Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wudi Kan Di Wo Mfɛfo Gyidifo Ni?

So Wudi Kan Di Wo Mfɛfo Gyidifo Ni?

So Wudi Kan Di Wo Mfɛfo Gyidifo Ni?

“Momma mo yam nhyehye mo mma mo ho wɔ onuadɔ mu. Munni kan mfa nidi mma mo ho mo ho.”—ROM. 12:10.

1, 2. (a) Afotu bɛn na Paulo de mae wɔ krataa a ɔde kɔmaa Romafo no mu? (b) Nsɛmmisa bɛn na yɛrebesusuw ho?

WƆ KRATAA a ɔsomafo Paulo de kɔmaa Romafo no mu no, ɔkyerɛɛ mfaso a ɛwɔ so sɛ yɛn a yɛyɛ Kristofo no bɛdodɔ yɛn ho wɔ asafo no mu. Ɔkaee yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ ‘yɛma nyaatwom ba’ yɛn dɔ mu. Ɔsan kaa “onuadɔ” ho asɛm, na ɔkyerɛe sɛ sɛ yɛreda ɔdɔ a ɛte saa adi a, ɛsɛ sɛ yɛma ‘yɛn yam hyehye yɛn’ ma yɛn ho yɛn ho.—Rom. 12:9, 10a.

2 Nokwarem no, onuadɔ a yebenya no hwehwɛ sɛ yɛyɛ pii sen afoforo ho anigye kɛkɛ a yɛbɛkyerɛ. Ehia sɛ yɛde yɛn nneyɛe kyerɛ sɛ yɛwɔ onuadɔ. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yɛanyɛ biribi amfa anna ɔdɔ ne ayamhyehye a yɛwɔ adi a, obiara renhu. Enti, Paulo de afotu yi kaa ho sɛ: “Munni kan mfa nidi mma mo ho mo ho.” (Rom. 12:10b) Dɛn na yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yedi afoforo ni? Dɛn nti na ɛho hia sɛ yedi kan di yɛn mfɛfo gyidifo ni? Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

Obu ne Nidi

3. Dɛn na asɛmfua “nidi” kyerɛ wɔ kasa ahorow a wodii kan de kyerɛw Bible no mu?

3 Hebri asɛmfua titiriw a wɔkyerɛɛ ase “nidi” no kyerɛ “duruduru.” Wobu obi a wodi no ni sɛ n’anim yɛ duru, anaa ɔyɛ onipa titiriw. Wɔtaa kyerɛ Hebri asɛmfua koro no ara ase wɔ Kyerɛwnsɛm no mu sɛ “anuonyam,” na ɛsan nso kyerɛ obu kɛse paa a wɔwɔ ma nea wodi no ni no. (Gen. 45:13) Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “anuonyam” wɔ Bible mu no kyerɛ obu, sɛnea biribi ho hia, anaa sɛnea ɛsom bo. (Luka 14:10) Nokwarem no, wɔn a yedi wɔn ni no som bo, na wɔn ho hia yɛn.

4, 5. Abusuabɔ bɛn na ɛwɔ nidi ne obu a yɛbɛda no adi mu? Ma mfatoho.

4 Dɛn na yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yedi afoforo ni? Ade a edi kan ne sɛ yebebu wɔn. Nokwasɛm ne sɛ, wɔtaa de nsɛmfua “nidi” ne “obu” di dwuma wɔ bere koro mu, efisɛ obu ne nidi wɔ abusuabɔ kɛse. Nidi yɛ obu a wɔda no adi. Ɔkwan foforo so no, nea obu kyerɛ titiriw ne adwene a yɛwɔ wɔ yɛn nua ho, ɛnna nidi kyerɛ sɛnea yɛne yɛn nua di.

5 Sɛ Kristoni bi mmu ne mfɛfo gyidifo wɔ ne komam a, ɔbɛyɛ dɛn atumi afi ne komam adi wɔn ni? (3 Yoh. 9, 10) Sɛnea sɛ afifide bi fifi wɔ asase pa so a, ɛnna etumi nyin yiye na ɛkyɛ no, saa ara na sɛ yebu afoforo wɔ yɛn komam a, ɛbɛma yɛatumi afi yɛn komam adi wɔn ni bere nyinaa. Esiane sɛ nidi a emfi komam nnyina obu a edi mũ so nti, ɛntena hɔ nkyɛ. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Paulo de asɛm a emu da hɔ yi fii n’afotu a ɛne sɛ yenni afoforo ni no ase. Ɔkae sɛ: “Mommma nyaatwom mmma mo dɔ mu.”—Rom. 12:9; monkenkan 1 Petro 1:22.

