Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Tie Ɔbrɛfo Su

Yehowa Tie Ɔbrɛfo Su

Yehowa Tie Ɔbrɛfo Su

SƐNEA Ɔhene Solomon onyansafo a ɔtenaa ase wɔ tete Israel no kae no, ‘asiane to yɛn nyinaa bere a yɛnhwɛ kwan.’ (Ɔsɛnk. 9:11) Awerɛhosɛm anaa ahokyere bi a ano yɛ den betumi ato yɛn ma yɛn asetena agyigya koraa. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛn busuani bi a ɔbɛn yɛn paa wu mpofirim a, ebetumi ahaw yɛn adwene yiye. Awerɛhow ne abasamtu betumi ahyɛ yɛn so wɔ adapɛn ne asram a edi hɔ no mu. Obi adwene betumi atu afra araa ma wate nka sɛ ɔmfata sɛ ɔkɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu.

Sɛ obi hyia tebea a ɛte saa a, ohia nkuranhyɛ, tema, ne ɔdɔ. Odwontofo Dawid too dwom bi a ɛma awerɛkyekye sɛ: “Yehowa wowaw wɔn a wɔhwe ase nyinaa, na ɔma wɔn a wɔakotow nyinaa so gyina hɔ.” (Dw. 145:14) Bible ka kyerɛ yɛn sɛ “[Yehowa de] n’aniwa kyini asase so baabiara sɛ ɔde n’ahoɔden bedi ama wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho.” (2 Be. 16:9) Yehowa ‘ne nea wabubu na ne honhom abrɛ ase na ɛte, sɛ ɔbɛma abrɛfo honhom ne wɔn a wɔabubu wɔn no koma anya ahoɔden.’ (Yes. 57:15) Ɔkwan bɛn so na Yehowa kyekye nea wabubu ne nea ne honhom abrɛ ase werɛ na ɔboa no?

“Asɛm a Wɔka wɔ Bere a Ɛsɛ Mu”

Mmoa a yenya fi yɛn nuanom Kristofo hɔ yɛ ɔkwan biako a Yehowa fa so boa yɛn wɔ bere a ɛsɛ mu. Wotu Kristofo fo sɛ ‘wɔnkyekye akra a wɔahaw werɛ.’ (1 Tes. 5:14) Sɛ yɛn mfɛfo gyidifo a wɔwɔ tema ne ɔdɔ ka nsɛm bi de kyerɛ sɛ wodwen obi a ɔwɔ ahohia ne awerɛhow mu ho a, ebetumi ahyɛ no den. Awerɛkyekyesɛm a wɔka wɔ nkɔmmɔbɔ tiawa mu mpo betumi akanyan nea wabotow wɔ honhom mu no kɛse. Obi a wafa ahoyeraw a ɛte saa mu pɛn na obetumi aka awerɛkyekyesɛm a ɛte saa. Anaa adamfo bi a ɔwɔ tebea a ɛte saa ho osuahu pii na obetumi aka nsɛm a ɛka koma saa. Yehowa betumi afa saa akwan yi so ama ɔbrɛfo honhom anya ahoɔden.

Susuw Kristoni bi a na waware foforo a ɔyɛ asafo mu panyin a ne din de Alex asɛm no ho hwɛ. Yare bi a enni sabea kum ne yere no mpofirim. Ɔhwɛfo kwantufo bi a ɔwɔ tema yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkyekye Alex werɛ. Ná ɔno nso yere awu ma wasan aware. Ɔhwɛfo kwantufo no kaa sɛnea awerɛhow hyɛɛ n’ankasa so ho asɛm. Sɛ na ɔne afoforo wɔ asɛnka mu anaa asafo nhyiam ahorow ase a, na onya awerɛkyekye. Nanso, sɛ ɔkɔ ne dan mu na ɔto ne pon mu a, na ɔte nka sɛ wayɛ ankonam paa. Alex ka sɛ: “Bere a mihui sɛ awerɛhow a meredi no nyɛ nwonwa, na afoforo nso afa tebea a ɛte saa mu pɛn no, me werɛ kyekyee ankasa.” Nokwarem no, “asɛm a wɔka wɔ bere a ɛsɛ mu” betumi akyekye afoforo werɛ wɔ wɔn ahohia bere mu.—Mmeb. 15:23.

