Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Meresom Wɔ Bere A Ɔsom Adwuma No Mu Retrɛw Kɛse Mu

Meresom Wɔ Bere A Ɔsom Adwuma No Mu Retrɛw Kɛse Mu

Meresom Wɔ Bere A Ɔsom Adwuma No Mu Retrɛw Kɛse Mu

Sɛnea Harley Harris ka kyerɛe

Ná ɛyɛ September 2, 1950, wɔ Kennett a ɛwɔ Missouri, U.S.A. Ná yɛwɔ ɔmansin nhyiam bi ase, na na basabasayɛfo bi atwa yɛn ho ahyia. Kurow no sohwɛfo de Ɔmantam no Asraafo bɛbɔɔ yɛn ho ban fii nnipadɔm a na wɔreyɛ basabasa no ho. Ná asraafo a wokurakura wɔn atuo ne asekan a wɔde hyehyɛ atuo ano gyinagyina kwan ho. Ná basabasayɛfo no reyeyaw yɛn, nanso yɛkɔtenatenaa yɛn kar mu kɔɔ Cape Girardeau a ɛwɔ Missouri kɔyɛɛ yɛn nhyiam no fã a na aka no. Ɛhɔ na wɔbɔɔ me asu bere a na madi mfe 14 no. Nanso, ma menka nea ɛyɛe a mebɛsom Yehowa wɔ basabasayɛ bere a ɛte saa mu nkyerɛ wo.

WƆ AFE 1930 mfe no mfiase mu no, me nananom ne wɔn mma baawɔtwe tiee Onua Rutherford kasa ahorow bi wɔ apaawa so, na wogye dii sɛ wɔahu nokware no. Wɔbɔɔ m’awofo a wɔfrɛ wɔn Bay ne Mildred Harris asu wɔ afe 1935 mu wɔ ɔmantam nhyiam a wɔyɛe wɔ Washington, D.C. no ase. Hwɛ sɛnea wɔn ani gyei sɛ na wɔka “nnipadɔm,” anaa “nnipakuw kɛse” a afei ara na na wɔahu wɔn wɔ saa nhyiam no ase no ho!—Adi. 7:9, 14; King James Version.

Wɔwoo me afe a edi hɔ no. Na afe akyi no, m’awofo tu kɔɔ asasesin bi a na asafo biara nni hɔ mu wɔ Mississippi. Bere a na yɛte saa asasesin no mu no, na yenni ɔhwɛfo kwantufo mpo a ɔbɛsom yɛn. M’abusua no ne Betel dii nkitaho, na yɛkɔɔ nhyiam ahorow, na wɔ bere bi mu no, na ɛno ara ne fekubɔ a yɛne yɛn nuanom Kristofo nya.

Yegyinaa Ɔtaa Ano

Wɔ Wiase Ko II no mu no, esiane sɛ Yehowa Adansefo ankɔ ɔko no nti, wohyiaa ɔtaa pii. Saa bere no, na yɛatu akɔtena Mountain Home wɔ Arkansas. Da bi, na me ne me papa redi adanse wɔ abɔnten so. Mpofirim ara na ɔbarima bi hwim nsɛmma nhoma a na me papa kura no fii ne nsam de ogya toom hyew no wɔ hɔ ara. Esiane sɛ yɛnkɔ ɔko nti, ɔfrɛɛ yɛn ahufo. Ná madi mfe anum pɛ nti, mifii ase sui. Me papa hwɛɛ ɔbarima no komm a wanka hwee kosii sɛ ɔbarima no fii hɔ kɔe.

Ná ebinom nso wɔ hɔ a wɔyɛ nnipa pa, na wɔne yɛn dii no yiye. Bere bi a na yɛte yɛn kar mu na basabasayɛfo betwaa yɛn ho hyiae no, aban mmaranimfo a ɔwɔ kurow no mu no baa hɔ. Obisae sɛ: “Dɛn na ɛrekɔ so wɔ ha?” Ɔbarima bi ka kyerɛɛ no sɛ: “Yehowa Adansefo yi mpɛ sɛ wɔko ma wɔn man!” Ɛhɔ ara na mmaranimfo no huruw gyinaa ntiaso a ɛwɔ yɛn kar ho no so, na ɔteɛɛm sɛ: “Mekɔɔ Wiase Ko I no bi, na mɛsan akɔ Wiase Ko II yi nso! Munnyaa saa nkurɔfo yi. Wɔnyɛɛ obiara bɔne!” Nnipadɔm no fii hɔ kɔe dinn. Hwɛ sɛnea yɛn ani sɔɔ saa nnipa pa a woyii yɔnkodɔ adi kyerɛɛ yɛn no!—Aso. 27:3.

