Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛbɛnantew Yɛn Mũdi Mu!

Yɛbɛnantew Yɛn Mũdi Mu!

Yɛbɛnantew Yɛn Mũdi Mu!

“Me de, me [mũdi] mu na mɛnantew.”—DW. 26:11.

1, 2. Dɛn na Hiob ka faa ne mũdi ho, na dɛn na Hiob ti 31 ma yehu fa ne ho?

TETE no, na wɔtaa de nsenia na ɛkari ade. Ná nsenia no taa yɛ abaa anaa dade a ɛda pɛɛwa so a nkyɛnsee sensɛn abaa anaa dade no ti ne ti. Ná wɔde ade a wɔrekari no to nkyɛnsee no biako mu, na na wɔde nkaribo nso to biako a aka no mu. Ná ɛnsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo de nsisi nsenia ne nsisi nkaribo di dwuma.—Mmeb. 11:1.

2 Bere a Satan de sɔhwɛ baa ɔbarima Hiob a osuro Onyankopɔn so na Hiob rehu amane no, ɔkae sɛ: “[Yehowa bɛkari] me wɔ nsenia pa mu, na Onyankopɔn na obehu me [mũdi].” (Hiob 31:6) Wɔ saa asɛm no mu no, Hiob kaa tebea ahorow a ebetumi asɔ obi mũdi mu a obekura ahwɛ ho asɛm. Nanso, sɛnea Hiob nsɛm a ɔkae wɔ Hiob ti 31 no kyerɛ no, otumi gyinaa sɔhwɛ no ano. Ne nhwɛso pa no betumi aka yɛn koma ma yɛn nso yɛayɛ yɛn ade saa ara, na yɛde ahotoso aka asɛm a odwontofo Dawid kae no bi sɛ: “Me de, me [mũdi] mu na mɛnantew.”—Dw. 26:11.

3. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yedi Onyankopɔn nokware wɔ nneɛma akɛse ne nketewa nyinaa mu?

3 Ɛwom sɛ wɔsɔɔ Hiob hwɛe denneennen de, nanso ɔkɔɔ so dii Onyankopɔn nokware. Ebia ebinom bɛka mpo sɛ bere a Hiob hyiaa sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den no, okuraa ne mũdi mu de yɛɛ nhwɛso pa. Ɛnyɛ amanehunu a ɛtoo Hiob no bi pɛpɛɛpɛ na yehyia. Nanso, ɛsɛ sɛ yedi Onyankopɔn nokware wɔ nneɛma akɛse ne nketewa nyinaa mu de kyerɛ sɛ yɛrenantew yɛn mũdi mu na yegyina Onyankopɔn tumidi akyi.—Monkenkan Luka 16:10.

Ehia sɛ Yekura Yɛn Mũdi mu wɔ Abrabɔ Mu

4, 5. Esiane sɛ na Hiob yɛ mũdi mu kurafo nti, dɛn na wanyɛ?

4 Sɛ yebetumi akura yɛn mũdi mu ama Yehowa a, ɛsɛ sɛ yɛbata abrabɔ ho gyinapɛn a ɔde ama yɛn no ho sɛnea Hiob yɛe no. Hiob kae sɛ: “Apam na me ne m’aniwa ayɛ. Enti ɛbɛyɛ dɛn na matumi de m’adwene akɔ ɔbaabun so? . . . Sɛ me koma adaadaa me ɔbea ho, na matɛw me yɔnko kwan ano a, ɛnde ma me yere nyam mma ɔbarima foforo, na mmarima foforo mmu nkotodwe wɔ no so.”—Hiob 31:1, 9, 10.

