Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Monkɔ So Nhwehwɛ “Onyankopɔn Trenee” Kan

Monkɔ So Nhwehwɛ “Onyankopɔn Trenee” Kan

Monkɔ So Nhwehwɛ “Onyankopɔn Trenee” Kan

“Enti, monkɔ so nhwehwɛ ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan, na ɔde nneɛma a aka yi nyinaa bɛka ho ama mo.”—MAT. 6:33.

1, 2. Dɛn ne Onyankopɔn trenee, na egyina dɛn so?

“ENTI monkɔ so nhwehwɛ ahenni no . . . kan.” (Mat. 6:33) Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ nim saa afotu a Yesu Kristo de mae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu no yiye. Yɛbɔ mmɔden da no adi wɔ biribiara a yɛyɛ wɔ yɛn asetena mu sɛ yɛn ani gye saa Ahenni nniso no ho, na yɛpɛ sɛ yedi saa Ahenni no nokware. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛkae saa asɛm yi fã a ɛto so abien a ɛne, “ne Onyankopɔn trenee” no nso. Dɛn ne Onyankopɔn trenee, na hwehwɛ a yɛbɛhwehwɛ no kan no kyerɛ dɛn?

2 Wobetumi akyerɛ nsɛmfua a egyina hɔ ma “trenee” no ase nso wɔ kasa a wodii kan de kyerɛw Bible mu no sɛ “atɛntrenee” anaa “tẽẽyɛ.” Enti, Onyankopɔn trenee yɛ sɛnea ɔde ne gyinapɛn ne ne nnyinasosɛm ahorow di dwuma wɔ ɔkwan a ɛteɛ so. Esiane sɛ Yehowa ne Ɔbɔadeɛ nti, ɔwɔ hokwan sɛ ɔkyerɛ nea eye ne nea enye, nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ. (Adi. 4:11) Nanso, Onyankopɔn trenee nyɛ mmara katee a ɛso di yɛ den, anaa mmara ne ahyɛde ahorow pii a enni ano. Mmom no, egyina Yehowa nipasu ne ne su titiriw a ɛne atɛntrenee no so, na ne su atitiriw a ɛka ho ne ne dɔ, ne nyansa, ne ne tumi. Enti, Onyankopɔn trenee ne n’apɛde ne n’atirimpɔw na ɛnam. Na nea ɛka ne trenee ho no bi ne nneɛma a ɔhwehwɛ fi wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom no no hɔ.

3. (a) Onyankopɔn trenee a yɛbɛhwehwɛ no kan no kyerɛ dɛn? (b) Dɛn nti na yɛde Yehowa trenee gyinapɛn bɔ yɛn bra?

3 Onyankopɔn trenee a yɛbɛhwehwɛ no kan no kyerɛ dɛn? Nea ɛkyerɛ ara ne sɛ yɛbɛyɛ Onyankopɔn apɛde sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛsɔ n’ani. Nea Onyankopɔn trenee a yɛbɛhwehwɛ kyerɛ ne sɛ yɛbɛbɔ mmɔden de ne nnyinasosɛm ne ne gyinapɛn ahorow a ɛyɛ pɛ no abɔ yɛn bra a yɛrenyɛ nea yɛn ankasa yɛpɛ. (Monkenkan Romafo 12:2.) Sɛnea yɛbɔ yɛn bra no ho hia paa wɔ yɛne Yehowa abusuabɔ mu. Ɛnyɛ suro a yesuro sɛ sɛ yebu Yehowa mmara so a ɔbɛtwe yɛn aso nti na yedi ne mmara so. Mmom no, Onyankopɔn ho dɔ a yɛwɔ na ɛkanyan yɛn ma yɛbɔ mmɔden de ne gyinapɛn bɔ yɛn bra a yɛnyɛ nea yɛn ankasa yɛpɛ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛsɔ n’ani. Yegye tom sɛ eyi ne nea ɛteɛ sɛ yɛyɛ, na saa pɛpɛɛpɛ na wɔbɔɔ yɛn sɛ yɛnyɛ. Sɛnea Yesu Kristo a ɔne Onyankopɔn Ahenni no so Hene yɛe no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛdɔ trenee.—Heb. 1:8, 9.

