Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mommoa Mmofra Ma Wonhu Yehowa Ahyehyɛde no Yiye

Mommoa Mmofra Ma Wonhu Yehowa Ahyehyɛde no Yiye

Mommoa Mmofra Ma Wonhu Yehowa Ahyehyɛde no Yiye

MMOFRA ani gye adesua ho. Susuw nsɛmmisa a ɛbɛyɛ sɛ na ɛwɔ Israelfo mma adwenem wɔ anadwo a wodii Twam a edi kan wɔ Egypt no ho hwɛ: ‘Dɛn nti na wokum oguammaa no?’ ‘Dɛn nti na Paapa de mogya reyɛ apongua no ho?’ ‘Ɛhe na yɛrekɔ?’ Asɛm a na Yehowa aka akyerɛ Israelfo a wɔyɛ agyanom no ma yehu sɛ na Yehowa ani gye ho sɛ mmofra bebisa nsɛm a ɛte saa. Yehowa kaa Twam a na wobedi no daakye ho asɛm kyerɛɛ agyanom sɛ: “Sɛ . . . mo mma bisa mo sɛ, ‘Amanne yi kyerɛ dɛn?’ a, monka sɛ, ‘Ɛyɛ twam afɔre a yɛbɔ ma Yehowa, efisɛ bere a ɔrekunkum Egyptfo no, otwaam faa Israelfo afie ho wɔ Egypt, na oyii yɛn afie fii mu.’” (Ex. 12:24-27) Bere bi akyi no, Yehowa kaee Israelfo a wɔyɛ awofo ma wohuu mfaso a ɛwɔ so sɛ wobebua nsɛmmisa a ɛfa “ahyɛde ne atemmusɛm” a Yehowa de maa wɔn a wɔn mma bebisa wɔn no ho.—Deut. 6:20-25.

Ɛda adi pefee sɛ, na Yehowa pɛ sɛ mmofra tumi nya wɔn nsɛmmisa a ɛfa nokware som ho mmuae a ntease wom—mmuae a ɛbɛkanyan wɔn ma wɔadɔ Yehowa sɛ wɔn Nyankopɔn ne wɔn Gyefo. Ɛnnɛ, Yehowa ani gye ho sɛ mmofra a wɔwɔ yɛn mu nso benya wɔn nsɛmmisa ho mmuae saa ara. Ɔkwan biako a awofo betumi afa so de Onyankopɔn ne ne nkurɔfo ho dɔ adua wɔn mma koma mu ne sɛ wɔbɛboa mmofra no ma wɔahu Yehowa ahyehyɛde no yiye na wɔate sɛnea wonya ne nhyehyɛe so mfaso no ase. Enti momma yensusuw akwan bi a yebetumi afa so aboa mmofra ma wɔasua Onyankopɔn ahyehyɛde no ho ade pii ho.

Asafo a Mowɔ Mu

Ɛho hia sɛ mmofra hu asafo a mo abusua wom no ho nsɛm. Nea ɛbɛma mo a moyɛ awofo no atumi ayɛ saa no, ɛsɛ sɛ mo ne mo mma kɔ Kristofo nhyiam nyinaa. Sɛ moyɛ saa a, na moredi nhwɛso a Yehowa yɛ maa Israelfo no akyi. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommoaboa ɔman no nyinaa ano, mmarima ne mmea ne mmofra . . . , na wontie na wonsua na wonsuro Yehowa mo Nyankopɔn, na wonni mmara yi mu nsɛm nyinaa so. Na wɔn mma a wonnim hwee no ntie na wonsuro Yehowa mo Nyankopɔn.”—Deut. 31:12, 13.

Mmofra betumi afi ase asua Yehowa Asɛm afi wɔn mmofraase. Ɔsomafo Paulo kaa Timoteo ho asɛm sɛ: “Wufi wo mmofraase nso nim nkyerɛwee kronkron no.” (2 Tim. 3:15) Mmofra nkumaa paa mpo tumi te nsɛm a wɔka wɔ nhyiam a wɔkɔ wɔ Ahenni Asa so no ase, na wohu Ahenni nnwom nso to. Ɛhɔ na wosua sɛnea wɔde Bible ne Bible ho nhoma di dwuma na wɔkyerɛ ho anisɔ. Bio nso, wobehu su bi a ɛma wohu wɔn a wɔyɛ Kristo akyidifo ankasa wɔ yɛn asafo nhyiam ahorow ase—ɛno ne ɔdɔ kann. Yesu kae sɛ: “Mede ahyɛde foforo rema mo, sɛ monnodɔ mo ho; sɛnea medɔ mo no, mo nso monnodɔ mo ho saa ara. Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa.” (Yoh. 13:34, 35) Mmofra ani begye ɔdɔ mapa ne abotɔyam ankasa a ɛwɔ Ahenni Asa so hɔ no ho, na ɛbɛboa wɔn ma wɔakɔ Kristofo nhyiam daa wɔ wɔn asetena mu.