5 Esiane sɛ na Hiob asi ne bo sɛ obekura ne mũdi mu ama Onyankopɔn nti, wamfa akɔnnɔ bɔne anhwɛ ɔbea bi. Hiob a na ɔyɛ ɔbarima warefo no amfa ne ho anhyehyɛ ɔbea a ɔyɛ osigyani, na saa ara nso na wannya ɔbarima foforo yere ho akɔnnɔ. Yesu kaa asɛm bi a tumi wom a ɛfa ɔbarima ne ɔbea nna ho wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu, na ɛno yɛ asɛm a ɛsɛ sɛ mũdi mu kurafo nyinaa ma ɛtena wɔn adwenem.—Monkenkan Mateo 5:27, 28.

Ntwa Nkontompo Da

6, 7. (a) Sɛnea na ɛte wɔ Hiob asɛm no mu no, dɛn na Onyankopɔn de kari yɛn mũdi? (b) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yetwa nkontompo anaa yɛka nnaadaasɛm?

6 Sɛ yɛpɛ sɛ wobu yɛn sɛ mũdi mu kurafo a, ɛnsɛ sɛ yetwa nkontompo da. (Monkenkan Mmebusɛm 3:31-33.) Hiob kae sɛ: “Sɛ me ne mmarima nkontompofo anantew, na me nan atutu mmirika kɔ nnaadaasɛm mu a, ɔno [Yehowa] na ɔbɛkari me wɔ nsenia pa mu, na Onyankopɔn na obehu me [mũdi].” (Hiob 31:5, 6) Yehowa kari adesamma nyinaa wɔ “nsenia pa” mu. Sɛnea na ɛte wɔ Hiob asɛm no mu no, Onyankopɔn de n’atɛntrenee gyinapɛn a ɛyɛ pɛ no kari yɛn a yɛyɛ n’asomfo a yɛahyira yɛn ho so ama no no de hwɛ sɛ yekura yɛn mũdi mu anaa.

7 Sɛ yetwa nkontompo anaa yɛka nnaadaasɛm a, ɛrenkyerɛ sɛ yɛrekura yɛn mũdi mu ama Onyankopɔn. Nnipa a wokura wɔn mũdi mu ‘atwe wɔn ho afi sum ase nneɛma a ɛyɛ aniwu ho,’ na ‘wɔmmma nnaadaa mma wɔn akwan mu.’ (2 Kor. 4:1, 2) Na sɛ ɛkɔba sɛ yetwa nkontompo wɔ yɛn kasa anaa yɛn nneyɛe mu na ɛnam so ma yɛn yɔnko gyidini bi su frɛ Onyankopɔn nso ɛ? Ɛnde, ɛrensi yɛn yiye koraa! Odwontofo no too dwom sɛ: “Yehowa na mefrɛɛ no m’ahohia mu, na ogyee me so. O Yehowa, gye me kra nkwa fi atorofo anom ne tɛkrɛma daadaafo ho.” (Dw. 120:1, 2) Eye sɛ yɛbɛkae sɛ Onyankopɔn betumi ahu nea ɛwɔ yɛn mu tɔnn, na ‘wahwehwɛ yɛn koma ne yɛn asaabo mu’ ahu sɛ yɛyɛ nnipa a yekura yɛn mũdi mu ankasa anaa.—Dw. 7:8, 9.

Yɛ Nhwɛso Pa wɔ Sɛnea Wo ne Afoforo Di Mu

8. Ɔkwan bɛn so na Hiob ne afoforo dii?

8 Sɛ yɛbɛkɔ so akura yɛn mũdi mu a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade te sɛ Hiob a na ɔteɛ, ɔbrɛ ne ho ase, na ɔwɔ tema ma afoforo no. Ɔkae sɛ: “Sɛ manni m’akoa asɛm amma no, na mantie m’afenaa, bere a wɔne me wɔ asɛm a, ɛnde sɛ Onyankopɔn sɔre a, dɛn na mɛyɛ? Na sɛ obisa me a, asɛm bɛn na menya aka akyerɛ no? Ɛnyɛ Nea ɔyɛɛ me ɔyafunu mu no ara na ɔyɛɛ no? Ɛnyɛ Obiako no ara na osiesiee yɛn nyinaa wɔ awotwaa mu?”—Hiob 31:13-15.

