Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛm A Yɛde Yi Yɛn Ho Ano—Yehowa Bu No Dɛn?

Nsɛm A Yɛde Yi Yɛn Ho Ano—Yehowa Bu No Dɛn?

Nsɛm A Yɛde Yi Yɛn Ho Ano—Yehowa Bu No Dɛn?

ƆBARIMA no kae sɛ: “Ɔbea a wode no maa me no na ɔmaa me dua no aba no bi dii.” Ɔbea no nso kae sɛ: “Ɔwɔ no na ɔdaadaa me ma midii.” Bere a yɛn awofo a wodi kan a wɔne Adam ne Hawa kaa saa nsɛm no kyerɛɛ Onyankopɔn no pɛɛ na nnipa fii ase kekaa nsɛm de yii wɔn ho ano.—Gen. 3:12, 13.

Atɛn a Yehowa buu Adam ne Hawa wɔ asoɔden a wɔhyɛɛ da yɛe ho no ma ɛdaa adi sɛ Onyankopɔn annye nsɛm a wɔde yii wɔn ho ano no antom. (Gen. 3:16-19) Ɛnde, so ɛsɛ sɛ yɛka sɛ Yehowa nnye nsɛm a yɛka de yi yɛn ho ano nyinaa ntom? Anaasɛ ogye bi tom sɛ ɛfata? Sɛ ogye bi tom a, yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu nea ogye tom ne nea onnye ntom? Nea ɛbɛyɛ na yɛanya mmuae no, ma yenni kan nsusuw nea enti a obi ka nsɛm bi de yi ne ho ano no ho.

Obi ka nsɛm de yi ne ho ano de kyerɛ nea enti a wayɛ biribi, nea enti a wanyɛ biribi a ɛsɛ sɛ ɔyɛ, anaa nea enti a ɔrenyɛ biribi a ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Obi betumi aka nsɛm de akyerɛkyerɛ mfomso a wadi mu de ayi ne ho ano, na ebetumi aba mpo sɛ obefi ne koma mu apa kyɛw na ama wɔagyina so ahu no mmɔbɔ anaa wɔde ne bɔne afiri no. Nanso, sɛnea Adam ne Hawa yɛe no, nsɛm a obi ka de yi ne ho ano betumi nso akyerɛ pɔw bɔne a ɔbɔ, anaa atosɛm a ɔka de kata nokwasɛm bi so. Esiane sɛ nkurɔfo taa ka nsɛm a ɛte saa de yi wɔn ho ano nti, nnipa ntaa nnye nsɛm a ɛte saa nni.

Sɛ yɛreka nsɛm de ayi yɛn ho ano, titiriw, sɛ ɛfa ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn ho a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamfa ‘nsusuwii hunu annaadaa yɛn ho.’ (Yak. 1:22) Enti, ma yensusuw Bible mu nhwɛso ne nnyinasosɛm ahorow a ɛbɛboa yɛn ma ‘yɛakɔ so ahwehwɛ mu ahu nea ɛsɔ Awurade ani’ ho.—Efe. 5:10.

Nea Onyankopɔn Hwehwɛ sɛ Yɛyɛ

Yehu ahyɛde pɔtee a ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ Yehowa nkurɔfo no di so wɔ Onyankopɔn Asɛm mu. Sɛ nhwɛso no, asɛm a Kristo kae a ɛne sɛ “monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo” no yɛ ahyɛde a ɛsɛ sɛ Kristo akyidifo anokwafo a wɔwɔ hɔ nnɛ nyinaa di so. (Mat. 28:19, 20) Nokwarem no, saa ahyɛde no a yebedi so no ho hia araa ma ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Sɛ manka asɛmpa no a, anka minnue!”—1 Kor. 9:16.