4. Dɛn nti na ɛho hia paa sɛ yɛhwehwɛ Onyankopɔn trenee?

4 Yehowa trenee a yɛbɛhwehwɛ no ho hia dɛn? Susuw saa asɛm yi ho hwɛ: Sɔhwɛ a edi kan a ɛkɔɔ so wɔ Eden turo no mu no fa gye a na Adam ne Hawa begye hokwan a Yehowa wɔ sɛ ɔkyerɛ nea eye ne nea enye atom anaasɛ wɔrennye ntom ho. (Gen. 2:17; 3:5) Gye a wɔannye antom sɛ Yehowa na ɔwɔ hokwan sɛ ɔyɛ saa no de amanehunu ne owu aba yɛn a yɛyɛ wɔn asefo no so. (Rom. 5:12) Nanso, Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Nea ɔhwehwɛ trenee ne adɔe no, obenya nkwa ne trenee ne anuonyam.” (Mmeb. 21:21) Nokwarem no, sɛ yɛhwehwɛ Onyankopɔn trenee kan a, ɛma yɛne Yehowa ntam yɛ papa, na ɛno bɛma wɔagye yɛn nkwa.—Rom. 3:23, 24.

Asiane a Ɛwom sɛ Yɛbɛyɛ Yɛn Ho Treneefo

5. Asiane bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati?

5 Bere a ɔsomafo Paulo rekyerɛw Kristofo a wɔwɔ Roma no, ɔtwee adwene sii asiane bi a ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kwati sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ahwehwɛ Onyankopɔn trenee kan no so. Paulo kaa ne mfɛfo Yudafo ho asɛm sɛ: “Midi wɔn adanse sɛ wɔwɔ Onyankopɔn ho nnamyɛ de, nanso ɛnyɛ nokware nimdeɛ mu; na esiane sɛ wonnim Onyankopɔn trenee na mmom wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ankasa de si hɔ nti, wɔammrɛ wɔn ho ase anhyɛ Onyankopɔn trenee ase.” (Rom. 10:2, 3) Sɛnea na Paulo kyerɛ no, saa asomfo no ante Onyankopɔn trenee ase efisɛ na wɔayere wɔn ho denneennen sɛ wɔde wɔn ankasa trenee besi hɔ. *

6. Su bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati, na dɛn ntia?

6 Ade biako a ebetumi ama yɛadi saa mfomso yi ne sɛ yebebu Onyankopɔn som adwuma a yɛreyɛ no sɛ ɛyɛ akansi na yɛde yɛn ho atoto afoforo ho. Ɛnyɛ den koraa sɛ saa su yi betumi ama yɛagye yɛn ho adi dodo wɔ nneɛma a yetumi yɛ ho. Nanso sɛ yɛyɛ yɛn ade saa a, ɛbɛma yɛn werɛ afi Yehowa trenee. (Gal. 6:3, 4) Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa na ɛka yɛn ma yɛyɛ ade a ɛteɛ. Mmɔden biara a yɛbɛbɔ sɛ yɛbɛyɛ yɛn ho treneefo no bɛkyerɛ sɛ yɛnnɔ Yehowa.—Monkenkan Luka 16:15.

7. Dɛn na Yesu ka faa yɛ a obi bɛyɛ ne ho ɔtreneeni no ho?

7 Ná wɔn a “wogye wɔn ho di sɛ wɔyɛ treneefo na wommu wɔn a wɔaka no hwee no” ho asɛm haw Yesu. Ɔyɛɛ mfatoho a edi so yi de kyerɛkyerɛɛ yɛ a obi bɛyɛ ne ho ɔtreneeni no mu. Ɔkae sɛ: “Mmarima baanu kɔɔ asɔrefie kɔbɔɔ mpae, obiako yɛ Farisini na nea ɔka ne ho no yɛ towgyeni. Farisini no sɔre gyinae na ofii ase bɔɔ mpae yi wɔ ne tirim sɛ, ‘O Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a aka no, apoobɔfo, wɔn a wɔnteɛ, awaresɛefo, anaasɛ towgyeni yi mpo. Midi mmuada mprenu nnawɔtwe, miyi nea minya nyinaa so ntotoso du du.’ Na towgyeni no a ogyina fã nohoa no ampɛ sɛ ɔma ne ti so hwɛ soro mpo, na mmom ɔbɔɔ ne koko ara kae sɛ, ‘O Onyankopɔn, hu me ɔdebɔneyɛfo yi mmɔbɔ.’” Yesu de asɛm yi baa awiei sɛ: “Meka kyerɛ mo sɛ, ɔbarima yi san kɔɔ ne fie sɛ ɔtreneeni sen ɔbarima biako no; efisɛ obiara a ɔma ne ho so no wɔbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no wɔbɛma no so.”—Luka 18:9-14.