Di Wɔn a Wɔbɔɔ Wɔn “Onyankopɔn Sɛso” no Ni

6, 7. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yenya obu ma afoforo?

6 Esiane sɛ obu a yefi komam da no adi ne ade titiriw a ɛma yedi afoforo ni nti, ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi nea enti a Kyerɛwnsɛm no ka sɛ yemmu yɛn nuanom nyinaa no. Ne saa nti, momma yensusuw nea enti a ɛsɛ sɛ yedi afoforo ni no mu abien ho nhwɛ.

7 Wɔ asase so abɔde nyinaa mu no, nnipa nkutoo na wɔbɔɔ wɔn “Onyankopɔn sɛso.” (Yak. 3:9) Enti, yɛwɔ su ahorow a Onyankopɔn wɔ te sɛ ɔdɔ, nyansa, ne atɛntrenee no bi. Hyɛ ade foforo a yɛanya afi yɛn Bɔfo no hɔ no nsow. Odwontofo no kae sɛ: “O Yehowa . . . , wo a wɔka w’anuonyam ho asɛm ma ɛtra ɔsoro! . . . Woama [ɔdesani aba] fam kakra asen wɔn a wɔsɛ Onyankopɔn, na wode anuonyam ne nidi abɔ no abotiri.” (Dw. 8:1, 4, 5; 104:1) * Onyankopɔn de nidi ne anuonyam bɔɔ nnipa nyinaa. Enti sɛ yedi obi ni a, na ɛkyerɛ sɛ, yɛregye atom sɛ Yehowa ne Onii a ɔde nidi bɔɔ nnipa. Afei, sɛ yɛwɔ ntease a edi mũ a ɛno nti yedi nnipa nyinaa ni a, ɛnde hwɛ sɛnea ɛho hia paa sɛ yenya obu ma yɛn mfɛfo gyidifo!—Yoh. 3:16; Gal. 6:10.

Yɛyɛ Abusua Biako

8, 9. Ade a enti ɛsɛ sɛ yebu yɛn mfɛfo gyidifo bɛn na Paulo kaa ho asɛm?

8 Paulo kyerɛɛ ade foforo nti a yebu yɛn nuanom. Ansa na ɔde afotu rema sɛ yenni afoforo ni no, ɔkae sɛ: “Momma mo yam nhyehye mo mma mo ho wɔ onuadɔ mu.” Hela asɛm a wɔkyerɛɛ ase ‘ayamhyehye’ no kyerɛ ayɔnkofa a emu yɛ den a ɛka abusua a emufo dodɔ wɔn ho na wɔboa wɔn ho wɔn ho bom. Enti, bere a Paulo kaa saa asɛm no, na ɔrekyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ asafo no mufo ma abusuabɔ a ɛwɔ wɔn ntam mu yɛ den na wɔdodɔ wɔn ho te sɛ abusua bi a biakoyɛ wom. (Rom. 12:5) Bio nso, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Paulo kyerɛw saa asɛm no kɔmaa Kristofo a wɔasra wɔn a na Agya biako a ɔne Yehowa na wagye wɔn nyinaa ayɛ ne mma no. Enti sɛ yɛbɛka paa a, na wɔyɛ abusua biako. Ne saa nti, na Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ Paulo bere so no wɔ biribi titiriw a na wobetumi agyina so anya obu ama wɔn ho wɔn ho. Saa pɛpɛɛpɛ na wɔn a wɔasra wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ no nso yɛ.

9 Na wɔn a wɔyɛ “nguan foforo” no nso ɛ? (Yoh. 10:16) Ɛwom sɛ Onyankopɔn nnya nnyee wɔn sɛ ne mma de, nanso wobetumi afrɛ wɔn ho wɔn ho sɛ onua ne onuawa ma afata, efisɛ wɔyɛ Kristofo abusua a ɛwɔ wiase nyinaa a biakoyɛ wom no mufo. (1 Pet. 2:17; 5:9) Enti sɛ nguan foforo no mufo te nea enti a wɔfrɛ wɔn ho wɔn ho “onua” anaa “onuawa” no ase yiye a, ɛnde na wɔn nso wɔ biribi titiriw paa a wobetumi agyina so afi wɔn komam ada obu adi akyerɛ wɔn mfɛfo gyidifo.—Monkenkan 1 Petro 3:8.