Ɔmantam Nhyiam Ahorow Hyɛɛ Yɛn Den

Ɔmantam nhyiam a yɛyɛe wɔ St. Louis a ɛwɔ Missouri wɔ afe 1941 mu no boaa yɛn paa. Sɛnea akontaabu bi kyerɛ no, atiefo bɛboro 115,000 na wɔbaa ase. Nnipa 3,903 bɔɔ asu ma ɛyɛɛ nwonwa! Mekae ɔkasa a Onua Rutherford mae a n’asɛmti ne “Ɔhene no Mma” no paa. Ɔkasa kyerɛɛ yɛn a na yɛyɛ mmofra no tẽẽ, na yɛn nyinaa nyaa nhoma bruu fɛfɛ a wɔato din Children (Mmofra) no bi. Saa nhyiam yi hyɛɛ me den ma mitumi gyinaa asɛm a esii wɔ afe a na edi hɔ no ano. Saa afe no mu na na merebefi mfitiase sukuu ase. Wɔpam me ne me papa nuanom mma fii sukuu esiane sɛ yɛankyia frankaa nti. Ná yɛkɔ sukuu hɔ da biara kɔhwɛ sɛ ebia sukuu no mpanyimfo no asesa wɔn adwene anaa. Yɛfaa nnua ase anɔpa mpɛn pii kɔɔ sukuu hɔ, nanso sɛ yekodu hɔ a, na wɔpam yɛn ma yɛsan kɔ fie. Ne nyinaa akyi no, metee nka sɛ na ɛyɛ ɔkwan a yɛrefa so adi nokware ama Onyankopɔn Ahenni no.

Nanso, ankyɛ na United States Asɛnnibea Kunini no hyɛɛ mmara sɛ ɛnyɛ nhyɛ sɛ obi bekyia frankaa. Afei, yetumi kɔɔ sukuu. Ná ɔkyerɛkyerɛfo no yam ye paa, na ɔkyerɛɛ yɛn nneɛma a na wɔasua agu yɛn akyi no. Yɛn mfɛfo sukuufo no nso dii yɛn ni.

Mekae ɔmantam nhyiam a yɛyɛe wɔ afe 1942 mu wɔ Cleveland, Ohio no nso. Ɛhɔ na Onua Nathan H. Knorr maa ɔkasa a n’asɛmti ne “Peace—Can It Last?” (Asomdwoe—So Ɛbɛkyɛ?) Adiyisɛm ti 17 ho nkyerɛkyerɛmu yi ma yehui sɛ asomdwoe kakra bɛba wɔ Wiase Ko II no akyi. Enti yɛhwɛɛ kwan sɛ ɔsom adwuma no mu bɛkɔ so atrɛw. Nea ɛbɛyɛ na yɛasiesie yɛn ho ama nkɔso a ɛte saa a ɛbɛba no, wobuee Gilead Sukuu no wɔ afe 1943 mu. Manso ho dae da sɛ daakye mɛkɔ sukuu no bi. Sɛnea na yɛrehwɛ kwan no, asomdwoe bae wɔ ɔko no akyi, na ɔtaa no ano brɛɛ ase. Nanso, sɛnea mekaa ho asɛm mfiase no, bere a Korea Ko no fii ase wɔ afe 1950 mu no, mpofirim ara na wɔsan sɔre tiaa asɛnka adwuma no bio.