Asiane Foforo ne sɛ Yɛbɛyɛ Yɛn Ho ‘Treneefo Dodo’

8, 9. Sɛ́ yɛbɛyɛ yɛn ho ‘treneefo dodo’ no kyerɛ dɛn, na dɛn na ɛno betumi ama yɛayɛ?

8 Wɔaka asiane foforo a ɛsɛ sɛ yɛkwati ho asɛm wɔ Ɔsɛnkafo 7:16 sɛ: “Nyɛ wo ho ɔtreneeni dodo, na nyɛ wo ho onyansafo nso ntra so. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wosɛe wo ho?” Ɛno akyi no, Bible kyerɛwfo a honhom kaa no no kɔɔ so ma yehuu nea enti a ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ho treneefo dodo no wɔ Ɔsɛnkafo 7:20 sɛ: “Ɔtreneeni biara nni asase so a adepa nko ara na ɔyɛ na ɔnyɛ bɔne.” Onipa a ɔyɛ ne ho “ɔtreneeni dodo” no ankasa kyerɛ nneɛma a obu no sɛ ɛteɛ, na ogyina so bu afoforo atɛn. Nanso onhu sɛ sɛ ɔyɛ saa a, na ɔrekyerɛ sɛ ɔno ankasa gyinapɛn ye sen Onyankopɔn de, na ɔnam saa a ɔyɛ so da ne ho adi sɛ ɔnteɛ wɔ Onyankopɔn ani so.

9 Sɛ yɛyɛ yɛn ho ‘treneefo dodo,’ anaa sɛnea Bible nkyerɛase bi ka no no, yɛyɛ yɛn ho “treneefo tra so” anaa “treneefo boro so” a, ebetumi mpo ama yɛakasa atia ɔkwan a Yehowa fa so di nneɛma ho dwuma no. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ sɛ yɛkasa tia Yehowa gyinaesi ahorow sɛ ntease nnim anaasɛ ɛnteɛ a, na yɛafi ase rekyerɛ sɛ nneɛma a yebu no sɛ ɛteɛ no ye sen Yehowa de. Sɛ yɛyɛ saa a, na ɛte sɛ nea yɛredi Yehowa asɛm, na yɛregyina yɛn ankasa gyinapɛn wɔ nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho so rebu no atɛn. Nanso, Yehowa na ɔwɔ hokwan sɛ ɔhyehyɛ trenee ho gyinapɛn, na ɛnyɛ yɛn!—Rom. 14:10.

10. Sɛnea Hiob yɛe no, dɛn na ebetumi ama yɛabu Onyankopɔn atɛn?

10 Ɛwom sɛ yɛn mu biara renhyɛ da sɛ obebu Onyankopɔn atɛn de, nanso esiane sɛ yɛtɔ sin nti yebetumi ayɛ saa. Sɛ yehu biribi a yesusuw sɛ ɛnteɛ anaasɛ sɛ yɛn ankasa hu amane a, ɛnyɛ den koraa sɛ yebebu Onyankopɔn atɛn. Ɔnokwafo Hiob mpo dii saa mfomso yi. Mfiase no, wɔkaa Hiob ho asɛm sɛ “ne ho nni asɛm, na ɔteɛ; ná osuro Onyankopɔn, na ɔtwe ne ho fi bɔne ho.” (Hiob 1:1) Nanso, akyiri yi, Hiob hyiaa amanehunu pii toatoaa so, na ɛma osusuwii sɛ ɛnteɛ sɛ obehu amane a ɛte saa. Eyi maa Hiob buu ‘ne kra bem sen Onyankopɔn.’ (Hiob 32:1, 2) Ɛho behiae sɛ na Hiob ma wɔteɛ ne nsusuwii. Enti, sɛ ɛtɔ mmere bi na yɛkɔ tebea a ɛte saa mu a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa. Sɛ ɛba saa a, dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛateɛ yɛn nsusuwii?

