Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mereyɛ Pii Wɔ Yehowa Ahyehyɛde No Mu

Mereyɛ Pii Wɔ Yehowa Ahyehyɛde No Mu

Mereyɛ Pii Wɔ Yehowa Ahyehyɛde No Mu

Sɛnea Vernon Zubko ka kyerɛe

WƆTETEE me wɔ afuw bi mu wɔ baabi a ɛbɛn Stenen a ɛyɛ akuraa bi a ɛwɔ Saskatchewan mantam mu wɔ Canada. M’awofo a wɔfrɛ wɔn Fred ne Adella bɔɔ mmɔden paa kyerɛkyerɛɛ me ne me nuabea panyin Aurellia, ne me nuanom nkumaa Alvin, Allegra, ne Daryl Yehowa ho ade, na wɔmaa yɛn nsa kaa yɛn honam fam ahiade nso. Ɛde besi nnɛ, yɛn ani da so ara sɔ sɛ yɛn awofo de nokware no kyerɛkyerɛɛ yɛn.

Ná Paapa a ɔyɛ Kristoni a wɔasra no no yɛ ɔsɛmpakafo a ɔwɔ akokoduru. Ɔyeree ne ho yɛɛ adwuma de hwɛɛ n’abusua, nanso ɔmaa obiara hui nso sɛ ɔyɛ Ɔdansefo. Ná ɔka nokware no ho asɛm bere nyinaa. Me werɛ remfi nsi ne akokoduru a na ɔwɔ no da. Ná ɔtaa ka kyerɛ me sɛ: “Kɔ so yɛ pii wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu, na worenhyia ɔhaw pii.”

Ná yɛtaa di adanse wɔ abɔnten so wɔ Stenen ne mmeae a ɛbemmɛn hɔ. Me de, ɛtɔ da bi a na ɛyɛ den ma me. Ná nnipa a wɔyɛ ahunahuna wɔ kurow biara mu, na na wɔba yɛn a yɛyɛ mmofra no nkyɛn bedi yɛn ho fɛw. Bere a midii mfe awotwe no, da bi, na migyina mmantweaa bi a na mikura Ɔwɛn-Aban ne Awake!, ɛnna mmofra bi betwaa me ho hyiae. Wotuu me kyɛw foforo a na mehyɛ no de too dua bi a na esi me nkyɛn so. Anigyesɛm ne sɛ, onua bi a na n’ani afi a na n’ani wɔ me ho no huu nea na ɛrekɔ so no. Ɔbaa me nkyɛn bebisaa me sɛ, “Vern, ɛyɛ dɛn asɛm?” Ɛhɔ ara na mmarimaa no guanee. Ɛwom sɛ saa asɛm no haw me kakra de, nanso ɛma mihui sɛ sɛ obi redi adanse wɔ abɔnten so a, ɛnsɛ sɛ ogyina faako te sɛ dua, na mmom, ɛsɛ sɛ otutu so. Ntetee a ɛte saa a minya fii me mmofraase no nso ma minyaa akokoduru a mede bedi adanse wɔ afie afie.

Wɔbɔɔ me ne Alvin asu wɔ May 1951 mu. Ná madi mfe 13. Meda so ara kae sɛ Onua Jack Nathan a ɔmaa asubɔ kasa no hyɛɛ yɛn nkuran sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma ɔsram biako mpo pa yɛn ti so a yɛrenka Yehowa ho asɛm. * Bere nyinaa, na yɛn abusua no bu akwampae adwuma no sɛ ɛno ne adwuma pa a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Enti bere a miwiee sukuu wɔ afe 1958 mu no, mitu kɔɔ Winnipeg a ɛwɔ Manitoba kɔyɛɛ akwampae adwuma. Ɛwom sɛ na Paapa ani gye ho sɛ me ne no bɛyɛ adwuma a na yɛn abusua no yɛ, a na m’adwuma ne sɛ mepa ntaboo so de, nanso ɔne Maame hyɛɛ me nkuran denneennen sɛ menyɛ bere nyinaa som adwuma no, na wɔpenee so sɛ mintu nkɔ Winnipeg.