Manya Ntrɛwmu no mu Kyɛfa Kɛse

Miwiee ntoaso sukuu wɔ afe 1954 mu, na mifii akwampae adwuma ase wɔ ɔsram a edi hɔ no mu. Bere a mesomee wɔ Kennett a ɛwɔ Missouri, baabi a basabasayɛfo betwaa yɛn ho hyiae wɔ afe 1950 mu akyi no, wɔfrɛɛ me kɔɔ Betel wɔ March 1955 mu. Ná Times Square a ɛwɔ New York City kurow no mu no ka asafo a wɔde me kɔɔ mu no asasesin ho. Hwɛ nsonsonoe kɛse ara a na ɛwɔ ha ne akuraase asetena mu! Ná mibue nsɛmma nhoma no mu de emu nsɛm a ɛma nkurɔfo susuw nneɛma ho kɔ akyiri kyerɛ wɔn, na na mibisa wɔn sɛ, “So woabisa wo ho saa asɛm yi pɛn?” Na saa a meyɛe no ma mitumi ne nnipa a wɔte New York a wonni adagyew no kasae ma wotiee me. Nnipa pii gyee nsɛmma nhoma no.

Nneɛma a na m’ani gye ho wɔ Betel no mu biako ne daa asɛm a wɔyɛ no anɔpa a na Onua Knorr hwɛ so no. Ná otumi kyerɛkyerɛ kyerɛw nsɛm mu ma ɛyɛ anigye paa, na na ɔkyerɛkyerɛ mu ma ɛfa yɛn ho! Ná ɔkasa kyerɛ anuanom mmerante a na yɛyɛ asigyafo no te sɛ nea agya bi kasa kyerɛ ne babarima, na mpɛn pii no, na ɔde afotu ma yɛn wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛne mmea di ho. Eduu afe 1960 mu no, na mayɛ m’adwene sɛ mɛware.

Mede krataa a ɛkyerɛ sɛ mepɛ sɛ mifi Betel wɔ nnafua 30 akyi kɔmaa mpanyimfo no, nanso me nsa anka mmuae biara. Bere a nnafua 30 no dui no, ɛmfa ho sɛ na mefɛre ade paa no, minyaa akokoduru bisae sɛ wɔn nsa aka krataa a ɛkyerɛ sɛ mepɛ sɛ mifi Betel no anaa. Onua Robert Wallen na ɔne me kasae wɔ telefon so, na ɛno akyi no, ɔbaa baabi a na mereyɛ adwuma no. Obisaa me sɛ m’ani begye ho sɛ mɛyɛ ɔkwampaefo titiriw anaa ɔmansin sohwɛfo. Mibuae sɛ: “Bob, na sɛ madi mfe 24 pɛ, na minni osuahu biara nso.”

Mifii Ɔmansin Adwuma Ase

Bere a mekɔɔ me dan mu saa da no anwummere no, mikohuu nhoma kotoku kɛse bi sɛ ɛda hɔ. Ná ɔkwampaefo titiriw akwammisa krataa ne ɔmansin sohwɛfo de na ɛhyɛ mu. Ei, me na mini! Me ho dwiriw me paa! Ɛno ma minyaa hokwan a na misusuw sɛ ɛmfata me, sɛ́ mɛkɔ akɔsom me nuanom sɛ ɔmansin sohwɛfo wɔ Missouri anafo fam atɔe ne Kansas apuei fam. Nanso, ansa na merefi Betel no, mekɔɔ ahwɛfo akwantufo nhyiam bi. Bere a Onua Knorr de ne kasa reba awiei no, ɔkae sɛ: “Ɔmansin ne ɔmantam so ahwɛfo a wɔayɛ mo no nkyerɛ sɛ mo ho akokwaw sen anuanom a morekɔsom wɔn no. Wɔn mu binom wɔ osuahu pii kyɛn mo, nanso wɔn nsɛm tebea na ɛmma wontumi nsom sɛ ahwɛfo akwantufo. Mubetumi asua nneɛma pii afi wɔn hɔ.”