Dɛn Nti na Ɛho Hia Paa?

10, 11. Dɛn nti na obu a yebenya ama afoforo ne di a yebedi wɔn ni ho hia paa?

10 Dɛn nti na obu a yebenya ama afoforo ne di a yebedi wɔn ni ho hia paa? Nea enti a ɛte saa ni: Sɛ yedi yɛn nuanom mmarima ne mmea ni a, yɛboa paa ma anigye ne biakoyɛ tena asafo no mu.

11 Nokwarem no, yɛn a yɛyɛ nokware Kristofo no nim sɛ abusuabɔ a emu yɛ den a yɛne Yehowa benya ne ne honhom no mmoa a yenya no ne ade titiriw paa a ɛhyɛ yɛn den. (Dw. 36:7; Yoh. 14:26) Bere koro no ara no, sɛ yɛn mfɛfo gyidifo ma yehu sɛ yɛsom bo a, ɛhyɛ yɛn nkuran. (Mmeb. 25:11) Sɛ obi ka asɛm bi de kyerɛ sɛ ɔwɔ anisɔ ne obu ma yɛn a, ɛma yɛn ani gye paa. Ɛma yenya ahoɔden foforo, na ɛma yɛkɔ so de anigye ne akokoduru nantew nkwa kwan no so. Akyinnye biara nni ho sɛ woate nka saa pɛn.

12. Dɛn na yɛn mu biara betumi ayɛ ma ɔdɔ akɔ so atena asafo no mu?

12 Esiane sɛ Yehowa nim sɛ yɛn nyinaa fi awo mu pɛ sɛ afoforo bu yɛn nti, ɔnam n’Asɛm no so hyɛ yɛn nkuran sɛ “yemfi yɛn pɛ mu mmu yɛn ho yɛn ho.” (Rom. 12:10, Today’s English Version; monkenkan Mateo 7:12.) Kristofo a wotie saa afotu yi nyinaa boa ma ɔdɔ tena Kristofo asafo no mu. Enti ɛfata sɛ yɛn nyinaa bisa yɛn ho sɛ, ‘Bere bɛn na mekaa asɛm bi anaa meyɛɛ biribi de kyerɛe sɛ mifi me komam bu me nuabarima anaa me nuabea a me ne no wɔ asafo no mu?’—Rom. 13:8.

Yɛn Nyinaa wɔ Asɛyɛde Titiriw Bi

13. (a) Henanom na ɛsɛ sɛ wodi kan di afoforo ni? (b) Paulo asɛm a ɛwɔ Romafo 1:7 no kyerɛ dɛn?

13 Henanom na ɛsɛ sɛ wodi kan di afoforo ni? Wɔ krataa a Paulo de kɔmaa Hebrifo no mu no, ɔkaa Kristofo asafo no mu mpanyimfo ho asɛm sɛ “wɔn a wodi mo anim.” (Heb. 13:17) Nokwarem no, asafo mu mpanyimfo di nneɛma pii anim. Nanso, esiane sɛ wɔyɛ nguan no ahwɛfo nti, akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ wɔn na wodi kan di wɔn mfɛfo gyidifo ni—a wɔn mfɛfo mpanyimfo nso ka ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ asafo mu mpanyimfo hyia sɛ wɔresusuw asafo no honhom fam ahiade ho a, wɔwɛn wɔn aso tie asɛm a wɔn mfɛfo mpanyimfo no mu biara ka de di wɔn ho wɔn ho ni. Afei nso, sɛ wɔresi gyinae bi a, wosusuw mpanyimfo no nyinaa adwenkyerɛ ne nsɛm biara a wɔn mu biara ka ho de di wɔn ho wɔn ho ni. (Aso. 15:6-15) Nanso, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Paulo ankyerɛw krataa a ɔde kɔmaa Romafo no amma asafo mu mpanyimfo no nkutoo, na mmom ɔde kɔmaa asafo mũ no nyinaa. (Rom. 1:7) Enti, afotu a ɛne sɛ yenni kan nni afoforo ni no fa yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ nyinaa ho.

14. (a) Ma nhwɛso fa kyerɛkyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ afoforo a yebedi wɔn ni ne di a yebedi kan adi afoforo ni no mu. (b) Asɛm bɛn na yebetumi abisa yɛn ho?