Nanso, ebinom a yɛne wɔn asua Bible bere tenten no da so ara fɛre sɛ wɔbɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa no. (Mat. 24:14) Afoforo nso a kan no na wɔkɔ asɛnka no agyae. Nsɛm bɛn na ɛtɔ mmere bi a wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ no ka de yi wɔn ho ano? Dɛn na Yehowa yɛe wɔ wɔn a na wɔmpɛ sɛ wodi n’ahyɛde pɔtee bi so tete no ho?

Nsɛm a Yɛde Yi Yɛn Ho Ano a Onyankopɔn Nnye Ntom

“Ɛyɛ den dodo.” Titiriw, wɔ wɔn a wosuro ade fam no, ebetumi ayɛ den dodo ama wɔn sɛ wɔbɛyɛ asɛnka adwuma no bi. Nanso, susuw nea yebetumi asua afi Yona asɛm no mu ho hwɛ. Wɔmaa no dwumadi bi a obuu no sɛ ɛyɛ den dodo—Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔka ɔsɛe a na ɛreba Niniwe so no ho asɛm nkyerɛ wɔn. Ɛnyɛ den sɛ yebehu nea enti a na ɛyɛ den dodo ma Yona sɛ ɔbɛyɛ saa adwuma no. Ná Niniwe yɛ Asiria ahenkurow, na na Asiriafo agye din sɛ nnipa a wɔn tirim yɛ den ankasa. Ebia Yona kae wɔ ne tirim sɛ: ‘Sɛ mekɔ saa nkurɔfo no hɔ a ebesi me dɛn? Wɔbɛyɛ me dɛn?’ Ankyɛ koraa na oguanee. Nanso, Yehowa annye asɛm a Yona ka de yii ne ho ano no antom. Mmom no, Yehowa san ka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔka asɛm no nkyerɛ Niniwefo no. Saa bere yi de, Yona de akokoduru kɔyɛɛ adwuma a wɔde maa no no, na Yehowa hyiraa nea efii mu bae no so.—Yona 1:1-3; 3:3, 4, 10.

Sɛ wususuw sɛ adwuma a wɔde ama yɛn sɛ yɛnka asɛmpa no yɛ den ma wo dodo a, kae sɛ “Onyankopɔn fam de ade nyinaa betumi ayɛ yiye.” (Mar. 10:27) Sɛ wokɔ so bisa Yehowa hɔ mmoa a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ ɔbɛhyɛ wo den, na sɛ wobɔ mmɔden nya akokoduru de yɛ asɛnka adwuma no a, obehyira wo.—Luka 11:9-13.

“M’ani nnye ho.” Sɛ wo koma nka wo sɛ yɛ Kristofo som adwuma no bi a, dɛn na wubetumi ayɛ? Ma ɛntena w’adwenem sɛ Yehowa betumi ayɛ wo mu adwuma ma w’ani agye ɔsom adwuma no ho. Paulo kae sɛ: “Onyankopɔn na esiane nea ɛsɔ n’ani nti, ɔreyɛ mo mu adwuma na ama moanya ɔpɛ no na moayɛ nso.” (Filip. 2:13) Enti, wubetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmma w’ani nnye n’apɛde a wobɛyɛ ho. Saa pɛpɛɛpɛ na Ɔhene Dawid yɛe. Ɔsrɛɛ Yehowa sɛ: “Ma mennantew wo nokware mu.” (Dw. 25:4, 5) Wo nso wubetumi afi wo koma mu abɔ mpae asrɛ Yehowa sɛ ɔnkanyan wo mma w’ani nnye ho sɛ wobɛyɛ nea ɛsɔ n’ani.

