Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Yesu ka kyerɛɛ n’atiefo sɛ: “Sɛnea mo Agya a ɔwɔ soro no yɛ pɛ no, mo nso monyɛ pɛ saa ara.” Ɔkwan bɛn so na nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi ‘ayɛ pɛ’?—Mat. 5:48.

Sɛ yebenya saa asɛmmisa yi ho mmuae a, gye sɛ yɛte sɛnea wɔde nsɛmfua “pɛ” ne “pɛyɛ” di dwuma wɔ Bible mu no ase. Ɛnyɛ biribiara a Kyerɛwnsɛm no ka ho asɛm sɛ ɛyɛ “pɛ” no na ɛyɛ pɛ ankasa. Nanso Yehowa de, ɔyɛ pɛ ankasa. Nnipa ne nneɛma ntumi nyɛ pɛ nkosi ase. Nsɛmfua a ɛwɔ Hebri ne Hela Bible mu a wɔkyerɛɛ ase “pɛ” no taa kyerɛ sɛ biribi “di mũ,” “anyin awie,” anaa “asɛm nni ho,” na egyina gyinapɛn a animdefo bi ahyehyɛ so.

Bere a wɔbɔɔ Adam ne Hawa no, na wɔyɛ pɛ wɔ abrabɔ fam, honhom fam, ne nipadua mu. Ná wɔyɛ pɛ sɛnea gyinapɛn a na wɔn Bɔfo no ahyehyɛ te. Esiane asoɔden a wɔyɛe nti, wɔannu saa gyinapɛn no ho ma enti pɛyɛ bɔɔ wɔne wɔn asefo. Enti ɛnam Adam so na bɔne, sintɔ, ne owu baa adesamma so.—Rom. 5:12.

Nanso, Yesu ma ɛdaa adi pefee wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ, nnipa a wɔtɔ sin mpo betumi ayɛ pɛ wɔ ɔkwan bi so. Wɔ saa ɔkasa no mu no, ɔhyehyɛɛ ɔdɔ a ɛyɛ pɛ anaa edi mũ ho gyinapɛn too hɔ. Saa ɔdɔ yi te sɛ nea Onyankopɔn ada no adi akyerɛ adesamma no. Yesu kae sɛ: “Monkɔ so nnɔ mo atamfo na mommɔ mpae mma wɔn a wɔtaa mo, na moakyerɛ sɛ moyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no mma, efisɛ ɔma n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa papa so na ɔma osu tɔ gu treneefo ne abɔnefo so.” (Mat. 5:44, 45) Sɛ Yesu asuafo da ɔdɔ a ɛte saa adi a, na wɔresuasua Onyankopɔn nhwɛso a ɛyɛ pɛ no.

Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ so ada ɔdɔ a edi mũ a ɛte saa adi akyerɛ afoforo. Wɔpɛ sɛ wɔboa nnipa a ɛsono wɔn asetena, mmusua a wofi mu, ne ɔsom a wɔwom ma wobenya Bible mu nokware nimdeɛ. Seesei Adansefo no ne anigyefo bɛboro 7,000,000 sua Bible wɔ nsase 236 so.

Yesu bisae sɛ: “Sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo a, akatua bɛn na mowɔ? Ɛnyɛ saa ara na towgyefo nso yɛ anaa? Na sɛ mukyia mo nuanom nkutoo a, dɛn na ɛyɛ nwonwa wɔ ho? Ɛnyɛ saa ara na amanaman mufo nso yɛ anaa?” (Mat. 5:46, 47) Nokware Kristofo nhwɛ nnipa bi anim esiane wɔn nhomanim anaa abusuakuw a wofi mu nti; na saa ara na ɛnyɛ nkurɔfo a wotumi da ɔdɔ adi kyerɛ wɔn nkutoo na wɔdɔ wɔn. Mmom no, wɔboa ahiafo ne wɔn a wɔyare, mmofra ne mpanyin nyinaa. Akwan a ɛte saa na Kristofo betumi afa so asuasua Yehowa dɔ, na wɔnam so ayɛ pɛ wɔ ɔkwan bi so.

So yebetumi anya pɛyɛ a Adam ma ɛyerae no da bi? Yiw, adesamma a wɔyɛ osetie nam Yesu agyede afɔre no mu gyidi a wobenya so bedu pɛyɛ ho wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu bere a ‘Onyankopɔn Ba no bɛsɛe Ɔbonsam nnwuma no.’—1 Yoh. 3:8.