9. Su ahorow bɛn na Hiob daa no adi wɔ sɛnea na ɔne ne nkoa di no mu, na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛne afoforo di no dɛn?

9 Ɛda adi sɛ wɔ Hiob bere so no, na ɔkwan a wɔfa so di asɛm nyɛ hwanyann. Ná wodi asɛm ma biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ, na na nkoa mpo tumi de wɔn asɛm kɔ asɛnnibea. Ná Hiob ne ne nkoa di no ɔkwan a ɛteɛ so ne mmɔborɔhunu mu. Sɛ yɛbɛnantew yɛn mũdi mu a, ɛsɛ sɛ yɛda su ahorow a ɛte saa adi, titiriw, bere a yɛsom sɛ mpanyimfo wɔ Kristofo asafo no mu no.

Da Ayamye Adi, Nyɛ Anibere

10, 11. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ na Hiob yam ye, na na ɔboa afoforo? (b) Kyerɛwsɛm mu afotu a wɔde mae akyiri yi bɛn na asɛm a ɛwɔ Hiob 31:16-25 no betumi ama yɛakae?

10 Ná Hiob yɛ ɔyamyefo ne ɔboafo, na na ɔnyɛ pɛsɛmenkominya anaa oniberefo. Ɔkae sɛ: “Sɛ . . . memaa okunafo anidaso yerae a, sɛ me nkutoo na midii m’aduan, na mamma agyanka bi anni a . . . Sɛ mihuu obi a atade a onni nti ɔrewu . . . Na sɛ meteɛɛ me nsa wɔ agyanka so, bere a m’ani tua sɛ ohia me mmoa wɔ kurow pon ano a, ɛnde ma me mmati nhuan mfi ne dompe so, na m’abasa mmubu mfi ne dompe so.” Na sɛ Hiob ka kyerɛɛ sika sɛ: “Wone m’ahotoso!” a, ɛnde na anka wankura ne mũdi mu.—Hiob 31:16-25.

11 Anwensɛm a ɛte saa betumi ama yɛakae asɛm a osuani Yakobo kae yi. Ɔkae sɛ: “Ɔsom a ɛho tew na efĩ biara nni ho yɛn Nyankopɔn ne Agya no ani so ne eyi: sɛ obi bɛhwɛ nnyanka ne akunafo wɔn ahohia mu, na watwe ne ho afi wiase nkekae ho.” (Yak. 1:27) Yebetumi nso akae kɔkɔbɔ a Yesu de mae no. Ɔkae sɛ: “Momma mo ani nna hɔ na monhwɛ yiye wɔ anibere biara ho, efisɛ sɛ onipa nya ma ebu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no mu na ne nkwa fi.” Afei, Yesu maa mfatoho bi a ɛfa ɔdefo bi a na ɔyɛ oniberefo a owui bere a na “ɔnyɛ ɔdefo wɔ Onyankopɔn fam” no ho. (Luka 12:15-21) Sɛ yɛbɛyɛ nnipa a wokura wɔn mũdi mu a, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ anibere bɔne anaa adifudepɛ. Anibere yɛ abosonsom efisɛ ade a oniberefo no hwehwɛ no ma oyi n’adwene fi Yehowa so, na ade a ɔrehwehwɛ no ba bɛyɛ ne nyame. (Kol. 3:5) Yɛrentumi nyɛ aniberefo na yɛnsan nka sɛ yekura yɛn mũdi mu!

So Nokware Som mu Denneennen

12, 13. Yɛn ho a yɛbɛtwe afi ahonisom ho nhwɛso bɛn na Hiob yɛe?