Mihui sɛ saa asɛm no yɛ nokware paa! Onua Fred Molohan ne ne yere, ne ne nuabarima Charley a ofi Parsons a ɛwɔ Kansas no yɛ anuanom a na wɔn ho akokwaw paa. Ná wɔasua nokware no dedaadaw wɔ afe 1900 mfe no mfiase. Hwɛ sɛnea m’ani gyei sɛ wɔkaa osuahu a wonyae ansa na wɔrewo me no kyerɛɛ me! Onua foforo ne John Wristen a na n’ani afi a na ne yam ye no. Ná ofi Joplin a ɛwɔ Missouri, na na ɔde mfe pii ayɛ akwampae adwuma. Ná saa anuanom mmarima yi wɔ obu kɛse ma teokrase nhyehyɛe. Ɛmfa ho sɛ na meyɛ aberante no, wɔma mihui sɛ wobu me sɛ wɔn mansin sohwɛfo.

Wɔ afe 1962 mu no, mewaree Cloris Knoche a ɔyɛ ɔkwampaefo a ne ho yɛ anika na ne ti nhwi yɛ kɔkɔɔ no. Me ne Cloris kɔɔ so yɛɛ ɔmansin adwuma no. Anuanom afie a yɛtenae no boaa yɛn ma yehuu wɔn yiye. Yetumi hyɛɛ mmabun nkuran ma wofii bere nyinaa som adwuma no ase. Mmabun baanu a na wɔwɔ ɔmansin no mu a wɔn din de Jay Kosinski ne JoAnn Kresyman de anigye gyee nkuranhyɛ a ɛte saa no toom. Bere a na yɛne wɔn reyɛ asɛnka adwuma no na yɛkaa anigye a ɛwɔ obi ho a ɔde bɔ afɔre mu ho asɛm kyerɛɛ wɔn no, ɛhyɛɛ wɔn nkuran ma wɔde botae ahorow sisii wɔn ani so. JoAnn bɛyɛɛ ɔkwampaefo titiriw, na Jay kɔsomee wɔ Betel. Akyiri yi, wɔn baanu no waree, na seesei wɔde bɛyɛ mfe 30 ayɛ ɔmansin adwuma no.

Asɛmpatrɛw Adwuma

Wɔ afe 1966 mu no, Onua Knorr bisaa yɛn sɛ yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛkɔ akɔsom wɔ ɔman foforo so anaa. Yebuae sɛ: “Yɛn ani gye wɔ baabi a yɛwɔ no, nanso sɛ ɛho hia sɛ yɛkɔboa wɔ baabi foforo nso a, yɛbɛkɔ.” Dapɛn biako akyi no, wɔfrɛɛ yɛn ma yɛkɔɔ Gilead Sukuu no bi. Bere a yɛwɔ sukuu no, hwɛ sɛnea m’ani gyei sɛ mesan kɔtoo anuanom a medɔ wɔn na mibu wɔn no mu pii wɔ Betel hɔ! Yɛne yɛn mfɛfo sukuufo a wɔde nokwaredi asom de abesi nnɛ no faa nnamfo.

Wɔde me ne Cloris, ne Dennis ne Edwina Crist, Ana Rodríguez, ne Delia Sánchez, kɔɔ Ecuador a ɛwɔ Amerika Anafo fam no. Wɔde Dennis ne Edwina Crist kɔɔ Quito a ɛyɛ ɔman no ahenkurow mu. Wɔde me ne me yere, ne Ana ne Delia, kɔɔ Cuenca a ɛyɛ kurow kɛse a ɛto so abiɛsa wɔ Ecuador no mu. Asasesin a wɔde maa yɛn no yɛ amantam abien. Yefii asafo a edi kan wɔ Cuenca no ase wɔ asa a na ɛwɔ yɛn fie no so. Nnipa foforo baanu bɛkaa yɛn baanan a wɔde yɛn kɔɔ hɔ no ho ma yehyiaam wɔ hɔ. Ná yenhu sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi aka asɛm no wɔ asasesin no mu nyinaa.

Ná asɔreasɔre dɔɔso wɔ Cuenca, na na edu nea wɔfrɛ no nna kronkron no a, na asɔrefo no to santen fa kurow no mu nyinaa. Nanso, na nnipa a wɔte Cuenca no wɔ nsɛmmisa pii. Sɛ nhwɛso no, bere a edi kan a mihyiaa Mario Polo a ɔyɛ sakreka mu nkonimdifo wɔ Cuenca no, obisaa me asɛm bi maa me ho dwiriw me. Obisaa me sɛ: “Hena ne aguaman a wɔaka ne ho asɛm wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no?”