Sɛ mode yɛ mo su sɛ mubedu Ahenni Asa so ntɛm, na bere a wɔapɔn nhyiam nso moatwɛn kakra a, mo mma benya kwan ne afoforo afa nnamfo. Sɛ́ anka mobɛma wɔne wɔn atipɛnfo nkutoo abɔ no, dɛn nti na momfa wɔn nkyiakyia anuanom mmarima ne mmea a wɔyɛ mpanyin ne mmofra nyinaa? Sɛ mo mma ne wɔn a wɔanyinyin bɔ a, mo mma no behu sɛ wɔwɔ nyansa ne osuahu a ɛhyɛ nkuran pii. Sɛnea Sakaria a ɔtenaa ase tete a na ‘ɔkyerɛkyerɛ nokware Nyankopɔn suro’ no nyaa aberante Usia a na ɔyɛ Yuda hene so nkɛntɛnso pa no, saa ara na ɛnnɛ, wɔn a wɔde mfe pii asom Yehowa nokwaredi mu no nya mmofra so nkɛntɛnso pa. (2 Be. 26:1, 4, 5) Sɛ mokɔ Ahenni Asa so a, mubetumi nso akyerɛkyerɛ nea wɔde nhomakorabea, amanneɛbɔ pon, ne nneɛma foforo a ɛwɔ hɔ no yɛ mu akyerɛ mo mma.

Wiase Nyinaa Ahyehyɛde No

Ɛho hia sɛ mmofra te ase sɛ asafo a mowɔ mu no ka wiase nyinaa ahyehyɛde a asafo ahorow bɛboro 100,000 na ɛwom no ho. Kyerɛkyerɛ saa ahyehyɛde yi afã ahorow mu kyerɛ wɔn, sɛnea ɛyɛ adwuma, ne asɛyɛde a mmofra wɔ sɛ wɔbɛboa adwuma a ɛyɛ no. Kyerɛ wɔn nea enti a wohwɛ amansin nhyiam, amantam nhyiam, ne ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ kwan.—Hwɛ adaka a asɛmti ne “Nneɛma a Mubetumi Asusuw Ho Bere a Moreyɛ Abusua Som” a ɛwɔ kratafa 28 no.

Sɛ munya hokwan a, monto nsa frɛ ahwɛfo akwantufo, asɛmpatrɛwfo, Betel abusua mufo, ne bere nyinaa asomfo foforo ma wɔmmra mo fie mmedidi. Ɛnsɛ sɛ munya adwene sɛ wonni mmofra ho adagyew. Saa bere nyinaa asomfo yi rebɔ mmɔden sɛ wobesuasua Yesu a ogyee mmofra fɛw so bere nyinaa na ɔne wɔn kasae no. (Mar. 10:13-16) Sɛ mo mma te osuahu a Yehowa asomfo a wɔte saa ka, na wohu anigye a wɔde resom a, ebetumi ama wɔn nso de bere nyinaa som adwuma no asi wɔn ani so.

Dɛn bio na mubetumi ayɛ sɛ abusua de aboa mo mma ma wɔahu Yehowa ahyehyɛde no yiye? Nyansahyɛ ahorow bi ni: Momma abusua no nyinaa nsusuw Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom nhoma no ho. Munsi ahofama, ahobrɛase, ne nokwaredi a Yehowa asomfo ada no adi no so dua. Monkyerɛ wɔn sɛnea Yehowa de wɔn dii dwuma ma wɔtrɛw asɛmpa no mu kɔɔ asase so nyinaa. Monhwɛ video ahorow a Yehowa ahyehyɛde no ayɛ, na momfa nkyerɛkyerɛ wɔn mma wonhu nsɛm a ɛho hia a esisii tete ne nnɛ. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, monkɔhwɛ baa dwumadibea anaa Betel fie a ɛwɔ mo man mu anaa ebia nea ɛwɔ aman foforo so. Nsrahwɛ a ɛte saa bɛma mo mma ahu sɛnea wɔahyehyɛ Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so a akoa nokwafo kuw no kyerɛ no kwan ma ɛde honhom fam aduan ne akwankyerɛ ma anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa sɛnea ɛyɛe wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no ara pɛ.—Mat. 24:45-47; Aso. 15:22-31.