12 Mũdi mu kurafo mman mfi nokware som ho. Hiob anyɛ saa, efisɛ ɔkae sɛ: “Sɛ mihuu owia hann sɛ ɛhyerɛn, anaa ɔsram fɛfɛ sɛ ɛnam ne kwan mu, na me koma daadaa me wɔ kokoam, na m’ano few me nsa ho a, anka ɛno nso bɛyɛ mfomso a ɛbɛkɔ asɛnnifo anim, efisɛ anka mapo nokware Nyankopɔn a ɔwɔ soro no.”—Hiob 31:26-28.

13 Hiob ansom abɔde a nkwa nnim. Sɛ ɔhwɛɛ ɔsoro abɔde te sɛ ɔsram maa ne koma daadaa no wɔ kokoam, na sɛ ‘n’ano few ne nsa ho,’ ebia sɛ ɔfew ne nsa ho de yɛɛ abosonsom nneyɛe bi a, anka ɔbɛdan ɔbosonsonni a wapo Onyankopɔn. (Deut. 4:15, 19) Sɛ yebetumi akura yɛn mũdi mu ama Onyankopɔn a, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ahonisom nyinaa ho.—Monkenkan 1 Yohane 5:21.

Ntɔ Werɛ Anaa Nyɛ Nyaatwom

14. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ na Hiob nni adwemmɔne?

14 Ná Hiob nyɛ obi a ɔwɔ adwemmɔne, na saa ara nso na na ne tirim nyɛ den. Ná onim sɛ sɛ ɔda su a ɛte saa adi a, na ɔnyɛ obi a okura ne mũdi mu, efisɛ ɔkae sɛ: “Sɛ midii ahurusi sɛ wɔayi nea ɔtan me afi hɔ, anaa m’ani gyei sɛ asɛmmɔne ato no a . . . , mamfa m’ano anyɛ bɔne, na mannome ne kra.”—Hiob 31:29, 30.

15. Sɛ amanehunu to obi a ɔtan yɛn a, dɛn nti na ɛyɛ mfomso sɛ yebedi ho ahurusi?

15 Sɛ na amanehunu to obi a ɔtan ɔtreneeni Hiob a, na onni ho ahurusi da. Ɛbɛ bi a wobuu no akyiri yi bɔ kɔkɔ sɛ: “Sɛ wo tamfo hwe ase a, nni ahurusi; na sɛ biribi to no hintidua a, mma wo koma ani nnnye, na Yehowa anhu, na anyɛ bɔne wɔ n’ani so ma wannan n’abufuw amfi no so.” (Mmeb. 24:17, 18) Esiane sɛ Yehowa tumi hu nea ɛwɔ koma mu nti, sɛ yedi amanehunu a ato obi ho ahurusi wɔ yɛn koma mu a, ohu, na ɛda adi sɛ n’ani nnye su a ɛte saa ho. (Mmeb. 17:5) Ebia Onyankopɔn ne yɛn bedi no sɛnea ɛsɛ, efisɛ ɔka sɛ: “Aweredi wɔ me, na me na metua ka.”—Deut. 32:35.

16. Sɛ yɛnyɛ adefo mpo a, yɛbɛyɛ dɛn atumi ada ahɔhoyɛ adi?

16 Ná Hiob pɛ ahɔhoyɛ. (Hiob 31:31, 32) Ɛwom sɛ ebia yɛnyɛ adefo de, nanso yebetumi ‘ama yɛn ani agye ahɔhoyɛ ho.’ (Rom. 12:13) Yebetumi ayɛ aduan kakra na yɛne afoforo adi, na ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ “nhabamma aduan a ɔdɔ wom ye sen nantwi a wadɔ na ɔtan bata ho.” (Mmeb. 15:17) Sɛ yɛne yɛn yɔnko bi a ɔyɛ mũdi mu kurafo didi wɔ ɔdɔ mu a, ɛbɛma aduan kakra a ɛte saa mpo a yebedi no ayɛ anigye, na akyinnye biara nni ho sɛ, ɛbɛhyɛ yɛn den wɔ Onyankopɔn som mu.

17. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde bɔne a anibere wom besie?