Nokwarem no, sɛ ɛtɔ mmere bi na yɛabrɛ anaa yɛn abam abu a, ebia ɛho behia sɛ yemia yɛn ani ansa na yɛatumi akɔ asafo nhyiam wɔ Ahenni Asa so, anaasɛ yɛakɔ asɛnka. Sɛ ɛba saa wɔ yɛn fam a, so ɛsɛ sɛ yenya adwene sɛ yɛnnɔ Yehowa papa? Dabida. Ná ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔtenaa ase tete no nso yere wɔn ho denneennen ansa wɔatumi ayɛ Onyankopɔn apɛde. Sɛ nhwɛso no, Paulo kae sɛ ‘odii ne nipadua nya’ sɛnea ɛbɛyɛ a obedi Onyankopɔn ahyɛde so. (1 Kor. 9:26, 27) Enti sɛ ɛsɛ sɛ yemia yɛn ani mpo ansa na yɛatumi akɔ asɛnka a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa behyira yɛn. Dɛn ntia? Efisɛ ade titiriw bi nti na yemia yɛn ani yɛ Onyankopɔn apɛde—ɛno ne ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛma Yehowa nya asɛm de bua Satan a ɔkyerɛe sɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn asomfo hwɛ a wɔbɛpa No no.—Hiob 2:4.

“Minni adagyew koraa.” Sɛ wote nka sɛ wunni adagyew koraa nti wonkɔ asɛnka a, ɛho hia paa sɛ wosan susuw nneɛma a ɛho hia wo kɛse wɔ w’asetena mu no ho. Yesu kae sɛ: “Enti, monkɔ so nhwehwɛ ahenni no . . . kan.” (Mat. 6:33) Sɛ wubetumi de saa nnyinasosɛm no ayɛ adwuma a, ebia ɛho behia sɛ woyɛ wo ho awiɛmfoɔ anaasɛ wode bere a wode gyigye w’ani no bi kɔ asɛnka. Ɛwom sɛ anigyede ne nneɛma foforo a woyɛ ho hia de, nanso ɛno nyɛ ade a ɛsɛ sɛ wode yi wo ho ano wɔ asɛnka a wonkɔ no ho. Onyankopɔn somfo biara de Ahenni no di kan wɔ n’asetena mu.

“Memfata.” Ebia wobɛte nka sɛ womfata sɛ woka asɛmpa no. Yehowa asomfo anokwafo a wɔtenaa ase wɔ bere a na wɔrekyerɛw Bible no mu binom nso tee nka sɛ wɔmfata sɛ wɔyɛ nnwuma bi a Yehowa de hyɛɛ wɔn nsa no. Fa Mose sɛ nhwɛso. Bere a Yehowa de adwuma pɔtee bi hyɛɛ Mose nsa no, ɔkae sɛ: “Yehowa, mesrɛ wo, ebesi nnɛ ne bere a wo ne w’akoa rekasa yi mpo, m’ano ntew, efisɛ me kasa yɛ nyaa na me tɛkrɛma yɛ duru.” Ɛwom sɛ Yehowa maa Mose awerɛhyem de, nanso Mose kae sɛ: “Yehowa, sɛ obi foforo wɔ hɔ a wobɛsoma no a, mesrɛ wo soma no.” (Ex. 4:10-13) Dɛn na Yehowa yɛe?

Yehowa annye adwuma no amfi Mose nsam. Na mmom, Yehowa paw Aaron kaa Mose ho sɛ ɔmmoa no mma ɔnyɛ adwuma a ɔde ama no no. (Ex. 4:14-17) Bio nso, Yehowa dii Mose akyi wɔ mfe a edi hɔ no mu, na ɔmaa no biribiara a ohia a ɔde bɛyɛ adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ ne nsa no. Ɛnnɛ, wo nso wubetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛkanyan wo mfɛfo gyidifo a wɔn ho akokwaw ma wɔaboa wo ma woayɛ asɛnka adwuma no. Nea ɛsen ne nyinaa no, Onyankopɔn Asɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa bɛma yɛafata ama adwuma a wahyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no.—2 Kor. 3:5; hwɛ adaka a ɛne  “Bere a M’ani Gyei Sen Biara wɔ M’asetena Mu.”