Bere foforo no, Mario baa yɛn fie anadwo a na wayɛ basaa. Ná ɔsɔfo bi ama no nhoma bi a ɛkasa tia Yehowa Adansefo denneennen. Me ne Mario susuw ho ma ohui sɛ sɛ wɔka asɛm to obi so a, ɛsɛ sɛ wɔma no kwan ma oyi ne ho ano. Enti ade kyee no, Mario frɛɛ me ne ɔsɔfo no baa ne fie sɛ memmra mmeyi nsɛm no ano. Bere a yehyiae no, mekae sɛ wɔmma yensusuw Baasakoro nkyerɛkyerɛ no ho. Bere a ɔsɔfo no kenkan Yohane 1:1 no, Mario ankasa kyerɛkyerɛɛ nsonsonoe a ɛwɔ Hela nsɛmfua a egyina hɔ ma “Onyankopɔn” ne “onyame” no mu. Na saa ara na ɔyɛe wɔ kyerɛwsɛm biara a yɛtwee adwene sii so no ho. Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔsɔfo no fii hɔ a wantumi ankyerɛkyerɛ Baasakoro no mu. Eyi maa Mario ne ne yere gye dii sɛ yɛn na yɛwɔ nokware no, na wɔbɛyɛɛ nkurɔfo a wɔkyerɛkyerɛ Bible mu nsɛm mu yiye kyerɛ afoforo. Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yɛahu sɛ asafo dodow a ɛwɔ Cuenca kurow no mu akodu 33, na asafo dodow a ɛwɔ asasesin a wodii kan de maa yɛn no mu nyinaa akodu 63—ɛyɛ ntrɛwmu kɛse ampa!

Mahu Ntrɛwmu a Aba Bere a Mewɔ Baa Dwumadibea Hɔ

Wɔ afe 1970 mu no, wɔka kyerɛɛ me sɛ me ne Al Schullo nkɔ baa dwumadibea a ɛwɔ Guayaquil no. Yɛn baanu kɔyɛɛ adwuma wɔ baa dwumadibea hɔ. Ná Joe Sekerak de ne bere fã hyehyɛ nhoma ma wɔde kɔma asafo ahorow 46 a ɛwɔ ɔman no mu nyinaa no. Cloris yɛɛ asɛmpatrɛw adwuma kosii bere bi, ɛnna me nso meyɛɛ adwuma wɔ Betel. Cloris atumi aboa nnipa 55 ma wɔabɔ asu, na mpɛn pii no, na ne Bible asuafo bɛyɛ baasa kosi baanum bɔ asu wɔ nhyiam ase.

Sɛ nhwɛso no, Cloris ne ɔbea bi a wɔfrɛ no Lucresia a na ne kunu sɔre tia no suaa Bible. Nanso, ne nyinaa akyi no, Lucresia bɔɔ asu, na ofii ase yɛɛ daa akwampae adwuma. Ɔkyerɛkyerɛɛ ne mma Yehowa akwan. Seesei, ne mmabarima baanu yɛ asafo mu mpanyimfo, na obiako yɛ ɔkwampaefo titiriw; ne babea yɛ ɔkwampaefo. Ne banana waree onuabarima bi a ɔyɛ nhwɛso pa, na wɔn baanu nso resom sɛ akwampaefo atitiriw. Saa abusua yi aboa nnipa pii ma wɔabehu nokware no.

Eduu afe 1980 no, na adawurubɔfo bɛyɛ 5,000 na wɔwɔ Ecuador. Ná yɛkyere so wɔ yɛn ɔfese ketewa no mu. Onuabarima bi maa yɛn asase a ne kɛse yɛ hekta 32 wɔ Guayaquil kurotia. Wɔ afe 1984 mu no, yefii ase sii baa dwumadibea foforo ne Nhyiam Asa wɔ asase no so, na yehyiraa so wɔ afe 1987 mu.