17 Esiane sɛ na Hiob nyɛ nyaatwom nti, sɛ na ɔyɛ obi hɔho a, na ɛbɛhyɛ onii no gyidi den. Ná Hiob nte sɛ amumɔyɛfo a wowiawiaa wɔn ho baa asafo no mu wɔ afeha a edi kan no mu a na “wɔhoahoa nnipa de pɛ wɔn ankasa mfaso” no. (Yuda 3, 4, 16) Saa ara nso na Hiob ankata ne mmarato so anaasɛ ‘wamfa ne mfomso ansie n’atade kotoku mu’ a na osuro sɛ sɛ afoforo hu a wobebu no animtiaa. Ná Hiob wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛma Onyankopɔn a na ɔbɛka ne bɔne biara a wayɛ akyerɛ no no ahwehwɛ ne mu. (Hiob 31:33-37) Sɛ ɛba sɛ yɛyɛ bɔne a anibere wom a, mommma yɛmmmɔ mmɔden sɛ yɛde besie de akata yɛn aniwu so. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ada no adi sɛ yɛrebɔ mmɔden akura yɛn mũdi mu? Ɛne sɛ yebegye yɛn mfomso atom, asakra yɛn akwan, ahwehwɛ honhom fam mmoa, na yɛayɛ nea yebetumi biara de asiesie mfomso no.—Mmeb. 28:13; Yak. 5:13-15.

Wodii Mũdi mu Kurafo Bi Asɛm

18, 19. (a) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Hiob ansisi obiara da? (b) Sɛ na ɛbɛda adi sɛ Hiob adi mfomso a, dɛn na na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ?

18 Ná Hiob yɛ ɔnokwafo, na na onsisi afoforo. Enti, otumi kae sɛ: “Sɛ m’ankasa m’asase su guu me so, na ɛne n’akofi nyinaa sui; sɛ midii so aba a mantua sika biara, na memaa ɛso adwumayɛfo akra sii apini a, ɛnde ma nsɔensɔe nsi awi ananmu, na ma nnɛnkyɛnse nsi atoko ananmu.” (Hiob 31:38-40) Hiob annye afoforo asase amfi wɔn nsam da, na wansisi n’adwumayɛfo nso. Ɛsɛ sɛ yekura yɛn mũdi mu ma Yehowa wɔ nneɛma akɛse ne nketewa nyinaa mu sɛnea Hiob yɛe no.

19 Ná Hiob aka n’abrabɔ mu nsɛm akyerɛ ne nnamfo baasa no ne aberante Elihu. Ná Hiob aka sɛ obiara a ɔwɔ asɛm bi tia n’abrabɔ mu nsɛm a ne “nsa ano agyirae” hyɛ ase no mmɛka. Sɛ na ɛbɛda adi sɛ Hiob adi mfomso a, na ɔwɔ ɔpɛ sɛ obegye ɛho asotwe atom. Enti ɔkaa n’asɛm, na ɔtwɛnee Onyankopɔn atemmu. Saa na ‘Hiob nsɛm no baa awiei.’—Hiob 31:35, 40.

Wubetumi Akura Wo Mũdi Mu

20, 21. (a) Dɛn nti na Hiob tumi kuraa ne mũdi mu? (b) Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya Onyankopɔn ho dɔ?

20 Esiane sɛ na Hiob dɔ Onyankopɔn nti otumi kuraa ne mũdi mu, na Yehowa dɔɔ no, na ɔboaa no. Hiob kae sɛ: “[Yehowa] womaa me nkwa, na woyɛɛ me adɔe; wohwɛɛ me, na wokoraa me honhom so.” (Hiob 10:12) Bio nso, Hiob dɔɔ afoforo, na ohui sɛ obiara a ɔde adɔe bɛkame ne mfɛfo nnipa no de ade nyinaa so Tumfoɔ no ho suro pa bɛto nkyɛn. (Hiob 6:14) Mũdi mu kurafo dɔ Onyankopɔn ne wɔn yɔnko nipa.—Mat. 22:37-40.