Ɛnyɛ Bere Nyinaa na Yenim Asɛm Bi Mu Yiye

11, 12. (a) Sɛ yɛte nka sɛ biribi nkɔ yiye a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae? (b) Dɛn nti na obi betumi ate nka sɛ owura a ɔwɔ Yesu mfatoho a ɛfa bobeturo mu adwumayɛfo ho no sisii adwumayɛfo no?

11 Ade a edi kan a ɛsɛ sɛ yɛkae ne sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na yenim asɛm bi mu yiye. Saa na na ɛte wɔ Hiob asɛm no mu. Ná onnim sɛ Onyankopɔn mma a wɔyɛ abɔfo no ayɛ nhyiam ahorow wɔ soro ma Satan akotwa atoro ato no so. (Hiob 1:7-12; 2:1-6) Ná Hiob nnim ankasa sɛ Satan na ɔde ɔhaw pii a ɔrehyia no reba no so. Nokwarem no, yɛrentumi nkyerɛ ankasa sɛ na Hiob nim onii ko a ɔne Satan mpo! Enti, odii mfomso susuwii sɛ Onyankopɔn na ɔde ɔhaw no baa no so. Nokwasɛm ne sɛ sɛ yennim asɛm bi mu yiye a, yebetumi anya ho adwene a ɛnteɛ.

12 Sɛ nhwɛso no, susuw Yesu mfatoho a ɛfa bobeturo mu adwumayɛfo ho no ho hwɛ. (Monkenkan Mateo 20:8-16.) Wɔ saa mfatoho no mu no, Yesu kaa ofiewura bi a otuaa n’adwumayɛfo nyinaa akatua koro, sɛ́ ebia wɔyɛɛ adwuma da mũ nyinaa anaasɛ wɔyɛɛ dɔnhwerew biako pɛ no. Wote nka dɛn wɔ nea ɔyɛe no ho? So nea ɔyɛe no teɛ? Ebia adwumayɛfo a wogyinaa awia mu yɛɛ adwuma da mũ nyinaa no asɛm bɛyɛ wo mmɔbɔ ntɛm ara. Akyinnye biara nni ho sɛ wubetumi ate nka sɛ ɛfata sɛ anka ɔma wɔn akatua kɛse! Sɛ wunya adwene a ɛte saa a, anhwɛ a wubebu ofiewura no sɛ onni dɔ, na ɔyɛ osisifo. Mmuae a ofiewura no de maa adwumayɛfo a wonwiinwii no betumi ama yɛabu no sɛ ɔyɛ obi a ɔde ne tumi sisi afoforo. Nanso, so yenim asɛm no mu yiye?

13. Ɔkwan foforo bɛn na yebetumi afa so asusuw Yesu mfatoho a ɛfa bobeturo mu adwumayɛfo ho no ho?

13 Momma yensusuw mfatoho yi ho wɔ ɔkwan foforo so. Akyinnye biara nni ho sɛ na ofiewura a ɔwɔ mfatoho no mu no nim sɛ ɛsɛ sɛ mmarima no nyinaa ma wɔn mmusua nsa ka wɔn ano aduan. Wɔ Yesu bere so no, na wotua apaafo ka da biara. Ná akatua a wogye da biara no na ɛma wɔn mmusua nya wɔn ano aduan. Bere a saa asɛm yi wɔ w’adwenem no, susuw tebea a na adwumayɛfo a ofiewura no bɔɔ wɔn paa anwummere ma enti wɔyɛɛ adwuma dɔnhwerew biako pɛ no wom no ho hwɛ. Ebia na dɔnhwerew biako pɛ akatua rentumi nhwɛ wɔn abusua; nanso na wɔrepɛ adwuma ayɛ, na na wɔatwɛn da mũ nyinaa sɛ wobenya obi ma wabɔ wɔn paa. (Mat. 20:1-7) Ná ɛnyɛ wɔn mfomso sɛ obi ammɔ wɔn paa ma wɔanyɛ adwuma da mũ nyinaa. Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔhyɛɛ da na wɔampɛ adwuma anyɛ. Fa no sɛ woatwɛn da mũ nyinaa repɛ adwuma ayɛ a wunim sɛ akatua a wubenya no na ɛbɛma afoforo anya wɔn ano aduan saa da no. Hwɛ sɛnea w’ani begye sɛ wubenya adwuma bi ayɛ, na hwɛ sɛnea wo ho bedwiriw wo sɛ wubenya akatua a ebetumi ama w’abusua nsa akɔ wɔn ano!