Biribi kanyan Kristoni foforo a ɔyɛ asafo mu panyin a na onim nnipa bi a na wɔn ahokafo awuwu ma ɔkaa nkuranhyɛ nsɛm bi kyerɛɛ Alex. Ofi tema ne ɔdɔ mu daa no adi sɛ Yehowa nim sɛnea yɛte nka ne nea yehia. Onua no kae sɛ: “Wɔ asram ne mfe bi akyi no, sɛ wote nka sɛ wuhia ɔhokafo foforo a, Yehowa nsiesiei a ɔdɔ wom a ɛwɔ hɔ seesei ne ware a wobɛsan aware.” Nokwarem no, ɛnyɛ wɔn a wɔn ahokafo awuwu a wɔpɛ sɛ wɔsan ware nyinaa na wobetumi aware bio. Nanso, bere a Alex susuw onua no asɛm no ho no, ɔkae sɛ, “Sɛ wɔkae wo sɛ ɛyɛ Yehowa nsiesiei sɛ wubetumi asan aware bio a, ɛmma w’ahonim mmu wo fɔ sɛ woanni wo hokafo a wawu no nokware, anaasɛ sɛ wosan ware a, na woanni aware ho nhyehyɛe a Yehowa ayɛ no so.”—1 Kor. 7:8, 9, 39.

Odwontofo Dawid a ɔno ankasa hyiaa sɔhwɛ ne ahokyere pii no kae sɛ: “Yehowa ani wɔ treneefo so, na wayɛ aso ama wɔn sufrɛ.” (Dw. 34:15) Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa betumi afa nsɛm a emu da hɔ na ntease wom a yɛn mfɛfo Kristofo a wɔwɔ tema na wɔn ho akokwaw ka so atie ɔbrɛfo sufrɛ wɔ bere a ɛsɛ mu. Nsiesiei a ɛte saa som bo na mfaso wɔ so nso.

Mmoa a Yenya Fi Kristofo Nhyiam So

Ɛnyɛ den sɛ obi a ne koma abubu betumi anya adwene a ɛnteɛ ma watew ne ho afi afoforo ho. Nanso, Mmebusɛm 18:1 bɔ kɔkɔ sɛ: “Nea ɔtew ne ho no hwehwɛ nea n’ankasa pɛ; ɔtwe ne ho fi nyansa nyinaa ho.” Alex kae sɛ: “Sɛ wo hokafo wu a, wunya adwene a ɛnteɛ pii.” Ne werɛ mfii sɛ obisaa ne ho sɛ: “‘So biribi wɔ hɔ a na anka metumi ayɛ a manyɛ? So na anka metumi anya tema ama no na mate no ase?’ Ná mempɛ sɛ meyɛ ankonam. Ná mempɛ sɛ midi sigya. Ɛyɛ den paa sɛ wubeyi nsusuwii a ɛte saa afi w’adwenem efisɛ da biara da wokae sɛ woyɛ ankonam.”

Obi a ne honhom abubu hia fekubɔ pa wɔ bere a ɛte saa mu sen bere biara. Ɛnyɛ den koraa sɛ yebenya saa fekubɔ pa yi wɔ asafo nhyiam ahorow ase. Sɛ yɛwɔ asafo nhyiam ase a, yebue yɛn adwenem tie Onyankopɔn nsusuwii a ɛhyɛ nkuran na ɛhyɛ den no.

Kristofo nhyiam boa yɛn ma yenya asɛm a ato yɛn no ho adwene a ɛfata. Bere a yetie Bible mu nsɛm na yedwinnwen ho no, yɛde yɛn adwene si nsɛm a ɛho hia ankasa—Yehowa tumidi a wɔbɛma obiara ahu sɛ ɛno na ɛfata, ne ne din a wɔbɛtew ho—so, na yɛmmfa yɛn adwene nnsi yɛn ankasa amanehunu nkutoo so. Bio nso, sɛ wɔrekyerɛkyerɛ yɛn Yehowa ho ade wɔ asafo nhyiam ase a, ɛma yehu sɛ sɛ afoforo nhu ahohia a yɛwom anaasɛ wɔnte yɛn ase mpo a, Yehowa de ohu na ɔte yɛn ase, na ɛno hyɛ yɛn den. Yehowa nim sɛ “koma mu yaw ma honhom botow.” (Mmeb. 15:13) Nokware Nyankopɔn no pɛ sɛ ɔboa yɛn, na eyi kanyan yɛn, na ɛhyɛ yɛn den ma yɛkɔ so bɔ yɛn bra.—Dw. 27:14.

