Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Momma Yɛmfa Yehowa Ayɛyɛde Mmra’

‘Momma Yɛmfa Yehowa Ayɛyɛde Mmra’

‘Momma Yɛmfa Yehowa Ayɛyɛde Mmra’

SƐ OBI da ayamye adi kyerɛ wo a, dɛn na woyɛ de kyerɛ sɛ w’ani asɔ? Susuw sɛnea asahene a na wɔwɔ Israel daa anisɔ adi bere a wɔne Midianfo kɔko wiei no ho hwɛ. Bere a Israelfo kɔsom Baal-Peor de yɛɛ bɔne no akyi na wɔkɔɔ saa ɔko no. Onyankopɔn maa ne nkurɔfo dii nkonim, na wɔkyɛɛ asade a wonyae no maa asraafo 12,000 a wɔkɔɔ ɔko no ne Israelfo a wɔaka no. Sɛnea na Yehowa akwankyerɛ kyerɛ no, asraafo no de asade a wonyae no bi maa asɔfo no, na Israelfo a wɔaka no nso maa Lewifo no bi saa ara.—Num. 31:1-5, 25-30.

Nanso, na asahene no pɛ sɛ wɔyɛ pii ka nea na wɔayɛ no ho. Wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Wo nkoa akan asraafo a wɔhyɛ yɛn nsa no, na wɔn mu biako mpo nyerae.” Wosii gyinae sɛ wɔde sika ne agude ahorow bɛma Yehowa sɛ ayɛyɛde. Sika agude a wɔde mae no mu duru boro nkaribo 500 (kilogram 190).—Num. 31:49-54.

Ɛnnɛ nso, saa ara na biribi kanyan nnipa pii ma wɔkyerɛ nea Yehowa ayɛ ama wɔn ho anisɔ. Bio nso, ɛnyɛ Onyankopɔn asomfo a wɔahyira wɔn ho so nkutoo na wɔda anisɔ a ɛte saa adi. Sɛ nhwɛso no, susuw ɔhyɛnkafo bi a na ɔde anuanom bi a wɔkɔɔ amanaman ntam nhyiam a wɔyɛe wɔ Bologna a ɛwɔ Italy wɔ afe 2009 mu no kɔ agumadibea hɔ na ɔsan de wɔn ba baabi a na wɔda no asɛm no ho hwɛ. Esiane sɛ na odwo na ɔde ahwɛyiye ka bɔs no nti, anuanom a wɔtenaa ne bɔs no mu sii gyinae sɛ wɔbɛkyerɛw krataa bi de ada no ase na wɔde sika kakra aka Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no ho ama no. Bere a anuanom yɛɛ saa no, ɔhyɛnkafo no kae sɛ: “Mede anigye agye krataa no ne nhoma no, nanso meresan de sika no ama mo efisɛ mepɛ sɛ mede yi ntoboa sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi akɔ so ayɛ adwuma a moreyɛ no. Ɛwom sɛ menyɛ Yehowa Dansefo de, nanso mepɛ sɛ miyi ntoboa yi efisɛ mahu sɛ ɔdɔ na mode yɛ ade.”

Sɛ w’ani sɔ nea Yehowa ayɛ ama wo a, ade biako a wubetumi ayɛ de ada no ase ne sɛ wubeyi ntoboa de aboa adwuma a Yehowa Adansefo yɛ wɔ wiase nyinaa no. (Mat. 24:14) Akwan a ebinom fa so yi ntoboa na wɔahyehyɛ wɔ adaka no mu no.

[Adaka wɔ kratafa 20, 21]

AKWAN A EBINOM FA SO YI NTOBOA

NTOBOA MA WIASE NYINAA ADWUMA NO

Nnipa pii bɔ wɔn tirim yi sika a wɔde beyi ntoboa gu hɔ, na wɔde kɔto ntoboa nnaka a wɔakyerɛw ho “Wiase Nyinaa Adwuma” no mu.

Ɔsram biara, asafo ahorow de sika yi mena Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛhwɛ wɔn aman dwumadi so no. Wubetumi de sika a wufi wo pɛ mu yi no nso amena Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., Attention Treasurer’s Office, 25 Columbia Heights, Brooklyn, New York 11201-2483 tẽẽ, anaa wode akɔ Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛhwɛ wo man dwumadi so no. (Wubetumi de ntoboa a wufi wo pɛ mu yi a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ ase hɔ no nso akɔma Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛhwɛ wo man dwumadi so no.) Ɛsɛ sɛ wokyerɛw “Watchtower” wɔ krataa a wɔde yi sika no so de kɔma address a ɛwɔ atifi hɔ no. Wubetumi de agude anaa nneɛma foforo a ɛsom bo nso ama. Ɛsɛ sɛ wode krataa bi a ɛkyerɛ sɛ saa ntoboa yi yɛ akyɛde koraa ka ho.