Momma Asɛm no Mfa Abofra Biara Ho

Sɛ morekyerɛkyerɛ mo mma a, momma ɔkwan a Yesu faa so kyerɛkyerɛɛ n’asomafo no ntena mo adwenem. Ɔka kyerɛɛ wɔn bere bi sɛ: “Mewɔ nsɛm pii ka kyerɛ mo, nanso morentumi nsoa seesei.” (Yoh. 16:12) Yesu amfa nsɛm ampuapua n’asuafo no. Mmom no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nokware a ɛho hia no nkakrankakra sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ate ase yiye. Saa ara na ɛnsɛ sɛ mo nso mode nsɛm puapua mo mma. Sɛ mokyerɛkyerɛ wɔn Yehowa ahyehyɛde no ho ade nkakrankakra daa a, ɛbɛma moakɔ so akanyan wɔn anigye, na ama wɔn ani agye Kristofo asafo no ho ade a wɔresua no ho. Bere a mo mma no renyin no, mubetumi atĩ nea wɔasua dedaw no mu na moakyerɛkyerɛ mu akɔ akyiri.

Kristofo asafo no yɛ baabi a yenya mmoa fi a ɛma yɛne Onyankopɔn ntam yɛ papa, na ɛboa mmofra a wɔde nsi yɛ asafo no dwumadi ahorow no bi no yiye ma wotumi ko tia Satan wiase no nhyɛso. (Rom. 12:2) Yɛwɔ awerɛhyem sɛ bere a morekyerɛkyerɛ mo mma ma wɔahu Yehowa ahyehyɛde no yiye no, mubenya anigye pii. Obehyira wɔn ma wɔakɔ so de nokwaredi abata n’ahyehyɛde no ho na wɔabata Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ a yɛsom no no ho.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 28]

Nneɛma a Mubetumi Asusuw Ho Bere a Moreyɛ Abusua Som

Nneɛma bi a ɛfa Yehowa ahyehyɛde no ho a mubetumi asusuw ho bere a moreyɛ Abusua Som a yɛyɛ no anwummere no bi na edidi so yi.

▪ Munsusuw mo asafo no abakɔsɛm ho. Bere bɛn na wɔtew asafo no, na ɛyɛɛ dɛn na wɔtewee? Ahenni Asa ahorow bɛn na asafo no ahyiam wɔ so pɛn? Sɛ morebesusuw saa nsɛm yi ho a, dɛn nti na momfrɛ onua bi a watena mo asafo no mu akyɛ mma mo fie ma ommebua mmofra no nsɛmmisa?

▪ Monka nea enti a yɛyɛ asafo nhyiam ahorow ne nhyiam akɛse nkyerɛ mmofra no, na monkyerɛ wɔn sɛnea wobetumi anya so mfaso.

▪ Munsusuw nea enti a Yehowa ahyehyɛde no ahyehyɛ sukuu ahorow ho. Monka osuahu ahorow a ɛkyerɛ mfaso a afi adwuma a wɔn a wɔawie saa sukuu ahorow yi reyɛ mu aba no ho asɛm nkyerɛ wɔn.

▪ Mommoa mmofra no ma wonhu sɛnea ehia sɛ wɔyɛ asɛmpa no ho adawurubɔfo a wɔkɔ asɛnka daa. Momma wonhu nea wobetumi ayɛ ma wɔde wɔn akontaabu aka wiase nyinaa de a ɛba Yearbook of Jehovah’s Witnesses mu no ho.

▪ Mo ne wɔn nsusuw bere nyinaa som adwuma no afã a mmofra a wɔwɔ Yehowa ahyehyɛde mu betumi ayɛ bi no ho. Eyi ho nsɛm pii wɔ Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no ti 10.

▪ Mommoa mmofra no ma wonhu nea enti a wɔfa akwan bi so yɛ nneɛma bi wɔ asafo no mu. Monkyerɛkyerɛ wɔn nea enti a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ nneɛma bi a ɛne Yehowa ahyehyɛde no akwankyerɛ nhyia wɔ nneɛma nketenkete mpo mu. Momma wonhu ɔkwan a wobetumi afa so adi mpanyimfo no akwankyerɛ akyi de aboa ma biribiara akɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ asafo no mu.

[Mfonini]

Sɛ wo mma fa Yehowa asomfo a wɔde mfe pii asom nnamfo a, ɛbɛboa wɔn

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Sɛnea na ɛte wɔ tete Israel no, sɛ mmofra bisa wɔn awofo nsɛm fa Yehowa ahyehyɛde no ho nnɛ a, wɔbɔ mmɔden ma wɔn mmuae a ntease wom