“Obi ayɛ me ade ma ayɛ me yaw.” Ebinom gyae asɛnka anaa asafo nhyiam kɔ esiane sɛ obi ayɛ wɔn ade ma ayɛ wɔn yaw nti, na wosusuw sɛ Yehowa begye saa asɛm yi a wɔde yi wɔn ho ano wɔ Kristofo som adwuma a wɔagyae yɛ ho no atom. Ɛwom sɛ ntease wom sɛ sɛ obi yɛ yɛn ade ma ɛyɛ yɛn yaw a, ɛbɛhaw yɛn de, nanso so ɛno yɛ ade a ɛfata sɛ yɛde yi yɛn ho ano ma yegyae Kristofo som adwuma no yɛ? Bere a Paulo ne ne yɔnko gyidini Barnaba adwene anhyia wɔ asɛm bi ho na ɛmaa “akasakasa a emu yɛ den” baa wɔn ntam no, ebetumi aba sɛ ɛyɛɛ wɔn yaw. (Aso. 15:39) Nanso, so wɔn mu biara gyaee asɛnka kɔ esiane akasakasa no nti? Dabida!

Wo nso, sɛ wo yɔnko gyidini bi ayɛ wo ade ma ayɛ wo yaw a, ma ɛntena w’adwenem sɛ, ɛnyɛ wo nua Kristoni a ɔtɔ sin no na ɔyɛ wo tamfo, na mmom ɛyɛ Satan a ɔpɛ sɛ ɔmene wo no. Nanso, sɛ wode ‘gyidi gyina hɔ pintinn ne Ɔbonsam di asi’ a, ɔrennya wo. (1 Pet. 5:8, 9; Gal. 5:15) Sɛ wunya gyidi a ɛte saa a, wo “nsa rensi fam” da.—Rom. 9:33.

Bere a Yentumi Nyɛ Pii

Nsɛm a nkurɔfo ka de yi wɔn ho ano mu kakra a yɛasusuw ho yi ama yɛahu sɛ sɛ obi anni ahyɛde a Yehowa de ama yɛn a ebi ne asɛmpa no a yɛbɛka no so a, ɔrennya Kyerɛwnsɛm mu asɛm biara a obegyina so de ayi ne ho ano. Nanso, ebia na ntease wɔ nsɛm a yɛka de yi yɛn ho ano wɔ pii a yentumi nyɛ wɔ ɔsom adwuma no mu no mu. Ebetumi aba sɛ nnwuma foforo a Kyerɛwnsɛm no hwehwɛ sɛ yɛyɛ no remma yennya bere pii mfa nyɛ asɛnka adwuma no. Afei nso, ɛtɔ mmere bi a, ebia na yɛabrɛ dodo anaasɛ yɛyare paa ma enti yentumi nyɛ nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ wɔ Yehowa som mu. Nanso, Onyankopɔn Asɛm ma yenya awerɛhyem sɛ, Yehowa nim nea yɛpɛ sɛ yefi yɛn koma mu yɛ, na onim nea yɛn ahoɔden bɛma yɛatumi ayɛ.—Dw. 103:14; 2 Kor. 8:12.

Enti, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛammu yɛn ho fɔ anaasɛ yɛammu afoforo atɛn sɛnea ɛmfata wɔ nsɛm a ɛte saa mu. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Hena ne wo a wubu obi fie somfo atɛn? N’ankasa ne wura anim na ogyina anaasɛ ɔhwe ase.” (Rom. 14:4) Sɛ́ anka yɛde yɛn ho bɛtoto afoforo ho no, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ “yɛn mu biara bebu n’ankasa akontaa akyerɛ Onyankopɔn.” (Rom. 14:12; Gal. 6:4, 5) Sɛ yɛkɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu na yɛreka nsɛm de ayi yɛn ho ano a, momma yɛn mu biara mfa “ahonim pa” nyɛ saa.—Heb. 13:18.

Nea Enti a Yehowa a Yɛsom no Ma Yɛn Ani Gye

Ɛmfa ho tebea biara a ebia yɛwom no, yɛn nyinaa betumi de anigye kɛse asom Yehowa efisɛ nea ɔhwehwɛ fi yɛn hɔ nyɛ den, na yebetumi adi so bere nyinaa. Dɛn nti na yebetumi aka saa?

Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Mfa yiyeyɛ nkame wɔn a ɛsɛ wɔn, bere a wowɔ tumi a wode bɛyɛ.” (Mmeb. 3:27) Dɛn na wohyɛɛ no nsow wɔ saa abebusɛm yi a ɛfa nea Onyankopɔn hwehwɛ fi yɛn hɔ ho no mu? Yehowa nhyɛ wo sɛ yere wo ho yɛ nea ɛwɔ wo nua tumi mu sɛ ɔbɛyɛ, na mmom, ɔpɛ sɛ wode nea ‘ɛwɔ wo tumi mu’ som No. Nokwarem no, yɛn mu biara betumi afi ne koma nyinaa mu asom Yehowa, ɛmfa ho sɛ tumi a yɛwɔ no sua anaasɛ ɛdɔɔso no.—Luka 10:27; Kol. 3:23.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 14]

 “Bere a M’ani Gyei Sen Biara wɔ M’asetena Mu”

Sɛ yɛwɔ nipaduam anaa adwenem mmerɛwyɛ a emu yɛ den mpo a, ɛnsɛ sɛ yɛpere yɛn ho ka sɛ saa ɔhaw yi remma yentumi nyɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu. Sɛ nhwɛso no, susuw nea ɛtoo onua Kristoni bi a ɔwɔ Canada a wɔfrɛ no Ernest no ho hwɛ.

Ná Ernest ntumi nkasa yiye, na na ɔfɛre ade paa nso. Bere bi, opiraa kɛse wɔ n’akyi ma enti ogyaee adansi adwuma a na ɔyɛ no. Ɛwom sɛ na wadi dɛm de, nanso tebea foforo a ɔkɔɔ mu no ma onyaa bere pii de yɛɛ asɛnka adwuma no. Nkuranhyɛ a wɔde mae wɔ asafo nhyiam ase sɛ nkurɔfo nyɛ akwampaefo boafo adwuma no kaa ne koma paa. Nanso, na ɔte nka sɛ ɔrentumi nyɛ.

Nea ɛbɛma wahu sɛ obetumi ayɛ akwampaefo boafo anaasɛ ɔrentumi nyɛ no, obisaa hokwan sɛ ɔbɛyɛ akwampaefo boafo ɔsram biako. Otumi yɛe ma ɛyɛɛ no nwonwa. Afei, ɔkae wɔ ne tirim sɛ, ‘Minim sɛ merentumi nyɛ bio da.’ Nea ɛbɛma wahu sɛ obetumi ayɛ bio anaa ɔrentumi nyɛ bio no, ɔsan bisaa hokwan ɔsram foforo, na eyi nso, otumi yɛe.

Ernest yɛɛ akwampaefo boafo afe biako, nanso ɔkae sɛ: “Minim sɛ merentumi nyɛ daa ɔkwampaefo da.” Nea ɛbɛma wahu sɛ obetumi ayɛ anaa ɔrentumi nyɛ no, obisaa hokwan sɛ ɔbɛyɛ daa ɔkwampaefo. Bere a otumi yɛɛ daa akwampae adwuma no afe biako no, ɛyɛɛ no nwonwa. Osii gyinae sɛ ɔbɛkɔ so ayɛ, na wohyiraa no ma ɔde anigye yɛɛ daa ɔkwampaefo mfe abien kosii sɛ ne pira no mu yɛɛ den ma owui. Nanso ansa na ɔrewu no, na ɔtaa de nusu ka kyerɛ wɔn a wɔkɔsra no no sɛ, “Mfe a mede asom Yehowa sɛ ɔkwampaefo no ne bere a m’ani gyei sen biara wɔ m’asetena mu.”

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Yebetumi adi akwanside biara a ebetumi ama ayɛ den sɛ yɛbɛyɛ asɛnka adwuma no so

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Sɛ yefi yɛn kra nyinaa mu yɛ nea yɛn tebea ma yɛn kwan a, Yehowa ani sɔ