NTOBOA A WƆDE MA KOSI BERE BI HO NHYEHYƐE

Obi betumi de sika ama Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania no ahwɛ so ma wɔde ayɛ adwuma wɔ wiase nyinaa. Nanso, sɛ ɛba sɛ onipa a ɔde mae no bisa a, wɔbɛsan de ama no. Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, yɛsrɛ sɛ wo ne Treasurer’s Office no nni nkitaho denam address a yɛaka ho asɛm no so, anaa wubetumi afrɛ telefon nɔma yi (718) 560-7500.

ADƆE HO NHYEHYƐE

Wɔ sika a wɔde kyɛ koraa akyi no, akwan foforo wɔ hɔ a wubetumi afa so ayi bi ama de aboa wiase nyinaa Ahenni som adwuma no. Ebi ne:

Nsiakyibaa (Insurance): Obi betumi ayɛ nhyehyɛe ma Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania anya kyɛfa wɔ ne nsiakyibaa sika anaa sika a sɛ ogyae adwuma anaa ɔkɔ pɛnhyen a, wɔde bɛma no no mu.

Sika a Wɔde Sie wɔ Sikakorabea: Obi betumi ayɛ nhyehyɛe de ne sika a ɛwɔ sikakorabea, sika kɛse a ɛda sikakorabea ho adanse krataa, anaa sika a sɛ ogyae adwuma a wobetua ama no no ato hɔ ama Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania anaasɛ sɛ owu a wɔatua ama wɔn, sɛnea ɛne ne man mu sikakorabea ahwehwɛde hyia.

Adwuma Mu Kyɛfa ne Sika a Wɔde Bɔ Bosea: Obi betumi de adwuma a ɔyɛ mu kyɛfa a ɔwɔ ne sika a ɔde abɔ bosea a wɔbɛsan atua ama no no ama Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania sɛ akyɛde koraa anaasɛ ɔbɛkyerɛ sɛ sɛ owu a, wɔmfa mma Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania.

Adan ne Nsase: Obi betumi de adan anaa nsase a wotumi tɔn ama sɛ akyɛde koraa, na ɛdefa adan a wɔte mu ho no, wobetumi ayɛ ho nhyehyɛe sɛnea ɛbɛma nea ɔde mae no akɔ so atena mu bere a ɔte ase no. Ɛsɛ sɛ wo ne wo man mu baa dwumadibea di nkitaho ansa na wode adan anaa nsase bi ama.

Akyɛde a Wɔde Ma na Wodidi Ho: Akyɛde a wɔde ma na wodidi ho yɛ nhyehyɛe a obi yɛ de sika bi ma adwumakuw bi a Yehowa Adansefo de di dwuma. Nea ɔde ma no anaa obi a nea ɔde ma no bɛpaw no no didi ho denam sika pɔtee bi a wotua ma no afe biara kosi sɛ obewu no so. Wɔtew tow a nea ɔde akyɛde a wodidi ho ma tua no so wɔ afe a wɔyɛ ho nhyehyɛe no mu.

Nsamansew ne Sika a Wɔde Sie Ma Wɔhwɛ So: Obi betumi de agyapade anaa sika ama Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania denam mmara kwan so nsamansew so, anaa obetumi ayɛ nhyehyɛe na sɛ owu a, wɔde sika bi a ɔde asie sɛ wɔnhwɛ so no ama Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania. Wotumi tew tow a wotua wɔ sika a wɔde asie sɛ wɔnhwɛ so a wɔde ma nyamesom ahyehyɛde bi no so.

Sɛnea asɛm a ɛne “adɔe ho nhyehyɛe” kyerɛ no, saa ntoboa yi hwehwɛ ankasa sɛ nea ɔde ma no bɛyɛ nhyehyɛe wɔ nneɛma bi ho. Nea ɛbɛyɛ na wɔaboa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔboa Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwuma no denam adɔe ho nhyehyɛe bi so no, wɔasiesie Borɔfo ne Spania kasa mu nhomawa a wɔato din Charitable Planning to Benefit Kingdom Service Worldwide. Wɔkyerɛw nhomawa no na wɔnam so de nkyerɛkyerɛmu a ɛfa akwan a wobetumi afa so de akyɛde ahorow ama mprempren anaasɛ bere a onipa no awu no ho ama. Bere a nnipa pii akenkan nhomawa no na wɔne wɔn ankasa mmaranimfo anaa towtua ho afotufo adi nkitaho no, wɔatumi aboa yɛn som adwuma no ne adɔe a yɛyɛ nkurɔfo no wɔ wiase afanan nyinaa, na saa a wɔayɛ no ama wɔatew tow a wotua no so koraa. Wubetumi abisa Charitable Planning Office no tẽẽ ma wɔabrɛ wo nhomawa yi bi.

Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, wubetumi de address a ɛwɔ ase hɔ no akyerɛw krataa na wo ne Charitable Planning Office no adi nkitaho, anaasɛ wubetumi afrɛ wɔn wɔ telefon so, anaasɛ wubetumi ne Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛhwɛ wo man no dwumadi so no nso adi nkitaho.

Charitable Planning Office

Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania

100 Watchtower Drive

Patterson, New York 12563-9204

Telephone: (845) 306-0707