Bere a na Ɔhene Dawid atamfo rehyɛ no so denneennen no, osu frɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Me honhom atɔ piti me mu; na me koma nso asen wɔ me mu.” (Dw. 143:4) Mpɛn pii no, amanehunu ma onipa ahoɔden so tew, n’abam bu, na ɛma ne koma mpo sen. Amanehunu a ɛba yɛn so no bi betumi ayɛ yare anaa nipaduam mmerɛwyɛ a ɛka yɛn to hɔ bere tenten. Yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛboa yɛn ma yɛagyina ano. (Dw. 41:1-3) Ɛwom sɛ Onyankopɔn nsa obiara yare anwonwakwan so nnɛ de, nanso ɔma ɔyarefo no nyansa ne akokoduru a ɔde begyina ne yare no ano. Kae sɛ bere a Dawid hyiaa sɔhwɛ ahorow no, ɔde n’asɛm too Yehowa anim. Ɔtoo dwom sɛ: “Mekae tete nna; midwinnwen wo nnwuma nyinaa ho; metena ase susuw wo nsa ano adwuma ho.”—Dw. 143:5.

Nokwasɛm a ɛne sɛ wɔakyerɛw nsɛm a honhom kaa odwontofo no ma ɔkae no wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no kyerɛ sɛ Yehowa nim sɛnea yɛte nka. Nsɛm a ɛtete saa ma yenya awerɛhyem sɛ otie yɛn sufrɛ. Sɛ yegye Yehowa mmoa tom a, ‘obeso yɛn mu.’—Dw. 55:22.

“Munnnyae Mpaebɔ Da”

Yakobo 4:8 ka sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.” Mpaebɔ yɛ ɔkwan biako a yɛfa so bɛn Onyankopɔn. Ɔsomafo Paulo tu yɛn fo sɛ ɛnsɛ sɛ ‘yegyae mpaebɔ da.’ (1 Tes. 5:17) Sɛ ɛyɛ den ma yɛn mpo sɛ yebetumi aka yɛn asɛm akyerɛ Yehowa a, “honhom no ara srɛ ma yɛn, apini a empue ho.” (Rom. 8:26, 27) Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa nim sɛnea yɛte nka.

Monika a ɔne Yehowa di nkitaho a ɛte saa no ka sɛ: “Menam mpae a mebɔ, Bible a mekenkan, ne ade a m’ankasa misua so abehu sɛ Yehowa abɛyɛ m’Adamfo paa. Mabehu sɛ ɔwɔ hɔ ankasa ma enti mitumi hu sɛ ɔreboa me wɔ m’asetena mu bere nyinaa. Ɛyɛ awerɛkyekye sɛ minim sɛ sɛ mintumi nkyerɛkyerɛ m’asɛm mu mpo nkyerɛ no a, ɔte me ase. Minim sɛ n’ayamye ne ne nhyira nni ano.”

Ɛnde, sɛnea ɛte biara no, momma yennye nsɛm a yɛn mfɛfo Kristofo fi ɔdɔ mu ka de kyekye yɛn werɛ no ntom, yɛmfa afotu a wofi ayamye mu de ma yɛn, ne nkaesɛm a ɛhyɛ gyidi den a yɛte wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase no nyɛ adwuma, na yɛnka yɛn komam asɛm nkyerɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu. Saa nsiesiei yi a yɛn nsa ka wɔ ne bere mu no yɛ ɔkwan a Yehowa fa so ma yehu sɛ odwen yɛn ho. Alex fi n’ankasa suahu mu ka sɛ, “Sɛ yɛyɛ yɛn fam de de nsiesiei a Yehowa Nyankopɔn ayɛ ama yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛne no bɛkɔ so anya abusuabɔ a emu yɛ den no nyinaa yɛ adwuma a, yebenya ‘tumi a ɛboro onipa de so’ de agyina sɔhwɛ biara a ebia yebehyia ano.”—2 Kor. 4:7.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 18]

Awerɛkyekye a Wɔde ma Ɔbrɛfo

Nsɛm a nnipa ka de da sɛnea wɔte nka adi ne nsɛm a ɛma awerɛhyem a wɔaka no mpɛn pii de kyerɛ sɛ Yehowa tie ɔbrɛfo a awerɛhow ahyɛ no so sufrɛ ayɛ nnwom nhoma no mu ma. Susuw nnwom nhoma no mu nsɛm a edidi so yi ho hwɛ:

“M’ahohia mu, mefrɛɛ Yehowa, na misu frɛɛ me Nyankopɔn. Ɔtee me nne n’asɔrefie hɔ, na me sufrɛ no duu n’asom.”—Dw. 18:6.

“Yehowa bɛn wɔn a wɔn koma abubu; ogye wɔn a wɔn honhom abotow.”—Dw. 34:18.

“Wɔn a wɔn koma abubu no [Yehowa sa] wɔn yare, na ɔkyekyere wɔn akuru.”—Dw. 147:3.

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Hwɛ sɛnea “asɛm a wɔka wɔ bere a ɛsɛ mu” betumi akyekye yɛn werɛ wɔ ahohia da mu!