14 Hyɛ asɛm yi a ɛwɔ Paulo afotu no mu no nso nsow. Wanka ankyerɛ ne mfɛfo gyidifo a wɔwɔ Roma no kɛkɛ sɛ wonni afoforo ni, na mmom sɛ wonni kan nnidi wɔn ho ni. Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ saa nsɛm abien yi mu? Susuw saa nhwɛso yi ho hwɛ. So ɔkyerɛkyerɛfo bi bɛka akyerɛ sukuufo bi a wonim akenkan sɛ wonsua akenkan? Dabi. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, wonim akenkan dedaw. Mmom no, ɔkyerɛkyerɛfo no ani begye ho sɛ ɔbɛboa sukuufo no ma wɔahu akenkan yiye. Saa ara na ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn ho yɛn ho a ɛma yedi yɛn ho yɛn ho ni no yɛ ade a wɔde nim nokware Kristofo dedaw. (Yoh. 13:35) Nanso, sɛnea sukuufo a wonim akenkan betumi ama wɔn akenkan atu mpɔn no, saa ara na yɛn nso yebetumi atu mpɔn wɔ afoforo a yebedi kan adi wɔn ni no mu. (1 Tes. 4:9, 10) Wɔde saa asɛyɛde titiriw no ama yɛn mu biara. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘So mereyɛ saa—midi kan di afoforo a wɔwɔ asafo no mu ni?’

Di “Abrɛfo” Ni

15, 16. (a) Sɛ yɛredi afoforo ni a, henanom na ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu wɔn so, na dɛn ntia? (b) Dɛn na ebetumi ama yɛahu sɛ yefi yɛn komam bu yɛn nuanom mmarima ne mmea nyinaa?

15 Sɛ yɛredi afoforo ni a, henanom na ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu wɔn so wɔ asafo no mu? Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Nea ɔdom ɔbrɛfo no de fɛm Yehowa, na nea ɔde ama no, Obetua no ka.” (Mmeb. 19:17) Sɛ yɛrebɔ mmɔden sɛ yebedi kan adi afoforo ni a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma nnyinasosɛm a ɛwɔ saa asɛm yi mu no tena yɛn adwenem?

16 Wubegye atom sɛ nnipa dodow no ara bɔ mmɔden sɛ wobedi wɔn mpanyimfo ni, nanso ebia saa nnipa koro yi ara renna obu adi nkyerɛ nkurɔfo a wobu wɔn sɛ wɔba fam no. Nanso, Yehowa nte saa. Ɔka sɛ: “Wɔn a wodi me ni no, me nso medi wɔn ni.” (1 Sam. 2:30; Dw. 113:5-7) Yehowa di wɔn a wɔsom no na wodi no ni no nyinaa ni. Ommu n’ani ngu “abrɛfo” so. (Monkenkan Yesaia 57:15; 2 Be. 16:9) Nokwarem no, yɛpɛ sɛ yesuasua Yehowa. Enti, sɛ yɛpɛ sɛ yehu sɛnea yɛbɔ yɛn ho mmɔden fi yɛn komam di afoforo ni a, ɛfata sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘Me ne wɔn a wonni dibea anaa asɛyɛde wɔ asafo no mu no di no dɛn?’ (Yoh. 13:14, 15) Saa asɛmmisa yi ho mmuae bɛma yɛahu sɛnea yefi yɛn komam bu afoforo.—Monkenkan Filipifo 2:3, 4.

Yedi Afoforo Ni Denam Bere a Yenya Ma Wɔn So

17. Ɔkwan titiriw bɛn na yebetumi afa so adi kan adi afoforo ni, na dɛn nti na yɛreka saa?

17 Ɔkwan titiriw bɛn na yebetumi afa so adi kan adi asafo no mufo nyinaa ni? Ɛno ne bere a yebenya ama wɔn. Dɛn nti na yɛreka saa? Yɛn a yɛyɛ Kristofo no nni adagyew, na nnwuma ahorow a ɛho hia a yɛyɛ wɔ asafo no mu nso gye yɛn bere pii. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ yɛn bere ho hia yɛn. Yenim nso sɛ ɛnsɛ sɛ yegye yɛn nuanom mmarima ne mmea bere pii. Saa ara na sɛ afoforo a wɔwɔ asafo no mu te ase sɛ ɛnsɛ sɛ wogye yɛn bere pii a, yɛn ani sɔ.