Ofie Foforo ne Ɔhokafo Foforo

Wɔ afe 1959 mu no, baa dwumadibea no too nsa frɛɛ obiara a na obetumi akɔ Quebec a na wohia asɛmpakafo pii wɔ hɔ no sɛ ɔnyɛ saa. Mekɔyɛɛ akwampae adwuma wɔ Montreal. Ná ɛyɛ soronko koraa! Ná ɛyɛ biribi foforo koraa wɔ m’asetena mu, efisɛ na meresua Franse kasa ne sɛnea mehu ɛhɔnom asetena. Yɛn ɔmansin sohwɛfo ka kyerɛɛ me sɛ, “Nka da sɛ, ‘Saa na yɛyɛ no wɔ me kurom.’” Ná ɛyɛ afotu pa.—1 Kor. 9:22, 23.

Bere a mitu kɔɔ Quebec no, na minni ɔhokafo a me ne no yɛ akwampae adwuma no. Nanso, onuawa ababaa bi a wɔfrɛ no Shirley Turcotte a na mahyia no pɛn wɔ Winnipeg no bɛyɛɛ me hokafo bere a yɛwaree wɔ February 1961 mu no. Ná ɔno nso fi abusua a wɔdɔ Yehowa mu. Saa bere no, manhu no yiye sɛ na ɔbɛhyɛ me den na wahyɛ me nkuran kɛse paa wɔ yɛn asetena mu.

Yɛkaa Asɛm no wɔ Gaspé

Yɛwaree akyi mfe abien no, wɔpaw yɛn sɛ yɛnkɔyɛ akwampaefo atitiriw wɔ Rimouski a ɛwɔ Quebec. Wɔ osutɔbere a na edi hɔ no, baa dwumadibea no ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔka asɛm no wɔ Gaspé Peninsula a ɛwɔ Canada apuei fam mpoano no. Ná yɛn dwumadi ne sɛ yebegu nokware aba no pii sɛnea yebetumi. (Ɔsɛnk. 11:6) Yɛhyehyɛɛ nsɛmma nhoma bɛboro 1,000 ne nhoma bɛyɛ 400, ne aduan ne ntade guu yɛn kar mu, na yesii mu kɔyɛɛ asɛnka adwuma no ɔsram biako. Yɛyɛɛ nkuraa nketenkete a na ɛwɔ Gaspé no nyinaa mu adwuma fefeefe. Radio adwumayɛbea a na ɛwɔ kurom hɔ no bɔɔ nkurɔfo no kɔkɔ sɛ Adansefo no reba, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ mma wonnye yɛn nhoma ahorow no. Nanso, kurom hɔfo dodow no ara ante nkaebɔ no ase yiye, na wɔfaa no sɛ na wɔrebɔ yɛn nhoma no ho dawuru, enti wogyee yɛn nhoma no.

Wɔ saa mfe no mu no, na nnipa a wɔwɔ Quebec afã bi nnim no yiye sɛ yɛwɔ hokwan sɛ yɛka asɛm no, enti na polisifo taa ka kyerɛ yɛn sɛ yennyae asɛm no ka. Bere bi a na yɛreka asɛm no wɔ kurow bi mu a ɛkame ayɛ sɛ na ofie biara mufo regye nhoma no, polisifo no ka kyerɛɛ yɛn sɛ yennyae. Polisini bi ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛne no nkɔ wɔn adwuma mu, na yɛne no kɔe. Mihui sɛ na kurow no mmaranimfo no ahyɛ mmara sɛ wɔmma yennyae asɛm no ka. Esiane sɛ na ɛhɔnom polisi panyin no nni hɔ saa da no nti, mede krataa bi a efi baa dwumadibea a na wɔakyerɛkyerɛ hokwan a yɛwɔ sɛ yɛka asɛmpa no mu yiye wom no maa mmaranimfo no. Bere a mmaranimfo no kenkan krataa no wiei no, ntɛm ara na ɔkae sɛ: “Hwɛ, mempɛ asɛm biara. Ɛyɛ ɔsɔfo a ɔwɔ ha no na ɔka kyerɛɛ me sɛ memma munnyae.” Esiane sɛ na yɛpɛ sɛ nkurɔfo a wɔwɔ asasesin no mu hu sɛ wɔmmaraa yɛn adwuma no nti, ntɛm ara na yɛsan kɔɔ baabi a polisifo no kae sɛ yennyae no, na yɛsan kɔkaa asɛm no wɔ hɔ.