14. Asuade a mfaso wɔ so bɛn na yenya fi bobeturo ho mfatoho no mu?

14 Afei momma yɛnsan nsusuw nea ofiewura no yɛe no ho nhwɛ. Wantew obiara akatua so. Mmom no, otuaa adwumayɛfo no nyinaa ka sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn mu biara betumi ahwɛ ne ho ne n’abusua. Ɛwom sɛ na nnipa a wɔrehwehwɛ adwuma no dɔɔso a anka obetumi ne wɔn adi ano na watew akatua a ɛsɛ sɛ ɔde ma wɔn no so de, nanso wanyɛ saa. Nnipa a ɔbɔɔ wɔn paa no nyinaa nyaa akatua a wobetumi de ahwɛ wɔn mmusua kɔɔ fie. Nsɛm foforo a yɛasusuw ho yi betumi ama yɛanya adwene foforo wɔ nea ofiewura no yɛe no ho. Ɔdɔ na ɛkaa no ma otuaa wɔn nyinaa ka a wantew wɔn mu biara akatua so na wamfa ne tumi ansisi wɔn. Dɛn na yebetumi asua afi mu? Ɛno ne sɛ, sɛ yesusuw asɛm bi pɛ ho a, ebetumi ama yɛanya ho adwene a ɛnteɛ ntɛm ara. Nokwarem no, saa mfatoho yi ma yehu sɛ Onyankopɔn trenee korɔn sen nnipa de koraa, na ennyina mmara a nnipa ahyehyɛ anaa nnipa nsusuwii nkutoo so.

Ebia Yɛn Adwene Nteɛ Anaasɛ Esua

15. Dɛn nti na ebetumi aba sɛ adwene a yɛwɔ wɔ asɛm bi ho nteɛ anaasɛ esua?

15 Sɛ yɛkɔ tebea bi mu na ɛyɛ yɛn sɛ nneɛma nkɔ yiye a, ade foforo a ɛsɛ sɛ yɛkae ne sɛ ebia na yɛn adwene nteɛ anaasɛ esua. Yɛn sintɔ, afoforo ho adwemmɔne a yenya, anaa yɛn amammerɛ betumi ama yɛanya adwene a ɛnteɛ. Esiane sɛ yentumi nhu nea ɛwɔ nkurɔfo adwene ne wɔn koma mu ankasa nti, yebetumi aka nso sɛ yɛn adwene sua. Nanso, Yehowa ne Yesu nni sintɔ a ɛte saa.—Mmeb. 24:12; Mat. 9:4; Luka 5:22.

16, 17. Bere a Dawid ne Bat-Seba yɛɛ bɔne no, ɛbɛyɛ sɛ dɛn nti na Yehowa anhwɛ amma ne mmara a ɛfa awaresɛe ho no anyɛ adwuma?

16 Momma yensusuw Dawid ne Bat-Seba awaresɛe no ho nhwɛ. (2 Sam. 11:2-5) Sɛnea Mose Mmara no kyerɛ no, na anka ɛfata sɛ wokum wɔn. (Lev. 20:10; Deut. 22:22) Ɛwom sɛ Yehowa twee wɔn aso de, nanso wanhwɛ amma n’ankasa mmara anyɛ adwuma. So Yehowa anyɛ no yiye? So ɔyɛɛ animhwɛ wɔ Dawid asɛm no ho, ɛnna obuu N’ankasa gyinapɛn a ɛteɛ no so? Nnipa binom a wɔkenkan Bible anya adwene a ɛte saa.