21 Sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm na yedwinnwen nea ɛka fa ne ho no ho a, yebetumi anya ne ho dɔ. Yebetumi afi yɛn komam abɔ Yehowa mpae ayi no ayɛ na yɛada no ase wɔ nneɛma pa a wayɛ ama yɛn no ho. (Filip. 4:6, 7) Yebetumi ato dwom ama Yehowa na yɛanya nhyiam a yɛne ne nkurɔfo yɛ no daa no so mfaso. (Heb. 10:23-25) Afei nso, sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no na yɛka Onyankopɔn “nkwagye ho asɛmpa” no a, ne ho dɔ a yɛwɔ no bɛyɛ kɛse. (Dw. 96:1-3) Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi akura yɛn mũdi mu sɛnea odwontofo a ɔtoo dwom a edi so yi yɛe no. Ɔtoo dwom sɛ: “Onyankopɔn a mɛbɛn no no ye ma me. Awurade Tumfoɔ Yehowa na mede no ayɛ me guankɔbea.”—Dw. 73:28.

22, 23. Ɔkwan bɛn so na nneɛma a yɛn a yegyina Yehowa tumidi akyi reyɛ no te sɛ nea wɔn a wokuraa wɔn mũdi mu tete no yɛe no?

22 Wɔ mfehaha pii a atwam no, Yehowa ama nnipa a wɔyɛ mũdi mu kurafo nnwuma ahorow pii. Noa yɛɛ adaka, na na ɔyɛ “trenee sɛnkafo” nso. (2 Pet. 2:5) Yosua dii Israelfo anim kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so, nanso nea ɛma otumi yɛɛ n’adwuma ne sɛ ɔkenkan ‘mmara nhoma no awia ne anadwo,’ na ɔde emu nsɛm no yɛɛ adwuma. (Yos. 1:7, 8) Afeha a edi kan no mu Kristofo no maa afoforo bɛyɛɛ asuafo, na wohyiaam daa suaa Kyerɛwnsɛm no.—Mat. 28:19, 20.

23 Yɛnam trenee ho asɛm a yɛka, afoforo a yɛboa wɔn ma wɔbɛyɛ asuafo, Kyerɛwnsɛm mu afotu a yɛde bɔ yɛn bra ne yɛn mfɛfo gyidifo a yɛne wɔn hyiam wɔ amansin ne amantam nhyiam ne asafo nhyiam ase so gyina Yehowa tumidi akyi, na yekura yɛn mũdi mu. Nneɛma a ɛte saa a yɛyɛ no boa yɛn ma yenya akokoduru, yɛyɛ den wɔ Onyankopɔn som mu, na yetumi yɛ Onyankopɔn apɛde. Esiane sɛ yɛn soro Agya no ne ne Ba no gyina yɛn akyi nti, ɛnyɛ den mma yɛn dodo sɛ yɛbɛyɛ saa nneɛma yi. (Deut. 30:11-14; 1 Ahe. 8:57) Afei, “anuanom nyinaa” a wɔn nso renantew wɔn mũdi mu na wobu Yehowa sɛ wɔn Awurade Tumfoɔ no nso boa yɛn.—1 Pet. 2:17.

Wubebua Dɛn?

• Ɛsɛ sɛ yebu abrabɔ ho gyinapɛn a Yehowa de ama yɛn no dɛn?

• Hiob su ahorow bɛn na w’ani gye ho paa?

• Sɛnea wɔada no adi wɔ Hiob 31:29-37 no, Hiob yɛɛ n’ade dɛn?

• Dɛn nti na yebetumi akura yɛn mũdi mu ama Onyankopɔn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Hiob kuraa ne mũdi mu maa Yehowa. Enti yɛn nso yebetumi ayɛ saa!

[Mfonini wɔ kratafa 32]

Yebetumi akura yɛn mũdi mu!