18. Sɛnea mfonini a ɛwɔ kratafa 18 ma yehu no, dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛpɛ sɛ yenya bere kakra ma yɛn mfɛfo gyidifo?

18 Nanso, yenim nso sɛ ɔpɛ a yɛwɔ (titiriw yɛn a yɛsom sɛ ahwɛfo wɔ asafo no mu) sɛ yebegyae nnwuma bi yɛ na ama yɛanya bere kakra ama yɛn mfɛfo gyidifo no kyerɛ sɛ yebu wɔn. Ɔkwan bɛn so? Sɛ yegyae yɛn nnwuma bi yɛ na yenya bere kakra ma yɛn nuanom a, na nea yɛreka akyerɛ wɔn ankasa ne sɛ, ‘Wosom bo ma me paa ma enti ɛho hia me paa sɛ menya bere kakra ama wo sen sɛ mɛkɔ so ayɛ nea mereyɛ no.’ (Mar. 6:30-34) Saa ara nso na sɛ yɛmpɛ sɛ yegyae nnwuma bi a yɛreyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya bere ama yɛn nua a, ebia yɛbɛma wate nka sɛ ne ho nhia yɛn. Nokwarem no, ntease wom sɛ ɛtɔ mmere bi a yɛrentumi nnyae biribi a ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma ntɛm yɛ. Nanso, ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebegyae biribi a yɛreyɛ, anaasɛ pɛ a yɛmpɛ sɛ yegyae na ama yɛanya bere kakra ama afoforo no ma yehu sɛnea yebu yɛn nuanom mmarima ne mmea kɛse wɔ yɛn komam.—1 Kor. 10:24.

Si Wo Bo sɛ Wubedi Kan Adi Afoforo Ni

19. Bere a yebenya ama yɛn mfɛfo gyidifo akyi no, dɛn bio na yebetumi ayɛ de adi wɔn ni?

19 Nneɛma foforo a ɛho hia wɔ hɔ a yebetumi ayɛ de adi yɛn mfɛfo gyidifo ni. Sɛ nhwɛso no, sɛ yenya bere ma wɔn a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ aso nso tie wɔn. Yehowa yɛ eyi nso ho nhwɛso. Odwontofo Dawid kae sɛ: “Yehowa ani wɔ treneefo so, na wayɛ aso ama wɔn sufrɛ.” (Dw. 34:15) Yɛbɔ mmɔden suasua Yehowa denam yɛn ani ne yɛn aso—yɛn adwene nyinaa—a yɛde ma yɛn nuanom no so, titiriw, wɔn a wɔba yɛn nkyɛn bɛhwehwɛ mmoa no. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛredi wɔn ni.

20. Nsɛm a ɛfa afoforo a yebedi wɔn ni ho bɛn na yɛmpɛ sɛ yɛn werɛ fi?

20 Sɛnea yɛasusuw ho no, yɛmpɛ sɛ yɛn werɛ fi nea enti a ɛsɛ sɛ yefi yɛn komam bu yɛn mfɛfo gyidifo no. Afei nso, yɛhwehwɛ hokwan ahorow a yɛde bedi kan adi nnipa nyinaa ni, a abrɛfo nso ka ho. Sɛ yɛyɛ eyinom nyinaa a, yɛbɛma onuadɔ ne biakoyɛ a ɛwɔ asafo no mu no mu ayɛ den. Enti, mommma yennni afoforo ni kɛkɛ, na mmom ne titiriw no, momma yɛn nyinaa nni kan nkɔ so nnidi yɛn ho yɛn ho ni. So woasi wo bo sɛ wobɛyɛ saa?

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 7 Asɛm a Dawid kae wɔ Dwom 8 no fa Yesu Kristo a na ɔyɛ onipa a ɔyɛ pɛ no ho.—Heb. 2:6-9.

So Wokae?

• Abusuabɔ bɛn na nidi ne obu wɔ?

• Nneɛma bɛn nti na yedi yɛn mfɛfo gyidifo ni?

• Dɛn nti na ɛho hia sɛ yedi yɛn ho yɛn ho ni?

• Nneɛma bɛn na yebetumi ayɛ de adi yɛn mfɛfo gyidifo ni?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Yɛbɛyɛ dɛn atumi adi yɛn mfɛfo gyidifo ni?