17 Nanso, Yehowa na ɔde awaresɛe ho mmara yi maa atemmufo a wɔnyɛ pɛ a na wontumi nhu nnipa koma mu no. Ɛmfa ho sɛ na atemmufo no tɔ sin no, saa mmara yi boaa wɔn ma wohuu atɛn a na ɛsɛ sɛ wobu bere nyinaa. Nanso, Yehowa de, otumi hu nea ɛwɔ nnipa koma mu. (Gen. 18:25; 1 Be. 29:17) Enti ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ, ɔkwan biara so no, na ɛsɛ sɛ Yehowa de mmara a ɔhyehyɛ maa atemmufo a wɔnyɛ pɛ no yɛ adwuma. Sɛ ɔyɛɛ saa a, so anka ɛrenyɛ te sɛ nea wɔrehyɛ obi a n’ani hu ade yiye sɛ ɔnhyɛ ahwehwɛniwa a wɔayɛ ama wɔn a wɔn ani nhu ade yiye na ama wɔatumi ahu ade yiye? Yehowa tumi huu nea na ɛwɔ Dawid ne Bat-Seba koma mu, na ohui sɛ wɔanu wɔn ho ankasa. Sɛ yesusuw asɛm no ho wɔ saa kwan yi so a, yebetumi ahu sɛ ofi ɔdɔ ne mmɔborɔhunu mu buu wɔn atɛn a ɛfata.

Monkɔ so Nhwehwɛ Yehowa Trenee

18, 19. Dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛannyina yɛn ankasa gyinapɛn a ɛfa nea ɛteɛ ho so ammu Yehowa atɛn da?

18 Enti, sɛ ɛtɔ mmere bi na yehu biribi—biribi a ebia yɛkenkan fi Bible mu anaasɛ asɛm bi a ɛto yɛn ankasa—na yesusuw sɛ Yehowa anyɛ no yiye a, ɛnsɛ sɛ yegyina yɛn ankasa gyinapɛn a ɛfa nea ɛteɛ ho so bu Onyankopɔn atɛn da. Momma yɛnkae sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na yenim asɛm bi mu yiye, na ebetumi aba nso sɛ yɛn adwene nteɛ anaasɛ esua. Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi da sɛ “onipa abufuw nna Onyankopɔn trenee adi.” (Yak. 1:19, 20) Sɛ yɛyɛ saa a, ɛremma sɛ yɛn koma ‘behuru ahyɛ Yehowa’ da.—Mmeb. 19:3.

19 Sɛnea Yesu yɛe no, momma yennye ntom bere nyinaa sɛ Yehowa nkutoo na ɔwɔ hokwan sɛ ɔkyerɛ nea ɛteɛ ne nea eye. (Mar. 10:17, 18) Bɔ mmɔden sɛ wubenya Yehowa gyinapɛn ho “nokware nimdeɛ” anaa “nimdeɛ a edi mũ.” (Rom. 10:2; 2 Tim. 3:7, The Twentieth Century New Testament) Sɛ yegye saa asɛm yi tom na yɛyɛ Yehowa apɛde wɔ yɛn asetena mu a, yɛda no adi sɛ yɛrehwehwɛ “Onyankopɔn trenee” kan.—Mat. 6:33.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Sɛnea nhomanimfo bi kyerɛ no, asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “de si hɔ” wɔ kasa a wodii kan de kyerɛw Bible mu no betumi nso akyerɛ ‘si a wɔde nkaedum si hɔ.’ Enti sɛ yɛbɛka a, na saa Yudafo no de wɔn ankasa sɛnkyerɛnne kwan so nkaedum resi hɔ de ayi wɔn ho ayɛ, na ɛnyɛ sɛ wɔde beyi Onyankopɔn ayɛ.

So Wokae?

• Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛhwehwɛ Yehowa trenee?

• Asiane abien bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahwehwɛ Onyankopɔn trenee kan?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Dɛn na yesua fi Yesu mfatoho a ɛfa mmarima baanu a wɔbɔɔ mpae wɔ asɔrefie hɔ ho no mu?

[Mfonini wɔ kratafa 10]

So na ɛnteɛ sɛ wɔmaa wɔn a wɔfaa wɔn dɔn a ɛto so 11 no ne wɔn a wɔyɛɛ adwuma da mũ nyinaa no akatua koro?