Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Ɛboa Me ma Midu Nkurɔfo Koma Mu’

‘Ɛboa Me ma Midu Nkurɔfo Koma Mu’

‘Ɛboa Me ma Midu Nkurɔfo Koma Mu’

BERE bi a atwam no, amanaman no yɛɛ nhyiam bi de susuw asetena mu nsɛm ho wɔ Porto Alegre a ɛyɛ kurow a ɛda mpoano wɔ Brazil anafo fam no. Nnipa ɔpedudu pii a wofi aman 135 so na wɔkɔɔ nhyiam no bi. Sɛ na edu bere a nnipa a wɔbaa nhyiam no regye wɔn ahome a, na Adansefo bi a wofi Porto Alegre asafo mu kɔ wɔn mu pii nkyɛn kɔka Ahenni no ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no kyerɛ wɔn. Wɔyɛɛ dɛn tumi ne wɔn kasae?

Ɔkwampaefo bi a wɔfrɛ no Elizabete kae sɛ: “Yɛde Good News for People of All Nations” nhomawa no na edii dwuma. Ɔsan kae sɛ: “Ná nnipa a wɔbaa nhyiam no mu pii ntee Ahenni no ho asɛmpa no da, nanso wɔde anigye tiee asɛm a yɛka kyerɛɛ wɔn no. Yɛne nnipa a wofi Bolivia, China, France, India, Israel, ne Nigeria kasae. Ná yɛwɔ Bible ho nhoma a ɛwɔ wɔn mu binom kurom kasa mu, na wɔde anigye gyei.”

Wɔ Mexico no, ɔkwampaefo bi a wɔfrɛ no Raúl nso de nhomawa yi di dwuma ma ɛsow aba pa. Bere bi a atwam no, ɔkɔɔ Arabni barima bi a wadi mfe 80 a na ne yere wui nkyɛe nkyɛn. Bere a ɔbarima no kenkan nhomawa no fã a ɛka Ahenni no ho asɛm wɔ Arab kasa mu wiei no, n’ani gyei araa ma nusu guu no. Dɛn ntia? Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛne sɛ wobeyi owu afi hɔ a ɛwɔ Adiyisɛm 21:3, 4 a ɔbarima no kenkanee wɔ ne kurom kasa mu no kaa ne koma paa. Bere foforo nso a na Raúl reyɛ bɔnnɔ so adansedi no, ohyiaa ɔbarima bi a ɔka Portugal kasa. Ná saa ɔbarima no nso babarima a ɔdɔ no awu. Raúl ma ɔkenkan baabi a Portugal kasa wɔ wɔ nhomawa no mu. Bere a ɔbarima no kenkan wiei no, ɔkae sɛ ɔpɛ sɛ ohu Bible mu nsɛm pii, na ɔpenee so ma wɔne no suaa Bible.

Raúl de Good News for People of All Nations nhomawa no adi wɔn a wɔka Armenia, China, Borɔfo, Franse, German, Hindi, Korea, Mixe, Persia, Russia, ne Zapotec kasa adanse. Ɔka sɛ: “Mahu mfaso a ɛwɔ so sɛ mede saa nhomawa yi bedi dwuma wɔ asɛnka mu. Sɛ mintumi nka nnipa bi kasa mpo a, ɛboa me ma midu wɔn koma mu.”

Bere a nnipa pii retutu akwan akɔtena amannɔne no, yenya hokwan hyia nnipa pii a wɔka kasa foforo. Sɛ yɛde Good News for People of All Nations nhomawa no di dwuma a, yebetumi aka Ahenni no ho asɛm akyerɛ wɔn. So wode hyɛ wo ho?

[Mfonini wɔ kratafa 32]

Raúl kura nhomawa a ɛboa no ma odu nkurɔfo koma mu no