Bulgaria no mu pii yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛkɔ “Monkɔ so Nwɛn!” Ɔmantam Nhyiam a na wɔbɛyɛ wɔ Sofia no bi. Ɛhyɛɛ anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ Bulgaria no nkuran paa sɛ wohyiaa anuanom pii a wofi aman horow so. Hwɛ sɛnea atiefo 2,039 no ani gyei bere a Onua Geoffrey Jackson a ɔyɛ Sodikuw no muni no yii Kyerɛw Kronkron Wiase Foforo Nkyerɛase mũ no nyinaa wɔ Bulgaria kasa mu no! Wɔn a wɔbaa nhyiam no saa Fida no nyinaa de anigye bɔɔ wɔn nsam bere tenteenten de kyerɛɛ sɛnea wɔn ani asɔ kɛse. Nnipa no mu pii ani gyei araa ma wosui. Saa Bible nkyerɛase a edi mũ a asete nyɛ den yi bɛboa Bulgariafo ma wɔahu Yehowa.

[Asase mfonini wɔ kratafa 30, 31]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

BULGARIA

SOFIA

Sandanski

Silistra

Kazanlak

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Wodii adanse kɛse wɔ saa adapɛn ason no mu