Nnipa Pii Afi Wɔn Pɛ mu Aboa Ma Adwuma no mu Atrɛw

Ɛyɛ anigye sɛ mfe pii a atwam no, adawurubɔfo ne akwampaefo pii fi aman foforo so baa Ecuador bɛboae wɔ baabi a wohia nnipa pii ma wɔaka Ahenni no ho asɛm no. Saa nnipa no mu biako a mekae no paa ne Andy Kidd a na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo a wakɔ pɛnhyen a ofi Canada no. Otu baa Ecuador wɔ afe 1985 mu bere a na wadi mfe 70, na ɔde nokwaredi somee kosii sɛ owui wɔ afe 2008 mu a na wadi mfe 93. Ɛda a edi kan a mihuu no wɔ asasesin a ɔyɛ mu adwuma mu no, na ɔno nkutoo na ɔyɛ asafo mu panyin wɔ asafo ketewaa bi mu. Ná ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛka Spania kasa, nanso ɔmaa baguam ɔkasa, na ɛno akyi no, ɔhwɛɛ Ɔwɛn-Aban Adesua no so. Ɔsan nso hwɛɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no so, na ɔyɛɛ Ɔsom Nhyiam dwumadi dodow no ara! Seesei asafo abien a ɛrenya nkɔso na ɛwɔ mpɔtam hɔ, na adawurubɔfo a wɔwɔ hɔ reyɛ adu 200, na wɔanya asafo mu mpanyimfo pii a wofi hɔ nso.

Onuabarima foforo a ɔne n’abusua tu baa Ecuador ne Ernesto Diaz a ofi United States. Bere a odii asram awotwe wɔ hɔ akyi no, ɔkae sɛ: “Yɛn mma baasa no ate hɔ kasa no ntɛm, na wotumi kyerɛkyerɛ yiye. Me a meyɛ agya no atumi ayɛ biribi a na ɛte sɛ nea merentumi nyɛ wɔ saa wiase yi mu—sɛ́ mɛyɛ daa ɔkwampaefo, na me ne m’abusua nyinaa ayɛ bere nyinaa som adwuma no. Sɛ yɛde Bible adesua dodow a yɛn nyinaa yɛ bom a, esi 25. Eyinom nyinaa ama yɛn abusua no ayɛ biako, na nea ɛsen ne nyinaa no, yɛabɛn Yehowa sen bere biara a atwam.” Hwɛ sɛnea yɛn ani sɔ saa anuanom mmarima ne mmea a yɛdɔ wɔn yi!

Yɛtrɛw baa dwumadibea no mu wɔ afe 1994 mu ma ɛbɛyɛɛ mmɔho abien. Wɔ afe 2005 mu no, adawurubɔfo dodow a yenyae no boroo 50,000 ma enti, ɛho behiae sɛ yɛsan trɛw baa dwumadibea no mu. Yɛtrɛw Nhyiam Asa a na ɛwɔ hɔ no mu, na yesii ɔdan foforo a Betel adwumayɛfo bɛda mu ne ɔfese a wɔn a wɔkyerɛ kasa ase bɛyɛ adwuma wom. Yehyiraa adan foforo yi so October 31, 2009.

Bere a wɔpam me fii sukuu wɔ afe 1942 mu no, na adawurubɔfo bɛyɛ 60,000 na wɔwɔ United States. Seesei adawurubɔfo a wɔwɔ hɔ boro ɔpepem biako. Bere a yɛbaa Ecuador wɔ afe 1966 mu no, na Ahenni adawurubɔfo bɛyɛ 1,400 na wɔwɔ ha. Ɛnnɛ, yɛboro 68,000. Ɛda adi sɛ Bible adesua 120,000 a yɛyɛ, ne nnipa bɛboro 232,000 a wɔbaa Kristo wu Nkaedi no bi wɔ afe 2009 mu no bɛma yɛanya adawurubɔfo pii. Nokwarem no, Yehowa ahyira ne nkurɔfo wɔ ɔkwan a yɛanna annwen ho saa da so. Hwɛ sɛnea ɛyɛ me anigye sɛ mete ase wɔ bere ne baabi a ɔsom adwuma no mu retrɛw kɛse! *

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 34 Bere a yɛrekyerɛw saa asɛm yi ma wɔatintim no na Harley Harris wui, na na wasom Yehowa nokwaredi mu.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Nhyiam a yɛyɛe wɔ petee mu (1981) ne Guayaquil Nhyiam Asa (2009) wɔ asase koro no ara so