Ɛda a edi hɔ anɔpa no, bere a yɛsan kɔɔ polisi panyin no hɔ na ɔtee sɛ wɔaka akyerɛ yɛn sɛ yennyae asɛm no ka no, ne bo fuwii. Worenya sɛnea ɔne mmaranimfo no kasae wɔ telefon so no ahwɛ! Polisi panyin no ka kyerɛɛ yɛn sɛ, sɛ yehyia ɔhaw biara a, yɛmfrɛ ɔno ankasa na obedi ho dwuma. Ɛwom mpo sɛ na yɛyɛ ahɔho, na na yɛnte Franse kasa no papa de, nanso yehui sɛ na nkurɔfo no yam ye, na wɔpɛ ahɔhoyɛ nso. Nanso yebisaa yɛn ho sɛ, ‘So nkurɔfo yi begye nokware no da bi?’ Yenyaa ho mmuae mfe bi akyi bere a yɛsan kɔɔ Gaspé kosisii Ahenni Asa wɔ hɔ nyinaa no. Yehui sɛ wɔn a yedii wɔn adanse no mu bebree abɛyɛ yɛn nuanom seesei. Nokwarem no, Yehowa ne nea ɔma enyin.—1 Kor. 3:6, 7.

Yenyaa Agyapade

Yɛwoo yɛn babea Lisa wɔ afe 1970 mu. Saa agyapade a Yehowa de maa yɛn yi maa yɛn anigye bɛyɛɛ kɛse. Me ne me yere ne Lisa boae ma wosisii Ahenni Asa pii. Bere a Lisa wiee sukuu no, ɔkae sɛ: “Maame ne Paapa, esiane sɛ me na mema mugyaee bere nyinaa som adwuma no kakra nti, mɛyɛ ɔkwampaefo de ahyɛ ananmu.” Lisa ayɛ akwampae adwuma bɛboro mfe 20, na ɔda so ara som sɛ ɔkwampaefo, na seesei de, ɔne ne kunu Sylvain na ɛreyɛ. Wɔn baanu anya hokwan abom aboa ma wɔasisi adan wɔ aman pii so. Yɛn abusua no botae ne sɛ yɛbɛyɛ yɛn ho awiɛmfoɔ na yɛde yɛn ho ama Yehowa som adwuma no. Me werɛ mfii asɛm a Lisa kae bere a ofii akwampae adwuma ase no. Nokwasɛm ne sɛ, ɔkanyan me ma mesan fii bere nyinaa som adwuma no ase wɔ afe 2001 mu, na makɔ so ayɛ akwampae adwuma no fi saa bere no abesi nnɛ. Akwampae adwuma a meyɛ no ama makɔ so ahu sɛ ɛsɛ sɛ mede me ho to Yehowa so wɔ biribiara a meyɛ mu na meyɛ me ho ɔwiɛmfoɔ, na ama manya anigye ne abotɔyam.

Adansi Adwuma Gye Ɔdɔ ne Nokwaredi

Yehowa ama mahu sɛ sɛ yɛde yɛn ho ma no na yɛyɛ adwuma biara a ɔde ma yɛn a, yebenya nhyira pii. Ɔmantam Adansi Boayikuw no a me ne wɔn ayɛ adwuma, ne me nuanom mmarima ne mmea a me ne wɔn abom asisi adan wɔ Quebec ne mmeae foforo no yɛ hokwan a ɛsom bo a manya.

Ɛwom sɛ ebia atuhoamafo binom ntumi mma ɔkasa a etu mpɔn wɔ asɛnka agua so de, nanso wɔ mmeae a wɔresisi Ahenni Asa no de, wɔhyerɛn te sɛ nsoromma. Yɛn nuanom a yɛdɔ wɔn yi de wɔn koma nyinaa hyɛ adwuma a wɔyɛ no mu, na wɔn dom akyɛde nso da adi. Nea efi adwuma a wɔyɛ no mu ba bere nyinaa ne ɔdan fɛfɛ a yɛsom Yehowa wom.

Nkurɔfo abisa me sɛ, “Su ahorow bɛn na ɛho hia paa sɛ obi a watu ne ho ama resisi Ahenni Asa nya?” Nea mahu ne sɛ, nea edi kan koraa no, ɛsɛ sɛ onii no dɔ Yehowa ne ne Ba no, na ɔdɔ anuanom nso. (1 Kor. 16:14) Nea ɛto so abien, ɛsɛ sɛ odi nokware. Sɛ nneɛma ankɔ yiye sɛnea yɛpɛ a—na ɛbɛba saa nso—obi a ɔyɛ ɔnokwafo bɛkɔ so adi teokrase akwankyerɛ akyi. Nokwaredi bɛma watu ne ho ama ayɛ nnwuma a ɛte saa daakye.

Meda Yehowa Ase

Ɛwom sɛ me papa wui wɔ afe 1985 mu de, nanso meda so ara kae afotu a ɔde maa me sɛ menkɔ so nyɛ pii wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu no. Ne nsa aka ne dwumadi wɔ Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro no mu te sɛ afoforo a wɔaka no, na akyinnye biara nni ho sɛ, ɔreyɛ pii. (Adi. 14:13) Seesei, Maame adi mfe 97. Esiane sɛ ne fã adwudwo nti, seesei ontumi nkasa yiye; nanso ɔda so ara nim Bible mu. Sɛ ɔrekyerɛw nkrataa a, ɔfa kyerɛw nsɛm mu nsɛm ka wom, na ɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkɔ so nsom Yehowa nokware mu. Hwɛ sɛnea yɛn a yɛyɛ wɔn mma no nyinaa ani sɔ sɛ yenyaa awofo a wɔdɔɔ yɛn saa!

Meda Yehowa ase nso sɛ wama manya Shirley a ɔyɛ ɔhokafo nokwafo. Shirley de afotu a ne maame de maa no a ɛda ne koma so no yɛ adwuma. Ne maame ka kyerɛɛ no sɛ, “Vern bɛkɔ so ayɛ pii wɔ nokware no mu, na ɛsɛ sɛ wuhu sɛ afoforo nso begye ne bere no bi.” Bere a yɛwaree mfe 49 a atwam ni no, yesii gyinae sɛ yɛbɛbom asom Yehowa akosi sɛ yɛbɛbɔ akwakoraa ne aberewa, na sɛ yɛn baanu nya nkwa wɔ nhyehyɛe yi awiei a, yɛbɛsan ayɛ aberante ne ababaa na yɛakɔ so asom no akosi daa. Nokwarem no, ‘yɛayɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu.’ (1 Kor. 15:58) Yehowa nso ahwɛ yɛn paa, na wama yɛn nsa aka adepa biara a yehia.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 6 Sɛ wopɛ sɛ wuhu Jack Halliday Nathan asetena mu nsɛm a, hwɛ September 1, 1990, Borɔfo Ɔwɛn-Aban no kratafa 10-14.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

“Yɛn abusua no botae ne sɛ yɛbɛyɛ yɛn ho awiɛmfoɔ na yɛde yɛn ho ama Yehowa som adwuma no”